Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 023 (Need for a new birth)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
C - Kristo Nsrahwɛ A Ɛdikan Wɔ Yerusalem (Yohanne 2:13 - 4:54) -- Nokorɛ Som No Ne Deɛ Ɛwɔ Hene?
2. Yesu kasa kyerɛɛ Nikodemo (Yohanne 2:23 – 3:21)

b) Dea nti a awofoforɔ hia (Yohanne 3:1-13)


YOHANNE 3:6-8
6 "Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam; na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no yɛ honhom. 7 Mma no nnyɛ wo nwanwa sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ, 'ɛtwa sɛ wɔwo mo foforɔ'. 8 Mframa bɔ kɔ faako a ɛpɛ, na wote ne nka, na wonnim faako a ɛfire ne faako a ɛrekorɔ. Saa ara nso na obiara a wɔawo no Honhom mu no teɛ."

Yesu kyerɛ Nikodemo hia a ɛho hia sɛ onipa biara bɛsesa na'dwene. Nsesaeɛ no ye kese paa te sɛ nsonsonoeɛ a ɛda honam ne honhom ntam. Ɛdin "honam" wɔ Apam Foforɔ mu no gyina hɔ ma sɛdeɛ nnipa hweaseɛ wɔ Onyankopɔn anim. Obonefo tutu na'namon ko owuo mu. Asɛm no nnkata honam no nkoa so mmom adwene ne honom a ɛpo no no nso. Yei gyina hɔ ma ammumuyɔ, sɛdeɛ Yesu kae no,"Akoma mu na nsusueɛ bɔne firi ba." Onipa biara nni hɔ a ɔsɛ sɛ ɔkɔ onyankopɔ ahennie mu. Onipa tiri mu yɛɛden firi n'awoɔ mu na ɔbɛyɛ bɔne nhini.

"Honhom" no gyina hɔ ma Hohom Kronkron, Onyankopɔn no ankasa, a nokorɛ ahye no ma, ne ahoteɛ, tumi ne ɔdɔ. Onyankopon nto abonefo ntwene, nanso woadi "honam" no so nkonim, wo Kristo mudie mu. Eyi kyerɛ awofoforɔ no ho mfasoɔ. Honhom kronkron a ɛwɔ yɛn mu no seɛ honam no akɔnnɔ, ama ya'tumu akora yɛn mudie mu wɔ ɔfrɛ onyankopɔn de afrɛ yɛn no mu. yɛ'awo wo foforɔ, ɛnneɛ dwane firi honam no nneyɛe nyinaa ho?"

Yesu ne Nikodemos kasaeɛ ne mpresa so sɛ, "Wo ne wo badwakuo mu mpaninfoɔ nyinaa hia awofoforɔ". Eyi ne ahyɛdeɛ baako, asɛdeɛ a ɛho teeɛ. Anuanom yɛdi mo adanseɛ sɛ, asɛm a Kristo kaeɛ yi "ɔhyɛ" yi ho hia paa yie. Sɛ woannya awofoforɔ a wontumi nhu Onyankopɔn, na worenhyɛn N'ahennie mu.

Woate sɛdeɛ mframa si bɔ no? Saa nso na awofoforɔ nso teeɛ. Ɛte sɛdeɛ mframa bɔ firi akyiri na ɛsan kɔ no. Saa nso na onyankopɔn mma nya awofoforɔ firi soro na woasan akɔ Agya no nkyɛn. Mframa ho mpopoeɛ no kyerɛ sɛ ɛwɔ hɔ.

Nsɛnkyerenneɛ ɛda adi sɛ obi anya awofoforɔ ne Honhom Kronkron a ɛkasa fa wɔn mu no. Ɛmfiri wɔn akasa mu na wɔksa. Na mmom honhom kronkron a ɛfiri soro na ɛnam onyankopɔn tumi so na ɛkasa fa wɔn mu sɛ agyidfoɔ. So Honhon Kronkron wɔ woakoma mu?

YOHANNE 3:9-13
9 Nikodemo bua see no sɛ, "ɛbɛyɛ dɛn na yeinom ayɛ hɔ?" 10 Yesu bua see no sɛ, "Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ na wonnim yeinom? 11 Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ; nanso monnye yɛn adanseɛ no. 12 Sɛ maka mo fam asɛm na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka mo ɔsoro nsɛm no a, mobɛgye adie? 13 Na obi mforo nkɔɔ ɔsoro, gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no."

