Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 063 (The Jews interrogate the healed man)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
2. Ɔbarima bi a wɔwoo no anifuraeɛ mu ayaresa (Yohanne 9:1-41)

b) Jewfoɔ no totoo deɛ woanya ayaresa no ano (Yohanne 9:13–34)


YOHANNE 9:13-15
13 "Wɔde deɛ anka ɔyɛ onifirani no kɔɔ Farisifoɔ nkyɛn. 14 Nso da a Yesu pɔtɔɔ dɔteɛ na ɔbuee n'ani no yɛ homeda. 15 ɛnna Farisifoɔ no nso bisaa no bio sɛdeɛ ɛyɛeɛ na ɔhunuu adeɛ. Na ɔsee wɔn sɛ: Dɔteɛ na ɔde sraa m'ani soɔ, na mekɔhohoroo soɔ, na mehunu adeɛ yi."

Jewfoɔ abrabɔ te sɛ wɔda afiase wɔ mmra nsɛm no nkyekyereɛ mu; na wɔdwene Homeda no so die paa sene sɛ wobɛnya anigyie wɔ ɔyarefoɔ ayaresa ho. Temanmufoɔ no ne awɛnfoɔ no de deɛ woanya ayaresa no baa Fariseefoɔ no nkyen sɛ wonyɛ nhwehwɛmu sɛ ayaresa no fri Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri ɔbonsam ndwuma mu.

Ɛno nti wɔhyɛɛ aseɛ bisabisaa nsɛm ahorroɔ faa Yesu ho. Na abranteɛ no a woanya nayaresa no kyerɛɛ won kwan a ɛfaa soɔ ma no nyaa ayaresa. na otwaa ne nsɛm no tiaa, ɛfirisɛ na woanya anigyie kɛseɛ wɔ nayaresa a ada ɛdi pɛfee wɔ Yesu atanfoɔ no anim.

YOHANNE 9:16-17
16 ɛnna Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ, "Onipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔnni homeda." Ebinom se, "ɛbɛyɛ dɛn na onipa debɔneyɛni bɛtumi ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛte seyie?" Na mpaepaemu baa wɔn mu. 17 ɛnna wɔsee onifirani no bio sɛ, "Wo deɛ, woka deɛn ne ho, sɛ ɔbuee w'ani no?" Na ɔse, "ɔyɛ odiyifoɔ."

Na wotiee nadansedie no wieɛ no, mmra kyerɛfoɔ no dii akyingyɛ kɛseɛ. na ɛbinom kaa sɛ Yesu nni tumi biara a ɛfiri Onyankopɔn, ɛfiri ondi Onyankopɔn mmra nsɛm so. Na wɔnam mmra no so buu Yesu atɛn wɔ won nsusuiɛ mu.

Na ofoforo nso hunuu sɛ ɔde onifurani no bɔne nyinaa akyɛ no wɔ nayaresa mu. Na wɔkaa sɛ botaeɛ kɛseɛ bi nti na ɔsaa no yareɛ, ɛfirisɛ ɔyɛɛ no wɔ Onyankopɔn bɔne fakyɛ adom no mu. Na Yesu deɛ bɔne ne mfomsoɔ biara nni ne mu, na mmom ɔde bɔne nyinaa kyɛ na ɔma fahodie na oyi ɔhaw nyinaa fri hɔ koraa.

Na saa afanu yi annya nteaseɛ wɔ won mu. ɛfirisɛ na won nyinaa ani afura, te sɛ yɛn nna yi mu nnipa dodoɔ a wɔkasa abusudeɛ fa Yesu ho no. Na ɛfei wobisaa deɛ wonya ayaresa no nsɛm faa Yesu ho sɛ ɛyɛ bia ɔkaa biribi foforo bio a, ne sɛdeɛ ɔno ankasa nso hunu fa Yesu ho. Na saa nsɛmbisa no ho hia nkurɔfoɔ a na wonim biribi fa Yesu ho no, na ɛyɛ sɛ wobɛbisa won a wonya awoɔ foforo no hɔ nsɛm. Ɛfirisɛ wonim ɔkwan a wɔfaso de won ho fri bɔne tumi mu ne Onyankopɔn abufuohyeɛ mu. Sɛ woamfiri Honhom mu anwo obi a ɔretumi nnhunu Onyankopɔn ahennie.

