Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 032 (Healing of the court official's son)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
C - Kristo Nsrahwɛ A Ɛdikan Wɔ Yerusalem (Yohanne 2:13 - 4:54) -- Nokorɛ Som No Ne Deɛ Ɛwɔ Hene?

5. Bɛdwakuo mu panin bi ba ayaresa (Yohanne 4:43-54)


YOHANNE 4:43-46a
43 Na nnanu akyiri no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galilea. 44 Na Yesu no ara dii adanseɛ sɛ odiyifoɔ nni anidie ɔno ara ne kuro mu. 45 Na ɔduruu Galilea no, Galileafoɔ no a wɔhunuu deɛ ɔyɛeɛ Yerusalem afahyɛ ase no nyinaa gyee no; ɛfiri sɛ wɔn nso wɔbaa afahyɛ no ase bi. 46 ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdanee nsuo nsa no bio. Na ahenkwaa panin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.

Yesu ne n'asuafoɔ no kaa asɛmpa wɔ Samaria. Wode tumi ne anigyie ne daa nkwa kaa Onyankopɔn asɛm no. Nanso na na bere a ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ Ɔman no nnya durueɛ; na ɛsɛ wodi ahonhom fi tumi a ɛwɔ ne kurom no so ansaana. Ɔkɔɔ Galelia prekope, ewom se na Nazaretfoɔ di Ne ho few sere no. Ne nnamfonom ne nabusuafoɔ angye ne nipasu a na ɔyɛ no antom mu, ɛsane sɛ ofiri ɔhia mu nti. Ɔman no hwɛɛ sika ne ahodeɛ ne obi a owo din, na wɔhunuu Yesu sɛ ɔhiani. Yesu antumi anyɛ nsenkyerɛnne biara ɛnam gye a Ɔman no angye no adi no nti.

Din a Yesu nyaeɛ sɛ ɔyaresafoɔ no trɛɛ faa babiara. Ne nsɛnkyerɛnnee a Ɔyɛɛ wɔ Yerusalem ne Gallelia no ho asɛm de no kɔɔ akyikyiri yie. Galleliafoɔ dodoɔ no ara kɔɔ Yerusalem wɔ Twam afahyɛ no ase. Wɔhuu nea Yesu yɛeɛ ne nsɛm a ɔkaeɛ no nyinaa, ɔde tumi sonoko na ɛdii ne twuma. Wɔde anigyeɛ sonoko hyia no bere a ɔduruu Gallelia nkuraseɛ no mu no, na wɔpɛɛ sɛ ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnee ama wɔn, a wɔbɛnya ho mfasoɔ. Yesu san kɔɔ ayerefero kun no fie wɔ cana, ɛhɔ na wɔmaa no din sonoko a ɛwie pɛyɛ. Yesu pɛɛ sɛ ɔbɛwie asɛmpa no ama wɔn a wɔde anigyeɛ hyia no no anya nsɛnkyerɛnnee wɔn abrabɔ mu.

YOHANNE 4:46b-54
wɔ Kapernaum. 47 Na ɔtee sɛ Yesu firi Yudea aba Galilea no, ɔsii mu kɔɔ ne nkyɛn, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa ne ba yadeɛ; na ɔreyɛ awu. 48 ɛnna Yesu see nosɛ: Sɛ "moanhunu nsɛnkyerɛnneɛ ne nkonyaa a, morennye nni." 49 Ahenkwaa panin no see no sɛ, "Owura, bra, na me ba no anwu ansa. 50 Yesu see no sɛ, Kɔ, wo ba no ho ayɛ no den" Na onipa no gyee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no diiɛ, na ɔkɔeɛ. 51 Na ɔrekorɔ no, ne nkoa bɛhyiaa no, na wɔkaa sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den! 52 ɛnna ɔbisaa wɔn dɔn korɔ a ne ho tɔɔ no. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, "Nnora bɛyɛ awia dɔnko no na ɔfoɛ no gyaa no." 53 ɛnna agya no hunuu sɛ ɛyɛ dɔn no ara a Yesu see no sɛ, "Wo ba no ho ayɛ no den no mu" na ɔno ne ne fiefoɔ nyinaa gye diiɛ. 54 Yei nso ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firi Yudea baa Galilea no, ɔyɛeɛ.

Ɔpanin bi firi Ɔhene bedwa kuo no mu baa Yesu nkyen ɛfiri sɛ na woate Yesu nsɛnkyerɛnnen ne ne tumi a oye no. Nnipa no bi a na wɔwɔ akura hɔ no tee se woaba ho no wo kaa se, "Ɔrekɔ Yesu nkyɛn na woakɔka akyerɛ ɔhene no".

