Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 007 (The Baptist prepares the way of Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
A - Onyankopɔn Asɛm A Ɛdaa Ɛdi Wɔ Yesu Kristo Nipasu Mu (Yohanne 1:1-18)

2. Osuboni no siesie kwan mu maa Kristo no (Yohanne 1:6-13)


YOHANNE 1:11-13
11 ɔbaa ɔno ara ne deɛ mu, na wɔn a wɔyɛ ɔno ara ne deɛ annye no. 12 Na dodoɔ a wɔgyee no no, wɔn a wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Nyankopɔn mma 13 a ɛmfiri mogya anaasɛ deɛ ɔhonam pɛ anaasɛ deɛ ɔbarima pɛ mu, na mmom ɛfiri Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.

Nkorɔfoɔ a ɛwɔ Apam Dada no mu no yɛ Onyankopɔn dea, ɛfirisɛ Awurade nam Na'Apam no so ayi won ayɛ ne dea na woatew won ho. Na ɔkyerɛɛ won kwan wɔ mfeɛ bebree mu. Na ɔde ne mmra no siesie won akoma na ɔyɛɛ won soronko de won sii hɔ maa asɛmpa no botaeɛ. Wɔ saa kwan yi so no, na abakɔsɛm a ɛfa Abraham asefoɔ ho no ne nyinaa kɔkyerɛɛ Kristo no mbaeɛ mu. Na ɛfei no ne ba a ɔbaeɛ no ne botaeɛ ne nteaseɛ a ɛwɔ Apam Dada no mu.

Na ɛyɛ nokorɛ a ɛyɛ wawa paa sɛ won a woyii won sɛ anka wɔbɛgye Awurade Yesu no, won mmom na wɔpoo no na won anngye ne kanea no antomu. Na mmom no wɔpɛɛ sɛ wɔtena mmra no sum mu, a ɛkɔ atɛnbuo mu ntɛmso. Ɛno nti wɔkwatii adom no koraa na wɔdɔɔ won ankasa ndwuma sene nkwagyeɛ a ɛwɔ Kristo mu. Won annsakyera, na mmom wopirim won akoma tiaa nokorɛ Honhom no.

Na ɛnnyɛ nkorɔfoɔ a ɛwɔ Apam Dada no mu nko na wɔyɛ Onyankopɔn agyapadeɛ, na mmom nnipa nyinaa ɛfirisɛ Otumfoɔ no na ɔbɔɔ nnoɔma nyinaa, aboɔ, nnua, mboa, ne adeɛ nyinaa. Ɛyi nti no, Asomafoɔ a ɛwɔ wiase nyinaa nso di dwuma koro no ara te sɛ Apam Dada no mu nkorɔfoɔ no. Deɛ adeɛ nyinaa yɛ ne dea na ɔbɔɔ yɛn no pɛsɛ ɔtena yɛn akoma mu ne yɛn afie afie mu, ɛno nti hwan na ɔbɛma no akwaaba? Hwan na ɔyɛ Onyankopɔn dea?. So wode wo ho ama Awurade anaa? Ɛyɛ mmɔbɔ sɛ ɛnnɛ yi, aman dodoɔ no ara nnyɛɛ krado sɛ wobɛbue won akoma mu ama Kristo kanea no. Na wommpɛ sɛ wone Ne kanea no hyeren bɛnya ayɔnkofa a ɛbɛma ɛdi won sum akomaden no so. Na saa kwan yi so na wɔfaso de po Onyankopɔ Ba koro no wɔ saa awoɔ ntoatoasoɔ yi mu.

Obiara a ɔyɛ Abraham aseni anaa onipa biara a obɛbue na'koma mu ama Kristo no na ɔde ne ho nyinaa bɛhyɛ ɔgyefoɔ kɛseɛ no nsa no, saa onipa no bɛhunu nsɛnkyerɛnne kɛseɛ wɔ na'brabɔ mu. Ɛfirisɛ Osoro kanea bɛtɔ no so na ama Onyankopɔn kanea no aboa no ama woadi ɛsum tumi a ɛte na'koma mu no so koraa. Na bio no, Onyankopɔn tumi bɛbɔ awura na'koma mu na ɛde nkenyan foforo abrɛ ne nipadua nyinaa. Kristo na ɔbɛgye wo afiri bɔne nkoayɛ nyinaa mu. Na woama wo fahodie a Onyankopɔn wɔ ma Ne mba nyinaa. Sɛ wodɔ Kristo a, Honhom Kronkron no nso bɛtena wo mu na woama ne nkwagyeɛ tumi no ayɛ adwuma wɔ wa'brabɔ mu.

Na ɛfei Ɔsɛmpakani Yohanne annka sɛ yɛbɛyɛ anaa sɛ yɛabɛyɛ Onyankopɔn mba, na mmom no yɛbɛyɛ Onyankopɔn mba sɛ yɛnya ne Honhom no na ɛbɛtena yɛn mu a. Na yɛhunu nsonsonoeɛ kɛseɛ wɔ saa nsɛm miennu yi mu, na obiara a ogye Kristo di no bɛkɔ awoɔ foforo mu. Na ɛfei bere ko no ara mu no obɛyini nkakra nkakra akɔ pɛyɛ ne ɛmudie mu wɔ ne honhom abrabɔ mu. Awurade tumi no yɛ yɛn abɔdeɛ foforo na ɛtew yɛn ho na ama yɛn ayɛ pɛ wɔ ne mu.

