Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 031 (Jesus leads his disciples to see the ready harvest; Evangelism in Samaria)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
C - Kristo Nsrahwɛ A Ɛdikan Wɔ Yerusalem (Yohanne 2:13 - 4:54) -- Nokorɛ Som No Ne Deɛ Ɛwɔ Hene?
4. Yesu kɔɔ Samaria (Yohanne 4:1–42)

b) Yesu maa na'suafoɔ hunuu sɛdeɛ otwaberɛ no ayɛ krado afa (Yohanne 4:27-38)


YOHANNE 4:31-38
31 Saa berɛ no mu no n'asuafoɔ no see no sɛ, "Rabi, didi" 32 Na ɔsee wɔn sɛ, "Mewɔ aduane medi a monnim. 33 Enti n'asuafoɔ no sesee wɔn ho sɛ, Obi abrɛ no biribi adi anaa?" 34 Yesu see wɔn sɛ, "M'aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n'adwuma. 35 ɛyɛ a, monka sɛ aka abosome nnan na otwa berɛ adu? Hwɛ, mese mo sɛ, momma mo ani so, na monhwɛ mfuo mu, sɛ anya ahoa ama otwa. 36 Na deɛ ɔtwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu; na deɛ ɔguiɛ ne deɛ ɔtwaeɛ ani agye prɛko. 37 Na yei mu na asɛm no yɛ nokorɛ sɛ: Obi gu, na obi twa. 8 Me deɛ, mesomaa mo sɛ monkɔtwa deɛ moanyɛ ho adwuma; ebinom ayɛ, na mo deɛ, moabɛdi wɔn adwuma no so aba."

Na Yesu gyee ɔdebɔneyɛni ɔbaa no na ɔmaa no daa nkwa akyiri no, ɔkɔɔ n'asuafoɔ no nkyen bio. Na won adwene nyinaa yɛ wiase adwendwen ne wiase nnoɔma nko. Ɛno nti won anntumi anya anigyie biara wɔ deɛ Onyankopɔn Honhom ama ɛsi wɔ ɔbaa no akoma mu no. Na mmom aduane ne deɛ wɔbɛnom na wɔdwene ho, na mmom na aduane a ɛho hia yiye wɔ hɔ sene aboodoo, ne tumi a ɛma abotɔyem paa sene nsuo mpo. Nanso na wonni nteaseɛ wɔ ɛyinom nyinaa mu. Na won nyinaa wɔ gyinabea a ɛte sɛ ɔbaa no ara, a na ɛmfa ho sɛ wɔwɔ ahofama na wodi Yesu akyi.

Yesu maa won nkyerɛkyerɛmu faa ɔsoro ne honhom mu aduane ho. Na ɛno na ɛma ɔkra no mee sene honam fam aduane biara. Yesu mee sene adeɛ nyinaa na ɔmaa nnipa pii nhyira na ɔyɛɛ N'Agya no apɛdeɛ nyinaa.

Yesu yɛ Onyankopɔn somafoɔ. Na ɔyɛ Ɔba kann nso, na ɔyɛɛ osetie maa N'Agya no, na ɔde anigyie yɛ napɛdeɛ nyinaa, ɛfirisɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. Ɛno nti obiara a ɔtena ɔdɔ mu no tena Onyankopɔn mu. Kristo sotie no nkyerɛ sɛ ɔyɛ abɔdeɛ wɔ Agya no anim, na ɛno kyerɛ sɛdeɛ Ne dɔ a ɔwɔ Agya no yɛ kɛseɛ fa. Ɔba no kaa sɛ wiase nkwagyeɛ no yɛ Agya no adwuma, na ɔnam no so na ɛyɛɛ ne nyinaa. Na ɔde annuoyam nyinaa maa Agya no, sɛdeɛ Agya no nso de nnoɔma nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa no. Agya no de nidie ma Ne Ba no na ɔde No atena Ne nsa nifa so daa, na ɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ahyɛ ne nsa.

