Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 127 (Miraculous catch of fishes; Peter confirmed in the service of the flock)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)
5. Yesu daa Ne ho ɛdi wɔ nsutareɛ no ho (Yohanne 21:1-25)

a) Mpataa bebree yie nsɛnkyerɛnne (Yohanne 21:1-14)


YOHANNE 21:7-8
7 ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ, “ɛyɛ Awurade a!” ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n'atadeɛ kyekyeree ne ho soɔ, ɛfiri sɛ na ɔda adagya, na ɔtoo ne ho hwee ɛpo no mu. 8 Na asuafoɔ a aka no nam kodoɔ kumaa no mu bae, na wɔne asase so nware, na ɛbɛyɛ basafa ɔha, na wɔtwee asau no ne mpataa no.

Asɛmpakani no hunuu saa su yi ɛkwan soronko so. Na wɔhunuu sɛ, ɔnnyɛ onipa hunu bi kɛkɛ, na ɔno ne Yesu no. Yohane ammɔ ne din Yesu, na mmom ɔfrɛɛ no "Awurade".

Afei yei maa Petro kaeɛ sɛ, Kristo rekyerɛkyerɛ adesua a ode po mu nam yi de reye mfantoho. Na ɔkɔfaa n'atadeɛ hyɛeɛ ɛfiri sɛ na ɔmpɛ sɛ ɔde ne ho bɛto so wɔ ne wura anim. Afei ɔdware nsuo no kɔɔ ne wura nkyɛn. Na ɔgyaa ne hɛmma no ne namfonom hɔ. Ne werɛ firii bibiara ɛfiri sɛ na n'akoma ahunu Yesu.

Nanso Yohane kɔɔ so tenaa kodo no mu ɛwom mu sɛ na ɔdɔ Yesu te sɛdeɛ Petro nso dɔ no no. Ɛnti saa aberanteɛ yi ne ne namfonom firii akyirikiyri bɛhwɛɛ mpataa dodoɔ a woakye wɔn.

YOHANNE 21:9-11
9 Na wɔsii fam no, wɔhunuu nnyansramma a ɛnam gu soɔ ne paanoo. 10 Na Yesu see wɔn sɛ, “Momfa nam a moyii no seesei no bi mmra” 11 Simon Petro kɔe, na ɔkɔtwee asau no baa asase so; na mpataa akɛseɛ ɔha aduonum mmiɛnsa ayɛ no ma; wɔdɔɔso saa deɛ, nanso asau no antete.

Na asuafoɔ no duruu po no ano no, wɔhunuu sɛ wɔretoto nam bi wɔ hɔ. Ɛnti na saa gya no firi henefa, ɛnam no ne abɔdoo no? Ɔfrɛ wɔn firii akyirikyiri, a na wɔnnya biribiara nni. Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu ɛnam a woatoto no ɔkakyerɛɛ wɔn sɛ wɔn sɛ wɔn didi. Ɔyɛ owura ne adeɛ nyinaa. Na ɔmaa wɔn aduane no bi diiɛ. Ɛfiri sɛ ɔma kwan ma yɛtumi yɛ adwuma nya mu aba nso bi. So asuafoɔ no n'afotuo no anaa? anka ɛho nnhia sɛ anka Awurade bɛma wɔn aduane. Na anwanwasɛm ne sɛ, Awurade a ɔnnhia asase so aduane no brɛɛ ne ho ase ne wɔn kyɛɛ aduane, na woahunu ɔdɔd a ɔwɔ ma wɔn.

Mpataa a ne dodo ye 153 no, wɔ tete mmerɛ mu no kyerɛ sɛdeɛ Yesu kaeɛ sɛ, "mommyi nnipa korɔ pe ara, na mmom momkɔ amanman mu nso" Na wɔn nyinaa pɛ sɛ wɔkɔ Onyankopɔn ahendie mu. Na sɛdeɛ asew no anntete no, saa nso na asafo no gyidie ne wɔn anidasoɔ wɔ honhom Kronkron mu no nsa, mpo sɛ asafo mma no bi annya ɔdɔ ama wɔn ho mpo a, nokorɛ asafo no bɛkɔso ayɛ ne deɛ kosi daa.

YOHANNE 21:12-14
12 Yesu see wɔn sɛ, “Mommra mmɛka mo ano.” Nso asuafoɔ no mu biara antumi ammisa no sɛ, “Woyɛ hwan?” Na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade. 13 ɛnna Yesu bɛfaa paanoo no de maa wɔn, ɛne apataa no saa ara. 14 Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu nyane firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho kyerɛɛ asuafoɔ no.

