Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 030 (Jesus leads his disciples to see the ready harvest)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
C - Kristo Nsrahwɛ A Ɛdikan Wɔ Yerusalem (Yohanne 2:13 - 4:54) -- Nokorɛ Som No Ne Deɛ Ɛwɔ Hene?
4. Yesu kɔɔ Samaria (Yohanne 4:1–42)

b) Yesu maa na'suafoɔ hunuu sɛdeɛ otwaberɛ no ayɛ krado afa (Yohanne 4:27-38)


YOHANNE 4:27-30
27 Saa berɛ no ara na n'asuafoɔ no baeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ ɔne ɔbaa no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: "Deɛn na wohwehwɛ?" Anaasɛ, "Adɛn na wo ne ɔbaa no rekasa yi?" 28 ɛnna ɔbaa no gyaa n'asuhina no hɔ, na ɔkɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ: 29 "Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?" 30 ɛnna wɔfirii kuro no mu baa ne nkyɛn.

Wɔ mberɛ a woguso rekasa no, asuafoɔ no firii kuro no mu baeɛ a na wɔkɔtɔɔ aduane. Na ɛyɛɛ won wawa sɛ Yesu ne ɔbaa no nko gyina hɔ rekasa, a na ɔyɛ Samariani. Nanso obiara anntumi ambisa no biribiara, ɛfirisɛ na Honhom no tumi wɔ won ntam. Na wohunuu sɛ Onyankopɔn nam Kristo so ayɛ awawadeɛ, na ɔbaa no nyaa nsesaeɛ wɔ Kristo mu na otiee na'nom nsɛm. Na ɛyɛɛ no agyie sɛ ohyiaa Agyenkwa no.

Na ɔbaa no gyaa ne nsuhina no hɔ kɔe. Nanso nsuo a Yesu bisaa no deɛ woamfa amma Yesu, na ɛfei no na ɔde ne bɔne nyinaa akyɛ no. Ɛnam so maa ɔbaa no bɛyɛɛ nkwa asubonten maa nnipa pii bɛnom bi. Na otuu mirika kɔɔ won nkuraase hɔ kɔkaa kyerɛ won sɛ wombɛhwɛ Kristo a woaka na'hintasɛm nyinaa akyerɛ no. Kane no na ɔde nano ka amumuyɛsɛm nanso saa berɛ no deɛ ɔde nano bɛyɛɛ nsuoten a ɛredi Kristo ho adanseɛ. Na ɔtwee nnipa pii kɔɔ Agyenkwa no nkyen, na odii adanseɛ kyerɛɛ won sɛdeɛ woaka ne bɔne ahintasɛm nyinaa akyerɛ no. Na ɛmaa nkuraasefoɔ no nyinaa hunuu sɛ biribi soronko bi ɛsi wɔhɔ, na Onyankopɔn ayɛ saa ɔbaa no ho adwuma. Ɛno nti won nso pɛɛsɛ wobɛhunu saa ahintasɛm no mu yiye. Na won nyinaa tuu mirika kɔɔ nsubura no ho, babiaa Yesu ne na'suafoɔ rehome no.

Ɛyi ne deɛ ɛda ɛdi wɔ won a Kristo ayɛ won ho adwuma sɛ wombɛdi n'akyi no mu. Na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛdi adanseɛ kyerɛ yɛn nnamfonom ne afoforo nso sɛ Kristo aba sɛ ɔrebɛgye yɛn nyinaa nkwa. na ama won kon aɔdɔ nkwa nsuo no wɔ won mu, a Honhom Kronkron no na ɛde ma. Ɛno nti so woabɛyɛ nkwa asuti ama nnipa pii anaa? Sɛ ɛntɛ saa a, ka wo bɔne nyinaa kyerɛ Yesu, na fa wo ho nyinaa to No so, na ama woahohoro wo ho na woate wo ho nso koraa na ama woabɛyɛ nhyira ama nnipa pii - sɛdeɛ ɛsiiɛ wɔ ɔbaa odwamanbɔni no abrabɔ mu no ma no dii adanseɛ wɔ ne mpɔtam nyinaa no.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, meda wo ase sɛ wohwehwɛɛ me hunuu me, ɛfirisɛ menyɛ papa biara nsene saa ɔdebɔneyɛ ɔbaa yi a na ɔwɔ Samaria no. Mesrɛ wo fa me bɔne nyinaa kyɛ me. Na ma me Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛbɛboa me ɛfiri nokorɛdie ho nsukɔm mu, na te mabrabɔ ho koraa. Bue m'ani ma mentumi nhunu ɔsoro Agya no. Na fa Honhom Kronkron hyɛ makoma ma, na ama woatumi de me ayɛ adwuma, na mabrabɔ abɛyɛ woayɛyiye wɔ w'adom no mu. Gye nnipa pii nkwa, na twe won bra wo nkyen. Ɛfirisɛ wompo won a wɔpa wo nkyen no mu biara da.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na nkwa nsuo no bɛtumi ɛgu yɛn so?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:03 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)