Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 062 (Healing on the Sabbath)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
2. Ɔbarima bi a wɔwoo no anifuraeɛ mu ayaresa (Yohanne 9:1-41)

a) Ɔsaa yareɛ wɔ Homeda bi mu (Yohanne 9:1-12)


YOHANNE 9:1-5
1 Na ɔretwam no, ɔhunuu onipa bi a n'ani afira firi n'awoɔ mu. 2 Na n'asuafoɔ bisaa no sɛ, "Rabi, hwan na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n'agya ne ne na, sɛ wɔwoo no onifirani yi?" 3 Yesu buaa sɛ, "ɛnyɛ oyi, anaa n'agya ne ne na na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Nyankopɔn nnwumabɛda adi wɔ ne mu. 4 ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma. 5 Mewɔ wiase yi, mene wiase hann."

Yesu ammfa ahopepre andwane ammfri n'atanfoɔ a na wɔpɛsɛ wosiw no aboɔ no anim, na mmom ɔfaa no sɛ ne nuanom a ɔrehunu amaneɛ wɔ won nsam. Na Ɔno na ɔde bɔne kyɛ a ɔdɔ ne nhyira nso wɔ mu. Na asuafoɔ no nso hunuu onifurani no nso ɔwɔ abotɔyam mu. Nanso won deɛ na wɔdaso redwene bɔne a ɛkɔfaa saa mmusuo yi brɛɛ onifurani no, ɛfirisɛ na nnipa bebree wɔ adwene bi sɛ ɛyɛ bɔne bi na ɛkɔfa yareɛ de ba onipa so, na wonim sɛ ɛyɛ asotwe a ɛfri Onyankopɔn nkyen a ɛba ɔbɔnefoɔ no so. Nanso Yesu ankyerɛ deɛ ɛkɔfa baaeɛ; na woanka sɛ ɛyɛ nawofoɔ anaa ɔbarima no, na mmom ohunuu sɛ Onyankopɔn ndwuma bɛtumi ama ɔbarima no afri nahoɔmmerɛ no mu. Na woamma kwan biara sɛ nasuafoɔ no bɛbu saa ɔbarima no atɛn, anaasɛ nsɛm hunu ne adwenkyerɛ biara a ɛfa deɛ ɛkɔfaa anifuraeɛ no baaeɛ. na mmom ɔmaa Onyankopɔn ndwuma ne napɛdeɛ daa ɛdi wɔ ne mu; a ɛyɛ nkwagyeɛ ne ayaresa.

"Ɛsɛ sɛ Meyɛ adwuma" Yesu na ɛkaa saa. Na ɔde ɔdɔ dii Ne dwumadie, na woammfa atɛnbuo na woansɛe obiara nso, na mmom ɔde ayamhyehyeɛ na ɛsaa yareɛ. Na ɔkyerɛɛ ne gyeɛ tumi a ɔdɔ ahyɛ no ma, wɔ ɔpɛpa ne botaeɛ mu. Ɛfirisɛ ɔno ne wiase nyinaa agyenkwa, na napɛdeɛ ne sɛ ɔbɛma nnipa nyinaa Onyankopɔn nkwa no bi.

Na yɛtee sɛ Yesu' kaa sɛ, "Mennyɛ adwuma wɔ me ankasa Me din mu anaasɛ me ankasa mahoɔden mu; na mmom mewie M'Agya no ndwuma nyinaa wɔ Ne din no mu, wɔ Na-pɛdeɛ nyinaa mu." Ne dwumadie nyinaa no ɔfrɛ no sɛ ɛyɛ Onyankopɔn dea.

Na Yesu nim sɛ Ne mberɛ yɛ tiaa bi, na Ne wuo nso abɛn. Na nso ne nyinaa mu no ɔgyee anifurani no saa no yareɛ. Ɛfirisɛ Ɔno ne wiase hyan, na ɔpɛɛsɛ obue ɔbarima nifurani no aniwa ma no hunu Ne nkwa hyan no bi. Ɛfirisɛ na mberɛ bi reba a na obiara nntumi nnyɛ hwee. Na mberɛ a ɛyɛ adekyee no, ɛsɛ sɛ yɛdi di Ne din no ho adanseɛ. Ɛsum ndwuma adɔɔso, na anidasoɔ biara nni wiase yi mu agyesɛ Yesu mbaeɛ a ɛtɔso miennu na yɛrehwɛ kwan. Ɛno nti hwan na obɛsiesie ne ho atwɛn no?

YOHANNE 9:6-7
6 ɔkaa saa no, ɔtoo ntasuo guu fam, na ɔde ntasuo no fraa dɔteɛ, na ɔde dɔteɛ no sraa onifirani no aniwa so, 7 na ɔka kyerɛɛ no sɛ, "Kɔ, kɔhohoro so wɔ ɔtadeɛ Siloa" (ne nkyerɛaseɛ ne: Deɛ wɔasoma no) mu. ɛnna ɔsii mu kɔeɛ kɔhohoroo soɔ, na ɔbaeɛ, na ɔhunu adeɛ.