Na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbɛgye saa ɔbaa yi a obiara apo no no nkwa wɔ nsubura no ho. Ɛfirisɛ na ɛnnyɛ Jewfoɔ no nko na woafrɛ won sɛ wombɛnya nka, na mmom nnipa nyinaa. Nnipa nyinaa aprɔ na Onyankopɔn ho nsukɔm de won. Na Yesu hyiaa saa ɔbaa yi no ohunuu nteaseɛ bi wɔ ne mu, a ɛne hwehwɛ a na ɔrehwehwɛ bɔne fakyɛ ama ne kra. Na woayɛ krado sɛ obɛnya Onyankopɔn nkyen bɔnefakyɛ paa mpo sene Jewfoɔ no. Na ohunu sɛ nnipa nyinaa te sɛ afuo kɛseɛ bi a ahoa na ayɛ krado ama otwaberɛ, na Honhom Kronkron rewosow no.

Nanso, asuafoɔ no anntumi annhunu saa afuo kɛseɛ yi a ɛkyerɛ wiase a ayɛ krado ama otwaberɛ no. Na Yesu wɔ Samaria a na ɛyɛ awɔɔberɛ a otwaberɛ nso nnyaa nnuruuɛ. Na Yesu kaa sɛ, 'mohwɛ ɛwiemu nsesaeɛ mu na mohunu deɛ ɛrebɛsi. Monhwɛ nokorɛ a ɛwɔ onipa honhom mu; sɛ msɛmbisa pii wɔ mu a, ɛrepre pɛ daa nkwa a ɛbuso, ne Onyankopɔn mu nhwehwɛmu. Ɛnnɛ yɛ otwaberɛ. Na nnipa bebree repre sɛ wɔbɛgye Onyankopɔn Ba no atom sɛ won Agyenkwa, sɛ yɛde asɛmpa no ma won wɔ nyansa ne ɔdɔ mu a.

Ɛyɛ bi a ɛbɛyɛ wo adefoforo; sɛ won a wɔbɛn me nyinaa yɛ asoɔdenfoɔ, akomapirimfoɔ anaa won ani afura. Saa ara nso na asuafoɔ no dweneeɛ; wobu atɛn wɔ honam ani. Nanso Yesu hunuu won akoma mu. Na Ɔno deɛ woambu ɔdebɔneyɛni ɔbaa no atɛn. Na annyɛ no dɛn sɛ ɔno ɔbaa no bɛkasa a na mpo honhom mu nnoɔma binom mma no ho kwan saa, nanso Ɔno ne kasaeɛ wɔ nteaseɛ mu, na mmom ɔboaa no maa no Honhom mu akwankyerɛ, na okenyan nadwene wɔ ɔsom mu ne Mesaia no ho nimdie mu, kosii sɛ ɔbaa no kɔyɛɛ ɔsɛnkani. Ɛyɛ nsesaeɛ kɛseɛ! Ɔbaa no bɛbɛnee Honhom no ndwuma mpo sene Nikodemo. Obiara ɔsom Awurade no hia Yesu ne dɔ ho nimdie na ama woatumi ahunu won a Onyankopɔn trenee ho nsukɔm de won wɔ won mpɔtam. Na mma won abrabɔ no nnha wo bebree, ɛfirisɛ Onyankopɔn dɔ won; na Yesu refrɛ won. Na adom no bɛbue won ani nkakrankakra. Ɛnkosi da bɛn na wobɛyɛ koom wɔ wiase a won a wɔhwehwɛ Onyankopɔn no yɛ kakraabi?

Sɛ obi dane ba Kristo nkyen a, daa nkwa yɛ ne dea; na anigyie nso bɛhyɛ akoma bebree mu ma. Na bio no, ɔsoro abɔfoɔ ani bɛgye wɔ ɔdebɔneyɛni baakopɛ a woasakyera nadwene ho. Ne nyinaa mu no Onyankopɔn apɛdeɛ ne sɛ nnipa nyinaa bɛnya nkwa na won ahunu nokorɛ nimdieɛ no. Won a wɔde won ho ma Onyankopɔn apɛdeɛ no, na wɔka nasɛmpa kyerɛ afoforo no, wɔbɛmee won kra wɔ ahobrɛaaseɛ ne anigyie mu. Sɛdeɛ Yesu ankasa kaaeɛ sɛ, "M'aduane ne sɛ mɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ na mɛwie N'adwuma no nyinaa."

