Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 022 (People lean towards Jesus; Need for a new birth)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
C - Kristo Nsrahwɛ A Ɛdikan Wɔ Yerusalem (Yohanne 2:13 - 4:54) -- Nokorɛ Som No Ne Deɛ Ɛwɔ Hene?
2. Yesu kasa kyerɛɛ Nikodemo (Yohanne 2:23 – 3:21)

a) Nkorɔfokuo no sua Yesu (Yohanne 2:23-25)


YOHANNE 2:23-25
23 Enti, ɔsɔre firii awufoɔ mu no, n'asuafoɔ no kaee sɛ waka yei, na wɔgyee twerɛ no ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ. 22 Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ no ase no, nnipa bebree hunuu ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔgyee ne din diiɛ. 24 Na Yesu no ara deɛ, wamfa ne ho anto wɔn so, ɛfiri sɛ ɔnim wɔn nyinaa, 25 na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; na ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.

Twam afawhyɛ no duruu no nnipa bebree baa Yerusalem, na wobaa bea a wɔsom hɔ. Na wɔredwenedwene adwamaa a okataa wɔn agyanom so afiri Onyankopɔn atɛnbuo mu no ho, ɛnti wɔkyɛɛ nnam mono yɛɛ afɔrebɔdeɛ wɔ wɔn nnuane mu.

Yesu, Onyankopɔn adwamaa a w'ayi no, aba Yerusalem abɛyɛ nsenkyɛrennee bebree, kyerɛɛ ne dɔ ne ne tumi. Eyi nti nnipa bebree huu no na ne din faa babiara; na wɔbisabisaa wɔn ho Ne din sɛ; Ɔyɛ odiyifoɔ, anaa Elia, anaa ɔno ne obi a odi na'nim, anaa Agyenkwa no?" Nnipa bebree baa ne nkyɛn na wonyaa gyedie sɛ ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn na aba.

Yesu huu wɔn nyinaa akoma mu, nanso woanyi obiara sɛ osuani. Na wɔnnya hunuu ne nipa ban a ɔyɛ, mmom wɔredwenedwen wiase nsɛm ho. Wɔn adwene ne sɛ wɔrepɛ fahodie afiri Romanfoɔ nsam ne adwuma a ɛbɛma wɔn asetenapa daakye. Yesu nim nnipa nyinaa;akoma biara nni hɔ ahinta wɔ nanim. Na obiara nhunuu Onyankopɔn wɔ nokorɛ mu. Anka won ahunu Oyankopɔ a anka woabɔ asu wɔ Yordan mu, aka wɔn bepaemu aka na won asakyera afiri won bɔne ho koraa.

Kristo nim woakoma mu, wo susueɛ, wo mpaebɔ ne wo bɔne. Ɔnim baabi a woadwendwene firi ba. Ɔhunuu wo sɛ wopɛɛ sɛ anka wo bɔ abrabɔ pa ne trenee. Nanso dabɛn na woahomasoɔ yi bɛfiri hɔ? Na dabɛn na wobɛgyaeɛ woankasa wonhunumu akyiri die na Honhom Kronkron ahyɛ wo ma?


b) Dea nti a awofoforɔ hia (Yohanne 3:1-13)


YOHANNE 3:1-3
1 Na onipa bi a ɔfiri Farisifoɔ no mu wɔ hɔ a ne din de Nikodemo a ɔyɛ Yudafoɔ panin bi. 2 ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛseeno sɛ, "Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho." 3 Yesu bua see no sɛ, "Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ, Wɔanwo obi foforɔ a, ɔrentumi nhunu Nyankopɔn ahennie no."

Na onipa bi wɔ nnipakuo no mu a ne din de Nikodemo, na ɔyɛ onipa titire yie, na ɔyɛ atɛnmmuafoɔ aduɔson no mu baako. ohunuu onyankopɔɔn tumi a na ɛwɔ Yesu mu. Nti ɔpɛɛ sɛ ɔbɛhu nsonsoneɛ a ɛda jewfoɔ asooɔfokuo ne adiyifoɔ afoforɔ no ntam. Na osuro asofoɔ mpaninfoɔ no ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔhufoɔ. Na ɔnnte ne ho ase nipa ko a Yesu yɛ. Ɔbaa Yesu nkyɛn kokoa mu andwo, pɛɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ ansaana w'adi nakyi.

Ɔnyaa abɔdin sɛ "kyerɛkyerɛni" no, Nikodemo kyerɛɛ n'adwene, ɔhunuu Kristo sɛ ɔkyerɛkyerɛni a ɔkyerɛ nnipa bebree Onyankopɔn asɛm. Na ɔgye toomu sɛ Onyankopɔn na asomaa Yesu na ode nsenkyerenne asiso dua. Na opaemu kaa se, "Yɛ gye di sɛ onyankopɔn ka wo ho na ɔma wo so. Wobɛyɛ Mesaia no?" Eyi kyerɛ ne ngyentum kɛseɛ paa.

Yesu yii n'asɛmmisa no ano, ɔhunuu Nikodemo' akoma mu, ne bɔne ne pɛɛ a wa'pɛ trenee akyi kwan, Ɔbɛttumi aboa no wɔ bere a woahunu ne honhom mu anifuraeɛ no akyi. Wɔ Nikodemo' ahofama nyinaa mu no na onnim onyankopɔn wo nokorɛ mu. Yesu tee n'anim kyerɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, "Nokorɛ ne sɛ obiara ntumi nnhunu Onyankopɔn ɔno ara pɛ ne na'hoden mu; gye sɛ ɔnya ɔsoro awofoforɔ Honhom mu tumi.

