Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 091 (Abiding in Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
D - Ɔne Won Dii Nkra Wɔ Mberɛ A Wɔrekɔ Gesɛmani No (Yohanne 15:1 - 16:33)

1. Sɛ obi tena Kristo mu a ɔsow aba bebree (Yohanne 15:1–8)


YOHANNE 15:5
5 Mene bobe no, mone mman no. Deɛ ɔtena me mu na me nso metena ne mu no, ɔno ara na ɔso aba pii; na mokwati me a, montumi nyɛ hwee.

Annuoyam kɛseɛ na Yesu de ama yɛn, sɛ yɛnyɛ abaa a ɛfiri nakoma mu ɛpue. Na woama yɛn Honhom mu nkwa wɔ yɛn mu. Sɛdeɛ bobe aba pue fri fam no, na ɛyini bɛyɛ dua kɛseɛ kɔ soro wɔ ahoɔden mu no. Saa ara nso na ogyidini biara nso pue ɛdi wɔ kɛseyɛ mu bɛyɛ Kristoni wɔ nimdieɛ nyinaa mu, aseda nka Yesu. Na ɛnnyɛ yɛn gyidie nko mu, na mmom no yɛnya adom de bɔ adom so. Ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛtena Yesu mu daa.

Na ɛfei, yɛhunu asɛm bi a ɔkaeɛ a ɛda ɛdi mpren 175 wɔ Asɛmpa no mu a ɛne, “NE MU”, ne deɛ ɛka ho no ne “YƐN MU” a asɛmpa no kasa fa ho. Na ɛsɛ sɛ ogyidini biara ne Yesu nya nkabom soronko na ɔde ne ho bata Ne ho wɔ Apam Foforo no mu. Na saa nkabom yi yɛ deɛ ɛgyina hɔ pintinn a ɛne yɛn wɔ ayɔnkofa soronko wɔ Yesu mu.

Na yɛn Awurade no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛn akasa apɛdeɛ ne yɛn pɛ no nnyera wɔ mberɛ a yɛgyee no diiɛ no, na mmom yɛn gyidie no yɛ adeɛ a ɛyɛ ahintasɛm a wonhunu ne bɔbea. Na Ɔno na ɔhyɛ yɛn den wɔ yɛn apdeɛ mu, na ɔde Ne Honhom no hyɛ yɛn ma wɔ yɛn abrabɔ mu. Kristo pɛ sɛ odi woanim ma woyini wɔ honhom mu, na ɔhyehyɛ wɔ ma botaeɛ pɔtee nti a ɔde bɔɔ woɔ fri mfitiaseɛ no mu. Na ɔde nahoɔden ne Nemu'die ɛhyɛ agyidifoɔ akoma mu. Ɛno nti yɛn akasa gyidie ne yɛn dɔ paa no ɛwɔhenefa?

Botaeɛ pɔtee bɛn ne nkabom a ɛwɔ Onyankopɔn Ba no ne nnipa ntam? Adɛn nti na Yesu bɛwuuiɛ wɔ asɛndua no so, na adɛn nti nso na ohwiee Ne Honhom no firii soro guu agyidifoɔ no akoma mu? Dɛn paa na Awurade rehwehwɛ afri wo nkyen? Honhom mu aba a Onyankopɔn de agu yɛn soɔ no. Ɛyinom ne Honhom no akyɛdeɛ: a ɛne ɔdɔ, anigyie, asomdwee, boasetɔ, ayemyie, papayɛ, nokorɛdie, ɔdwoɔ, ne ahohyɛsoɔ.

Ɛsɛ sɛ Yɛsua sɛ yɛrenntumi nnya saa mu'die yinom wɔ yɛn ankasa ahoɔden mu. Ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛn ankasa bɛtumi afri yɛn ahoɔden mu ayɛ nnoɔma binom te sɛ, yɛn ahome a yɛgu, yɛn nanteɛ ne yɛn kasa, ne sɛdeɛ yɛbɔ mpaeɛ mpo, yɛn gyidie ne yɛn dɔ. Na yɛwɔ akwanya sɛ agyidifoɔ sɛ yɛn anibɛgye wɔ Honhom mu nkwa a yɛnya afri Yesu nkyen no mu. Na ɛsɛ sɛ yɛda no ase daa wɔ yɛn honhom mu nipadua nkwa ne tumi a ɔde ama yɛn no mu. Ɛfirisɛ saa ahoɔden yi ne dwumadie yinom nyinaa yɛ akyɛdeɛ a ɛfri Onyankopɔn nkyen na ɔde ama yɛn. Na sɛ onim a yɛn nntumi nnyɛ hwee.

YOHANNE 15:6
6 Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye.

