Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 008 (The fullness of God in Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
A - Onyankopɔn Asɛm A Ɛdaa Ɛdi Wɔ Yesu Kristo Nipasu Mu (Yohanne 1:1-18)

3. Onyankopɔn mayɛ nyinaa daa ɛdi wɔ Kristo nipasu mu (Yohanne 1:14-18)


YOHANNE 1:14
14 Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yɛhunuu n'animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.

Hwan ne Yesu Kristo? Ɔyɛ nokorɛ Onyankopɔn ne onipa nso. Ɔsɛmpakani Yohanne kyerɛɛ yɛn saa ahintasɛm kɛseɛ yi sɛ na'sɛmpa nwoma no tiri asɛm titiw. Na ɔkaa Onyankopɔn Asɛm a ɛbaa asaase so wɔ nipasu mu ho nsɛm, Na ɔkyerɛɛ yɛn Asɛmpa no fapem. Nkyekyɛmu 14 no sɛ ɛno ne ngyinasoɔ safoa ma saa asɛmpa yi nyinaa. Sɛ wohwehwɛ saa honhom mu nteaseɛ yi a, wobɛtumi anya nyansa a ɛmu dɔ yiye akɔ nimdie mu wɔ asɛmpa no nkyekyɛmu a ɛdidisoɔ yi mu.

Kristo nipasu fapem no yɛ soronko sene yɛn honhom mu foforoyɛ no. Yɛn nyinaa wɔwɔ nipadua koro, na yɛwɔ awofoɔ a ɛyɛ Agya ne ɛnna. Na ɛno akyiri no, na Asɛmpa no mu nsɛm baa yɛn nkyen na ɛbɛyɛɛ daa nkwa wɔ yɛn mu. Na Kristo deɛ, ɛnnyɛ ɔbaa ne ɔbarima na ɛhyiaamu woo no wɔ wiase kwanso. Na mmom, Onyankopɔn de Asɛm no somaa ɔbɔfoɔ baa Maria nkyen, "Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so, enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba." (Luka 1:35) Ɛno nti ɔbabunu no gyee saa asɛm yi wɔ gyidie mu no, ohunuu ɔba soronko wɔ nawotwaa mu, a na Honhom Kronkron no de ato mu sɛ onipa. Na saa kwan yi so na Onyankopɔn bɛyɛɛ onipa.

Na yɛn adwene ne yɛn nsusuiɛ nntumi nte saa adeyɔ yi mu nnsi aseɛ. Na nhwehwɛ mu biara nni hɔ nso a ɛbɛtumi ahunu saa ahintasɛm yi mu. Na nnipa nyansa ne ne suahunu nso nntumi nya ɛmu nteaseɛ. Asɛmpa no mu nhwehwɛmufoɔ bi bɔ mmɔden tumi ka wɔ abɔdeɛ mu nhwehwɛmu adwenkyerɛ kwan so sɛ Kristo awoɔ te sɛ deɛ ɔbaa wiase wɔ nipadua a ɛnni ɛyaw ne awerehoɔ atinka wɔ mu, ɛno na ɔde baa wiase. Nanso, yɛn deɛ yɛpaemu ka sɛ Kristo yɛ onipa prekopɛ a ɔwɔ atinka nyinaa, na ɔyɛ Onyankopɔn nso wɔ bere ko no ara mu.

Kristo nipasu no ankasa kyerɛ Na'woɔ wawasoɔ no ase yiye. Onyankopɔn Ba no a ɔwɔ hɔ daa a ɛnni ɛwieɛ no, a ofiri Agya no nkyen baeɛ no, bɛyɛɛ onipa na woannyɛ bɔne biara da, ɛfirisɛ Honhom Kronkron a ɛwɔ ne mu no maa no dii bɔne nwowoeɛ biara so nkunim. Ɛno nti Yesu nkoaa ne onipa a ɔbɔɔ Ne bra a bɔne biara nni ne ho koraa na ɔyɛ kronkron wɔ ahoteɛ mu, a ɛfi ne nkekaeɛ biara nni Ne ho koraa.

