Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 056 (Jesus the light of the world)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

d) Yesu ne wiase kanea (Yohanne 8:12-29)


YOHANNE 8:21-22
21 ɛnna ɔsee wɔn bio sɛ, "Me deɛ, merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, na mobɛwu mo bɔne mu; na faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ. 22 ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: ɔrebɛdi ne ho awu anaa, enti na ɔse: Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ?"

Yesu hunuu sɛ hyiadan no mu awenfoɔ anaa nkoa no nyinaa atwa ne ho ahyia. Na ɔkaa daakye ho asɛm kyerɛɛ won wɔ abɛbuo mu sɛ, "Mewuo mberɛ no abɛn. Na Mefiri wiase yi mu na mobɛhwehwɛ Me na morenhunu me bio. Nanso ɛnnyɛ mo ankasa pɛ mu anaa mo nhyehyɛeɛ mu na mode bɛkum me. Na me ara na mede me kra meto hɔ na mefa bio."

"Nanso Mesɔre ɛfiri owuo amona mu wɔ nkunimdie mu ɛfri ɛdi afri abodan mu. Na mobɛhwehwɛ Me nanso morennhunu Me. Na meforo akɔ M'Agya no nkyen bio na morentumi mba hɔ. Ɛfirisɛ moapo me, a meyɛ Onyankopɔn Adwammaa no, na moammfa mo werɛ annhyɛ me mu, me a meyɛ nnipa nyinaa agyenkwa no. Ɛno nti mobɛyera wɔ mo bɔne afiase mu." Yesu annka sɛ, mobɛwu wɔ mo bɔne mu." Ɛnnyɛ yɛn daadaa bɔne no na ɛma yɛdi fɔ, na ɛyɛ yɛn nneyɛɛ a yɛyi kyerɛ Onyankopɔn no, ne yɛn anngye anndi no na ɛyɛ bɔne ma yɛn.

Na Jewfoɔ no hunuu sɛ Yesu rekasa fa fri a ɔrebɛfiri wiase yi mu, nanso won annya nteaseɛ sɛ ɔrebɛkɔ Agya no nkyen bio. Na mmom wosusuu sɛ ɛsane sɛ ɔne Fariseefoɔ no ntam wɔ ntawantwa nti no ɔbɛfri won nkyen akɔ baabi. Na mpo ɔrebɛhyɛ ne ho akɔmfo. So asamandɔ bɛtumi agye no wɔ saa akɔmfohyɛ yi mu anaa? Na Jewfoɔ no bɔɔ won tirimu pɔ sɛ wɔrennka saa nnoɔma yi ho asɛm wɔ won gyidie ne won trenee ho abakɔsɛm mu. Nanso mberɛ a Romanfoɔ no ko dii Yerusalem so wɔ 70 AD no mu no, Jewfoɔ mpempem bebree hyɛɛ won ho akɔmfo ɛsane ɔkɔm ne ateetee bebree nti.

YOHANNE 8:23-24
23 Na ɔsee wɔn sɛ, "Mo deɛ, mofiri fam, me deɛ, mefiri soro. Mofiri ewiase; me deɛ, memfiri ewiase. 24 Enti mese mo sɛ: Mobɛwu mo bɔne mu; na sɛ moannye anni sɛ mene no a, mobɛwu mo bɔne mu."

Yesu ka kyerɛɛ won sɛ Onyankopɔn tumi boro adeɛ nyinaa so. Na yɛn nyinaa fri asaase yi so na yɛyɛ nnoteɛ, na yɛn adwene ne yɛn nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko. Na ɔbonsam aduaba sow aba a ɛprɔ. Ɛno nti onipa nntumi nnhunu Onyankopɔn tenabea mu yiye, na mmom ɔbɛte ne nka nko.

