Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":

Home -- Twi -- John - 092 (Abiding in the Father's fellowship appears in mutual love)

This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
D - Ɔne Won Dii Nkra Wɔ Mberɛ A Wɔrekɔ Gesɛmani No (Yohanne 15:1 - 16:33)

2. Sɛ yɛte Agya no dayɔnkofa mu a ɛda ɛdi wɔ yɛn soronko mu (Yohanne 15:9-17)


YOHANNE 15:9
9 Sɛdeɛ Agya no adɔ me no, na me nso madɔ mo; montena me dɔ mu.

Agya no dɔ Ɔba no kɛseɛ boroso nti ɔsoro bueɛ wɔ mberɛ a wɔrebɔ No asu wɔ Yordan mu no. Honhom Kronkron no sanee baa No so te aborɔnoma su tebea mu, na ɛfei nso nne bi baeɛ sɛ, ”Oyi ne Me dɔ Ba a ɔsɔ mani” Ɛyi ne deɛ Onyankopɔn Baasa Koro no de too dwa, Na Yesu nam asuba nahyɛnsodeɛ nso so soaa nnipa nyinaa bɔne, ɛyi ne deɛ Onyankopɔn Adwammaa no de fitiiaseɛ wɔ afɔrebɔ kwan so. Ɔba no yɛɛ N'Agya no apɛdeɛ nyinaa, na ɔpaa Ne ho akyi maa yɛn nkwagyeɛ. Saa ɔdɔ yi nnyɛ Agya no ne Ɔba no nko ara deɛ, na mmom wɔyɛ nkabom wɔ ɔdɔ kɛseɛ mu maa saa wiase bɔne yi a amumuyɛ ahyɛ no ma no, na wosiesiee no maa ɔgyeɛ a ɛsipi na ɛdimu'.

Yesu dɔɔ yɛn bebree wɔ Agya no dɔ susudua mu. Na ɔyɛɛ osetie nso maa Agya no, na yɛn deɛ yɛnnyɛ osetie. Na yɛn mu biara nni hɔ a yɛyɛ ne dɔ ba fri mfitiaseɛ no. Na mmom Ɔba no faa yɛn sɛ adebɔneyɛfoɔ na ɔhohoroo yɛn ho. Na ɔnam Honhom no so woo yɛn foforo ɔtee yɛn ho. na woammbu yɛn abomfiaa wɔ nanim bio, sɛ wontiatia yɛn so. na mmom ɔdwene yɛn da biara mu, na ɔma yɛn deɛ ɛhia yɛn daa wɔ Nyankopɔn mu. Na odima yɛn daa na ɔde Ne dɔ nsɛm nso ma yɛn, wɔ asɛmpa no mu. Na ɔhyɛ yɛn gyidie mu nkuran, ne ɔdɔ ne anidasoɔ mu. Na sɛ yɛde yɛn awofoɔ a ɛwɔ asase yi so nyinaa dɔ a wɔwɔ ma yɛn nyina bom na yɛtew saa ɔdɔ no ho ahoteɛ nyinaa mu mpo a, ne nyinaa yɛ ade ketewaa bi wɔ Yesu dɔ a ɔwɔ ma yɛn no mu a ɛndi hwamɔ da.

YOHANNE 15:10
9 Sɛdeɛ Agya no adɔ me no, na me nso madɔ mo; montena me dɔ mu! 10 Sɛ modi m'ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m'Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no.

Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, "Monntwe mo ho mmfri Me dɔ no mu. Me dɔ mo nti me nso merehwɛ kwan sɛ mehunu mo dɔ a mowɔ ma Me. Mo mpaebɔ no wɔhenefa, a ɛforo kɔ soro no? Na mo adɔeɛ a mode ma ahiafoɔ a wɔyɛ madwuma no wɔ hene fa? Mehyɛ mo nkuran sɛ mobɛyɛ adeɛ a ɛyɛ papa, ne ɔdɔ, ne ayemyie, ne kronkronyɛ. Montena me dɔ no mu. Na Honhom Kronkron no bɛboa mo ama moatumi ayɛ adeɛ a ɛyɛ papa, sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ adeɛ ɛyɛ papa dabiara no."

Ɛyɛ bɔne ma yɛn sɛ yɛrenndɔ tesɛdeɛ Onyankopɔn dɔ no teɛ no. Na Kristo pɛsɛ ɔde yɛn duru mpenmpensoɔ a ɛyɛ Onyankopɔn mmɔborohunu no mu, nti ɔkaeɛ sɛ, Munhunu mmɔbɔ sɛdeɛ Me ne Agya no yɛ mmɔborohunufoɔ no". Ɛyɛ bi a wɔbɛka sɛ ɛyi nntumi nnyɛ saa. ɛyɛ nokorɛ, sɛ yɛde ba nnipasɛm mu a. Nanso wonnim deɛ Kristo no pɛ, ne adwuma a obɛtumi ayɛ wɔ wo mu. Na ohwie ne Honhom no gu wo so, na ama woatumi anya ɔdɔ sɛdeɛ Ne dɔ no teɛ no. Wɔ saa Honhom yi mu na Poulo kaa sɛ, "Metumi adeɛ nyinaa yɛ wɔ Kristo a ɔhyɛ me den no mu."

