Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 093 (The world hates Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
D - Ɔne Won Dii Nkra Wɔ Mberɛ A Wɔrekɔ Gesɛmani No (Yohanne 15:1 - 16:33)

3. Wiase yi tan Kristo ne Nasuafoɔ no (Yohanne 15:18 – 16:3)


YOHANNE 15:18-20
18 "Sɛ wiase tane mo a, monhunu sɛ watane me kane ansa na ɛretane mo. 19 Sɛ mofiri wiase a, anka wiase bɛdɔ ɔno ara ne deɛ; na sɛ momfiri wiase na mayi mo afiri wiase yi, yei nti na wiase tane mo. 20 Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m'asɛm so a, wɔbɛdi mo deɛ so bi."

Yesu yii Ɔne Agya no nkutahodie ne ayɔnkofa soronko a ɛda won ntam no ɛdi kyerɛeɛ akyiri no, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma Honhom ntamgyinafoɔ no aba no, ɛfei osiesiee won sɛdeɛ ɛbayɛ a wobɛtumi agyina wɔ wiase yi tan a wɔbɛtan won no mu.

Wiase yi tan Kristofoɔ nhyiamudie. Na wɔde ɔtan na ɛdi wiase yi so, na ɔdɔ na ɛhwɛ Kristofoɔ nhyiamudie so. Nanso Yesu annyi nasuafoɔ no ammfri wiase yi mu annkɔ asaase foforo bi a anigyie ahyɛ so ma. Na mmom ɔsomaa won kɔɔ wiase bɔne yi ara mu, na Ne dɔ no na ɛbɛdi ɔtan nyinaa so. Na saa adwuma yi nnyɛ adwuma ketewaa na mmom ɛyɛ honhom mu ɔko. Na won a wɔde ɔdɔ yɛ adwuma no nnipa po won, wɔ mberɛ mpo a wɔsom mu, a ɛnnyɛ won ankasa nti, na mmom ɛyɛ ahonhom fi a wɔsɔre tia Yesu anom nsɛm na ɛne won di ɛsie. Na won Awurade, no a odimu' wɔ ɔdɔ ne pɛyɛ mu ne nyansa nyinaa mu no nso hyiaa ɔtan kɛseɛ kosii owuo mu. Na wɔ saa ɔtan kɛseɛ yi nyinaa mu no, woanndwane ammfri ɔko no anim ne wiase yi mu, na mmom owuiɛ wɔ ɔdɔ mu maa won a wɔteetee no no mpo.

Yɛn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ɔbɔfoɔ; na bɔne ahyɛ yɛn akoma mu ma. Nanso Kristo adom nti, Honhom foforo abɛtena yɛn akoma mu. Na adwene sakyera asekyerɛ ne sɛ onipa asesa nadwene afri namumuyɛ mu. Na deɛ wofri Honhom mu awo no no mmfri wiase yi mu na mmom ofri Awurade. Na oyii yɛn firii saa wiase yi mu. Ɛdin "Asɔre" asekyerɛ ne sɛ nkurɔfokuo a woayi won afri wiase yi mu, sɛ wonbɛdi dwumadie soronko. Ɛno nti wiase rehwɛ Asɔre no sɛ ɛno ne mmuaeɛ no. Na saa ɔfrɛ yi de mpaapaemu kɛseɛ ba abusua mu wɔ ɔhaw ahorroɔ mu sɛdeɛ ɛbaa Yesu so wɔ (Yohane 7:2-9) no. Wɔ ɛyi mu no, obiara a ɔtena Kristo mu no hia nyansa soronko ne ahobrɛaaseɛ de agyina ɛdwoodwoo ne ɔtaa a ɛbɛba no so no ano. Na sɛ wohunu wo ho wɔ saa tebea yi mu a, mmma wo werɛ mmfri sɛ Yesu nso kɔɔ saa tebea koro no ara mu bi. Nanso ɔdɔɔ won, na ɔsaa won yarewa nyinaa, na wɔbɔɔ no asɛndua mu sɛ ɔdebɔneyɛni.

