Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 024 (The cross)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
C - Kristo Nsrahwɛ A Ɛdikan Wɔ Yerusalem (Yohanne 2:13 - 4:54) -- Nokorɛ Som No Ne Deɛ Ɛwɔ Hene?
2. Yesu kasa kyerɛɛ Nikodemo (Yohanne 2:23 – 3:21)

c) Asɛndua no, awoɔfoforo nyinaa farebae (Yohanne 3:14–16)


YOHANNE 3:14-16
14 "Na sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ no so wɔ ɛserɛ soɔ no, saa ara na ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ, 15 na obiara a ɔgye no die no anya daa nkwa. 16 Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa."

Yesu toaaso kyerɛkyerɛ Nikodemo, na ɔmaa no nyaa nteaseɛ sɛ honhom mu awoɔ nntumi nsi agyesɛ obi anya adwene sakyera, ne adwene mu foforoyɛ, ne Kristo wuo a owuiɛ maa nnipa nyinaa no mu gyidie. Saa nhyehyɛeɛ yi, Yesu kyerɛkyerɛmu kyerɛɛ Nikodemo na ɔde abakɔsɛm bebree asi wɔ Isreal totoo ho maa no.

Won a wotuu kwan wɔ Sinai serɛ no so no wiiwii tiaa Onyankopɔn, na wɔtee N'akwankyerɛ nso ho atua (Numri 21:4-9). Na Onyankopɔn somaa awɔ baa won mu, sɛ wɔn mbɛkeka won, na wɔn ntwe won aso wɔ won asoɔden ho; na won mu nnipa pii wuwuiɛ.

Na saa mberɛ no mu no won mu bebree nyaa adwene sakyera firii won bɔne mu, na wosu frɛɛ Moses sɛ ɔnsrɛ Onyankopɔn mma won na onyi nabufuohyeɛ no mfiri won so. Na Onyankopɔn hyɛɛ Moses sɛ onyɛ kɔɔberɛ wɔ nsan duaso, a ɛkyerɛ Onyankopɔn atɛnmuo. Na ɔde saa ɔwɔ yi san duaso wɔ soro; a na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn abufuo no to atwa. Ɛno nti obiara a ɔbɛma nani so akyerɛ kɔbrɛ wɔ a ɔsan dua no so no asotwe nyinaa to atwa, na onya Onyankopɔn adom, na ɛfei anya ayaresa fri ɔwɔ no ano borɔ no mu.

Ɛfri Eve nsɔhwɛ mberɛ mu bɛsi nnɛ no, aboa ɔwɔ abɛyɛ ahyɛnsodeɛ ama bɔne. Na Yesu baaeɛ no ɔsoaa nnipa nyinaa bɔne. Ɛno nti deɛ onim bɔne koraa no bɛyɛɛ bɔne maa yɛn. Yesu bɛyɛɛ te sɛ kɔɔberɛ wɔ a ɔsan dua so wɔ serɛ no so a borɔ biara nni ne mu no, ɛno nti bɔne mfomsoɔ biara nni Yesu ho koraa, wɔ mberɛ a na ɔresoa yɛn bɔne no.

Onyankopɔn Ba no amba wiase yi mu wɔ akokorokosɛm kwan so, na mmom ɔberɛɛ Ne ho ase sɛ onipa, wɔ mmerɛyɛ ne ɔyaw mu, na ɔsoaa Mmra Nsɛm mu nnome nyinaa. Na ɔyɛ onipa nti otumi wu maa yɛn. 'Onipa Ba' ɛno na ɛma no yɛ soronko koraa. Sɛdeɛ ɔwɔ a wɔmaa no so wɔ serɛ no soɔ no kyerɛ sɛ Onyankopɔn abufuo afiri hɔ no, saa ara nso na Kristo a wɔbɔɔ no asɛndua mu no nso yɛ ahyɛnsodeɛ sɛ Onyankopɔn abufuo afiri hɔ. Na yɛn bɔne nyinaa kɔdaa Ɔba no so, na ɔnam Ne mmɔborohunu so agye yɛn nkwa.

Na obiara a na ɔwɔ serɛ no so na ɔbɛma naniso ahwɛ ɔwɔ a ɔsan dua no so no, na obɛnya Onyankopɔn mu gyidie no, nya ayaresa fri ɔwɔ no borɔ mu. Na wonyaa awerehyem wɔ saa adom ahyɛnsodeɛ no mu maa won a wɔgye diiɛ no nyaa nkwa bio. Ɛno nti saa ara nso na obiara a ɔbɛma naniso ahwɛ asɛndua no so na ɔde ne ho ma deɛ wɔbɔɔ no asɛndua mu no bɛnya daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Poulo twerɛɛ sɛ "Woabɔ mene Kristo asɛndua mu wɔ mberɛ a metɛ ase yi, ɛnnyɛ me na mmom Kristo a ɔte me mu no." Ne wuo no yɛ medeɛ, na ɔne ne nkwa no. Obiara a ɔbɛgye Kristo ne wuo no ɛdi no na ɔbɛgye Ne bemduo ɛdi no wɔ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Saa apam yi ma yɛn ayɔnkofa wɔ Ne wusɔreɛ no mu.