Yesu dii adanseɛ sɛ woannyɛ biribibiara a ɛnnyɛ Agya no apɛdeɛ, na mmom ɔtenaa Agya no dɔ no mu daa nyinaa. Kristo de Onyankopɔn asomdwee baa yɛn mu, a ɛyɛ Honhom no mu mpaebɔ, ne ɔdɔ ne ɔsompa.

YOHANNE 15:11
11 Maka yeinom nyinaa makyerɛ mo, na m'anigyeɛ atena mo mu, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.

Osukɔm ahyɛ nnipa akoma ma ɛfirisɛ onipa atwe ne ho afiri Onyankopɔn ho kɔ akyirikyiri. Kristo a ɔtenaa Agya no dɔ mu no, anigyie ne nkenyan hyɛɛ no ma. Na ayɛyie nnwom ne ntontom hyɛɛ nakoma mu ma daa nyinaa a ɛto anntwa da. Na saa ara na ɔpɛsɛ ɔde ma yɛn nso, ka ne nkwagyeɛ a ɔde ma yɛn no mu, a ɛyɛ nkwa asubonten ɛsene wɔ yɛn mu wɔ ɔdɔ mu. Onyankopɔn yɛ Nyankopɔn a anigyie ahyɛ No ma.

Ɔdɔ di anigyie akiri wɔ Honhom no abasoɔ no mu. sɛ bɔne fri hɔ a, anigyie nso da ɛdi. Kristo pɛsɛ ɔhyɛ yɛn den wɔ yɛn nkwagyeɛ anigyie mu, na ama yɛn anigyie no apem kɔ afoforo nso nkyen. Na obiara a anigyie ahyɛ no ma no nntumi mmfa anigyie no mma ɔno nko ho, na mmom ɔbɛpɛsɛ afoforo nso ne no ani bɛbom agye wɔ Onyankopɔn mu. Na ama yɛn anigyie awie pɛyɛ sɛ nnipa bebree nso anya nkwagyeɛ. Sɛdeɛ ɔsomafoɔ no kaeɛ no sɛ, "Onyankopɔn pɛsɛ nnipa nyinaa nya nkwagyeɛ na wɔba nokorɛ nimdeiɛ no ho." Asɛmpakatrɛw adwuma no yɛ anigyeɛ asuten wɔ ɔhaw ne amaneɛhunu mu.

YOHANNE 15:12-13
12 "Yei ne m'ahyɛdeɛ, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no. 13 Obi nni dɔ kɛseɛ a ɛsene yei, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo."

Yesu dɔ yɛn, na onim yɛn nyinaa din baako - baako, na onim yɛn suban ne yɛn abrabɔ a ɛtwam. Na ɔwɔ atinka ma yɛn haw ne yɛn amaneɛhunu nyinaa. Na ɔwɔ botaeɛ ne atirimpɔ ma yɛn daakye. Na ɛfei nso woayɛ krado sɛ obɛtie yɛn mpaebɔ nso daa, na ɔde yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn na ɔkyerɛ yɛn kwan kɔ abrabɔ kronkron ne ahoteɛ mu.

Sɛdeɛ Yesu dɔ yɛn no saa ara nso na ɔpɛsɛ yɛn nso yɛdɔdɔ yɛn ho yɛn ho. Na ɛsɛ sɛ yɛdwene yɛn nnamfonom ho yiye, na yɛnya atinka ma won wɔ won haw ne amaneɛhunu mu. Na ama yɛatumi ahunu won adwene ne won abrabɔ mu. Ɛno mu na yɛbɛtumi ahunu won haw no ho mmuaeɛ, na ama yɛatumi aboa won, na yɛne won atena nso. Na sɛ wɔfomsoɔ nso a, ɛsɛ sɛ yɛde won bɔne kyɛ won, koraa a yɛmmbu won fɔ wɔ won mfomsoɔ mu.

