Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 128 (Peter confirmed in the service of the flock)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)
5. Yesu daa Ne ho ɛdi wɔ nsutareɛ no ho (Yohanne 21:1-25)

b) Osii Petro so dua wɔ akra yie adwuma mu (Yohanne 21:15-19)


YOHANNE 21:18-19
18 “Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ, woyɛ aberanteɛ no, wobɔɔ abɔsoɔ, na wokɔɔ faako a wopɛ; na wonya bɔ akora a, wobɛtene wo nsa, na obi abɔ wo abɔsoɔ, na ɔde wo akɔ faako a wompɛ.” 19 (ɔkaa yei de kyerɛɛ owu ko a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam.) Na ɔkaa yei no, ɔsee no sɛ, “Di m'akyi”

Yesu tee Petro ase, ɛnam n'akoma pa ne n'atenka nti. Yɛntaa hunu saa suban yi wɔ mmabunu mu, ɛfiri sɛ, sɛ wɔnya Honhom Kronkron no a na wɔrepɛ mtam sɛ wɔde bɛgye afoforɔ nso. Nanso wɔyɛ no nnipa nimdeɛ mu, ɛnyɛ Yesu nkyerɛkyerɛ mu a ɛnam kwan pa so a ɛyɛ mpaebɔ ne ɔdwoɔ nkabom mu.

Nanso Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ Petro bɛnyini wɔ honhom mu na ɔde ne ho nyinaa ama Awurade wɔ ɔdɔ mu na woayɛ deɛ Kristo pɛ nyinaa.

Ɛnti Petro tenaa Yerusalem a woannkɔ amanman mufoɔ no hɔ. Na wɔkaa no mpre de no too afiase mpɛn bebree; na ɛberɛ bi mu no, Awurade bɔfoɔ yii no firii afiase. Na Honhom Kronkron no de no kɔɔ Konelo fie, na ɛhɔ na ɔhunuu sɛ Honhom Kronkron no bɛtumi aba amanman mufoɔ nso a na wɔn ho nteɛ nso so. Na saa asɛmpa yi buee kwan maa wiase nyinaa.

Na wɔyii no firii Herodi afiase no akyiri no, Petro kɔɔ asafo no nyinaa mu wɔ berɛ a wɔde Paul too afiase no akyiri no. Na akristofoɔ mpaninfoɔ no kɔ sraa amanmamn mufoɔ no nam asɛmpa no so hyɛɛ wɔn nkuran sonoko. Na abakwasɛm kyerɛ sɛ, owueɛ wɔ Roma ɛnam Neronafoɔ ateeteɛ mu nti. Na ɔbrɛɛ ne ho ase wueɛ sɛdeɛ ne wura nso wuueɛ no, na ɔpaa wɔn kyɛw sɛ wɔmmɔ no asɛnnuam na wɔnnsi ne ti ase. Yesu ani gyeeɛ wɔ berɛ a ɔkaa sɛ Petro bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ ne wuo mu.

Petro yii no adi kyerɛɛ Yesu sɛ, ɔde ne nkwa bɛto hɔ ama Awurade. Na Yesu kaa sɛ, seisei deɛ worentumi nni m'akyi na mmom akyiri yi. (Yohane 13:36). Na Yesu de tumi ne ne honhom maa N'asuafoɔ no maa wɔ yɛɛ baako wɔ Agya no ne Honhom Kronkron mu. Na ɔmaa wɔn nyinaa faa ne berɛ ne ne wuo mu de hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Asɛmpa no mu anuonyam no nyɛ wiase adeɛ, na mmom ɔberɛ ne asɛnnua no ho wuo ma dodoɔ a wɔdɔ yɛn. Petro antumi anhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ ɔno ara ne pɛ mu, na mmom Kristo mogya no ne Honhom Kronkron no mu tumi no tee ne ho ɛfiri sɛ ɔpaa ne ho akyi tenaa ase maa ne wura de ne wuo hyɛɛ no anuonyam.

Afei Kristo hyɛɛ Petro sɛ, "Di Makyi!" kɔ si sɛ wɔdii n'akyi wɔ nkwa ne owuo mu mpo a yɛbɛso aba na yɛadɔ afoforɔ na ate Agya no din ho daa.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu Kristo, yɛda woase sɛ woammpo Petro, ɛwom sɛ ɔpoo wo deɛ, nanso wofrɛɛ no sɛ ɔnhyɛ Ɔkrokronni no anuonyam nkwa ne owuo. Fa yɛn nso, na te yɛn na yɛayɛ deɛ wo pɛ, adi woahyɛdeɛ so, adɔ yɛatanfoɔ, ayɛ ɔsetie daa wɔ gyidie mu, na yɛabrabɔ ahyɛ wo anuonyam.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Petro faa so hyɛɛ Onyankopɔn annuoyam?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 10:47 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)