Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 080 (Men harden themselves)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
A - Nawotwe Kronkron No Mfitiaseɛ (Yohanne 11:55 - 12:50)

5. Nnipa pirim won akoma kɔɔ atɛnbuo mu (Yohanne 12:37-50)


YOHANNE 12:37-41
37 Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnneɛ bebree wɔ wɔn anim deɛ, nanso wɔannye no anni, 38 na Odiyifoɔ Yesaia asɛm a ɔkaeɛ no aba mu sɛ, "Awurade, hwan na wagye yɛn kaseɛ adie, na hwan na wɔyii Awurade basa kyerɛɛ no?" 39 Yei nti na wɔantumi annye annie, sɛdeɛ Yesaia kaa bio sɛ: 40 "Wafira wɔn ani, na wapirim wɔn akoma, na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho na mansa wɔn yadeɛ." 41 Yesaia kaa yeinom, ɛfiri sɛ ɔhunuu n'animuonyam, na ne ho asɛm na ɔkaeɛ.

Yesu nam ne dɔ so yɛɛ nsɛnkyerɛnne bebree wɔ Yerusalem. Na won a wɔwɔ akoma pa no nyinaa hunuu ne tumi no ne babiaa ɛfiri. Na won a wonni akoma pa no, pirim won akoma, na won anntumi annhunu Yesu, na wɔde wiase nyansa na ɛyɛɛ susudua maa no.

Nnipa dodoɔ no ara de won ho to wɔn ankasa nimdeɛ so na wonntie Onyankopɔn nne. Honhom Kronkron no deɛ ɔkasa brɛɛw ne bɔkɔɔ na ɛhia akoma a ɛdwo na ɛbrɛ ne ho ase na ɛbɛte ne nne no.

Nanso ɛtuatewfoɔ no, ko tiaa Honhom Kronkron no a ɔnam Asɛmpa no so kasaeɛ no, na womma won kra akoma mpirim kɛkɛ, na mmom wɔsɔre tia Onyankopɔn trenee na wɔma abufuohyeɛ ba won so na ɛma wɔte atua wɔ akoma pirim mu wɔ won mu. Na ɛfei ɛmmma wonhunu adeɛ biara ho mfasoɔ ne deɛ ɛhia nso. Onyankopɔn ne nkwagyeɛ farebae ne ɔtɛnbuafoɔ.

Yɛhunuu sɛ abusua binom, ne ɔkasa horroɔ, ne aman bebree te Onyankopɔn abufuohyeɛ mu. Na ɛba no saa a ɔno nso po won a wofri nakyidie mu no koraa, sɛ ɔtoaso mpren pii sɛ ɔbɛtwe won aba ne nkyen na wɔkoso te no ɛtua fri nakwankyerɛ mu a. Onyankopɔn ma won a wɔte ne Honhom Kronkron no nne atua no akoma pirim. Won a wotiatia ne dɔ kɛseɛ no so no na wɔpo Kristo nyinaa, na saafoɔ no nyinaa bɛkɔ atɛnbuo kɛseɛ mu. Onyankopɔn Kronkronyɛ nti no won a wopirim won akoma nyinaa bɛkɔ ɔsɛeɛ mu.

Sɛ Onyankopɔn bɛma won a wɔte ne so ɛtua no akoma bɛpirim no nnyɛ wiase nyansa ne suahunu mu, na mmom nannuoyam nti. Na Yesaia nyaa ɛyi mu nteaseɛ sɛdeɛ ɔtee Awurade nne sɛ mmma no nnkɔgye ne nkurɔfoɔ no na mmom ɔmma won akoma mpirim (Yesaia 6:1-13). Sɛ yɛkasa fa ɔdɔ ho a ɛyɛ mberɛ sene sɛ yɛbɛkasa afa Onyankopɔn abufuohyeɛ ne natɛnbuo ho. Nanso Onyankopɔn dɔ ne kronkronyɛ ne nokorɛdie, ne atɛn trenee na ɛnam. Na adebɔne biara nntumi nngyina nanim koraa, na mmom ɛbɛdwane afri nannuoyam hyan no mu. Ɛfirisɛ Yesu yɛ ɔdɔ kronkron a ɛbaaeɛ wɔ nipasu mu, na ne nipasu no da ɛdi soronko firi nnipa mma mu. Na Yohane kaa sɛ deɛ ɔte Ahengua no so no, sɛdeɛ Yesaia hunuuɛ no, ɔno ne Yesu, ɛfirisɛ Onyankopɔn ne ne Ba no yɛ baako wɔ kronkronyɛ ne annuoyam mu.