Yesu yii ɔdɔ kɛseɛ ɛdi wɔ nabrabɔ mu. na ɛnnyɛ anofafa kɛkɛ na ɔde boaaeɛ, na mmom ɔde Ne ho too hɔ bɔɔ afɔreɛ maa adebɔneyɛfoɔ. Na woanntena ase ammma yɛn kɛkɛ na mmom no owu maa yɛn. Na asɛndua no ne ɔdɔ abotiri. Ɛyi nti ɔpɛsɛ yɛn nso yɛyɛ saa nkwagyeɛ asɛm yi ho dawurubɔfoɔ kyerɛ nnipa nyinaa na yɛde yɛn ho bɔ afɔreɛ wɔ yɛn mberɛ ne yɛn sika nso mu. Sɛ ɔfrɛ yɛn sɛ yɛmbɛyɛ asɛmpa no ho dawurubɔfoɔ nkyerɛ afoforo a, na yɛnkyerɛ won deɛ Yesu ayɛ ama yɛn, na deɛ ɔhwehwɛ firi yɛn nkyen ne sɛ yɛde yɛn ho nyinaa bɛma no, woahoyadeɛ ne woahoɔden nyinaa. Na Ɔno deɛ ɔbɔɔ mpaeɛ maa natanfoɔ mpo, na ɔkaa sɛ, Agya fa won bɔne kyɛ won, ɛfirisɛ wonim deɛ wɔreyɛ". Na woammfrɛ won sɛ anuanom kɛkɛ, na mmom no ɔdɔɔ won. Mpo won a wonsɛ mfata ne dɔ no, owu maa saa nnipa no nyinaa.

YOHANNE 15:14-15
14 Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo. 15 Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ nnoɔma a mate no m'Agya nkyɛn nyinaa maka makyerɛ mo.

Onyankopɔn frɛ wo sɛ, "Me dɔfoɔ", na saa ara na ɔfrɛ obiara a ɔyɛ ne ba. Ɛyɛ bi a na obiara apo wo, na wunni obiara a wobɛkɔ ne nkyen. Ma wani so hwɛ Yesu, a owu maa woɔ na ɔtease nso ma woɔ. Na Ɔno ne woadamfopa, na woayɛ kradɔ sɛ ɔbɛboa wo daa. Na onim woadwene nyinaa, na ɔretwen wo ahofama. Na deɛ ɛbɛma yɛn akwanya na yɛatumi atena nayɔnkofa no mu ne sɛ yɛn nso yɛbɛdɔ afoforo nyinaa sɛdeɛ ɔno nso dɔ won no. Nnipa mienu nntumi nyɛ aka, na wonnka sɛ wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔdɔ Kristo. Ne mu ayɔnkofa ahyɛdeɛ ne sɛ yɛn nso yɛbɛdɔdɔ yɛn ho yɛn ho. Na ɔfrɛ yɛn sɛ madɔfoɔ. Yɛyɛ ne dea ɛfirisɛ ɔno na ɔbɔɔ yɛn, na anka ɔwɔ akwanya sɛ ɔne yɛn di sɛ nkoa. Nanso woagye yɛn ɛfri nkondua nyinaa mu na woapɛgya yɛn. Na ɔkyerɛkyerɛ yɛn Ne ndwuma. Na ɔma yɛn nimdieɛ nso na ɔkyerɛ yɛn Agya no din nso, ne asɛndua no so tumi ne Honhom Kronkron no tumi. Na ɛfei ɔkyerɛ yɛn ahintasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Baasa Koro no mu ne nokorɛsɛm ahintasɛm a ɛwɔ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ no mu. Na Agya no de saa nsɛm yinom nyinaa ahyɛ ne nsa sɛ onyi no ɛdi nkyerɛ yɛn. Na ɔne yɛn ayɔnkofa no mu yɛ den paa kosi sɛ ɔmaa yɛn akwanya sɛ yɛne No mbom nyɛ nadwuma, ne nanisɔ, ne annuoyam, ne tumi, ne nkwa. Na ɔmmfa abayɛ tumi no nso nnkame yɛn, na mmom ɔtwe yɛn bata Ne ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ Onyankopɔn mma.

YOHANNE 15:16-17
16 "ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo. 17 Yei na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho."

