Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 025 (Rejecting Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
C - Kristo Nsrahwɛ A Ɛdikan Wɔ Yerusalem (Yohanne 2:13 - 4:54) -- Nokorɛ Som No Ne Deɛ Ɛwɔ Hene?
2. Yesu kasa kyerɛɛ Nikodemo (Yohanne 2:23 – 3:21)

d) Sɛ obi po Kristo a, atɛnmuo da no so (Yohanne 3:17-21)


YOHANNE 3:17-21
17 "Na Onyankopɔn ansoma ɔba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase. 18 Deɛ ɔgye no die no, wɔmmu no atɛn; na deɛ ɔnnye nnie no, wɔabu no atɛn dada sɛ wannye Nyankopɔn ba korɔ no din no annie. 19 Na yei mmom ne atemmuo no, sɛ hann no aba wiase na nnipa dɔ esum sene hann no; ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne. 20 Obiara a ɔyɛ bɔne no tane hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔammu no ne nnwuma ho atɛn. 21 Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ no Nyankopɔn mu. Yohane adansedie foforɔ"

Osuboni no kaa asɛmpa faa Mesaia a obɛbu nnipa nyinaa atɛn ho asɛm, a okura abonnua wɔ ne nsam a ɔdebɛtwa nnua biara a ɛyare wɔ ne man mu. Nanso Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo sɛ ɛnnyɛ ogya na ɔde baeɛ, na mmom ɔbɛgyee nkwa. Yɛn agyenkwa no yɛ mmɔborohunufoɔ. Osuboni no hunuu afɔrebɔ no mu ahintasɛm no ɔfrɛɛ Yesu sɛ Onyankopɔn Adwammaa.

Wɔ Ne dɔ kɛseɛ no nti Onyankopɔn ansomaa Ne Ba no amba Jewfoɔ mu nko na mmom ɔde no maa wiase nyinaa. Saa asɛm "Wiase" no daa ɛdi mprensa wɔ nkyekyɛmu 17 no mu. Ɛyi yɛɛ Jewfoɔ a wobu Galileefoɔ no te sɛ nkraman bi no wawa sɛ. Ɛfirisɛ Onyankopɔn dɔ amanaman no nyinaa nso, te sɛdeɛ ɔdɔ Abraham asefoɔ no ara. ɛfirisɛ won nyinaa fata atɛnmuo, nanso Yesu amba sɛ ɔrebɛbu atɛn na mmom no abɛgyee nkwa. Ɛdikan no, wɔmaa No so san asɛndua no so te sɛ kɔɔberɛ wɔ no, sɛ ɔbɛsoa Onyankopɔn atɛnmuo no ama nnipa nyinaa. Onyankopɔn dɔ no nnyɛ nyiyimu na mmom ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa.

Ɛno nti Kristo kaa sɛ, "Obiara a ɔgye Ɔba no die no wombu no fɔ wɔ atɛnmuo mu." Na osuro biara nni hɔ wɔ atɛnmuoda mu koraa. Ɛno nti Kristo mu gyidie na ɛgye yɛn firi owuo biara a anka ɛfata yɛn no mu. Ne saa nti woade wo ho afiri atɛnmuo mu wɔ Kristo a wogye no die nti.

Na won a wɔpo Kristo nkwagyeɛ no, na wɔdwene sɛ ɛho nhia won no, wɔyɛ anifuraeɛfoɔ, ne gyimie, na won afri adom ho ahyease. Na won nso a won nngye Kristo tumi ntomu no, Honhom Kronkron no kanea nntumi nhyeren wɔ won so. Obiara a ɔbɔ Kristo wuo ahohora anaa sɛ ɔpo no, te atua wɔ Onyankopɔn anim na obu ɔno ankasa -ne ho bem. Wo ndwuma nyinaa yɛ ade hunu ɛfirisɛ yɛn nyinaa tɔ sini wɔ Onyankopɔn annuoyam anim.

Yesu maa nkyerɛkyerɛmu faa deɛ nti a nnipa binom po nkwagyeɛ no: Ɛfirisɛ wɔdɔ bɔne sene Onyankopɔn trenee no, na wontumi mmba Kristo a ɔyɛ wiase kanea no ho. Ɛno nti wɔkɔso ara tena won bɔne mu. Kristo nim yɛn akoma, ne yɛn adwene bɔne nyinaa fapem. Nnipa nneyɛɛ nyinaa yɛ bɔne ara. Na obiara nnyɛ papa wɔ ne nsusuiɛ mu. Yɛn adwene, ne yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛɛ nyinaa yɛ bɔne fri yɛn mmofraase. Na saa asɛm yi wuraa Nikodemo akoma mu, ne titiriw no sɛdeɛ Kristo yii ɔdɔ ɛdi na ɔbrɛɛ ne ho ase no ɛmaa nahomasoɔ nyinaa fri hɔ, na onyaa adwene sakyera.