Na Onyankopɔn Ba no baa asoɔdenoɔ mu, Nnipa a amumuyɛ ne bɔne ahyɛ won ma mu, a owuo akyekyere won. Na Ɔno deɛ ɔte hɔ daa a ɛnni ɛwieɛ, na onnwu ɛfirisɛ ɔyɛ Onyankopɔn. Na sɛdeɛ ɔkron na ɔyɛ kɛseɛ nyinaa mu no ɔdɔɔ yɛn na ogyaeɛ na'nnuoyam gyinabea too hɔ na ɔbaa nnipa mba mu ne yɛn bɛtenaeɛ. Na ɔbɛyɛɛ te sɛ yɛn ara, na onyaa atinka maa yɛn wɔ yɛn mmereyɛ nyinaa mu. Na Ne yaw nyinaa mu no ɔyɛɛ osetie brɛɛ Ne ho ase. Wɔ saa kwan yi so no ɔbɛyɛɛ mmɔborohunufoɔ kɛseɛ. Na woammpo yɛn, yɛn a anka yɛyɛ adebɔneyɛfoɔ no. Kristo bɛyɛɛ onipa na ɔbɛnnee yɛn mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔde yɛn bɛbata Onyankopɔn ho.

Kristo nipadua no yɛ Apam Dada no mu ntɔmadan no susudua, na ɛhɔ na Onyankopɔn hyia Ne nkorɔfoɔ. Na Onyankopɔn wɔ Kristo mu na ɔnam nnipa so yi Ne ho ɛdi kyerɛ Ne nkorɔfoɔ. Onyankopɔn mayɛ nyinaa wɔ Kristo mu, sɛdeɛ Greek nsɛmfua no kyerɛ no, na Yohanne kaeɛ sɛ "Ɔyɛɛ na'sɔredan wɔ yɛn mu". Na ɛyi kyerɛ sɛ woansi ɛdan fefe biara wɔ asaase yi so anntena mu wɔ ha, na mmom no ɔtenaa ntɔmadan ase wɔ asaase yi so bere tiaa bi. ɛno ɛkyiri no odwirii ne ntɔmadan no guuiɛ na ɔkɔɔ bea foforo. Saa ara nso na Kristo tenaa yɛn mu bere tiaa bi ansana ɔreforo akɔ soro bio.

Asɔmafoɔ no dii adanseɛ boom sɛ wohunuu Kristo annuoyam. Na won adansedie no yɛ nsɛm a ɛyɛ anigyiedeɛ. Won na wɔde won ani hunuu Onyankopɔn Ba no annuoyam wɔ Ne honam asetena mu. Na won gyidie kɛseɛ a wonyaa wɔ Ne mu no buee won ani ma wonyaa Ne dɔ no mu nteaseɛ, ne ntoboaseɛ,ne Na'hobrɛaaseɛ, ne nokorɛdie ne Yesu Onyanmesu tumi nyinaa. Wɔ saa kronkronyɛ yi mu no ɛmaa wohunuu Onyankopɔn ankasa. Wɔ saa asɛm yi a ɛka sɛ, "Na'nnuoam no" wɔ Apam Dada no mu no kyerɛ Ne Onyanmeyɛ suban nyinaa abodin ahorrow. Na ɛnam so ma Ɔsomafo Yohanne de akoko duru kɛseɛ dii saa Onyanmeyɛsu abodin yi nyinaa a ɛfa Yesu ho no adanseɛ kyerɛeɛ. Ohunu Ne mbaninyɛ ne Ne tumi ahoɔden a ahinta no kaa ho asɛm ne na'hoɔfe ne Ne kɛseɛyɛ no nso.