Saa nkaeɛbɔ no ne Kristo atɛnbuo wɔ twerɛ krokron adesua ne nhunumu a ne ngyinaso ye nnipasem. Efirise Onyankopɔn mu nimdeɛ mfa suapɔn ne na'dekyerɛ ho, gye sɛ awofoforɔ. Kasanoma ne kasafoni, wotumi sesa no sɛdeɛ wopɛ biara nanso wonya mfonii sɛdeɛ wo pɛ. Sɛdeɛ nfonii hia nnoɔma a ɛbetumi ayɛ sene kasanoma no. Saa nso na onipa teɛ, na'hunumɔboro ne ne ne nneyɛeɛ nyinaa akyi no, ɔntumi nhunu Onyankopɔn, ɛnyɛ adwene anaa atInka. Saa honhom mu nhunu mu yi hia ahosane, a ɛne awofoforɔ ne abɔdeɛ foforɔ.

YOHANNE 3:4-5
4 Nikodemo see no sɛ, "ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wanyini no, wɔbɛtumi awo no? ɔbɛtumi akɔ ne na yam bio na wɔawo no anaa?" 5 Yesu buaa sɛ, "Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu."

Kristo mmuaeɛ a ɛkyerɛ NiKodemo ani a woabu agu Onyankopɔn asɛm so no ammma no nteɛseɛ. Ɛiri sɛ na ɔnntee awofoforɔ bi da. Ɔtee eyi no, Ɔkaa sɛ onipa a w'anyini no bɛtumi akɔ ne na yam bio. Saa mmuaeɛ yi kyerɛ nhunumu a Nikodemo ɛnni. Na onim sɛ Onyankopɔn Agya no nam ne honhom so bɛtumi anya Ne mma bebree.

Yesu dɔɔ NiKodemo; bere a odii n'anim kaa sɛ ɔnnim kwan a obefaso akɔ Onyankopɔn ahennie mu, ɔkaa no pefee gye too mu sɛ ɔno ne nokorɛ no. Ɛsɛ sɛ yɛ gye to mu sɛ yɛrentumi nkɔ ahennie no mu gye sɛ y'ɛnya awoɔ a ɛtɔ so mmienu, eyi ne akwannya baako pɛ.

Deɛn ne awoɔ a ɛtɔ so mmienu no? Ɛyɛ awoɔ a, ɛnfiri suahunu mu, anaa nnipa ahoɔden mu, sɛnea onipa biara ntumi nwo ne ho no, Onyankopɔn ne owofo a ɔma daa nkwa. Saa honhom mu awoɔ yi yɛ adom, ɛnyɛ abrabɔ mu nsakyeraeɛ nko, anaa ahonnidie nko. Obiara yɛ odeboneyeni firii tete, a na anidasoɔ biara nni hɔ ma mpuntuo. Honhom mu awoɔ no yɛ daa nkwa a nnipa nam so bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn .

Ɛyɛɛ dɛn na eyi baeɛ? Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo sɛ, ɛnam nsuo ne Honhom so na yɛnya. Nsuo no kasa fa Yohane asubɔ ne ahoteɛ a ɛfa ayeforɔ no ho no. Nnipakua a wɔwɔ Apam Dada no mu nim sɛ nsuo a wɔde hohoro wɔn nan ase no yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ ahoteɛ fri bone mu. Ɛnti ete sedea Yesu reka sɛ, "Aden nti na monnkɔ osuboni no nkyen na wɔnmmɔ mo asu na mommka mo bɔne" Baabi nso Yesu kaa sɛ "Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi makyi a, ɔmmpa no ho akyi, na ɔmmfa n'asɛnnua no na ondi ma'kyi". Onua gye wo mfomsoɔ tu mu, na gye Onyankopɔn atɛnmuo no wo bone ho. Na woreyera.

Yesu ani ansɔ nsuo mu asubɔ nkoa, na mmom Honhom Kronkron mu asubɔ a ɛde abrabɔ foforɔ ne akoma mu nsakyeraeɛ ba nso. Ne wuo akyi no yɛhuu sɛ, ya'hoteɛ nyinaa nam ne mogya a ɔhwee guu wɔ asɛnnua no so no mu. Saa ahoteɛ yi yɛ Honhom Kronkron no adwuma. Sɛ Honhm Kronkron no ka wo a, daa nkwa ne na'ba no hyɛ wo ma; wobɛyɛ onipa pa a Yesu kyerɛ wo kwan. Saa nsakyeraeɛ yi hia mmere; sɛdeɛ abɔdomaa nyini wɔ ne na yam na ɔwo no no. Saa nso na awoɔ prɛnu no nso teɛ wɔ ogyidini biara mu.

Yesu yɛɛ asɛnka ne botae, na'sɛmtitire ne Onyankopɔn ahennie. Ɛnti deɛn ne saa ahennie yi? Ɛnyɛ amayɔsɛm nkɔsoɔ, anaa adwadie nhyehyeɛ, na mmom ɛyɛ ɔsom mu awo foforɔ a ɛwɔ Nyankopon Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron mu. Saa Honhom a ɛhyira yi ba wɔn so, sɛdeɛ wɔde wɔn ho maa Kristo no, na wɔmaa no so sɛ ɔhene a sɛ sɛ wɔtie no no.

MPAEBƆ: Owura Yesu, meda w'ase sɛ wonam w'adom so awo me foforɔ. W'abue m'ani honhom mu. Ma mentena wo dɔ mu.Bue wɔn a wɔhwehwɛ wo nokorɛ mu no ani, na wɔnnhunu wɔn bɔne mpaemu nka, na w'anam wo honhom kronkron so assesa wɔn, na woatumi ne wo abɔmu adi daa nkwa a ɛni awieɛ.

NSƐMBISA:

  1. Nsonsonneɛ bɛn na ɛda Niodemus ahumɔmoro ne Yesu mmoaeɛ no ntam?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:04 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)