Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 089 (Christ's farewell peace)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
C - Nkradie A Ɔde Maa Won Wɔ Abansoro No So (Yohanne 14:1-31)

3. Kristo kraa won wɔ asomdwee mu (Yohanne 14:26-31)


YOHANNE 14:26
26 na Okyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m'Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nnoɔma nyinaa, na ɔbɛkae mo deɛ maka mo nyinaa.

Hwan na ɔbɛtumi akaiɛ nsɛm a Kristo kaeɛ nyiaa? na hwan na ɔbɛtumi aka ne nyinaa? Yei de akasakasa baa asuafoɔ no mu wɔ berɛ wɔhyia Awurade pon ho no. Ɛfiri sɛ, woanntumi annkaeɛ nsɛm a Kristo kaa no akyire no nyinaa gye Yohane nko ara.

Yesu ani gyee Asuafoɔ no awerɛfire no ho, ɛfiri sɛ na ɔnim sɛ, sɛ nokorɛ Honhom no nya ba wɔn so a, wɔbɛnya ahoɔden sonoko ayɛ adwuma no. Na honhom no bɛyɛ adwuma sɛdeɛ na Yesu botaeɛ teɛ. Na ɔbɛbɔ deɛ woayɛ mmerɛ no ho ban. Ɛfiri sɛ Yesu ammbɛyi apapafoɔ, nimdeɛfoɔ ne wɔn a wɔwɔ suahunu; mmom ɔbɛyii apofoɔ, atogyefoɔ ne abɔnefoɔ, de ahyɛ wiase ne nnimdeɛ dodoɔ nyinaa aniwuo. Agya no somaa N'ahunumɔmmɔrɔ tumi ne ne honhom de gyee dodoɔ a woayɛ mmerɛ yɛɛ ne mma, na ɔde adom ne nyansa mu nimdeɛ maa wɔn sɛdeɛ wɔtumi abrɛ wɔn ho ase na woapa wɔn ho akyi afiri wiase na woatena ase wo kronkronyɛ mu daa.

Yesu anntwerɛ nhoma biara naa woamfa ne nkyerɛ no annhyɛ obiara nsa na woasesa anaa sɛ ne werɛ afiri. Na mmom ɔpɛɛ sɛ nokorɛ honhom no bɛkyerɛkyerɛ N'asuafoɔ na ahyɛ wɔn ma na woatumi akaɛeɛ deɛ ɔkaeɛ nyinaa. Asɛm no mu tumi no yɛ kɛsɛeɛ bɛsi saa berɛ yi. Na wɔhyehyɛɛ nkwagyeɛ no wɔ nnipa kasa mu maa animdifoɔ; nanso honhom kronkron no kaaeɛ wɔn na ɛkyerɛkyerɛ wɔn, ma wɔkasaeɛ sɛdeɛ Yesu kasɛaeɛ ma no hyɛɛ Ɔba no animonyam wɔ wɔn adansedie nyinaa mu. Ne saa nti yɛnni nhoma foforɔ baiara gye deɛ Kristo nam asomafoɔ no so de ahobreaseɛ yii nimdeɛ ne gyidie adi maa wiase no. Woannfa nsɛm foforɔ biara annka Yesu anom asɛm ho. Ɛnti wɔn asɛmpa no ammɛyɛ adesoa ne ndaadaa na mmom Honhom Kronkron no nam tumi so asiesie asɛmpa no abɛsi ɛnnɛ. Ɛnti sɛ yɛkekɛn twerɛsɛm no a yɛhunu sɛ biribi a asi wɔ yɛberɛ yi mu. Ɛnti sɛ yɛte Kristo ho nsɛm a, ɛte sɛdeɛ Kristo no ara rekasa agu Y'asom. Ɛnti nea ɔbɛka sɛ, Asomafoɔ no de wɔn adwene na ɛtwerɛ asɛmpa no apo nokorɛ honhom no, ɛfiri sɛ atorɔ ne ndaadaa biara nni Honhom Kronkron mu.

YOHANNE 14:27
27 Asomdwoeɛ na mede megya mo, m'asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmmɔ hu.