Na Honhom Kronkron no maa no nteaseɛ kɛseɛ, ɛmaa Yohanne frɛɛ Onyankopɔn sɛ Agya na ɔfrɛɛ Yesu nso sɛ Ɔba. Biribiara nni hɔ a ɛsesa saa abodin yi. Na Honhom no akwankyerɛ paa Onyankopɔn din kɛseɛ no a ahinta no ho ntɔma kyerɛeɛ, Na ɛkyerɛɛ yɛn sɛ Ɔkronkronni no a onni ɛwieɛ na ɔwɔ hɔ daa no, a ɔyɛ Ɔbɔadeɛ Otumfoɔ no ɔno ne Agya no na ɔwɔ Ɔba te sɛ ɔno ara nso a ɔyɛ kronkron, ne daa nkwa annuoyam wura., na ɔdɔ ahyɛ no ma. Onyankopɔn nnyɛ ɔtɛnbufoɔ a obi tumi di no so nkunim a ɔsɛe na otua ka wɔ tumi mu. Na mmom ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborohunufoɔ, na ɔwɔ abotwekyerɛ nso, na Ne Ba no nso saa ara. Ɛno nti sɛ yɛnya nteaseɛ wɔ Agya no ne Ɔba no mu a ɛde yɛn kɔ Apam Foforo no tumi nkyekyereɛ mu. Na obiara a ohunu Ɔba no hunu Agya no nso. Na saa Aiyisɛm yi ma Onyankopɔn suban da ɛdi pɛfee na ɛbue yɛn ani ma yɛhunu Ne dɔ kɛseɛ no.

So wopɛsɛ wohunu Onyankopɔn? Ɛndeɛ bɔ mmɔden sua Kristo abrabɔ! Adeɛ bɛn na Asuafoɔ hunuu wɔ Yesu ho? Na won adansedie no tɔfabɔ ne sɛn? Wohunuu Onyankopɔn dɔ no sɛ ɛreyɛ adwuma wɔ adom ne nokorɛ mu. Dwene saa nteaseɛ miensa yi ho na bɔ mpaeɛ na wobɛnya atinka kɛseɛ wɔ Onyankopɔn annuoyam kɛseɛ a ayɛ ma wɔ Kristo mu no. Na ɔbaa yɛn nkyen wɔ ayaresa adom kɛseɛ a na yɛn mmfata koraa mu. Yɛn nyinaa yɛ adebɔneyɛfoɔ; na obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Na ɔbaa yɛn nkyen, sɛ adebɔneyɛfoɔ, wɔ adom mu. Na woammfere sɛ ɔbɛfrɛ yɛn anuanom, na ɔhohoroo yɛn ho, na ɔtew yɛn ho, na ɔyɛɛ yɛn foforo nso, na ɔde ne Honhom Kronkron no ahyɛ yɛn ma. So saa nsɛm yi nnyɛ "adom a abɔ adom soɔ"? ne deɛ ɛboro saa mpo: yɛnya akwanya foforo, ɛfirisɛ Kristo de yɛn ahyɛ na'adom no mu na yɛnya akwanya sɛ Onyankopɔn mba. Na adom ho asɛnka no nnyɛ ndaadaa anaa nsusuiɛ hunu bi ara kɛkɛ na mmom ɛyɛ akwanya foforo a ɛyɛ nokorɛ. Na Kristo nipasu no ne deɛ ɛdi adanseɛ sɛ Onyankopɔn reyɛ na'dwuma, a ɛma yɛyɛ pɛ wɔ ne nkwagyeɛ no mu. Adom no ne yɛn gyidie fapem.

MPAEBƆ: Yɛkoto wo, abofra a wɔwoo wo wɔ mboa adidi adaka mu, sɛdeɛ anyansafoɔ ne ndwan hwɛfoɔ a wofri Bethlehem no kotoo wo no. Wone Onyankopɔn a wobaa yɛn nkyen wɔ nipa tebea mu no, na woammfere sɛ wobɛfrɛ yɛn sɛ anuanom. Wo kanea hyeren wɔ yɛn sum kabii mu. Hohoro makoma mu fi nyinaa, na metumi asɛ afata wo daa ahendie no mu bi. Me ne agyidifoɔ nyinaa boom yi wo ayɛ, Ɛfirisɛ wa'nnuoyam no abɛyɛ ahobrɛɛaseɛ nipadua ama yɛn. Na yɛbɔ mpaeɛ srɛ wo sɛ wɔbɛma asoɔdenfoɔ bebree ahunu wo yiye na ama won nso nya akwanya kwan a woabue no mu bi.

NSƐMBISA:

  1. Kristo Onyanmeyɛ suban wɔ nipasu mu no asekyerɛ ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:06 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)