Woayɔnkofa a ɛwɔ Kristo mu no nngyina woahoɔden anaasɛ woankasa woapɛdeɛ mu, anaasɛ wo suahunu bi mu, na mmom no ɛyɛ Ɔno ankasa Ne dɔ mu, ne ɔfrɛ a woafrɛ wo no mu. Na woyɛ akoa ma wo bɔne, a woda ɔbonsam nsam ne owuo ahoma mu. na wonni fahodie biara a wɔde bɛde wo ho wɔ saa afiaseda no mu, Nanso Yesu frɛɛ wo kɔɔ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ mu, na ɔde nadehye mogya no agye wo ama woanya fahodie. Na woayɛ wo nadamfo, na woayɛ wo adedifoɔ nso wɔ Nyankopɔn mma mu. Na Ne frɛ no yɛ adom ara kwa. Ɛno nti woafa mu deɛ ne sɛ wobɛfa No anaasɛ wobɛpo No. Na Yesu refrɛ nnipa nyinaa ɛfirisɛ ɔde Ne mogya no abɔ afɔreɛ ama bɔne nyinaa wɔ asɛndua no so. Nanso ɛnnyɛ nnipa nyinaa na wotie ne frɛ no, na wɔpɛsɛ wɔtena won bɔne no ara mu daa. Na wonim fahodie a Onyankopɔn mma wɔ. Kristo afrɛ wo sɛ bɛnya fahodie fri wo bɔne mu na wɔne Onyankopɔn nya ayɔnkofa soronko. Ɛno nti bɔ mmɔden fa wo ho si hɔ na sua ɔdɔ wɔ woabrabɔ mu. Wo fahodie no kura botaeɛ baakopɛ, ɛne sɛ wɔbɛsom w'Awurade ne nnipa nyinaa wɔ ɔpɛpa mu. Na ɛnnyɛ ɔhyɛ so te sɛ akoa bi. Ɛfirisɛ Yesu firii Ne pɛ mu bɛyɛɛ ɔsomfoɔ maa yɛn wɔ ɔdɔ mu. Ɛno nti Ɔno ne yɛn nhwɛsoɔ, na woannhwehwɛ deɛ ɔno pɛ, na mmom ɔhwehwɛɛ nadɔfoɔ nyinaa nkɔsoɔ.

Na ɔrehwehwɛ sɛ yɛn nso bɛyi ɔdɔ ɛdi akyerɛ yɛn yɔnkonom, te sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwe ne ndwan no. Nanso ɛsanesɛ yɛn ahoɔden sua nti no, onipa biara nntumi mmma ne yɔnko fahodie mmfri ne bɔne mu. Ne saa nti Yesu hyɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpeɛ wɔ ne din no mu. Na sɛ yɛbɔ mpaeɛ wɔ Yesu din mu a ɔbɛkyerɛ deɛ woagye no nkwa no kwan ama woayini wɔ Honhom mu, na woama won deɛ ɛhia won nyinaa wɔ nipadua mu, ne ɔkra mu, ne honhom mu nso, na Awurade bɛgye won mpaebɔ so wɔ sɛdeɛ nadɔeɛ teɛ mu. Na mpaeɛ a ɛde mmuaeɛ ba no ahintasɛm ne ɔdɔ. Na sɛ wɔde ɔdɔ honhom bɔ mpaeɛ ma wo ndamfonom a, Yesu nso bɛkyerɛ wo wo bɔne a ahinta no nyinaa, na obɛdi woanim akɔ abrabɔpa mu ne akoma a ɛbubuo ne ahobrɛaaseɛ mu. Na Awurade bɛgye wo mpaebɔ so, sɛ wobisa no nkwagyeɛ ne kronkronyɛ abrabɔ a, na ama woatumi aka asɛmpa akyerɛ wo nnamfonom. Ɛno nti yɛhyɛ wo nkuran sɛ hyɛ wo ho den wɔ mpaebɔ mu. Yesu bɔhyɛ no ɛnnyɛ nkuguo na mmom Ne bɔhyɛ no yɛ abasoɔ papa a ɛnni ɛwieɛ. Na obiara a ɔbɛgye wo mpaebɔ ne woa-dansedie ɛdi no, bɛnya daa nkwa, na obɛtwam afri owuo mu akɔ nkwa mu.

Wɔ wo gyidie nyinaa mu no, ne wo mpaebɔ mu, ne woadansedie nyinaa mu no, Yesu hyɛ wo sɛ dɔ wo yɔnko wɔ woakoma nyinaa mu, wɔ nidie ne ɔdɔ kan mu. Na nya won ho boasetɔ, wɔ won suban bɔne nyinaa mu mpo. Nya ɔdwoɔ honhom wɔ won mu, sɛdeɛ Onyankopɔn ne wo die wɔ boasetɔ mu no. Hunu no wɔ Onyankopɔn dɔ kanea no mu sɛdeɛ ɔdɔɔ wiase wɔ na-mumuyɛ ne atantandeɛ nyinaa mu. Na bɔ mmɔden sua ɔsompa, ne afɔrebɔ, nya boasetɔ na tie na ma ɛho mmuaeɛ pa. Awurade dɔ no nhyeren wɔ wo mu.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase, ɛfirisɛ woagye yɛn afri bɔne nkondua mu, na woayɛ yɛn mma adɔfoɔ. Boa yɛn ma yɛnsua sɛdeɛ yɛdɔ obiara sɛdeɛ wo nso wodɔɔ yɛn no. Yɛyi wo ayɛ, na yɛde yɛn ho hyɛ wo nsa. Yɛsrɛ wo sɛ wobɛkyerɛkyerɛ yɛn osetie, na ama yɛatumi asow ɔdɔ aba bebree.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn na Yesu maa won a woayɛ bɔne nkoa no danee bɛyɛɛ nadɔfoɔ?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 01:40 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)