Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 002 (The word before incarnation)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
A - Onyankopɔn Asɛm A Ɛdaa Ɛdi Wɔ Yesu Kristo Nipasu Mu (Yohanne 1:1-18)

1. Asɛm no dwumadie ne botaeɛ annsa na ɛbɛyɛɛ nipasu (Yohanne 1:1-5)


YOHANNE 1:1
1 Mfitiaseɛ no na asɛm no wɔ hɔ, na asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na asɛm no ne Onyankopɔn.

Nnipa yi won adwenpɔ ne won nneyɛɛ ne abrabɔ adi wɔ na'sɛm no mu. Deɛ woka no saa ara na woteɛ. Na wo nsɛm ne woabrabɔ nsunsuansoɔ ma wo nipadua ne deɛ ɛdi adanseɛ wɔ wo honhom mu.

Wɔ nteaseɛ a ɛmu dɔ mu no, Onyankopɔn Asɛm yi Ne Onyameyɛ nipasu ɛdi ne Ne tumi a ɛyɛ adwuma no nso kyerɛ wɔ na'sɛm a woate ho ayɛ no kronkron no mu. Ɛfirisɛ mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ osoro ne asaase wɔ na'sɛm tumi kɛseɛ no mu. Na ɔkaeɛ sɛ, "Yɛ hɔ no," ɛyɛɛ hɔ. Bɛsi nnɛ, Onyankopɔn asɛm no yɛ tumi kɛseɛ wɔ ne nsɛmka nyinaa mu. So woatumi ahunu sɛ asɛmpa nwoma no a ɛkura wo no yɛ Onyankopɔn tumi kɛseɛ? Na saa nwoma yi yɛ den sene topaiɛ kodi awuo biara ɛfirisɛ ɛtumi yi ade bɔne biara a ɛwɔ wo mu firi hɔ, na ɛtumi de ade papa biara ba ma wotumi yɛ ade biara a ɛyɛ papa.

Na ahintasɛm a ɛne "Asɛm no" a ɛda ɛdi wɔ Yohanne asɛmpa no mu no, wɔ Greek kasa mu no ɛwɔ nkyerɛaseɛ miennu. Deɛ ɛdikan no ne: Na'home a ɛde mframa den firi nanum repue no. Na deɛ ɛtɔso miennu ne sɛ: Ne mbarimayɛ tumi a ɛbɔ adeɛ, ne Ne honhom nipasu. Saa nkyerɛaaseɛ miennu yi da ɛdi wɔ Arabic kasa mu a ɛkyerɛ asɛm ko a ɛreka no, sɛ ɛyɛ ɔbaa anaa barima. Wɔ brɔfɔ kasa mu no ɛda mu nsonsonoeɛ wɔ miennu a ɛkyerɛ no ntam. sɛdeɛ ɛkyerɛ wɔ asɛm pɔtee a ɛreka no mu. Nanso sɛ ɔsɛmpakani Yohanne ka sɛ, "mfitiaseɛ no na asɛm no wɔ hɔ" na ɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ tiri miennu no mu kaa sɛ "Na ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no", na ɛyi rekyerɛ ahintasɛm no mu baako a ɛyɛ Kristo no nipasu a na ɔwɔ hɔ. Na ofirii Agya no nkyen sɛ asɛm a ɛfiri obi ano repue. Ɛno nti Kristo no ne Onyankopɔn apɛdeɛ nyinaa ne na'dwene nsusuieɛ. Na yɛhunu saa adeɛ yi nso wɔ ɔsom ahorrow nso mu, sɛ Kristo ne Onyankopɔn Asɛm ne Honhom a ɛfiri ne nkyen. Na onipa biara nni wiase a ɔwɔ ɔsoro tumideyɛ yi bi, agyesɛ deɛ ɔbabunu Maria woo no no.

Kristo Yesu nipasu wɔ Bethlehem no nnyɛ na'brabɔ ahyɛaseɛ, ɛfirisɛ ofiri Agya no nkyen na ɔbaeɛ na ɔwɔ hɔ firi tete ansa na wɔbɔɔ wiase. Ɛno nti Kristo wɔ hɔ daa, te sɛdeɛ Agya no nso wɔ hɔ daa no na ɔnnsesa da no, saa ara nso na Onyankopɔn Asɛm nso nnsesa da biara ara da.

Yohanne kyerɛɛ yɛn ayɔnkofa a ɛda Kristo ne Na'Agya no ntam no fapem. Na ɔne no nni ntetemu, te sɛdeɛ kasa pue firi anom a ɛkɔ akyirikyiri wɔ mframa mu no. Na mmom Kristo no ne Agya no te faako daa. Na mfantoho yi a ɛse, "ɔne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ no" wɔ Greek kasa mu no ɛkyerɛ sɛ asɛm no rekɔ Onyankopɔn nkyen. Na saa kwan yi so ne ngyina ma won a Honhom no awo won no, ɛfirisɛ ɔno ne ɔdɔ nyinaa fapem no. Na saa ɔdɔ yi nnyɛ ntetemu, na mmom ɛyɛ ɛkabom a ɛte faako daa, na ɛbom daa.

Onyankopɔn ammbɔ Kristo no sɛ abɔdeɛ biara a ɔde na'sɛm bɔeɛ no, te sɛ abɔdeɛ nyinaa no, nanso Ɔba no ankasa wɔ ne mu ne asɛm a ɛbɔ adeɛ a ɛkura Agya no tumi ankasa wɔ ne mu. Wɔ nkyekyɛmu baako no ɛwieɛ no yehunuu sɛ asɛm no yɛ Onyankopɔn wɔ ɔno ankasa ne mu. Na wɔ saa kwan yi so no Ɔsɛmpakafoɔ Yohanne ka kyerɛɛ yɛn wɔ na'sɛmpa no mu wɔ nkyekyɛmu a ɛdikan no mu sɛ Kristo yɛ Onyankopɔn a ofiri Onyankoɔn mu, kanea a ofiri kanea mu, Onyankopɔn nokwafoɔ a ofiri nokorɛ Onyankopɔn mu, Nea wɔwoo no na woambɔ no, Deɛ ɔne Agya no wɔ hɔ daa, daa nkwa no, Otumfoɔ no, Ɔkronkronni ne Ɔdomfoɔ no. Obiara a ɔpaemu ka sɛ Kristo yɛ Onyankopɔn Asɛm no bɛyɛ adwene sɛ ampa sɛ ne Onyanmesu di adanseɛ.

MPAEBƆ: Awurade Yesu Kristo, yɛkoto sɔre wo ɛfirisɛ wone Agya no na ɛwɔ hɔ mbere ne daa nyinaa, na wo wɔ nanim daa ne daa. Boa yɛn na yɛammfiri wo nkyen da, na ama yɛatumi de yɛn ho ama Onyankopɔn daa na yɛaatena ne dɔ no mu mbere nyinaa. Yɛda wo ase, Awurade Yesu, ɛfirisɛ wobaa yɛn nkyen wɔ woasɛmpa no mu wɔ nteaseɛ mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wotumi no bɛda ɛdi wɔ yɛn mu wɔ gyidie a ɛfiri woasɛm mu.

NSƐMBISA:

  1. Asɛm bɛn na wosii so mpren miennu wɔ Yohanne asɛmpa nkyekyɛmu 1 no, na ne nkyerɛaaseɛ nso ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:07 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)