Yesu de asomdwoeɛ a ɛboro nnipa nimdeɛ so na ɛgyaa N'asuafoɔ no. Berɛ ɔrekɔ no, ɔde asomdwoeɛ nsɛm na ɛgyaa Asuafoɔ no. Ɛnnyɛ wiase asomdwoeɛ nsɛm a nnipa twerɛ kenkan no krataa so. Na mmom Ɔkaa sɛ, nsɔwhɛ deɛ ɛbɛba. Sɛdeɛ nnipa nam wɔn nimdeɛ so tena ase no, saa na Onyankopɔn abufuo bɛba abɔnefoɔ nyinaa so. Yesu kasa faa asomdwoeɛ sonoko ho, asomdwoeɛ a ɛyi onipa atan, asomdwoeɛ a ɛde bɔnefakyɛ ba na ɛka nnipa ne Onyankopɔn bom, ne asomdwoeɛ a ɛde Onyankopɔn Honhom ba asafo mu. Kristo asomdwoeɛ no ne Honhom Kronkron, tumi ɛtim hɔ daa a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn na ɛsɛn kɔ ne nkyɛn no.

Atorɔ, ɔtan, basabasayɛ, awudie, nitan, aniberɛ ne afideyɛ ahyɛ wiase ma. Nanso Yesu hyɛ yɛn sɛ, ma yɛnmma saa ɔbonsam nneyɛeɛ yi nnni yɛn so. Wiase sodifoɔ no ne ɔbonsam no. Nanso Yesu mu wɔ ɔdɔ a ɛno na ɛwte yɛn firi ɔbonsam afideɛ mu. Ɛno nso gye yɛn firi ɔhaw mu na ɛyi owuo ho hu firi yɛn mu. Krsto mu gyidini biara tena Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso tena ne mu. Asɛm yei kɔ ma wo anaa? Berɛ a Yesu daa wɔ kodoɔ nono berɛ a na ahum rebɔ no, ɛhu hyɛɛ Asuafoɔ no nyinaa ma, ɛfiri sɛ na kodoɔ reyɛ amim. Na Yesu sɔreɛ no, ɔkasa ma mframa no yɛ dinn. Na ɔkakyerɛɛ N'asuafoɔ no sɛ, “mo a mogyidie sua, aden nti na na mosuro?”

YOHANNE 14:28-31
28 Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani bɛgye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, ɛfiri sɛ m'Agya no yɛ kɛseɛ sene me. 29 Afei maka makyerɛ mo ansa na aba, na sɛ ɛnya ba a, moagye adi. 30 Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifoɔ no reba, na ɔnni tumi biara wɔ me so. 31 Nanso meyɛ sɛdeɛ Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahunu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yɛmfiri ha nkɔ.

Asuafoɔ no werɛ hoeɛ berɛ a Awurade Yesu kaa sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ N'agya nkyɛn no. Na Yesu ka sii dua sɛ, ɔbɛbɛkɔ na mmom ɔbɛsan aba bio. Afei ɔkaa sɛ, momma moani ngye ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn baabi amefiri baeɛ. Na merengya mo whee sɛ Asɛndua no so amamehunu no. Na ɔnam bɛyi yɛn afiri owuo mu amona mu. Na M'anom asɛm yi yɛ nkabom a aba mo ne Agya no ntam. Sɛ modɔ me a moagye bɛgye wɔ me mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no ho. Na M'agya no so kyɛne me. Na medɔ no, nanso ɔdɔ a mewɔ ma mo no to rentwa da. Na menam Honhom mu bɛba mo nkyɛn.

Yesu yii Agya no ho mfoni kɛseɛ bi kyerɛɛ N'asuafoɔ no na woahunu sɛdeɛ Agya no tumi ne N'ahennie teɛ na woahyɛ no animonyan. Yesu pɛɛ sɛ anka bɛkaaeɛ sɛ owuo mpo annkyerɛ sɛdeɛ Onyankopɔn teɛ. Asomdwoeɛ a ɛda Agya ne Ɔba no ntam no yɛ duru. Ɛnti Agya no pɛ sɛ ɔtwe no bɛn no aberɛ biara kyɛn ne wuo mpo.

