Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 064 (The Jews interrogate the healed man)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
2. Ɔbarima bi a wɔwoo no anifuraeɛ mu ayaresa (Yohanne 9:1-41)

b) Jewfoɔ no totoo deɛ woanya ayaresa no ano (Yohanne 9:13–34)


YOHANNE 9:24-25
24 ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifirani no ne mprenu soɔ, na wɔsee no sɛ, "Fa animuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn deɛ, yɛnim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛni." 25 ɛnna ɔbua kaa sɛ, "Sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni a, mennim; adeɛ baako na menim, sɛ na anka meyɛ onifirani, na afei deɛ mehunu adeɛ."

Na Fareseefoɔ no pree sɛ anka wɔbɛhunu mfomsoɔ bi wɔ Yesu ho na ama won ɛtumi agyina so de abu no atɛn. Ɛno nti wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifurani no baaeɛ bio, na wɔmaa no kaa ntɛm sɛ anka ɔbɛkasa atia Yesu de abu no fɔ. Na wogyinaa won mmra no mu nimdie so buu Yesu sɛ ɔdebɔneyɛni; nanso na wohia adansedie kann. Na wɔde ɔhyɛ too ɔbarima no so sɛ anka ɔbɛka biribi atia Yesu, na wɔpɛɛsɛ ɔbɛka sɛ nayaresa no nnyɛ Nazaretni no annuoyam hyɛ. Nanso ɔde nimdie buaa won sɛ, "Medeɛ menim sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni, Onyankopɔn pɛ na onim. Na mmom adeɛ baakopɛ na menim - sɛ kane no na meyɛ onifurani nanso sesie deɛ mehunu adeɛ." Na ada ɛdi pɛfee ama obiara ahunu. Na ɛyɛ nsɛnkyerɛnne kɛseɛ, a ɛyɛ Onyankopɔn tumi ne bɔnefakyɛ adom. Na saa abranteɛ yi adansedie no yɛ adeɛ baako a agyidifoɔ mpem mpem bɛtumi asi so dua. Ɛwom sɛ wonim ahintasɛm a ɛwɔ ɔsoro ne atɛnbuo gya mu deɛ, nanso won agye awoɔ foforo no atom. Na won nyinaa kasɛ, "Kane no na meni afura nanso sesie deɛ mehunu adeɛ."

YOHANNE 9:26-27
26 Na wɔsee no sɛ, "ɛdeɛn na ɔyɛɛ woɔ? ɔbuee w'ani no sɛn?" 27 ɔbuaa wɔn sɛ, "Maka makyerɛ mo dada, na moante? ɛdeɛn na mopɛ sɛ mote bio? Mo nso mopɛ sɛ modane n'asuafoɔ?"

Na won bo anndwo abranteɛ no mbuaeɛ a ɔde maa won no so, na Fariseefoɔ no yɛɛ sɛ wɔbɛtoto nano wɔ ne nsɛm no mu, ɛno nti wɔka kyerɛɛ no sɛ onsi deɛ ɔreka no so bio. Na ne bo fuuiɛ kaa sɛ, So moannya nteaseɛ wɔ deɛ mekaaeɛ mfitiaseɛ no mu anaa? Anaa mopɛsɛ mote asɛm no bio, na ama mo nso moabɛyɛ nasuafoɔ no bi anaa?"

YOHANNE 9:28-34
28 Wɔyaa no, na wɔkaa sɛ, "Wo na woyɛ ne suani; na yɛn deɛ, Mose asuafoɔ ne yɛn. 29 Yɛnim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose; na oyi deɛ, yɛnnim faako a ɔfire." 30 Onipa no bua see wɔn sɛ, "Yei na ɛyɛ nwanwa, sɛ monnim faako a ɔfire, nanso ɔbuee m'ani. 31 Na yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie ɔdebɔneyɛni; na sɛ obi fɛre Onyankopɔn na ɔyɛ deɛ ɔpɛ a, ɔno na ɔtie no. 32 ɛfiri wiase mfitiaseɛ, wɔntee sɛ obi abue deɛ wɔwoo no onifirani ani pɛn. 33 Sɛ oyi mfiri Nyankopɔn nkyɛn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee." 34 Wɔbua see no sɛ, "Wo deɛ, bɔne mu koraa na wɔwoo woɔ, na wo na wokyerɛkyerɛ yɛn?" Na wɔpamm no firii adi.