Yesu boa N'asuafoɔ no ano maa Ne gya a osoe de yii odɔ kyeree won no mu. Na obiara anka hwee ɛfiri sɛ na obiara nim sɛ ɔyɛ Awurade. Na wɔpɛ sɛ wɔgye no tom nanso na wɔsuro. Yesu hyiraa wɔn wɔ berɛ a ɔkyɛɛ aduane no maa wɔn no. Afei ɔde wɔn mfomsoɔ kyɛɛ wɔn na ɔyɛɛ wɔn foforɔ. Na asuafoɔ no nyinaa tenaa ase wɔ Awurade mu daa ɛfiri sɛ, sɛ ɛnyɛ ne n'apam ne ne nokorɛdie a, anka wɔn nyinaa bɛyera. Na wɔn gyidie sua. Woampo wɔn na mmom ɔhyɛɛ wɔn den wɔ ne tumi mu. Ɛnti saa nso na Yesu ne N'agya hyɛ wo sɛ di ne ho adnseɛ, ɛmmfa ho ne wo bɔne ne w'akoma wuo ho. Yei ne kwan a Yesu faa so yɛɛ n'adwuma wɔ berɛ a owu sɔreɛ no akyi no.


b) Osii Petro so dua wɔ akra yie adwuma mu (Yohanne 21:15-19)


YOHANNE 21:15
15 ɛnna wɔdidi wieeɛ no, Yesu see Simon Petro sɛ, “Simon, Yohane ba, wodɔ me sene yeinom?” ɔsee no sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu see no sɛ, “Yɛne me nnwammaa.”

Yesu nam asomdwoeɛ nsɛm so de asuafoɔ no mfomsoɔ kyɛɛ wɔn ne Petro nso. Nanso Petro po a ɔpoo Yesu no hia nkyerɛkyerɛ soronko. N'ahunu mmɔmɔrɔ nam n'anom asɛm so. deɛ ɔso akoma hwɛ no. Na woanka biribiara ammfa Petro nneyɔeɛ no ho sɛ ɔnsesa n'awdene mpo. Na ɔfrɛɛ Petro sɛdeɛ ɔteɛ no ara, sɛ, Simon ba Yona san fa woabrabɔ dada no ara.

Saa nso na Yesu rebisa wo ɛnnɛ yi sɛ, wo dɔ me anaa? so wode me nsɛm no asie agye me bɔhyɛ no nso adi anaa? so woahunu me abɛn me anaa? so wode ho nyinaa ama me, wo bere ne woahoɔden nyinaa anaa? so wo dwene me ho sɛ yɛbɛyɛ baako anaa? so wo hu me woabrabɔ mu?"

Afei Yesu bisaa Petro sɛ, "wo dɔ me sene yeinom anaa?" nanso Petro annyi ano, "Daabi, Awurade, ɛfiri sɛ me nnyɛ papa kyɛne afoforɔ; ɛfiri sɛ me poo wo, nanso Petro de akokoduro kaa sɛ, aane me dɔ wo. Ɔnam kasa foforɔ so kyerɛɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Yesu. Na ɛnnyɛ ɔdɔ a ɛfiri Honhom Kronkron mu na mmom gyedie ne akokoduro mu.

Yesu ampo Petro wɔ ɔdɔ a ɔnni no ho, na mmom ɔkaa Awurade ho yii ne dɔ adi wɔ ɔno ne n'asuafoɔ no mu. Yesu hyɛɛ N'asuafoɔ no sɛ wɔnhwɛ ne mma nkumaa no so wɔ gyidie sonoko mu. Onyankopɔn adwamaa no apa ndwan ama ɔno ara ho. So woayɛ krado sɛ wobɛsom saa ndwan yi, ne ɔn aso aba, adi wɔn anim atete wɔn, anaa wobɛpɛ bebree afiri wɔn kyɛn sene deɛ wɔbɛtumi anya anaa? anaasɛ woagya wɔn akyridie ma woayerayera anaa? Na Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ ɔmfa mmabunu nyinaa mmra gyidie mu yei deɛ ɛdi kan.

