Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 090 (Abiding in Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
D - Ɔne Won Dii Nkra Wɔ Mberɛ A Wɔrekɔ Gesɛmani No (Yohanne 15:1 - 16:33)

1. Sɛ obi tena Kristo mu a ɔsow aba bebree (Yohanne 15:1–8)


YOHANNE 15:1-2
1 Mene nokorɛ bobe no, na m'Agya ne okuafoɔ no. 2 Me ho ban biara a ɛnso aba no, ɔyi; na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho, na aso aba bebree.

Yesu ne nasuafoɔ no sanee firii bɛpɔ kronkron no so wɔ adidiiɛ no akyiri, na wɔfaa kuro no fasuo pono no mu wɔ Kidrɔn bonhwua no mu, na wɔforoo ngo bɛpɔ no faa so kɔɔ turom hɔ. Wɔ akwantuo no mu no, Yesu kɔɔso kaa gyidie ho asɛm kyerɛɛ asuafoɔ no ne won dɔ a won anya no botaeɛ, na ɔde bobeturo no kaa won nsɛm wɔ abɛbuo mu.

Yesu kyerɛkyerɛɛ won sɛ Onyankopɔn ne okuafoɔ no, na wiase nyinaa ne nafuo. Na ɛmu baako a ɔpaw won ne Apam Dada no mu nkurɔfoɔ, sɛdeɛ yɛkenkan wɔ Nnwom 80:8-16 no, ne Yesaia 5:1-7, na Onyankopɔn bobeturo no yɛɛ deɛ ɛnsɔ nani, ɛfirisɛ anntumi annsow aba papa. Ɛno nti Onyankopɔn duaa bobeturo foforo, Ne Ba a Honhom no woo no no, sɛ ɔno mbɛyɛ nokorɛ bobe no, a ɛbɛtumi de awoɔ ntoatoasoɔ foforo a wodim' na ɛho teɛ aba, na ama won ɛtumi asow Honhom mu aba a ɛboroso. Na asɛm titiri a Yesu ka kyerɛɛ asuafoɔ no ne Honhom Kronkron no aba no wɔ nnipa mu, a ɛyɛ aba a ɛsombo na ɛyɛ soronko nso. Na onim sɛ nnipa nkyerɛkyerɛ yɛ ndaadaa - ɛfirisɛ bɔne te nnipa mu, na dabiara no ɛpɛsɛ ɛbrɛ afoforo ase na ɛsɛe won. Yesu kaa saa asɛm yi ne nkyerɛkyerɛ ɛdikan no mu, na Ɔno nko ara ne aba a ɛsɔ Onyankopɔn ani, na Ɔno ne asomdwee Hene no ne deɛ osi Asɔre no.

Na Yesu dinkan kyerɛɛ nsunsuansoɔ bɔne a ɛwɔ saa nsɛm yi mu sɛ, obiara a onni ɔdɔ no, na ɛfei nso woannsow honhom mu aba pa no - Onyankopɔn bɛtwa saa nipa no afri Ne bobeturo no mu sɛ abaa a ɛho nni mfasoɔ. Sɛ Onyankopɔn annhunu Asɛmpa no aba wɔ wo mu a, na woannhunu Kristo wuo ne Ne wusɔreɛ no wɔ wo mu a ɛsow aba a, ɛndeɛ obɛtwa wo afri Ne Ba no bobeturo no mu.

Nanso, sɛ ohunu Honhom Kronkron no aba wɔ wo mu a, ɔbɛma woase ɛtim wɔ mpuntuo ne nkɔsoɔ nsɛnkyerɛnne mu, te sɛ abaa a ɛwɔ ne dua no ankasa mu. na ɛbɛnya ahaban frɔmfrɔm. Na okuafoɔ no bɛtwitwa ɛho abaa biara a ɛnnsow aba no agu, na ama ɛtumi asow aba bebree. Na saa aba yi nnyɛ wo dea, na mmom Kristo a ɔte wo mu no. Yɛyɛ nkoa a yɛyɛ mmerɛ, na Ɔo na ɔyɛ adeɛ nyinaa. So wonim sɛ ɛsɛ sɛ wotwitwa bobe dua no ho, na ama ɛtumi asow aba pa anaa? Na Onyankopɔn, nso, twitwa nnipa nkuguo nyinaa gu, na ama nnipa ɛtuateɛ ne asoɔden nyinaa to atwa, na ama bɔne awu afri yɛn mu. Na ama Kristo nkwa a ɛwɔ wo mu no ayini afri adom mu akɔ adom mu. Awurade wɔ ɔkwan ahorroɔ bebree so a ɔfa de gye yɛn nkwa. Akodeɛ, ne nkuguo, ne nsɔhwɛ ahorroɔ ne wo bɛdi ɛsie na abrɛ wo ase. Ɛno nti mentena ase wɔ woahoɔden mu, na mmom tena Awurade mu; na wo ho bɛyɛ den wɔ nahoɔden mu.