YOHANNE 12:42-43
42 Na mpanimfoɔ no mu pii nso gyee no diiɛ; nanso Farisifoɔ no nti wɔanka, na wɔantu wɔn amfiri hyiadan mu; 43 efiri sɛ na wɔpɛ nnipa animuonyam sene Nyankopɔn animuonyam.

Yohane, a ɔyɛ ɔsɛmpakani no, na ɔsɔfo panin abusua no nyinaa nim no (Yohane 18:15). Na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, ɛwom sɛ nnipa bebree twee won ho frii Yesu ho deɛ, nanso na mpaninfoɔ dodoɔ no ara wɔ ne mu gyidie. Ɛfirisɛ wohunuu sɛ Onyankopɔn ne no na ɛwɔ hɔ, na nanom nsɛm yɛ tumi ne nokorɛdie, nanso won ammpaemu anka wɔ bɛdwamu.

Adɛn nti na saa nnipa yi gyee saa atɛnbuo yi a ɛbu won ahonim fɔ yi too mu? Ɛfirisɛ na wosuro Fariseefoɔ no, na wɔpree won nkwa ne won din senee nokorɛ no. Na Fariseefoɔ no bɔɔ Yerusalemfoɔ nyinaa hu sɛ obiara ɔbɛdi Yesu akyi no wobɛyi no afri won bɛdwa mu. Ɛno nti saa nnipa yinom ammpɛ sɛ wɔbɛhwere won gyinabea na woannyi won ammfri ɔman no mu ne ɔtaa a ɛbɛba won so mu. Na obiara a wɔbɛyi no afri ɔman no mu no nso nni akwanya biara sɛ ɔbɛtɔ anaasɛ ɔbɛtɔn biribi wɔ ɔman no mu, anaasɛ ɔbɛware na ɔbɛkɔ asɔre mpo. Na wobu no sɛ ɔkwatani a woayi no totwene wɔ ɔman no mu.

Adɛn nti na saa nnipakuo yinom anntumi ammpaemu anka won gyidie a ɛhinta wɔ won mu no? Ɛfirisɛ wɔpɛɛ nnipa anim annuoyamhyɛ sene Onyankopɔn annuoyam tumidie no. Na mmom sɛ wɔbɛyɛ deɛ ɛsɔ Onyankopɔn ani no nnyɛ won botaeɛ; na wɔdɔɔ won ho sene Awurade.

Wonnue won a wɔde won gyidie hinta, na wɔyɛ won ho sɛ wonnnim Yesu. Onipa a ɔte saa no bɛpo na-Awurade wɔ nsɔhwɛ berɛ mu. Na saa nipa no pre ɔno ankasa annuoyam ho banbɔ sene Onyankopɔn annuoyam ne Ne banbɔ. Paemu na ka woa-Awurade ne woa-Agyenkwa ho asɛm kyerɛ pɛfee, na gye no di sɛ ɔbɛhwɛ wo so sɛdeɛ nadɔeɛ teɛ pɛpɛɛpɛ.

YOHANNE 12:44-45
44 Na Yesu teaa mu sɛ, "Deɛ ɔgye me die no, ɛnyɛ me na ɔgye me die, na ɛyɛ deɛ ɔsomaa me no; 45 na deɛ ɔhu me no, hunu deɛ ɔsomaa me no."

Yesu frɛɛ ne nkurɔfoɔ no kɔɔ adwensakyera mu, na ɔkyerɛkyerɛ ne nkurɔfoɔ no nyinaa, na ɔde totoo honhom mu. Mfitiafeɛ no na nteaseɛ nnim, na ɔka kyerɛɛ won sɛ, 'Deɛ ɔgye me die no, ɛnnyɛ me na ɔgye die!' Na Yesu mfrɛ onipa mba ɔno nko nkyen, na mmom Ɔba no di nakyidifoɔ nyinaa anim kɔ Agya no nkyen. Na ɔpaa ne ho akyi gyaa ne dibea nyinaa hɔ, na ɔmpɛsɛ nnipa bɛgye no ɛdie nko. Ɔba no nnsiw Onyankopɔn ho kwan sɛ nnipa bɛnya ne mu gyidie. Na ɔnnka Onyankopɔn annuoyam tumi nnhwɛ. Na mmom oyi no ɛdi kyerɛ na ɔhyɛ no annuoyam daa.