Ɛnam Kristo nkyerɛkyerɛ mu a ɔde maa Niodemus nti ɔtee Honhom Kronkron nka. N'akoma gye too mu sɛ w'anya ɔfrɛ sonoko a ɛfiri onyankopɔn nkyɛn. Nanso w'antumi afa n'adwene agye annya nteasɛe a ɛmu dɔ. Ɔwinwii, "Sɛ mennim sɛdeɛ saa awoɔ yi bɛyɛ yie afa." Yesu kɔɔ so kyerɛɛkyerɛ no sɛ "ampa sɛ wo yɛ ɔkerɛkyerɛ na wonnim yeinom a w'asan aba me nkyɛn yi, firi sɛ nnipa bebree dwene sɛ wɔwɔ nimdeɛ a ɛso kyɛn me ɛnti ɛho nhia sɛ wɔ ne me bɛkasa mpo. Wo kyɛn wɔn nanso wonnim honhom kronkron no dwumadie. Moafɔrebɔ, ne ahoɔden ne ɔsom a ɛkyerɛ sɛ morebɔ mmra no ho ban nyinaa yɛ kwa. ɛfiri sɛ monim Onyankopon Ahennie ho akwan ne Ne nhyehye nso.

Yesu kaa nsɛm a ɛho hia yie ne mprensa so, "nokorɛ, nokorɛ me se mo sɛ." Yesu ka nsɛm yeinom de da ahintasɛm adi. Ɛfiri sɛ nipa adwene nni nteaseɛ a ɛmu dɔ.

Nikodemo gyinabea wɔ adesua foforɔ yi mu ne deɛn? Kristo afiri "Baako" mu abɛyɛ "Dodoɔ"; eyi nti ɔno ne Honhom Kronkron ɛnne. Kristo ne Onyankopɔn yɛ baako wɔ suo ne nneyɛeɛ nyinaa mu. Yesu kyerɛkyerɛɛ nokorɛ no nanso dodoɔ no ara anhunu. Ɔdi nsɛm yi ho adanseɛ sɛdeɛ ɔhunu honhom mu asomfoɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛgye saa adanseɛ yi to mu, na yɛkora mu yie wɔ gyidie mu.

Deɛn na ɛkyerɛ sɛ Ɔnim nea ɛyɛ kyɛn nnipa nyinaa? Ɛfiri sɛ Ɔnim Onyankopɔn na Ɔfrɛ no Agya. Akandifoɔ a wɔnni Honhom Kronkron no ntumi nhunu saa ahintasɛɛm yi, mpo wɔ adwene mu nso. Kristo firi n'Agya nkyɛn na ɛbaeɛ na obesan akɔ ne nkyɛn bio, Ɔsanee firii soro na obeasan aforo akɔ. Ntetemu a na ɛda nnipa ne Onyankopɔn ntam no to twaeɛ wɔ berɛ a Onyaankopɔn Honhom nam Yesu so bɛyɛɛ honam no, na Ɔdii so nkunim no. Ne saa nti daa nkwa no nni akyiri na ɛnyɛ osuro nso, na mmom ɛbɛn na ɛyɛ ahotɔ nso. Ɛyɛ hu sɛ, nnipa antumi anni Onyankopɔn nokorɛ yi ho adanseɛ. Woantumi ahunu nkabom a ɛwɔ deɛ wɔfiri honhom mu awo no no ne Agya no ntam; ɛfiri sɛ woangye andi na woanka wɔn bɔne nso. Woannhunu mfasoɔ a ɛwɔ awofoforɔ ho, mmom wɔhunuu wɔn ho sɛ ayensafoɔ a mfomsoɔ biara nni wɔn ho. Ɛsɛ sɛ wɔhunu sɛ woahonim ntumi mma wɔnhunu Onyame Baasa Koro no.

MPAEBƆ: Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron, yɛyi wo ayɛ; wɔ wo dɔ mu gyidie sɛdeɛ woama yɛn nkenyan na woayɛ yɛn mba wɔ wo nokorɛdie mu no. Yɛsrɛ wo ma yɛn wo nokorɛdie ne wo Honhom no mbɔ mfa yɛn man mu daa, na ama nnipa pii nya wo mu nkwagyeɛ, na adansedie a ɛyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron no dea no ɛtumi aterɛ akoduru akyiri, na ada ɛdi pɛfee wɔ yɛn man mu, na ama nnipa pii anya awo foforo.

NSƐMBISA:

  1. Nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛdi adanseɛ wɔ ogyidini mu sɛ woanya awoɔ foforo?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:04 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)