Na saa ɔpanin yi wɔ ba barima a ɔyare wɔ Kaperneum, ayarehwɛfoɔ ne aduruyɛfoɔ bebree antumi ansa no yadeɛ. Na ɔyɛɛ sɛ ɔbɛsɔ Yesu ahwɛ; sɛ ɔbɛtumi asa ne ba no yadeɛ anaa sɛ ɔntumi a? na ɔpanin no pɛɛ sɛ anka Yesu ne no kɔ Kapenium na ɔwɔ anidasoɔ sɛ Yesu kɔ hɔ a ne ba no ho bɛyɛ no den.

Yesu amma saa panin yi nkyea biara. Na ɛyɛɛ no hu yie sɛ na saa panin yi annya gyidie biara wɔ no mu. Yessu ntumi mboa agyesɛ onipa wɔ gyidie wɔ no mu. Nnipa bebree bɔ mpae wɔ gyidie mu nanso na wɔn adwene nso yɛ wɔn ntanta, wɔ nnoɔma foforɔ ho. Ɔgyidi ni a osipi biara de ne ho to Onyankopɔn so nya gyidie wɔ no mu ansaa na nabisadeɛ no mpo aba.

Ɔpanin yi bo amfu Yesu, na mmom Ɔbrɛɛ ne ho ase frɛɛ no "Owura" anaa "Awurade" sedea Greek kasa kyere no, Ɔpanin yi brɛɛ ne ho ase sɛ akoa ma Kristo. Ɛnam ɔdɔ a na ɔwɔ ma ne ba no ne ɔbuo a ɔwɔ ma Yesu nso nti ɔsan ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔne no nko Kaperneum bio mmɛgye ne ba no nkwa.

Saa mere yi no, Yesu yii ɔpɛ pa adi kyerɛɛ ɔpanin no wɔ gyidie a woanya wɔ ne mu no, na ɔkaa sɛ "Kɔ na woba no ho bɛtɔ no". Yesu ampene sɛ ɔne no bɛkɔ Kapenium, mmom ɔsɔɔ ɔpanin no dɔ hwɛɛ maa ne gyidie timiiɛ. So ɔnyaa awerɛhyɛmu wɔ Yesu mu' sɛ neba no ho bɛtɔ no a emfa ho ne kwan tenten a ɛda Yesu ne neba no ntam no?

Ɔpanin no huu Yesu suban ne ne dɔ wɔ mmrɛ a na wɔredi nkɔmmɔ no. Na ɔnim yie paa sɛ Yesu renni ne ho fɛw na ɔrentwa nkontompo nso. Ɛwom sɛ woanhunu ne ba n'ayaresa mu. Ɔyɛɛ sotie maa Yesu na ɔsan nakyi kɔɔ Kapenium.Ɔsetie a ɔyeɛ ma Yesu no maaneba no ho tɔɔ no na ɛdaa ɔbuo a ɔwɔ ma Yesu adi. Sɛ Yesu atumi asa me ba yi yareɛ dea a na ɔso kyɛne adeɛ nyinaa. N'ayaresa yi kyerɛ ne tumi ne ne baabi a ɔfiri. N'akyiri san no kyerɛ ɔno ara ne nsiesiepa ne ne gyidie mu nkɔsoɔ.

Yesu hyɛɛ panin no nkoa no sɛ wonye ntem nko ne nkyen nkoka nkyere no se ne ba no anya nayaresa. N'awerɛhoɔ nyinaa yeraeɛ na ɔkanfoo Awurade. Bere na na ɔrepɛntɛm ahu ne ba no ayaesa no, wɔka kyerɛɛ no sɛ ne ba no ho atɔ no dɔn koro no ara mu a Yesu kasaɛ no. Ɔpanin yi dii Kristo tumi ne ne dɔ ho adanseɛ kyerɛɛ ne fiefoɔ nyinaa.

Saa nsɛnkyerɛnne yi ne nsɛnkyerɛne a ɛtosoɔ miennu a Yohane twerɛɛ ho asɛm. Kristo tumi no bɔ wuraa Ɔhene no bɛdwakuo no mu. Na nnipa de ahopepre hwehwɛɛ deɛ ɛbɛsi wɔ won anim. Na wɔgye diiɛ sɛ Kristo mu gyidie no, ne ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɔde nsɛnkyerɛne ne awawadeɛ ɛsi ɛso dua.

MPAEBƆ: Awurade Yesu yɛda woase sɛ woatie yɛn. Wosaa nea woawu no yareɛ wɔ Kapernaum nam woanom asɛn so. Wo maa agya no nyaa gyedie wɔ wo mu. Kyerɛ yɛn wo mu dɔ ne wotumi. Yɛbɔ mpaeɛ ma wɔn a woawu wɔ bɔne ne mmratoɔmu. Na yɛgye di sɛ woatie yɛn mpaebɔ.

NSƐMBISA:

  1. Gyidie mpenpensoɔ ahorroɔ ne sɛn, a mpaninfoɔ no faa mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:02 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)