Yesu wɔ bɔhyɛ kɛseɛ ma wo, sɛ nnipa bɛyɛ wo ayayadeɛ na wɔde wo bɛfa amaneɛhunu mu na wɔne wo bɛko, na ɛbinom nso bɛyɛ aso atie woa-dansedie no, sɛdeɛ wotiee Ne deɛ nso no. Na sɛdeɛ asɛm no mu tumi bɔ wuraa dodoɔ no ara mu maa wonyaa gyidie ne ɔdɔ na ɛsoo aba pa wɔ atiefoɔ no mu no, saa ara nso na woa-dansedie no bɛyɛ na ɛde daa nkwa aba woatiefoɔ no mu. Kristoni biara yɛ Kristo ananmusi wɔ saa wiase yi mu. Ɛno nti fa wo soro frɛ no yɛ adwuma.

YOHANNE 15:21-23
21 "Na yeinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ ɔsomaa me no. ɛfom a wɔfom tia hann no 22 Sɛ mamma mammɛka mankyerɛ wɔn a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔnni wɔn bɔne ho anoyie. 23 Deɛ ɔtane me no tane m'Agya no nso."

Yesu dii kan ka kyerɛɛ nasuafoɔ no sɛ, sɛ ofri wiase yi mu foro kɔ soro a nnipa de ayayadeɛ ne ɔtaa kɛseɛ bɛba won so wɔ Ne din nti. Na Jewfoɔ no nnhwehwɛ sɛ wobɛhunu Mesaia no sɛ obi a ɔdwoɔ bɔkɔɔ tesɛ odwammaa, na mmom na wɔhwɛ kwan sɛ wobɛhunu no sɛ obi a ɔyɛ amanyɔni a ɔwɔ akokoduro a tutrasɛmdie ahyɛ no ma a obɛdi won anim ako agye won afri won atanfoɔ no nkondua mu, Na saa nndaadaa yinom na ɛfaa won adwene nomum na ɛmaa won anntumi annhunu Onyankopɔn nokorɛsɛm no ne Ne tumidie no mu yie. Na ɛfei nso won anntumi annhunu nsonsonoeɛ a ɛda Nyamesom ne ɔman no ntam; na wonyaa asraafoɔkuo nyame. Na won anntumi annhunu yɛn Awurade Yesu n'Agya no, a ɔyɛ ɔwerɛhyehyefoɔ ne asomdwee Nyankopɔn no. Ɛyɛ nokorɛ sɛ otumi ma kwan ma ɔko ba - sɛ asotwe, nanso saa ɔkosɛm no nntumi nkyekyere n'Ahennie wɔ mpuntuo mu. Na mmom no ɛyɛ Honhom no na ɛkyekyere n'Ahennie wɔ nokorɛ ne ahoteɛ mu.

Kristo baaeɛ sɛ ananmusi a ogyina n'Agya no ahyɛdeɛ ne ne nhyehyɛeɛ ananmu pɛfee, nanso Jewfoɔ no poo ɔdɔ Honhom no ne nkabom no koraa. Na mmom no wɔde atutrasɛmdie ne ɔko na ɛsii won anisoɔ. Amanaman biara a woangye Kristo a ɔyɛ asomdwee Hene no anntom no, won ara nso bɛtɔ animguaseɛ kɛseɛ mu tesɛ Jewfoɔ no ara. Yɛn bɔne a yɛyɛ no nnyɛ yɛn sintɔ kɛkɛ, na mmom ɛyɛ ɔtan kɛseɛ a yɛyi no ɛdi tia Onyankopɔn na ɛfei nso ɛyɛ ɔpo a yɛde po N'asomdwee Honhom no nso.

