Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 009 (The fullness of God in Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
A - Onyankopɔn Asɛm A Ɛdaa Ɛdi Wɔ Yesu Kristo Nipasu Mu (Yohanne 1:1-18)

3. Onyankopɔn mayɛ nyinaa daa ɛdi wɔ Kristo nipasu mu (Yohanne 1:14-18)


YOHANNE 1:15-16
15 Yohane dii ne ho adanseɛ na ɔteaa mu sɛ "Oyi ne deɛ mekaa sɛ, Deɛ ɔdi m'akyiri reba no, wadi m'anim, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba. 16 Na ɛfiri ne mayɛ no mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom soɔ".

Osuboni no de nne kɛseɛ teaa mu sɛ Kristo no a odi na'kyi reba no, na ɔwɔ wiase dada ansana ɔno mpo reba. Na ɔkaa saa no, Osuboni no de yii Kristo no ɛdi sɛ deɛ ɔwɔ hɔ daa a onni ɛwieɛ. Na odii nokorɛ no ho adanseɛ sɛ ɔkron sene obiara wɔ wiase, mbere ne nna santen mu, ɔyɛ Onankopɔn a otim hɔ daa.

Wɔ ɛsare no so no Osuboni no dii nnipa bɔne so nsunsuansoɔ ho awerehoɔ. Ɛno nti ɔkaa adwene sakyera ho asɛmka kyerɛɛ won. Nanso ohunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyen no na'ni gyeeɛ yiye, ɛfirisɛ Kristo no ne agyenkwa a ɔte hɔ daa no, a nokorɛ ahyɛ no ma, na owuo ne asaman nni no so tumi. Anigyie a ɛwɔ Kristo nipasu mu ne na'woɔ da mu no fapem ne Onyankopɔn nkwa a ɛdaa ɛdi wɔ nipadua mu. Na ɛyi ne nkwa a ɛdi owuo ne asaman so mfitiaseɛ, ɛfirisɛ Ne mu na woyii bɔne nyinaa firii hɔ, a na bɔne no akatua ne owuo.

Na ohunuu sɛdeɛ adom no mu dɔ nti, Osuboni no yii Onyankopɔn mayɛ a ayɛ ma wɔ Kristo mu no ayɛ boroso. Na Poulo nso paemu kaaɛ sɛ, "Ne mu na Onyankopɔn mayɛ nyinaa te nipadua mu, na Ne mu na yɛn ayɛ pɛ." Na Yohanne bɔɔ saa nokorɛ yi nyinaa tɔfa kaaeɛ sɛ, "Wɔ Ne mayɛ no mu na yɛn nyinaa anya adom abɔ adom soɔ".

Kristo mayɛ no yɛ deɛbɛn? na ɛfei nso ɛdeɛbɛn na yɛnya ɛfiri Ne mayɛ no mu? Sɛ wokae Yohanne nkyerɛkyerɛmu a ɔmaaeɛ faa Kristo no ho wɔ ne nwoma no nkyekyɛmu 14 no mu a, wobɛtumi ahunu sɛdeɛ Kristo kɛseyɛ teɛ wɔ ne nipasu mu na ama woatumi ahunu sɛdeɛ na'dom no duruu akyirikyri fa wɔ yɛn daadaa abrabɔ mu.

Kristo ne Onyankopɔn Asɛm a ofiri Agya no nkyen baeɛ, te sɛdeɛ asɛm firi onipa ɛnom pue no. Ɔno ne Onyankopɔn akoma mu ahintasɛm ne Ne pɛ nyinaa, na'dwenpɔ ne deɛ ɛsɔ na'ni. Sɛdeɛ Asɛmpa no mu nsɛm baa yɛn nkyen no, na ɛbɔ wuraa yɛn adwene mu na ɛsesaa yɛn abrabɔ apɛdeɛ no, Saa ara na Kristo nso bɛtenaa yɛn akoma mu na ɔsesaa yɛn sɛdeɛ Ne tumi ahoɔden no teɛ no. so ɛyi nso nnyɛ adom soronko anaa?

Onyankopɔn nkwa ne Kristo no: Abɔdeɛ mu nhwehwɛmufoɔ bɛtumi yɛ ɛfie ahorrow, ɛtwene ne atopaeɛ akɛseɛ, nanso obiara nni hɔ a obɛtumi ayɛ nkwa.Na wɔde ahyɛ awofoɔ nsa sɛ nkwa a Onyankopɔn de ama won no wɔde ɛbi bɛma won mba anaa won asefoɔ a ɛfiri won mu reba no nso bi. So ɛyi nso nnyɛ adom a ɛboroso anaa? Na ɛsanesɛ ɔhonam nyinaa bɛwu nti, Kristo no nso ama agyidifoɔ nyinaa ɔno ankasa ne Honhom no bi, a ɛyɛ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Ɛno nti Kristofoɔ nyinaa wɔ Onyankopɔn nkwa no na wɔrennwu dabiara da. So ɛyi nso nnyɛ adom a ɛboroso anaa?

Kristo no ne wiase nyinaa hyaa. Na Ɔno na woadi ɛsum so nkunim na ɔbɔɔ hyann wɔ ɛsum kabii mu. Na Ɔno na ɔma wiase sum yi mu anidasoɔ, Na ɔma Ne tumi bɔ wura wiase mmereyɛ mu. Krist kanea no wɔ ahoɔden ne tumi na ɛbɔ wura yɛn wiase yi ntwɛtwɛdɛ mu wɔ Ne kanea no hyeren mu. Na oyi Ne nokorɛdie ɛdi kyerɛ amanyɔfoɔ ne ndwuma ahorrow nyinaa, ne abusua ahorrow nyinaa ne Na'sɔrefoɔ nyinaa, sɛ yɛgye no di a. So ɛyi nso nnyɛ adom a abɔ adom so anaa?