Yesu de nasɛmpa no baa ɛwieɛ no ɔsee asuafoɔ no sɛ, "Meresoma mo akɔ metwa adwuma no mu." Na Osuboni no nso ɛdikan ayɛ nadwuma wɔ otwa adwuma no mu kaa adwene sakyera nsɛm- a Yesu ankasa ne honhom mu aba no a Onyankopɔn adua na woasiesie atohɔ. Na ɛmu aba no yɛ asɛndua no so wuo a owuiɛ no. Ɛno nti sɛ Yesu frɛ wo nnɛ ba otwa adwuma no mua, hunu sɛ otwa adwuma no nnyɛ wo dea. Na adwuma no yɛ Awurade dea. Na Kristo ahoɔden tumi no na ɛma no sow Honhom mu aba. Na yɛn nyinaa yɛ nkoa adwumayɛfoɔ, a woafrɛ yɛn sɛ yɛne no mbɛbom nyɛ ɔsoro adwuma no, wɔ odua mu, na yɛn funtumfuntum mu, anaa otwa mu. Ɛyɛ sɛ yɛbɛkae daa sɛ ɛnnyɛ yɛn ne Onyankopɔn adwumayɛfoɔ a ɛdikan. Na nnipa pii de nesuo ayɛ adwuma no ɛtwam; Na won mpaebɔ ayɛ nkaeɛdum wɔ soro. Na wɔnnni tumi sene Onyankopɔn nkoa a ɛtwam no, ɛno nti hwɛ wo suban yiye. Na ɛyɛ nadom bi ara kwa na wɔte ase da biara. Ɛno nti bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ osetie ama Honhom adwuma no. Fa ayɛyiye ne aseda som no abere biara wɔ woadwumayɛ mu, na tontom wo soro Agya no wɔ N'adwumayɛfoɔ mu, won a wɔka sɛ, 'Woahennie mbra; ne wo tumi, ne ahoɔden ne annuoyam yɛ wo dea daa.' Amen.


c) Samaria Asɛmpaka adwuma (Yohanne 4:39–42)


YOHANNE 4:39-42
39 Na Samariafoɔ a wɔwɔ kuro no mu no mu pii gyee no dii, ɛsiane ɔbaa no adanseɛ a ɔdii sɛ, "Waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, no nti." 40 Enti Samariafoɔ no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn; na ɔtenaa hɔ nnanu. 41 Na nnipa pii a ɛsene kane deɛ no gyee no dii n'asɛm nti, 42 na wɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, "Afei ɛnyɛ w'asɛm nti na yɛgye die, na yɛn ara yɛate, na yɛahunu sɛ oyi ne wiase Agyenkwa no ampa."

Nnipa bebree tuu mmirika kɔɔ Yesu nkyɛn wɔ kuro no mu, ne saa yɔ mu no wɔhunuu nokorɛ no yie, a ɛso aba no. Ɔkaa daa nkwa ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔtenaa won kyɛn nnanu. Asomafoɔ no nso kaa nkwagyeeɛ ho asɛm kɔɔ afiefie mu. Kristo ho nsɛm ne ne nipasu ho asɛm trɛɛ kɔɔ akyiri yie. Na wɔhuu sɛ Onyankopɔn nam Kristo so aba sɛ ɔrebɛgye abɔnefoɔ nkwa. Saa Samariafoɔ yi na ɛmaa no din sɛ "wiase agyenkwa" Na wɔhunuu sɛ Yesu amma sɛ ɔrebɛgye ɔno ara nkorofoɔ, mmom sɛ ɔrebɛsoa nnipa nyinaa bɔne. Ɛnyɛ yei nko ara na ɛma ne dɔ wie pɛ yɛ, ɛnne yi ɔda so gye abɔnefoɔ firi wɔn bɔne ne ɔbomsam nsam na ɔbɔ wɔn a woayi wɔn no nso ho ban. Ɛyɛ nokorɛ sɛ Yesu ne wiase tanmmufoɔ no. Ɛfiri sɛ Samariafoɔ nyinaa hunuu sɛ ɔso kyɛn Casar, na ɔyɛ obi ɔde dgyeeɛ abrɛ no nkorɔfoɔ nyinaa.

MPAEBƆ: Yɛ da woase Yesu, sɛ wonam ɔbaa debɔneyɛni yi so ama abrabɔ foforɔ. Ɔsotie yɛ sene afɔrebɔ. Gye yɛn firi ahweaseɛ mu na y'atumi adi woahyɛdeɛ so wɔ anigyeeɛ nyinaa mu, na fa wo nkwagyeeɛ no nso obiara woayera so, na woatumi anya daa nkwa.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na yɛbɛtumi ayɛ adwumayɛfoɔ ama Yesu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:03 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)