Afei Yesu wiee Agya no apɛdeɛ nyinaa, ɛno ne asɛnnua ne ho asɛm. Na Honhom Kronkron no aba Asuafoɔ no so. Na saa nkunimdie yi wɔ hɔ ma nnipa nyinaa. Na Ɔpɛɛ sɛ nnipa nyinaa bɛhunu sɛ, Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma nnipa no tim hɔ daa.

Na Yesu ne N'asuafoɔ no firi adidieɛ fie hɔ kɔɔ twaa asutene Kidron. Na wɔkɔɔ ngo pepɔ no so a ɛbɛn Gɛsɛmɛni, a ɛhɔ na wɔyii no maeɛ.

MPAEƐBƆ: Yɛda wo ase Owura Yesu wɔ woasomdwoeɛ a wode agya yɛn. Woate yɛn akoma mu na woama yɛn ahome. Fa yɛn bɔne ne yɛn amumuyɔ nyinaa a ɛne ɔtan, mmpaapaamu ne afideyɛ kyɛ yɛn. Yɛda wo ase sɛ wode woasomdweɛ Honhom ama yɛn. Ma wo honhom no nwɛn yɛn wo yɛn nsɔhwɛ nyinaa mu, na yɛannkɔ bɔne mu annyɛ ayera mma, na yɛnam mpaebɔ mu anya anidasoɔ, odwoɔ ne anigyeɛ sonoko. Yɛ da wo ase sɛ woakyerɛ yɛn Agya no nkyɛn kwan. Yɛkoto wo, Onyame adwamaa sɛ woama yɛn ahome wɔ ɔsors ahennie mu.

NSƐMBISA:

  1. Ɛdeɛbɛn ne Onyankopɔn asomdwee?

AGORODIE HO NSƐMBISA - 5

Ɔdɔfoɔ kenkanfoɔ,
fa wo mbuaeɛ papa no mu 12 brɛ yɛn wɔ saa nsɛmbisa ahrorroɔ 14 yi a yɛrebiase wo yi mu. Na yɛn nso yɛde saa adesua ahorroɔ yi mu nsɛm bɛbrɛ wo.

  1. Adɛn nti na Yesu maa kwan ma Maria de ngo guu no so?
  2. Yesu kɔhyɛn Yerusalem wɔ annuoyamhyɛ mu, na ɛmu nkyerɛaseɛ ne sɛn?
  3. Adɛn nti na Kristo wuo no yɛ annuoyamhyɛ wɔ nokorɛ mu?
  4. Sɛn na asekyerɛ sɛ yɛyɛ hyan mma?
  5. Onyankopɔn mmra nsɛm a ɛwɔ Kristo mu ma yɛn nyinaa ne sɛn?
  6. Adɛn nti na Yesu hohoroo nasuafoɔ no nan ho?
  7. Adesuadeɛ bɛn na yɛbɛsua wɔ deɛ Yesu yɛɛeɛ no mu?
  8. Annuoyam a Yesu daa no ɛdi wɔ mberɛ a Yuda frii ɛdi orekoyi no ama ase ne sɛn?
  9. Adɛn nti na ɔdɔ nko na ɛma Kristofoɔ daa ɛdi soronko?
  10. Nkutahodie ayɔnkofa bɛn na ɛda Yesu ne Onyankopɔn Agya no ntam?
  11. Bɔ nnoɔma bi a ɛtumi ma yɛnya yɛn mpaebɔ so mbuaeɛ?
  12. Abodin ahorroɔ bɛn na Yesu ka faa Honhom Kronkron no ho?
  13. Kwan bɛn so na yɛn dɔ a yɛwɔ ma Kristo no yini na ɛfei kwan bɛn so nso na Onyankopɔn Baasa Koro ne bɛtena yɛn mu?
  14. Ɛdeɛbɛn ne Onyankopɔn asomdwee?

Kae se wobetwerɛ wo din ne wo adres nso ka woasɛmbisa no ho brɛ yɛn wɔ saa address a ɛdidisoɔ yi so:

Waters of Life
P.O.Box 600 513
70305 Stuttgart
Germany

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 08:44 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)