Ɛyɛ woasɛdeɛ sɛ wɔbɛtena Kristo mu. Nanso ɛwom sɛ Honhom no nkwa no ne Kristo mu tena no nyinaa yɛ akyɛdeɛ. Na ɛfei nso obiara a ɔtwe ne ho fri Kristo ho no te sɛ obi a ɔsɛn ne ho akomfo. Na saa nipa no a ɔtwe ne ho no pirim nakoma denden, ɛno nti wɔbɛtow no atwene Onyankopɔn abuhyeɛ gya no mu. Na mberɛ bi reba a Abɔfoɔ bɛba abɛboaboa won a wɔpoo Kristo no na wɔbɛtow won agu ɛsum kabii mu. Na won adwene mu afɔbuo no remma won kwan nnkɔ ahomegyeɛ mu. Na wobɛhunu Onyankopɔn sɛ woatwa won afri nahunu - mmɔboro mu. Na wobɛhunu na won akae sɛdeɛ, ɔkoraa won, wɔ ne dɔ mu won kane abrabɔ mu. Na wɔpoo no no, wɔpoo won Agyenkwa no, wɔbɛtow won agu daa ɔsɛeɛ a ɛnni ɛwieɛ mu.

YOHANNE 15:7
7 Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.

Deɛ ɔtena Kristo mu no ne No tena wɔ nokorɛ ayɔnkofa mu. Te sɛdeɛ awarefoɔ a won aware mfeɛ bebree mu na wonim won ho yiye no. Saa ara na deɛ ɔdɔ Kristo no nim napɛdeɛ na ɔtena n'Awurade mu wɔ ayɔnkofa papa mu. Sɛ yɛyɛ Twerɛ Kronkron no mu nhwehwɛmu da biara wɔ akenkan mu a ɛbɛhyɛ yɛn kra ma wɔ ndwumapa nyinaa mu, na ama yɛapɛ deɛ Ɔno pɛ na ɔyɛ, ɛfirisɛ nasɛm no ahyɛ no yɛn ma.

Ɛno mu no, yɛn mmbɔ mpaeɛ wɔ deɛ yɛn ankasa rehwehwɛ ho bio, na mmom yɛbɛhwehwɛ deɛ ɛyɛ N'Ahennie no mu mpuntuo. Na yɛdanne bɛyɛ odima mpaebɔfoɔ wɔ honhom mu akodeɛ ho. Na ɛfei ayɛyie bɛhyɛ yɛn akoma mu ma, na yɛde yɛdesrɛdeɛ ne yɛn abrabɔ mu ahiasɛm nyinaa ato Ɔkronkronni no anim, ne ahiafoɔ, ne won a ɔhaw ahorroɔ da won so, a Honhom Kronkron no bɛda no ɛdie akyerɛ yɛn no. Yesu nam yɛn gyidie mpaebɔ so na ɛyɛ adwuma wɔ yɛn wiase yi mu. Na Ɔne yɛn yɛ adwuma wɔ won a woagye won nkwa no mu. So wobɔ mpaeɛ anaa? wɔ kwan bɛn so? So wobɔ mpaeɛ wɔ Honhom Kronkron no mu? Onyankopɔn apɛdeɛ nam kwan ahorroɔ pii so. Ɛmu baako ne wo kronkronyɛ mu; na ɛmu baako nso ne sɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ne sɛ ɔbɛgye nnipa nyinaa nkwa aba nokorɛ nimdieɛ no mu. Ɛno nti sɛ yɛnante wɔ ahobrɛaaseɛ mu a, Onyankopɔn din ho te wɔ yɛn mu. Bisa w'Awurade na onhwie mpaebɔ Honhom ngu woakoma mu, na ama woatumi asow aba bebree, na woahyɛ w'Agya a ɔwɔ soro no ne Kristo annuoyam, Ɔno ne wo kwankyerɛfoɔ.

YOHANNE 15:8
8 Yei mu na wɔahyɛ m'Agya animuonyam, sɛ moso aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafoɔ.

Yesu apɛdeɛ ne sɛ yɛbɛsow aba bebree. na ɔmpɛ sɛ yɛn kronkronyɛ bɛyɛ ketewaabi wɔ yɛn abrabɔ mu, anaasɛ yɛbɛgye nnipa kakraabi nkwa, anaasɛ yɛbɛyɛ mmerɛ. Daabida! na mmom ɔpɛ sɛ yɛyɛ kronkron, na yɛdimu' sɛdeɛ yɛn Agya no dimu' no, na yɛn nyinaa anya nkwagyeɛ. Ɛno nti ɛnsɛ sɛ yɛbo tɔ yɛn yem wɔ kakraabi a yɛwɔ no ho.

MPAEƐBƆ: Yɛdɔ wo, Awurade Yesu, ɛfirisɛ woamferɛ sɛ wode yɛn bɛyɛ wo nkurɔfoɔ. Yɛsrɛ wo sɛ wobɛsesa nnipa nyinaa, a woafrɛ won aba wo nkyen no. Yɛbɔ won din baako-baako wɔ woanim. Na yɛgyedi sɛ woagye won wɔ asɛndua no so. Na wɔnam Honhom Kronkron no so ɛsi won nkwagyeɛ so dua wɔ won so. Yɛhyɛ Agya no din no annuoyam wɔ Honhom Kronkron no mu. Na sɛ wonim a yɛn nntumi nnyɛ hwee.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na yɛte Yesu mu na Ɔno nso te yɛn mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 01:32 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)