Deɛ ɛbɔ abira no nso yɛ nokorɛ; Obiara nntumi mba Agya no nken agyesɛ ɔnam Ɔba no so; obiara nntumi nya gyidie a ɛdimu' wɔ Onyankpɔn mu agyesɛ ɔnam Ɔba no so. Agya no de agyidifoɔ nyinaa akyɛ Ɔba no sɛ wonyɛ nnipa soronko mma no, na ɔde Onyankopɔn mu'die nyinaa ahyɛ no ma. Na ahobrɛaaseɛ ahyɛ Ɔba no ma a ahantan biara nni ne mu, na ɔkaeɛ sɛ, 'Deɛ ohunu me no hunu deɛ ɔsomaa me no nso.'' Yesu yɛ Ɔsomafoɔ nokwafoɔ a ofiri Onyankopɔn nkyen, a Onyankopɔn tumi ne annuoyam ahyɛ no ma wɔ osetie mo nso. Yesu ne Onyankopɔn nkwa a ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa, na ɔno ne kanea ne hyann no. Yɛnim Onyankopɔn biara, ka deɛ Yesu daa no ɛdi kyerɛɛ yɛn sɛ nkwa ne owusɔreɛ mu no. Nahobrɛaaseɛ nti woama no so ɛduru Agya no gyinabea. Nokwasɛm ne sɛ, deɛ Yesaia hunu no no yɛ Yesu ankasa, na nsonsonoeɛ biara nni Agya no ne Ɔba no ntam.

YOHANNE 12:46-48
46 Maba wiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me die no antena sum mu. 47 Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me deɛ, memmu no atɛn; na mamma sɛ merebɛbu wiase atɛn, na mebaa sɛ merebɛgye wiase. 48 Deɛ ɔmmu me, na ɔnnye me nsɛm no wɔ deɛ ɔbu no atɛn; asɛm a maka no, ɛno ara na ɛbɛbu no atɛn ɛda a ɛdi akyire no mu,

Owuyaredɔm a ɛyɛ hu bɔ faa Abibiman mu nkuraaseɛ binom mu. Na ɛmaa nnipa pii totɔɔeɛ wɔ atridii yareɛ no mu. Na ɔyaresani a ɔkɔɔ won nkyen sɛ ɔrekɔsa won yareɛ no hunuu sɛ sɛ nnipa no tumi nante awia kɛtee ano a ɛbɛtumi ama yareɛ mboawa no awuwu wɔ won mu koraa. Ɛno nti ɔka kyerɛɛ won sɛ, Mummfiri mo mpia mu mbɛtena awia no ano na ama mo anya ayaresa. Ɛfirisɛ sɛ moyɛ saa a saa yareɛ mboawa no nyinaa bɛwuwu wɔ awia no mu. Na nnipa no mu pii kɔɔ awia no ano na ɛmaa wonyaa ayaresa. Na nnipa binom nso anngye ɔyaresani no asɛm no anni sɛ wɔbɛteana awia ano ɛfirisɛ wɔnam yareɛ no yaw mu bebree; ɛno nti wɔtenaa won adan mu ma wɔwuwuiɛ. Na ɔyaresani no ne won a woanya ayaresa no hunuu sɛ ɛbinom reyɛ awu no, wobisaa sɛ, Adɛn nti na mo annkɔ tena awia no hyeren ano bi. Na wobuaa won sɛ, Yɛhunu amane yiye, ɛfirisɛ yɛanngye woasɛm no anni, ɛfirisɛ ɛyɛɛ yɛn sɛ ade traa bi kɛkɛ. Na yareɛ no mu yaw no atumi yɛn bebree. Na ɔyaresani no ka kyerɛɛ won sɛ, Ɛno nti morewuwu a ɛnnyɛ sɛ ɔyaredɔm no nti, na mmom no ɛsanesɛ moanntie me nsɛm no nti na morewu yi.