Kristo mmfiri yɛn wiase yi mu; na mmom ofiri Agya no nkyen na ɛbaeɛ. Na da biara no ɔma N'Agya no so wɔ Ne tenabea hɔnom a ɛnnyɛ wiase yi nyansa kwan so. Sɛdeɛ ɔsoro korɔn no, saa ara na woama yɛn bɔne nyinaa ayera wɔ mberɛ a yɛtwibɛn Onyankopɔn no. Yɛn wiase yi deɛ, ɛyɛ ɛfiase a obiara nntumi mmfri mu wɔ nahoɔden mu. Na yɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ mu na yɛnntumi mmbrɛ yɛn ho ase nnhyɛ Onyankopɔn dɔ tumi no ase. Na mmom yɛn abrabɔ nyinaa yɛ bɔne nko ara. Na ɛyi mu no Yesu kyerɛɛ "bɔne" ase wɔ dodoɔ kabea mu, ɛfirisɛ yɛn gyinabea wɔ Onyankopɔn anim no yɛ bɔne bebree ne mfomsoɔ ahorroɔ na ɛsɔre. Na yɛte sɛ ɔkwatani a ne ho atutu akuro ne ɛtweh. Sɛdeɛ saa nipa no kɔ owuo mu nkakra nkakra no, mpo wɔ berɛ a ɔdaso wɔ nkwa mu no. Saa ara nso na bɔne sɛe onipa ne no. Yɛn nyinaa bɛwu ɛfirisɛ yɛn nyinaa ayɛ bɔne. Na ɛfei bɔne ne deɛn? Ɛyɛ anngye annni, nanso obiara a ɔde ne ho bɛbata Kristo ho no bɛnya nkwa daa -- Onyankopɔn Ba no hohoro yɛn ho fri bɔne mu daa. Na Ne tumi no hohoro yɛn adwene mu na ɛtew yɛn ahonim nso mu. Nanso obiara a ɔtwe ne ho fri Kristo ho no, fa owuo, na ɔtena bɔne ɛfiase mu daa, na ɔtwen atɛnmuo. Na Kristo mu gyidie nko na ɛyi yɛn firi Onyankopɔn abufuohyeɛ mu.

Ɛfei hwan koraa ne Yesu a ɔhwehwɛ sɛ onipa bɛnya Ne mu gyidie? na bio nso no ɔfrɛ Ne ho sɛ "Mene No" (Yohane 6:20 ne 8:24). Na ɛno mu na ɔbɔɔ nadansedie a ɛfa Ne ho nyinaa tɔfa. Na ɔfrɛɛ Ne ho Awurade nokwafoɔ, ne Onyankopɔn teasefoɔ, Ɔkronkronni no a oyii Ne ho ɛdi kyerɛɛ Moses wɔ saa asɛm korɔ yi ara mu sɛ "Mene No" (Eksodos 3:14; Yesaia 43:1-12). na nkwagyeɛ nni obiara mu ka Ne ho. Na Jewni biara nim saa nsɛmfua miennu yi, nanso won mmɔ saa din yi, na ammma won ambɔ Onyankopɔn din basabasa kwa. Nanso Yesu de saa ɛdin yinom frɛɛ Ne ho wɔ bɛdwa mu. Na ɔnnyɛ Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no kɛkɛ, na mmom Ɔno ara nso ne Yehweh no, Onyankopɔn wɔ nokorɛ mu.

Ɔno ne Asɛmpa no nyinaa fapem ne ne farebae. Kristo ne Onyankopɔn a ɔbaaeɛ wɔ honam mu. Ɛno nti obiara a ɔbɛgye no adie no bɛnya nkwa. Na obiara nso a ɔbɛpo No na ɔbɛpo Ne tumi nso no, yi ɔno ankasa ho fri bɔnefakyɛ adom mu. Gyidie ne anngye anndie na ɛkyerɛ onipa hyɛberɛ kwan.

NSƐMBISA:

  1. Gyidie a ɛwɔ deɛ ɔfrɛ Ne ho sɛ "Mene No" asekyerɛ ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 07:43 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)