Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 079 (The Father glorified amid the tumult)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
A - Nawotwe Kronkron No Mfitiaseɛ (Yohanne 11:55 - 12:50)

4. Agya no annuoyamhyɛ no de basabasayɛ baaeɛ (Yohanne 12:27-36)


YOHANNE 12:27-28
27 "Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu. 28 Agya, hyɛ wo din animuonyam! ɛnna ɛnne bi firi soro baeɛ: Mahyɛ no animuonyam dada, na mɛhyɛ no bio."

Yesu hunuu amaneɛ frii ne kra mu. Na ɔno ne nkwa nyinaa wura, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase ma owuo tumi menee no. Na ɔyɛ Awura mu Awurade, nanso ɔmaa ɔbonsam, a odi owuo so tumi no, ne no dii ɛsie wɔ nahoden nyinaa mu. Na Yesu firii ɔpɛpa mu soaa yɛn bɔne nyinaa, de yii Onyankopɔn abufuohyeɛ gya a na ɛredere tia yɛn no. Ɔyɛ Ɔba, a na ɔne Agya no wɔ hɔ daa a ɛnni ɛwieɛ. Nanso yɛn nkwagyeɛ nti Agya no yii nani hintaa no, na ama yɛafa nadom no so ne no anya nkabom. Obiara nntumi nhunu ɔyaw soronko a Ɔba no faa mu wɔ Agya no anim maa yɛn. Onyankopɔn Baasa Koro no faa ɔyaw mu maa yɛn nkwagyeɛ.

Kristo nipadua faa ateetee mu ne ɔyaw kɛseɛ mu. Na ɔteamu sɛ, "Agya, gye me fri saa dɔn yi mu." Na ɔtee Honhom no nne sɛ ɔgeeso wɔ nakoma mu sɛ, "Saa dɔn yi mu nti na wɔwoo woɔ. Na saa dɔn yi ne botaeɛ a ɛyɛ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Abɔdeɛ nyinaa ne Agya no retwen saa dɔn yi, na ama nnipa nyinaa atumi abata Onyankopɔn ho, na abɔdeɛ nyinaa akɔ ɔbɔadeɛ no nkyen. Na ɛyi mu na nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ nyinaa bɛtumi ahyɛma."

Na ɛno mu no, Yesu teamu sɛ, "Agya, hyɛ wo din annuoyam!" Na Ɔba no rentie honam nne. Na ɔbɔɔ mpaeɛ wɔ Honhom Kronkron no mu sɛ, "Wodin ho ntew. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wiase nyinaa bɛhunu sɛ wonnyɛ Onyankopɔn a wommbɔ hu, na wommmi akyirikyiri na ɛfei nso wonnyɛ ɔboafoɔ, na mmom wobɛhunu sɛ woyɛ Agya a ɔdɔ ahyɛ wo ma, a wɔde wo ho maaeɛ wɔ Ɔba no mu de gyee wiase amumuyɛ ne ayera mma nkwa.

Na Onyankopɔn yɛɛ ntɛm gyee ne Ba no so. Na obuaa no frii soro. "Mahyɛ me din annuoyam wɔ wo mu. Woyɛ me Ba setie ne ahobrɛɛaaseɛni. Ɛno nti obiara ohunu woɔ no, ohunu me. Na wone me dɔ Ba, na wona wosɔ mani. Na minnni anigyie biara wɔ baabiara agyesɛ wo mu ne asɛndua no so. Wɔ wo nkunimdie wuo no mu, na meyi mannuoyam tumi no ɛdi wɔ abrabɔ haw ahorroɔ mu akyerɛeɛ. Wɔ asɛndua no na woyii nteaseɛ a ɛwɔ mannuoyam ne me kronkronyɛ mu ɛdi kyerɛɛeɛ. Na ɛyɛ ɔdɔ na ɛmaa wɔbɔɔ afɔreɛ soronko na wɔde wo ho maaeɛ maa won a anka wonnsɛ mmfata na won akoma nso apirim."

Na ɔsoro nne no toaaso kasaeɛ pɛfee sɛ, "Mehyɛ me din annuoyam bio, sɛ wosɔre firi awufoɔ mu na woforo ba me nkyen wɔ soro ha, na wobɛtena me nsa nifa wɔ annuoyam mu a, mehwie me Honhom no agu woadɔfoɔ nyinaa so. Na mema m'Agyayɛ din no ada ɛdi wɔ dodoɔ a wonya awoɔ foforo no nyinaa mu wɔ Honhom Kronkron no tumi mu. Na won nyinaa bɛhyɛ me annuoyam; na ɛfei won atew me din ho. Wo wuo wɔ asɛndua no so na ama Onyankopɔn mma anya awoɔ foforo. Na wodima mu annuoyam na ama asɔre no ɛdi nkunim. Na wo nko wo mu na ama Agya no annuoyam to nntwa dabiarada."