Na saa mfantoho yi kyerɛ sɛdeɛ Kristo tumi teɛ. Ɔno ne awia trenee a ɛhyeren wɔ bɔne sum kabii mu, Ɔno na woadi ɔbɔnefoɔ no so nkunim. Ɛno nti obiara a ɔbɛwura Ne hyan wawasoɔ no mu no bɛnya nkwa. Na nanisoadeɛhunu nyinaa ne sɛ ɔbɛgye nnipa nyinaa nkwa ɛfiri owuo ne bɔne mu. Na nanom nsɛm na ɛgye yɛn fri ɔsɛeɛ nyinaa mu. Ɛno nti obiara a ɔbɛte ne nsɛm no, na ɔbɛgye no adie, na ɔde ne werɛ nyinaa bɛhyɛ ne mu no, na ɔbɛba ne nkyen abɛyɛ osetie ama no no, saa nipa no bɛnya daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Na owuo renya ne so tumi koraa.

Na mmom obiara a ɔbɛte ne nsɛm na ɔmmfa nnhyɛ nakoma mu no, bɔne bɛfa saa nipa no domum na ɔbɛkɔ atɛnbuo ne ɛsum kabii mu. Ɛno nti Asɛmpa no yɛ atɛnbuo ne ɔsɛeɛ farebae ma obiara a ɔnngye nndie no sɛeɛ. So woagye Yesu atom sɛ wokra Agyenkwa anaa/ So wodwene Ne nsɛm ho na wode yɛ adwuma wɔ woabrabɔ mu ne woakoma mu daa/.

YOHANNE 12:49-50
49 Efiri sɛ me deɛ ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mekasaeɛ, na Agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me deɛ menka ne sɛdeɛ menkasa. 50 Na menim sɛ n'ahyɛdeɛ no yɛ daa nkwa. Enti deɛ meka no, sɛdeɛ Agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.

Yesu yɛ Onyankopɔn Asɛm. Deɛ Onyankopɔn dwene ne deɛ ɔpɛ no ɛno na yɛte firi Yesu anom wɔ ne kasa mu. Kristo ne Onyankopɔn Asɛm a ɛfri ne nkyen toɔɔ ɛba yɛn nkyen. Na Ɔba no yɛ osetie, na otie Agya no nne na ɔde abrɛ yɛn wɔ nnipa kasa mu ne nteaseɛ mu. Onyankopɔn kasa fa ne mu wɔ saa afɔbuo wiase yi mu. Na ɔka sɛ, Me ne daa Onyankopɔn ne mo Agya no. Na menam adom so mahwie daa nkwa agu mo so. Na mosɛ fata Onyankopɔn abufuohyeɛ ne ɔseɛ, nanso medɔɔ mo; na mede me dɔ Ba kronkron no bɔɔ afɔreɛ maa mo, na moanya bembuo a ɛbɛma Honhom Krokron no ɛtumi aba mo so. Ɛno nti morennwu. Na mehyɛ mo sɛ munya daa nkwa wɔ Mesaia no nsɛm. Na obiara a woannya saa daa nkwa yi nntumi nnhunu Paradise ne nokorɛ nkwa no. Wɔ saa nsɛm yi mu no na Onyankopɔn maa wiase nyinaa daa nkwa no. Ɛno nti obiara a ɔbɛpo Kristo no bɛtɔ amaneɛhunu mu, ɛfirisɛ woapo Onyankopɔn daa nkwa no.

MPAEBƆ: Agya, yɛda wo ase sɛ woama yɛn daa nkwa. Yɛde anigyie ne ntontom kamfo wo din daa. Ɛfirisɛ woayi yɛ afiri owuo mu akɔ nkwa mu, afiri bɔne nkondua mu akɔ wo dɔ kɛseɛ no mu. Boa yɛn ma yɛntena wo Ba no nsɛm mu na ɛnhyɛ yɛn akoma ne yɛn adwene mu ma, na ama yɛatumi asow aba pa. Yɛsrɛ wo sɛ wobɛfa woasɛm no so ɛkenyan nnipa pii. Kyerɛkyerɛ yɛn na ama yɛatumi aka woasɛm akyerɛ nnipa nyinaa, na ama won nso anya nkwa na won annwu.

NSƐMBISA:

  1. Onyankopɔn mmra nsɛm a ɛwɔ Kristo mu ma yɛn nyinaa ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 07:24 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)