Adeɛ nti a nnipa po Yesu ne sɛ, n'Ahennie ne n'asomdwee no yɛ deɛ ahinta won wɔ Onyankopɔn nokorɛ nimdieɛ mu. Na nnipa hunu won nyame wɔ won ankasa nsusuiɛ mu ne nnoɔma a atwa won ho ahyia mu. Nanso Yesu yii Onyankopɔn a ɔdɔ ahyɛ no ma kyerɛɛ yɛn. Ɛno nti obiara a ɔbɛpo saa ɔdɔ no, hwehwɛ atutrasɛm ne ɔsɛeɛ, na obiara nso a ɔpo Kristo no, ɔpo nokorɛ Nyankopɔn no nso.

YOHANNE 15:24-25
24 "Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ da wɔ wɔn mu a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔahunu, nanso wɔatane me ne m'Agya. 25 Na ɛyɛɛ hɔ, na asɛm a wɔatwerɛ no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtane me kwa. Honhom fam hann ne wiase ha adansedie'."

Yesu ka kyerɛɛ won sɛ sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ Agya na woayi No ɛdie akyerɛɛ nnipa nyinaa no ɛno ara na ɛbɛbu won a wɔpo Ne Honhom no die no nyinaa atɛn, ɛyi ne Ne nsɛnkyerɛnne bebree a woada no ɛdie akyerɛ won no. Na obiara nni wiase yi mu a obɛtumi asa nyarewa tesɛdeɛ Yesu yɛɛeɛ no, na otutuu ahonhom mɔne no, na ɔmaa po asorɔkye yɛɛ dinn no, na ɔmaa nnipa mpem mpem aduanne diiɛ no, na oyanee awufoɔ no. Na Onyankopɔn de no yɛɛ adwuma wɔ nsɛnkyerɛnne ne awawadeɛ mu de dii adanseɛ sɛ ɔreyɛ ade foforoɔ. Nanso Jewfoɔ no anntumi annhunu biribi soronko wɔ Ne nsɛnkyerɛnne no mu, ɛfirisɛ wobuu ne nsɛnkyerɛnne no sɛ ɛmmfa mfasodeɛ biara mmerɛ won amanyɔsɛm ne won abrabɔ mu mpuntuo wɔ ɔman no nyinaa mu. Nanso wohunuu Ne dɔ mu tumi no, saa ndwuma koro no ara bɛyɛɛ sintiduato maa won, ɛfirisɛ won anngye Agya no ɛnndi. Na sɛdeɛ Jewfoɔ no sii Honhom Kronkron no kwan wɔ won kra mu no, saa ara nso na ɛnnɛ nnipa mpem mpem bebree nso da honhom mu afiase na wɔsɔre tia Onyankopɔn. Na won a woammpaemu nnka sɛ Kristo no yɛ Onyankopɔn Ba no sɔre tia nakyidifoɔ no nso, na wonnim Onyankopɔn nokorɛfoɔ no nso, na wɔkɔso ara tena won bɔne mu, na wɔka abususɛm de tia Honhom Kronkron no. Nanso ɛyinom nyinaa mu no, Yesu anntwe won aso, na ɔkɔɔso faa ne nkoa so yɛɛ nsɛnkyerɛnne ahorroɔ wɔ won ntam. Onua Barima, siesie wo ho ɛfirisɛ wobɛhyia saa honhom yi a ɛkotia no, na bisa wo Awurade sɛ ɔnhyɛ wo den na woatumi agyina, wɔ boasetɔ ne ɔtwɛn mu wɔ amaneɛhunu mu.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, sɛ woyɛɛ woadwuma wɔ nokorɛ mu kɔɔ ɛwieɛ na woannhwɛ ɔtan ahorroɔ a wofaa mu. Kyerɛkyerɛ yɛn nso na yɛatumi adɔ yɛn atanfoɔ, na ama won anya nkwagyeɛ. Won a woapaw won no yɛsrɛ wo sɛ wobɛbue won akoma mu ama won atumi ate wo nne na won ayɛ woapɛdeɛ, na won ahunu wo awerɛkyekye Honhom no. Kyerɛ yɛn kwan; na fa wo tumi no hyɛ yɛn ma wɔ boasetɔ mu.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na wiase yi tan Yesu ne Nadɔfoɔ?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 01:44 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)