YOHANNE 12:29-33
29 ɛnna nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ na wɔteeɛ no kaa sɛ, "Aprannaa abom! Ebinom se, ɔbɔfoɔ ne no kasae." 30 Yesu bua kaa sɛ: ɛnyɛ me nti na ɛnne yi baeɛ, na mo ntira. 31 Afei ne wiase atemmuo; afei na wɔbɛyi wiase sodifoɔ no hɔ. 32 Na me deɛ, sɛ wɔma me so firi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn. 33 Yei deɛ, ɔka de kyerɛɛ owu ko a ɔrebɛwuo.

Na nkurɔfokuo no nnim sɛ Yesu ne Onyankopɔn ɛkasa nya nkutahodie, na nne no a baeɛ te sɛ apranaa. Won anntumi annhunu sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ, na won anntumi annte ne nne no nso, na ɛfei nso won annhunu sɛ Onyankopɔn adiyisɛm no a ɛyɛ wiase atɛnbuo no ada ɛdi wɔ ne Ba no mu.

Ɔbonsam hweree nnipa a woafa won domum no, ɛfirisɛ Yesu wui wɔ asɛndua no so de gyee yɛn nkwa. Na ɔbɔnefoɔ no tumi nyinaa hwee fam na ɔbrɛɛ ne ho ase maa Ɔba no wɔ Agya no pɛ mu. Na Yesu frɛɛ ɔbonsam sɛ wiase yi sodifoɔ, a ɛkyerɛ sɛ wiase nyinaa da nabamu. Wɔ ɔyaw ne ateetee nyinaa mu no Yesu, de ne trenee nkranteɛ bɔɔ ɔbonsam twaa no hwee fam, na ɔsɛe ne ndwuma nyinaa. Na ɛfei deɛ yɛyɛ mma a yɛade yɛn ho wɔ Yesu din mu.

Na woatwe yɛn aba nasɛndua no ho. Ɔbonsam ko tiaa no kosii sɛ anka onim a anka woammma Yesu annwu wɔ asɛndua no so anaasɛ ne fie mpo, nanso ɔmaa no so bɔɔ no asɛndua mu ma no wuuiɛ wɔ animguaseɛ mu. Na sɛdeɛ Moses maa ɔwɔ no so wɔ dua no so wɔ serɛ no so na ɛmaa Onyankopɔn abufuo brɛɛ ase maa agyidifoɔ no, saa ara nso na asɛndua no nso faa atɛnbuo nyinaa too ne ho so. Na Onyankopɔn mmbu won a wɔma won aniso hwɛ asɛndua no so no atɛnbuo. Ɛfirisɛ yɛn gyidie a ɛwɔ Yesu mu no bɔ yɛne no asɛndua mu na ɛtwe yɛn bata ne ho wɔ ne wuo mu. Na yɛawu ama bɔne na yɛatena ase ama trenee.

Na yɛn nkabom a yɛwɔ wɔ Kristo mu no ma yɛn akwanya wɔ Ne tumi ne nannuoyam mu. Sɛdeɛ odii bɔne so ne owuo tumi so wɔ kronkronyɛ mu no, saa ara nso na ɔbɛtwe yɛn aba ne nkyen na ɔde yɛn akɔ nannuoyam mu. Na obiara a ɔgye no ɛdie no rennyera, na mmom obɛnya daa nkwa.

YOHANNE 12:34
34 Nkurɔfokuono buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛate no mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wose: ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ? Hwan ne Onipa Ba yi?

Jewfoɔ no ne Yesu dii apreapreɛ, na wobisaa no sɛ ɔnkyerɛ won deɛ ɛdi adanseɛ pɛfee fa ne ho, na ama won atumi agye no ɛdi sɛ ɔyɛ papa. Na wonim nsɛm a ɛwɔ Daniel nnwoma no mu wɔ nkyekyɛmu 7 no mu, ɛhɔ na ɛka sɛ Mesaia no yɛ Onipa Ba ne wiase nyinaa atɛnbuafoɔ no. Nanso na wɔpɛsɛ wɔte fri nanom sɛ ɔno ne Onyankopɔn Ba no. Na won anngye saa asɛm yinom anndi, na wɔkaa nsɛm a ɛnim mmom, na yɛnnhwɛ sɛ ɔyɛ deɛ ɔse ɔyɛ no anaa. Na ɛbinom yɛ atanfoɔ a na wɔwɔ adwene bɔne nso, na wɔpɛɛsɛ wɔbɔ no somboɔ sɛ woaka abususɛm, ɛfirisɛ woaka sɛ ɔyɛ Onyame Ba a na ɔyɛ onipa ba. Na Yesu annyi ne ɛdi pɛfee annkyerɛ won a na wɔreyɛ ne ho nhwehwɛmu no, na mmom oyii ne ho ɛdi kyerɛɛ agyidifoɔ no, a wɔmaa kwan ma Honhom Kronkron no bɛhwɛɛ won ma no, won a wɔpaemu kaa sɛ Onipa Ba no yɛ Onyankopɔn Ba no, wɔ won nneyɛɛ nyinaa mu.