Na ɛnnyɛ abagyeɛ mu nko na yɛbɛyɛɛ Onyankopɔn mba, na mmom no yɛbɛyɛɛ mba wɔ honhom mu awoɔ foforo mu. Na Kristo honhom a ɛsɛnee baa yɛn akoma mu no kyerɛ sɛ yɛnya Awurade mu tumi no nyinaa. Na tumi a Onyankopɔn hwie guu agyidifoɔ no so no kyerɛ sɛ wiase tumi biara nni hɔ a ɛwɔ wiase yi mu anaa deɛ areba no mu a ɛbɛtumi asi Onyankopɔn abagyeɛ tumi a ɔde am yɛn no ano kwan. Krist no ne yɛn gyidie mfitiaseɛ ne deɛ ɔma yɛwie pɛyɛ.

Nsonsonoeɛ kɛseɛ da Onyankopɔn mba mu ne wiasefoɔ mu. Honam famu no awofoɔ miennu na ɛwoo yɛn wɔ won honam akondɔ mu ne won nsusuiɛ mu. Biaa na wɔbɔɔ mpaeɛ boom, na wɔyɛɛ osetie maa honhom no akwankyerɛ. Nanso deɛ ɛyɛ honhom mu anaa adwene mu, anaa honam fa mu adedie biara a ɛfiri yɛn awofoɔ nkyen no, ne yɛn awoɔ foforo a ɛfiri Onyankopɔn mu no nni ayɔnkofa biara koraa. Ɛfirisɛ honhom mu foforoyɛ ne nkenyan no yɛ kronkron firi mfitiaseɛ na ɛfiri Onyankopɔn nkyen na ɛba, a ɛhɔ na Kristoni biara nya na'woɔ foforo firi. Ɛfirisɛ Ɔno ne yɛn nokorɛ Agya no ankasa.

Abofra biara nni hɔ a ɔno na ɔwo ne ho, na mmom wɔwo no. Wɔ saa kwan yi so no yɛn honhom mu awoɔ no yɛ adom krɔgyenn. Kristo no na ɔde Asɛmpa no aba no wuraa yɛn akoma mu. Ɛno nti obiara a ɔpɛ saa aba yi no, ɔgye tomu na ɔkora so. Na saa onipa no mu na daa nkwa a ɛfiri Onyankopɔn mu no bɛfifi na ayini wɔ ne mu. Nhyira ne obiara a ɔte Onyankopɔn Asɛm na ɔkora so wɔ na'koma mu.

Sɛ wɔwo obi wɔ Kristofoɔ abusua mu a ɛno nkyerɛ sɛ saa abofra no anaa saa nipa no yɛ Onyankopɔn ba, na mmom no Kristo mu gyidie nko na ɛma saa onipa no akwanya. Na saa gyidie no kyerɛ sɛ woabɛn No, na ɔde ne ho awura Ne nipasu no mu bi, na woanya Ne mu nteaseɛ wɔ na'hobrɛaaseɛ suban no mu ayini wɔ Ne tumi no mu. Na saa oyini no mu mpuntuo no tumi da ɛdi wɔ bere a yɛde yɛn ho hyɛ ne nsa, na yɛagye no ɛdi sɛ ɛyɛ ɔno na ɔgye yɛn nkwa na ɔma yɛyɛ foforo wɔ ɔno ankasa suban ne Ne'seso mu. Kristo mu gyidie no yɛ akoma mu asɛm a ɛyɛ yɛn ne Ne ntam ayɔnkofa, ne daa Apam a ɛnni ɛwieɛ. Ne saa nti honhom mu aba woɔ no renntumi mmpopa mmfiri yɛn mu agyesɛ yɛapa no gyidie, na akyerɛ sɛ awo foforo no nnyɛ kɛseɛ sene gyidie anaa soronko sene gyidie, saa ara nso na gyidie nso nnyɛ kɛseɛ sene awoɔ foforo. Na ne nyinaa yɛ baako.

Ɔsɛmpakani Yohanne ambɔ Yesu Kristo din ammfitiaseɛ wɔ na'sɛmpa nwoma no twerɛ mu anndkan. Na mmom no ɔdaa Yesu nipasu ɛdi kyerɛɛ agyidifoɔ no wɔ amanaman mu,na ɔfaa nsɛmfua a ɛwɔ won nteaseɛ mu na ɛkasa kyerɛɛ won. So wonyaa nteaseɛ wɔ Kristo pɛyɛ ne Ne'mudie abodin ahorrow nsia bi a Ɔsɛmpakani no twerɛɛ wɔ ne nwoma no mu de maa Asɔre no?. So woabue woakoma mu ama tumi a ɛwɔ abodin yi mu na wokoto anaa? Na ɛfei woabɛyɛ Onyankopɔn ba ankasa!

MPAEBƆ: Oh Awurade Yesu Kristo, mekoto wo na medɔ wo na ɛfei mebue makoma mu ma wo. Wɔ me bɔne nyinaa mu mpo no wobaa me nkyen, na wopopaa me bɔne nyinaa fifri me ho, na wonam wo Honhom Kronkron so abɛtena me mu. Oh Awurade, mebue makoma mu kakraa ama wo.

NSƐMBISA:

  1. Ɛdeɛn na ɛba won a wɔfa Kristo sɛ won kra agyenkwa no so?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:06 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)