Na ɔbarima a woanya ayaresa no dwenee sɛ, "Hwan koraa ne Yesu? Na ɔde Yesu totoo Onyankopɔn nkoa a aba atwam kɔ wɔ abakɔsɛm mu no ho. Wɔ saa abakɔsɛm mberɛ no mu no nsɛnkyerɛnne ahorroɔ pii sisiiɛ, nanso obiara nsaa obi a wɔwoo no anifuraeɛ mu yareɛ da. Wɔ Yesu dwumadie mu no ɛmaa nnipa bebree dwenee sɛ agyenkwa soronko bi aba won mu. Ɛno nti ɛmaa ɔbarima no frɛɛ Yesu sɛ Odiyifoɔ, a ohunu daakye asɛm ne nnɛ nso asɛm wɔ Onyankopɔn tumi ahoɔden mu. Ɔno na ɔpɛɛpɛɛ akoma mu na ohunu Onyankopɔn apɛdeɛ.

YOHANNE 9:18-23
18 Nso na Yudafoɔ no nnye ne ho nsɛm no nni, sɛ anka ɔyɛ onifirani na ɔhunuu adeɛ, de kɔsii sɛ wɔfrɛɛ deɛ ɔhunuu adeɛ no awofoɔ, 19 na wɔbisaa wɔn sɛ, "Mo ba a moka sɛ wɔwoo no onifirani no ni anaa? Afei ɛyɛɛ dɛn na ɔhunu adeɛ yi?" 20 N'awofoɔ buaa wɔn kaa sɛ, "Yɛnim sɛ yɛn ba ni, na wɔwoo no onifirani; 21 na sɛ ɛyɛeɛ na afei ɔhunu adeɛ yi deɛ, yɛnnim. Na bio nso onipa korɔ a ɔbuee n'ani no, yɛn deɛ, yɛnnim; mommisa no, wanyini, na ɔno ara bɛkasa ama ne ho." 22 N'awofoɔ kaa yei, ɛfiri sɛ na wɔsuro Yudafoɔ no; na Yudafoɔ no apam dada sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔno ne Kristo no a, wɔbɛtu no afiri hyiadan mu. 23 Yei nti na n'awofoɔ kaa sɛ, "Wanyini, mommisa no."

Na Jewfoɔ no anntumi adwene sɛ wɔde Apam Dada mberɛ no mu nsɛnkyerɛnne no bɛtoto Kristo adwumayɛ a Onyankopɔn nam no so yɛeɛ no ho, a ɛyɛ wawa pii no. Na won anngye No anni sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a Onyankopɔn asoma no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a won dibea nso rembɔ won na ɛnnyɛ kwa nti.

Na wɔde won ho too atosɛm so, kosii sɛ ɛyɛɛ won sɛ nsɛnkyerɛnne no nyinaa yɛ adeɛ a ɛyɛ nnaadaa ma won, na mpo saa ɔbarima no wosusuu sɛ na nani mmfuraeɛ koraa. Na wɔpɛɛsɛ wɔbɛdanne nsɛnkyerɛnne a ɔyɛɛeɛ no nyinaa sɛ ɛyɛ adeɛ a ɛnnsiiɛ na ɛyɛ bosrɛmuka nnoɔma a fa Yesu ho. Na won anisoɔ no wohunuu no sɛ obiara nntumi nsa obi a wɔwoo no anifuraeɛ mu frii ne maame yem no yareɛ, na ɛyɛ yareɛ a ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ mu wɔ bɔne mu.

Na wɔkɔfaa nawofoɔ nso baeɛ, na won nso ate sɛ won ba no ho aba asɛm wɔ awɛnfoɔ no nsam. Na awofoɔ yi de nimdie kasaeɛ ɛfirisɛ na wosuro Fariseefoɔ no, na won anngye asɛm a wɔtee wɔ won ba no ho anntom. Na wɔpoo no, na ammma won nso annya asɛm. Ɛno nti wogyaa won ba no nko sɛ ɔno ara nkasa mma ne ho, ɛfirisɛ woayini. Na sɛ wɔpam obi firi won mu a ɛyɛ asɛm kɛseɛ ma won; ɛtesɛ woayi won afiri nnipa mu te sɛdeɛ wɔyɛ akwatafoɔ no. Na ɛkyerɛ nso sɛ woagye woapɛdeɛ nyinaa nso afri wo nsa ne akwanya wɔ awareɛ nso ho. Na Jewfoɔ no tannee Yesu kosii sɛ wɔpɛɛsɛ wɔsɛe N'akyidifoɔ nyinaa nso.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase ɛfirisɛ wone Onyankopɔn tumi a wobaa honam mu, Bɔ yɛn ho ban fri ɔhaw mberɛ mu na ammma yɛammfa yɛn ho annto yɛn ankasa ho so sene wo. Boa yɛn ma yɛntumi mmpa yɛn ho akyi na yɛndi nokorɛ mma wo, na ama yɛatumi awu mpo ama wo sene sɛ yɛbɛpo wo.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Jewfoɔ no anngye annni sɛ ɛyɛ saa ɔbarima no a wɔwoo no anifuraeɛ mu no na woanya ayaresa no?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 09:39 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)