YOHANNE 12:35
35 ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Aka hann no berɛ tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnante, na esum ammɛto mo; na deɛ ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekorɔ."

Yesu ne wiase kanea no, sɛ obi pɛsɛ ohunu kanea no a nkyerɛkyerɛmu tenten biara nni mu bebree. Ɛda ɛdi pɛfee ma obiara tumi hunu kanea no, ɛfirisɛ nsonsonoeɛ da ɛne ɛsum n9 ntam. Na ɛhyan wɔ hɔ yi obiara bɛtumi atu kwan, na obɛtumi anante anaasɛ obɛtu mirika. Na anadwo deɛ, obiara nntumi nnyɛ adwuma. Na ɛmberɛ a ɛwia guso rebɔ no, ɛyɛ adwuma mberɛ. Yesu ka kyerɛɛ Jewfoɔ no sɛ wɔwɔ mberɛ kakraabi sɛ wɔbɛnante ɛhyan no mu, sɛ wɔpɛ a. Saa mberɛ no yɛ gyinaeɛ si mberɛ, sɛ wɔde won ho nyinaa bɛma no ama won ɛsipi.

Nanso obiara a ɔbɛpo kanea no, ɔbɛtena ɛsum kabii mu, na ɔrennhunu nakwan mu yiye. Na Yesu ka kyerɛɛ Jewfoɔ no sɛ, wobɛsinti wɔ ɛsum kabii mu, a anidasoɔ biara nni hɔ ma won. Na saa ɛsum no nnyɛ wiase sum a yɛde yɛniwa hunu yi. Na mmom ɛyɛ ɛsum kabii a ɛwɔ ɔkra no mu, a ɛyɛ ahonhomfi na ɛde ba onipa honhom mu. Na ɛma saa nipa no abrabɔ nyinaa bɛyɛ ɛsum kabii. Ɛno nti obiara a ɔnngye Kristo no nndie no, saa ɛsum kabii yi bɛdi no so. Wobɛtumi ahunu, deɛn nti a "Kristofoɔ" aman binom abɛyɛ ɛsum kabii wɔ wiase yi mu? Ɛnyɛ obiara a wɔwoo no "Kristoni" na ɛde ne ho ama Kristo. Nnipa kakraabi na ɛwɔ won mu a won abɛyɛ Kristofoɔ. Ɛsum di obiara ɔmmfaa ne ho nnhyɛɛ kanea no ase. Na ɛba no saa a worenntumi nnya nhyira a ɛfiri Asɛmpa no mu ba no bi. Agyesɛ woagye atomu, na woayɛ osetie de wo ho ama Kristo ansana wobɛhunu kanea no.

YOHANNE 12:36
36 "Mowɔ hann no yi, monnye hann no nni, na moayɛ hann no mma." Yesu kaa yeinom, na ɔfiri wɔn anim hɔ kɔhuntaeɛ.

Apam a wone Kristo anya wɔ gyidie mu no bɛma woayɛ soronko koraa. Na Asɛmpa no yi Onyankopɔn anuuoyam ɛdi kyerɛ, na ɛyɛ tumi kɛseɛ sene adeɛ biara. Na sɛdeɛ akodeɛ sɛe nnoɔma no, saa ara nso na Kristo kanea no de daa nkwa ba yɛn mu ne no, na ama ogyidifoɔ no abɛyɛ kanea mma ne abusuakuo bebree. So wode wo ho ama Kristo no anaa, a nokorɛdie ahyɛ wo ma, ne ahoteɛ ne ɔdɔ? Yesu refrɛ wo afri wo sum kabii no mu aba Ne hyan wawasoɔ no mu na ama woabɛyɛ kronkron koraa.

Na ɔkaa saa nsɛm yinom wɔ berɛ a ɔrekɔ Yerusalem no, na woamfa tumi so ne Romanfoɔ no anndi ako anaa Herodi. Na mmom na onim sɛ ne ko no aba awieɛ na wiase atɛnbuo nso abɛn. Kanea no hyeren ɛsum mu; na agyidifoɔ bɛnya nkwa, na won a wonngye nndie no bɛyera. Na Ɔsoro ne asaase apreapreɛ no aba nawieɛ. Na Onyankopɔn nnhyɛ onipa biara sɛ ɔngye nni. So woabɛyɛ kanea no ba anaasɛ wodaso te ɛsum kabii nkoasom mu?

MPAEBƆ: Yɛda wo ase Awurade Yesu, sɛ woyii wo ho ɛdi sɛ wiase kanea. Yɛsrɛ wo sɛ twe yɛn bra wo mmɔborohunu hyan no mu, na ma yɛnyɛ mmɔborohunufoɔ nso. Yi yɛn fri sika aniberɛ ho, ne wiase tumidie ho, na ama yɛatumi ɛdi wakyi wɔ nokorɛ mu, na yɛatena wo mu sɛ hyann mma

NSƐMBISA:

  1. Sɛn na asekyerɛ sɛ yɛyɛ hyan mma?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 07:02 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)