Yesu na ɔbɔɔ wiase nyinaa. Na Ne mu na Onyankopɔn tumi mayɛ nyinaa ɛhyɛ. Na Ne nsɛnkyerɛnne ne Na'wawadeɛ no nyinaa di Ne tumi ho adanseɛ. Na Ne'wusɔreɛ no nso di adanseɛ sɛ ɔwɔ nkwa mu tumi na woadi owuo ne asaman so nkunim. Ɛfei nso wɔ Ne honam mu abrabɔ no odii abɔdeɛ nhyehyɛeɛ so nkunim na ɔnantee wɔ ɛpo so. Na ɔde aboodoo kakraabi maa nnipa mpem num ma won nyinaa didi meeɛ. Na ɛfei nso onim yɛn tiriso nhwi dodoɔ nyinaa. Ɛno nti da bɛn na wobɛkoto saa adom wawasoɔ yi?

Wopɛsɛ wohunu nnoɔma bebree fa Kristo mayɛ no ho? Ɔno ne wiase nyinaa wura. Wiase mu nnoɔma pa ne ahodeɛ nyinaa yɛ Ne dea, na yɛn dɔn biara mu wɔ yɛn abrabɔ mu no, ne wo ankasa nso, ne nyinaa yɛ Ne dea. Ɔno na ɔyɛɛ wo na ɔkora wo so daa nyinaa. Kristo na nnoɔma nyinaa yɛ Ne dea. Na ɔde nnoɔma a ɛyɛ ne dea nyinaa ahyɛ wo nsa sɛ hwɛso na fa yɛ adwuma ma no. Wo nsɛnkyerɛnne, ne woadwene nsusuiɛ, ne woawofoɔ yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Awurade nkyen na ɔde maa wo. ɛno nti da bɛn na wobɛda No ase wɔ saa adom kɛseɛ yi ho?

Awawasɛm kɛseɛ a ɛfa Kristo Onyanmeyɛ nipasu no ho ne sɛ Onyankopɔn Agya No mayɛ nyinaa te Ne nipadua mu firi Ne mbofrase. Na Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ nkɔm faa saa nsɛnkyerɛnne yi ho mfeɛ 700 akyiri koraa ansana ɛbaa mu wɔ Honhom Kronkron no akwankyerɛ mu, na ɔkaeɛ sɛ, "Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n'ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene." (Yesaia 9:6). Nanso awerehowsɛm ne sɛ nnipa adwene duruu sum nti woanntumi annhunu sɛ Onyankopɔ wɔ Kristo mu a ɔpɛsɛ ɔde yɛn adebɔ mfitiaseɛ annuoyam a ɛbɔɔ yɛn no ma yɛn bio. Yesu ne annuoyam hene no a ɔyɛ onyansafoɔ no, na Ɔno ne ofutufoɔ wawani no, ne Otumfoɔ daadaa Onyankopɔn. Na Onyankopɔn abodin ahorrow ne na'kyɛdeɛ nyinaa yɛɛ ma wɔ abofra no a wɔwoo no wɔ mboa adidi adaka mu no mu. So woatumi ahunu adom kɛseɛ no sɛ Onyankopɔn baa yɛn nkyɛn wɔ Yesu mu? Ɛno nti nnɛ yɛbɛtumi aka sɛ Onyankopn ne yɛn wɔ hɔ!

Kristo mpɛsɛ ɔbɛkora ne ndwumapa no so, ɛnnte saa a anka ɔtenaa soro. Na mmom ɔbaa yɛn wiase yi mu, na ɔbɛfaa yɛn nipadua nsɛsoɔ bi ne yɛn mmereyɛ no nso bi na ama woatumi abue Ɔsoro pono no ama yɛn, na ɔde yɛn ama Agya no bio ama woahyɛ yɛn ma wɔ Ne mayɛ mu. Saa ara na Poulo nso dii adanseɛ sɛ Onyankopɔn botaeɛ ne sɛ Ne Honhom no bɛhyɛ Asɔre no ma. Kenkan Efesofo 1:23; 4:10 ne Kolosefo 2:10, na ama woatumi ayi Onyankopɔn ayɛ wɔ Awurade adom kɛseɛ no mu. Ɛno nti menntena ase wɔ bɔne ntwɛtwɛdɛ mu, na mmom bue woakoma mu ma Kristo mayɛ no mu. Bra abofra a wɔwoo No wɔ mboa adidi adaka mu no nkyen na nhira bɛbuso ama wo. Na ɔbɛma woayɛ adom nsuti ama nnipa a atwa wo ho ahyia nyinaa.

MPAEBƆ: Awurade Yesu Kristo, wone Onyankopɔn Ba no, Wone deɛ ɔdɔ ahyɛ wo ma, tumi ne nokorɛ nso yɛ wo dea. Yɛkoto sɔre wo wɔ anigie mu, ɛfirisɛ wobɛnne yɛn na wote yɛn mu nso. Wo dɔ yɛn yiye. ɛfirisɛ wobɛyɛɛ onipa te sɛ yɛn ara de gyee yen nkwa. Yɛda wo ase sɛ wode woadom no maa yɛn.

NSƐMBISA:

  1. Krist mayɛ no asekyerɛ ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:06 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)