Na Yesu toaaso sɛ obiara a woangye Kristo no anni no, dɔ bɔne na ɔtane papa nso, na saa nipa no kɔso ara tena ne bɔne mu. Na nnipa pii yɛ nyaatwomfoɔ, woyi won ho ɛdi sɛ wɔyɛ papa nanso won nneyɛɛ nyinaa yɛ bɔne nko. Na wɔtan Kristo no a ngyinsoɔ biara nni mu. So woaka wo bɔne nyinaa akyerɛ Yesu anaa? Sɛ woampaemu anka wo bɔne a worenntumi nya awoɔ foforo no mu kwan. Bue woakoma mu ma Onyankopɔn kanea no, na wo ho bɛfi koraa; Onyankopɔn Adwammaa no mu gyidie no ɛhohoro yɛn ho fi nyinaa koraa. Ɛno nti brɛ wo ase na paemu ka wo mfomsoɔ nyinaa kyerɛ no, na fa wo werɛ nyinaa hyɛ Kristo mu, na wobɛnya daa nkwa.

Wɔ abrabɔ mu no sɛ wode gyidie bɛyɛ adwuma a na ɛkyerɛ sɛ wobɛyɛ adeɛ a ɛtene. Ɛyi ne deɛ ɛkyerɛ sɛ obi ayɛ krado sɛ ɔbɛgye Onyankopɔn nokorɛdie no atomu wɔ foforoyɛ mu. Obiara odi Kristo nokorɛdie akyi a ɛnnyɛ wiase nyansa mu na mmom ofiri nakoma ne ne mu adeɛ nyinaa no, dane bɛyɛ nipa foforo koraa. Na ɛba no saa a atorofoɔ bɛsow aba pa, deɛ woayɛ abonkyiabonkyi no tene, na ndaadaafoɔ nso bɛyɛ anokwafoɔ. Won a woanya awoɔfoforo no na wonnyɛ papa kane no, na mmom wɔpaemu kaa won mfomsoɔ kyerɛɛ no, na Ɔnokwafoɔ Onyankopɔn no de won bɔne nyinaa akyɛ won. Na ahoteɛ ahyeaseɛ wɔ won mu; Na Ɔma won Ne dɔ tumi ma wotumi de yɛ Honhom no ndwuma. Onyankopɔn nam Kristo so yɛ adwuma wɔ agyidifoɔ mu ma asomdwee da ɛdi.

Yɛmpo ndwumapa, nanso ɛyinom mfiri yɛn nkyen na ɛbaeɛ na mmom ɛfiri Onyankopɔn nkyen. Ɛno nti yɛnngye ɛho annuoyam, na ɛyɛ N'adon ara kwa. Na ɛyi kyerɛ sɛ yɛn ankasa nni yɛn trenee, a ɛfiri yɛn mmɔdenbɔ mu, na mmom yɛde yɛn ho maa trenee a ɛfri Kristo adom mogya no mu ba no. Ɛfirisɛ won a anya awoɔfoforo na wɔte Kristo mu no nyinaa sɔ Onyankopɔn ani. Na wɔde won abrabɔ nyinaa yɛ aseda wɔ N'adom kɛseɛ no mu. Awoɔ foforo ne abrabɔ kronkron yɛ ayɛyiye a ɛsɔ Onyankopɔn ani yiye.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase sɛ wosoaa wiase nyinaa atɛnmuo no. Yɛkoto sɔre wo, ɛfirisɛ woayi yɛn ɛfri atɛnmuo mu, na yɛne wo aka abom wɔ gyidie mu. Na woagye yɛn afri Onyankopɔn abufuohyeɛ mu. Ɛno nti yɛpaemu ka yɛbɔne kyerɛ wo; yi yɛn fri bɔne nyinaa ho, na ma yɛn Honhom no aba no bi, na ama yɛn abrabɔ ahyɛ Onyankopɔn annuoyam daa, yɛn soro Agya no.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Yesu mu agyidifoɔ renngyina atɛnmuo mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:04 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)