Sɛdeɛ afɔbuo da yɛn soɔ no, Yesu nko na yɛhwɛ no a yɛbɛnya nkwagyeɛ. Ɛfirisɛ Ɔno na ɔma yɛnya awoɔfoforo. Na kwan foforo biara nni baabi agyesɛ Yesu asɛndua no nko so na yɛnam so bɛhunu Onyankopɔn. Ɛno nti na ɔbonsam ne yɛn redi ako saa no, adekyee ne adesaeɛ a ɛyɛ nkwagyeɛ mberɛ: Onyankopɔn Abayɛ mu ne Kristo asɛndua no so wuo no. Saa nnoɔma miennu yi mu na wiase nkwagyeɛ fapem gyina soɔ.

Onyankopɔn yɛ ɔdɔ; Na Ne mmɔborohunu te sɛ asubonten kɛseɛ a ɛto ntwada. Ne dɔ kɛseɛ nti woangya yɛn wiase yi annto hɔ mpan, na mmom ɔkɔɔ so yi Ne dɔ ɛdi kyerɛɛ yɛn. Na ɔmpo amumuyɛfoɔ ne adebɔneyɛfoɔ koraa no mmom ohunu won mmɔbɔ. Na Ba no afɔrebɔ no hyɛ trenee nyinaa ma na ama won nkwagyeɛ no ɛwie pɛyɛ. Ɛno nti nkwagyeɛ biara nni baabi agyesɛ Ɔba no nko mu.

Anuanom, so wobɛtumi de pɔnds ɔha ama woadamfo de agye no nkwa anaa? Na ɛfei nso wobɛtumi de wo ho atohɔ akɔda ɛfiase ama no anaa? Anaasɛ wobɛtumi awu ama woadamfo? sɛ wodɔ no paa a? Nanso sɛ wobɛyɛ mpo a, worennyɛ saa mma wo tanfoɔ. Ɛyi kyerɛ sɛdeɛ Onyankopɔn dɔ kɛseyɛ no teɛ, sɛ ɔde Ne Ba koroɔ bɔɔ afɔreɛ maa nndebɔneyɛfoɔ ne amumuyɛfoɔ de gyee won nkwa.

Kristo de wiase nkwagyeɛ kɔbɔɔ asɛndua no ho. Na yɛn nyinaa hia Yesu afɔrebɔ no mu adom. nnipa ahorroɔ nyinaa, amanmerɛ ahorroɔ nyinaa, mpapahwekwaa, ne animdifoɔ, asikafoɔ ne ahiafoɔ nyinaa. Obiara nni hɔ a odimu' na ɔwɔ ɔno ankasa trenee. Kristo na woaka wiase nyinaa abata N'Agya no ho.

Na deɛ ɛyɛ wawa ne sɛ nnipa nntumi nnhunu saa nokorɛ yi mu, agyesɛ won a wɔwɔ gyidie wɔ asɛndua no mu no. Yɛn ayɔnkofa nkutahodie a ɛwɔ Agyenkwa no mu no na ɛkyerɛ yɛn nkwagyeɛ. Na sɛ obi nni gyidie a ɔdaso hyɛ Onyankopɔn abufuohyeɛ no ase. Na wo ndwuma nyinaa yɛ afɔbuo ne ɛfi wɔ Onyankopɔn Kronkronyɛ kanea no anim koraa. Nikodemo, a ɔyɛ mmrakyerɛfoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ no, tee saa nsɛm yi, na ɛyɛɛ no wawa bebree.

Ɛno nti obiara a ɔbɛgyeɛ asɛndua no so nkwagyeɛ no atomu no, na ɔbɛgye Ɔba no a wɔmaa no so san dua no so wɔ animguaseɛ mu no bɛnya nkwa na akwansideɛ biara regyina ɔne Onyankopɔn ntam koraa. So woada Yesu ase wɔ Ne bɔne fakyɛ adom no mu anaa? So wode wo ho nyinaa nso ama no anaa?

Obiara a ɔbɛgye adi no bɛnya nkwa; na obiara a ɔbɛtena Kristo mu no rennhunu owuo nso. Na obiara a ɔkɔso hwɛ Kristo no bɛnya daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ mu anidasoɔ. Na ɛfei nso yɛn gyidie no ma yɛn akwanya ma Honhom Kronkron no bɛtena yɛn mu. Sɛ wonya nteaseɛ a ɛmu dɔ fa saa nsɛmfua nkyekyɛmu 14 kosi 16 no mu a wobɛhunu asɛmpa no botaeɛ kɛseɛ paa wɔ mu.

MPAEBƆ: Yɛn soro Agya, yɛda wo ase wɔ wo dɔ kɛseɛ no mu, Sɛ wode wo Bs koro no maa yɛn sɛ ombɛwu nngye yɛn nkwa. ɔno na ɔsoaa yɛn bɔne ne yɛn asotwe nyinaa, na ɔgyee yɛn frii woabufuohyeɛ mu. Yɛhwɛ asɛndua no so, wɔ anidasoɔ mu, ne ntontom ne aseda mu. Ɛfirisɛ wode yɛn bɔne nyinaa akyɛ yɛn na woaka wiase nyinaa abata wo ho. Boa yɛn na ama yɛatumi aka saa asɛmpa yi akyerɛ afoforo nso, na won nso ɛtumi anya daa nkwa wɔ yɛn adansedie no mu.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Kristo gyina hɔ ma kɔbre wɔ a wɔde no sen dua so wɔ serɛ no so?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:04 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)