YOHANNE 21:16
16 Yesu see no ne mprenu so sɛ, “Simon, Yohane ba, wodɔ me?” ɔsee no sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Hwɛ me nnwan”

Na Yesu ampɛ sɛ Petro bɛbua nsɛm yi ano ntam so sɛ, aane me dɔ wo wɔ berɛ a Yesu bisaa no sɛ, wodɔ me no? So wodɔ no nyɛ nnipa dɔ ne ahohiahia? So wodɔ no firi atenka mu anaa ɔpɛpa mu?

Saa asɛmmisa yi wuraa Petro akoma mu ma no buaeɛ sɛ, “Awurade wonim biribiara ɛfiri sɛ wonim me mmerewyɛ ne me ahoɔden nyinaa. Me dɔ da adi pafee, na m'ayɛ krado sɛ me de me nkwa bɛto hɔ ama wo. Nanso m'adi nguguo na me san adi bio. Nanso woahunumɔmmɔrɔ ayi me dɔ a me wɔ ma woɔ no adi.”

Na Yesu gyee Petro nsɛm no dieɛ, nanso ɔkaa ssɛ, “Sɛ wodɔ me a ɛnneɛ dɔ asafo mma no nso. Na ɔhwɛsodwuma no nna sam. Ɛfiri sɛ ɛbinom yɛ asoɔdenfoɔ, ne angyedifoɔ a wɔrebɔ wɔn bra sɛdeɛ wɔpɛ. Woayɛ krado sɛ wobɛsoa me ndwan no wobɛtiri so na woayɛ ɔhwɛfoɔ? Ɛdeɛ na woyɛ wɔn hwɛfoɔ ampa.”

YOHANNE 21:17
17 ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ, “Simon, Yohane ba, wodɔ me?” ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ, “Wodɔ me?” Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ, “Yɛne me nnwan”

Petro poo ne n'Awurade mprɛn mmiensa so, ɛnti Yesu bɔɔ N'akoma mu pono mmiensa so hwɛ sɛdeɛ Petro dɔ fa. Na ɔmaa no hunuu ɔdɔ sonoko a ɛfiri Honhom Kronkron mu no sɛdeɛ Petro ani bɛba ne ho soɔ. Nanso woanntumi anngye kɔsi berɛ a Honhom Kronkron no baa wɔn so wɔ Twam afahyɛ no ase no. Na ɔkɔɔ so ara bisaa sɛ, so wobɛn me sene sɛdeɛ nnipa nyinaa bɛn me no, kɔsi sɛ wobɛtumi de wo nkwa ato hɔ ama nkwagyeeɛ? wɔ ne mprɛsa soɔ no, Petro bua no aniwuo ne awerɛhoɔ mu sɛ, Awurade nim N'akoma mu.

Na Petro paemu kaa sɛ Yesu yɛ nokwafoɔ sɛ odikan ka kyeree no se opepo No mprensa ɛfirisɛ Kristo nim biribiara. Ɛnti Petro frɛɛ no sɛ ɔyɛ nokorɛ Onyankopɔn, a ɔnim nnipa nyinaa nneyɔeɛ. Yei ne nsɛm a ɔde maa Petro sɛ ɔdwanhwɛfoɔ.

Wo yɛ ɔdwanhwɛfoɔ anaa? Na se mpataku ne ahonhomɔne reba ndwankuo no a wotumi hunu anaa? Na kae sɛ yɛn nyinaa yɛ adebɔneyɛfoɔ a yense mfata annuoyam bi sɛ anka yebekyerɛkyere Onyankopɔn mma mpo, gye sɛ yɛasoa asɛnnua no. Na ɔdwanhwɛfoɔ biara hia bɔne fafiri sene ne ndwan; ɛfiri sɛ wɔtaa bu wɔn ani gu deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ so.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu Kristo, wo ne ɔdwanhwɛfoɔ pa no. Na wo frɛɛ me sɛ me mmɛyɛ ɔdwanhwɛfoɔ, na woannanaa me. Na me di woakyi daa. Na woayi ɔdɔ sonoko akyerɛ me. Na me de wɔn hyɛ wo nsa, na me srɛ sɛ ma wɔn daa nkwa, na kora wɔn wo nsam; na obiara anngye wɔn, na te wɔn ho na ma wɔn ahobreaseɛgyidie ne anidasoɔ a ɛde kɔ ɔdɔ mu. Na wo werɛ refiri me na kyerɛ me ɔdɔ a ɛkyɛne so.

NSƐMBISA:

  1. Ɛdeɛ bɛn na ɛyɛɛ wo wawa faa Yesu ne Petro nkutahodie mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 10:44 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)