Na abranteɛ no dii atwerɛfoɔ ne animdifoɔ no ho few wieɛ akyiri no, wɔtieaa no kaa sɛ, "Ɛnnyɛ yɛn, na wo mmom na woyɛ saa ɔdaadaani yi suani. Na yɛn deɛ yɛdi Moses akyi, ɔno na Onyankopɔn ne no kasaeɛ." Nanso na Yesu aka akyerɛ won dada sɛ anka wɔtee Moses nsɛm no ase yiye a, anka wɔbɛte ɔno nso anom nsɛm ase na ama won ɛtumi ɛsom yiye. Nanso won adane Moses nsɛm no ani de ayɛ deɛ ɛbɛsɔ won ankasa ani, ɛno nti wɔrenntumi nte no aseɛ nso, na won anntumi annhunu Honhom nso a ɔde rekasa no.

Na ɛno mu no deɛ woasa no yareɛ no buaa won sɛ, "Onipa a otumi bue obi a wɔwoo no anifuraeɛ mu aniwa no wɔ tumi kɛseɛ a ɛboroso. Na ɔyɛ otumfoɔ a otumi adeɛ nyinaa yɛ. Wɔ nahunu mmɔboro no nti woambu me fɔ; na woambisa me nkyen sika nso, na mmom oyii Ne dɔ kɛseɛ ɛdi kyerɛɛ me. Na ɛfei mpo woantwɛn me koraa mpo sɛ meda no ase. Ɛno nti mennhunu mfomsoɔ biara wɔ ne mu."

Na abranteɛ no paemu kaa sɛ, "Obiara nim pɛfee sɛ wɔ Apam Dada no mu no Onyankopɔn nntie adebɔneyɛfoɔ mpaebɔ. Na sɛ bɔne wɔ onipa mu a ɛsiw Onyankopɔn nhyira kwan wɔ nabrabɔ mu. Na mmom obiara ɔyɛ osetie wɔ Ɔkronkronni no anim no, na ɔpaemu ka ne bɔne no, na onya gyidie ne ɔdɔ ne aseda no, ɔno na Onyankopɔn ne no kasa."

"Nanso mo mu biara anntumi ambue maniwa, obiara nntumi nnyɛ saa adeɛ yi ɛfirisɛ mo nyinaa moayɛ bɔne agyesɛ Yesu nko. Ɔno na otumi saa me yareɛ, na ɛno na ɛdi adanseɛ sɛ bɔne biara nni ne ho. Na Onyankopɔn te ne mu." Na wosusu ho na wɔdwenee Yesu nsɛm ho wɔ saa nsɛmbisa no mu no, ɛmaa abranteɛ no nyaa nteaseɛ yiye faa Yesu mu'die mu ne Ne Nyameyɛ su ho.

Na ɛfei ɛno mu no, won a wɔyɛ atreneefoɔ wɔ won ankasa anisoɔ no domee no kaa sɛ, "Obiara nni yɛn mu a ɔyɛ ɔdebɔneyɛni te sɛ wo, na saa ara nso na woawofoɔ nso teɛ. Na wo bɔne na ama woaniwa nso furaeɛ." Na saa nyaatwomfoɔ a wɔyɛ won ho atreneefoɔ yi anntumi annhunu sɛ won mmom na won ani afura koraa mpo sene saa ɔbarima nifurani yi. Na wonim sɛ Yesu nam no so rekasa kyerɛ won, de ama won ahunu deɛ obɛtumi ayɛ ama won. Nanso wɔpoo Yesu nkyerɛnkyerɛ no a na deɛ woasa no yareɛ no reka akyerɛ won no. Ɛno nti wɔpamoo no frii hyiadan no mu. Badwakuo no tuu agyina faa adwene wɔ saa nsɛm no ho, ansana wɔdaa no ɛdi wɔ bɛdwamu pamoo no, na wɔfrɛɛ no sɛ ɔyɛ Yesu akoa. Na saa da no onyaa nayaresa nanso ɔno ankasa nkurɔfoɔ poo no, na ɛno na ɛdi adanseɛ sɛ won honhom ne Kristo Honhom no nnhyia.

NSƐMBISA:

  1. Deɛbɛn na saa ɔbarima no hunuuɛ faa won ho wɔ mberɛ a wɔretoto nano no?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 09:41 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)