YOHANNE 15:3-4
3 Asɛm a maka makyerɛ mo no nti, mo ho anya afi. 4 Montena me mu, na me nso mentena mo mu: Sɛdeɛ ban ntumi mfiri ɔno ara mu nso aba gye sɛ ɛtena bobe no mu no, saa ara nso na montumi, gye sɛ motena me mu.

Yesu maa wo asomdwee. Na Onyankopɔn renntwa yɛn ngu mmfri bobeturo no mu ɛfirisɛ onim sɛ yɛn awosuo nyinaa yɛ bɔne nko. Na Yesu bɔɔ afɔreɛ de hohoroo yɛn ho koraa, na ɔyɛɛ ɛyi de tee yɛn ho sɛ yɛgye no di a. Ɛno nti ɛnnka sɛ, “Ɛyɛ yɛn mpaebɔ mu ne yɛn trenee mu na yɛbɛnya yɛn ahoteɛ daakye mu.” Na mmom no woa-hohoro yɛn ho nyinaa; na ɛyɛ Ɔno na ɔde yɛn bɔne nyinaa akyɛ yɛn koraa, na woatew yɛn ho koraa wɔ asɛndua no so. Na Asɛmpa no nso kura tumi a ɛhohoro yɛn ho ma yɛn ho fi. Ɛno nti ɛnnyɛ yɛn ankasa ahoɔden na ɛyɛ biribi, anaasɛ yɛn mmɔdenbɔ bi ne suahunu na mmom ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm na ɛte yɛn ho. Sɛdeɛ ɔbɔadeɛ no de Asɛm no bɔɔ wiase no, saa ara nso na Kristo de Asɛm no yɛ yɛn foforo koraa wɔ yɛn mu, sɛ yɛgye nasɛm no di a. Na ɛnnyɛ asubɔ ne Awurade adidie no nko na ɛte yɛn ho, na mmom sɛ yɛbɛnya gyidie wɔ Yesu mu ne sɛdeɛ yɛbɛsua Asɛmpa no nso yiye. Bɔ mmɔden na kenkan Twerɛ Kronkron no da biara, wɔ mberɛ biara mu, annyɛ saa a, worenntumi nnyɛ frɔmfrɔm, na wobɛdi nkuguo.

Yesu bɔɔ afɔreɛ prekopɛ de maa yɛn mpuntuo ne yɛn aba soɔ ngyinasoɔ. Ɛno ne sɛ YƐBƐTENA NE MU. Na saa asɛm yi da ɛdi mpren du wɔ nkyekyemu 15 no mu. Na ɛfei ɛwɔ nkyerɛkyerɛmu ahorroɔ wɔ saa asɛm yi mu sɛ - yɛte Ne mu na Ɔno nso te yɛn mu; na Ne mu na yɛn kronkronyɛ nyinaa hyɛ; na Ne tumi ne nahoɔden yɛ yɛn mu adwuma. Na ne nyinaa fri Ne mu na ɛbaeɛ, ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛtena Ne mu daa. Na sɛ yɛfri Ne mu a, na tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no nso afri yɛn mu kɔ. Na sɛ wotwa abaa no fri dua no ankasa mu a, mpo mbere tiaa bi mu a na ɛkisa. Saa na ɛteɛ te sɛ Asɔre a ɛwuo. Ɛno nti mpaebɔ a ɛho hia yie paa ne sɛ yɛbɛsrɛ daa sɛ yɛbɛtena Ne mu. Na ama Awurade atumi afa yɛn so ayɛ adwuma na ama yɛayini afri adom mu akɔ adom mu, ne aba soɔ ne ndwumapa nyinaa mu, na ama Ne din no akora yɛn so anadwo ne nna nyinaa mu. Na sɛ yɛbɛtumi atena Ne mu a na ɛnnyɛ yɛn ahoɔden mu na mmom ɛyɛ adom ne Honhom Kronkron no tumi mu. Na obiara nntumi ntena Kristo mu wɔ ɔno ankasa ahoɔden mu, na mmom yɛbɛtumi ada No ase daa wɔ nakyɛdeɛ nyinaa mu, na yɛasrɛ no sɛ ɔmboa yɛn ma yɛntumi ntena ne mu na afoforo nso atumi afa yɛn so atena Ne mu.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, Wone Onyankopɔn bobeturo kronkron wɔ yɛn asaase yi so. Na wo mu na yɛnya yɛn nnoɔmapa nyinaa fri. Na yɛn deɛ yɛn akoma mu yɛ bɔne nko ara. Yɛda wo ase sɛ wonam Asɛmpa no so ahohoro yɛn ho. Yɛsrɛ wo sɛ kora yɛn so wɔ wo din no mu, na ama Wo Honhom Kronkron no mu tumi no aboa yɛn ama yɛasow aba pa da biara. Na sɛ wonim a yɛntumi nnyɛ hwee. Yɛsrɛ wo sɛ wobɛhyɛ yɛn nuanom nso den, na won anntena ase ammma won ho wɔ mmereyɛ mu, na mmom won atena wo mu daa. Amen.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Yesu bɛyɛɛ nokorɛ dua no?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 01:28 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)