Na Yesu nam nanom asɛm so yɛɛ nsɛnkyerɛnne soronko, nanso wɔ saa onifurani ɔbarima yi nsɛnkyerɛnne no ho deɛ otuu ntasuo guu fam fraa nnoteɛ na ɔde yɛɛ onifurani no aniso. Na Yesu pɛsɛ onifurani no hunu sɛ Kristo ama no biribi afiri ne nipadua mu. Yesu nyaa tema maa onifurani no, na ɔboa no dii nanim kɔɔ nayaresa mu. Na mmom deɛ ɛyɛ wawa ne sɛ ɔbarima no aniwa ammbue amono mu hɔ ara. Na mmom ɔnantee kɔ nanim kakra kɔ bonhwia no mu, na ɔkɔ hohoroo naniwaso wɔ siloam asubura mu, a ne nkyerɛaseɛ ne sɛ "deɛ woasoma no", a ɛyɛ ahyɛnsodeɛ sɛ woasoma ayaresa akɔ ne nkorɔfoɔ nkyen. Na won mu binom nso no wɔwoo won wɔ anifuraeɛ mu wɔ bɔne ne amumuyɛ mu, a wohia Yesu nkyen ayaresa ne Ne nkwagyeɛ nso.

Ɔbarima onifurani no gyee Yesu bɔhyɛ no too mu, na onyaa ne dɔ no mu awerehyɛmu. Ɛno nti ɔyɛɛ osetie maa no ntɛmso. Na odii deɛ ɔhyɛɛ no no so. Na ɔkɔɔ nanim, na ɔkɔ hohoroo naniso na ɛfei ohunuu adeɛ bio. Na ntɛmsoɔ no, ohunuu nnipa, ne nsuo no, ne kanea, ne ɔno ankasa nsa nso, ne ɔsoro, na ohunuu nnoɔma nyinaa wɔ ahodwiri mu. Na ɛfei ɔmaa ne nne so wɔ ayɛyiye mu na ɔkamfoo Onyankopɔn.

YOHANNE 9:8-12
8 ɛnna afipamfoɔ ne wɔn a kane wɔhunuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfoɔ no kaa sɛ, "ɛnyɛ oyi na ɔte hɔ srɛsrɛ adeɛ no?" 9 Ebinom se, "ɔno ni" Na ebinom nso se, "ɔsɛ no." Na ɔno ara se, "Mene no." 10 ɛnna wɔbisaa no sɛ, "ɛyɛɛ dɛn na w'ani bueeɛ?" 11 ɔbua kaa sɛ, "Onipa bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔpɔtɔɔ dɔteɛ de sraa m'ani soɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ ɔtadeɛ Siloa mu kɔhohoro so. Na mekɔ mekɔhohoroo soɔ no, na mehunuu adeɛ." 12 ɛnna wɔbisaa no sɛ, "ɔwɔ he?" ɔse, "Mennim."

Na nsɛnkyerɛnne no so annkata, ɛfirisɛ nnipa a ɛtwa ahyia hɔ nyinaa hunuu deɛ woasa no yareɛ no na ɛmaa won nyinaa ho dwirii won. Nanso ɛbinom nso anngye anndi sɛ ɛyɛ saa ɔbarima koro no ara na kane no na onntumi nnante no, a na obi kyerɛ no kwan no. Na odii adanseɛ ka kyerɛɛ won sɛ ɛyɛ me ara ne saa nipa no a na ɔyare no a munim me no.

Na nnipa bisabisaa kwan a ɛfaasoɔ maa onyaa ayaresa, nanso won ambisa deɛ ɔsaa yareɛ no, na mmom ɔkwan a ɛfaa soɔ ma no nyaa ayaresa. Na ɔbarima a nani afura no frɛɛ ne yaresafoɔ Yesu, nanso na deɛ onim fa ne ho no yɛ ketewaa bi. Na onim hwee fa Kristo Nyamesu ho, na mmom ohunuu no sɛ onipa, a ɔde ntasuo fraa nnoteɛ yɛɛ naniwa so. Na ɛfei ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ hohoro so, na ɛmaa no hunuu adeɛ.

Na ɛyi mu no, Bɛdwakuo no mu awɛnfoɔ no bisaa no sɛ, "Ɛhenefa na saa Yesu yi wɔ?" Na abranteɛ no buaa won sɛ, "Me deɛ menim; na mmom kane no na meyɛ onifurani nanso siesie deɛ mahunu adeɛ. Na woambisa sika anaa aseda mpo. Na mekɔɔ asubonten no mu, na ama mehunu adeɛ. Na medeɛ menim nipa ko a ɔyɛ, anaa babiaa ɔwɔ."

MPAEBƆ: Yɛda wo ase, Awurade Yesu; sɛ woannsane onifurani barima yi ho annkɔ kwa. Na mmom wobuee naniwa de no yɛɛ nsɛnkyerɛnne maa won a wɔwoo won anifuraeɛ mu wɔ bɔne mu nyinaa. Yɛsrɛ wo sɛ wobɛhohoro yɛn aniwa so wɔ Honhom Kronkron no tumi mu, na ama yɛatumi ahunu wo kanea no daa, na yɛde anigyie abɔ wo din no daa.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Yesu saa ɔbarima a wɔwoo no anifuraeɛ mu yarerɛ no?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 09:24 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)