Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 123 (Jesus appears to the disciples with Thomas)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)

3. Yesu yii Ne ho ɛdi kyerɛɛ asuafoɔ no a na Thomas ka ho (Yohanne 20:24-29)


YOHANNE 20:24-25
24 Na Toma, dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Ata no, nni wɔn mu na Yesu baeɛ. 25 ɛnna asuafoɔ no see no sɛ, “Yɛahunu Awurade.” Na Toma ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ manhunu ne nsam nnadewa no ananmu, na mamfa me nsateaa manka nnadewa no ananmu a, merennye menni.”

Ndwene sɛ nsɛm nyinaa na ɛtia Honhom Kronkron no; na ɛnnyɛ obiara nso a ɔpo woadansedie no na woayera. Ɛyi mu no Yohane kyerɛɛ sɛ nnoɔma ahorroɔ a ɛsisiiɛ wɔ adaduanan no mu ansana Yesu kɔɔ soro no, adeɛ soroonko bi siiɛ. Na ɛno na ɛkyerɛ sɛdeɛ gyidie yɛ adwuma wɔ nipa mu, a ɛmmfri ndwuma mu, anaasɛ nimdieɛ mu, na mmom ɛyɛ adom ne mmɔborohunu nko.

Na thomas yɛ okyingyɛgyefoɔ, na ɔpɛ ɔde naniwa hunu ansana woagye ɛdi. Na ɛfei nso ɔhwehwɛ nnoɔma mu yie pɛɛpɛɛmu hunu nokorɛ a ɛwɔ mu ansa (Yohane 11;16 14;5). Na ɔdwene nnoɔm yie, na woanya mbuaeɛ pa wɔ nadwene mu. Ohunu sɛ Kristo awu na woahwere no wɔ nabrabɔ mu. Na oni asuafoɔ no nkyen, wɔ Kwasiada a ɛdikan no mu, ɛno nti woahu Yesu mberɛ a ɔbaa nakyidifoɔ no nkyen wɔ Newusɔreɛ akyi no.

Ɛyɛ bi a na Thomas ne won gyee akyingyɛ sɛ ahonhom mmɔne bi na ayi ne ho ɛdie akyerɛ won- a woayi Kristo no nipadua na ɔpɛsɛ ɔde bɛdaadaa won. Ɛno nti ɛnnyɛ wawa sɛ, ɔkaa sɛ ɔpɛsɛ ohunu ne nsam ndadewa ansana woagye ɛdi, sɛ Yesu ankasa na aba no. Agyesɛ woahunu ndadewa a wɔde bobɔɔ Ne nan mu ne Ne nsa mu nyinaa ansana woagye ɛdi. Na ɛyi mu no, ɔne Onyankopɔn dii apreapereɛ ansana ɔregye die, na ɔpɛɛsɛ ohunu ansana woanya awerɛhyem.

Ɛno nti ɔsan kɔɔ asuafoɔ no nkyen, a na won ani agye bebree sɛ won ahunu sɛ Kristo no asɔre afri awufoɔ bio no. Na ɔno deɛ, na ne werɛ ahow, na ɔkaa sɛ ɔpɛsɛ ohunu yie sɛ Yesu asɔre ampa ara a.

YOHANNE 20:26-28
26 Na ɛno akyiri nnawɔtwe, na n'asuafoɔ no wɔ ɛdan mu bio, na Toma ka wɔn ho. Na Yesu bae, nso na apono no mu atoto, na ɔbɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔkaa sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo” 27 ɛnna afei ɔsee Toma sɛ, “Fa wo nsateaa bra ha na bɛhwɛ me nsamu, na fa wo nsa bɛka me mfe mu, na nyɛ okyinnyegyefoɔ, na gye di” 28 Toma bua see no sɛ, “M'Awurade ne me Nyankopɔn!”

Wɔ nawodwe akyiri no, Yesu yii Ne ho ɛdi kyerɛɛ nasuafoɔ no bio. Na wɔdaso suro ara nti won ato won ho mu wɔ dan mu. Kristo de Ne wusɔreɛ nipadua no bɔ wuraa dan a won atoto mu no kɔɔ won nkyen, a ɛnnyɛ dede biara koraa. Na ɔde nasomdwee hyiraa won, na ɔmaa won bɔne fakyɛ wɔ won mmerɛyɛ mu.

Thomasa hunuu n'Awurade na ɛyɛɛ no wawa pii, na ɔtee Ne nne. Na Yesu hunuu won nyinaa, na ɔde nani hwɛɛ Thomas akyingyɛgyeɛ no wɔ Ne Nyamesu mu. Na ɔka kyerɛɛ Thomas a ohinhim wɔ gyidie mu no sɛ ɔmfa ne nsa mbɛka No, a ɛnnte sɛ deɛ ɔka kyerɛɛ Maria Magdalene kane no, na mmom ɔsee no sɛ, “Fa wo nsa ka me na hunu sɛ ɛyɛ me, meyɛ onipa ankasa, a maba mo nkyen.” Yesu annka annkyerɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka No kɛkɛ na mmom sɛ “Ɔbɛban No na woaso No mu na ɔde ne nsa aka ndadewa a wɔde bobɔɔ No no ananmu na woagye ɛdi sɛ ɛyɛ Ɔno ankasa.”

Na ɔhyɛɛ no den sɛ obɛtumi ɛdi anngye-ɛnndie so nkunim. Yesu hwehwɛ yɛn sɛ yɛbɛnya Ne mu awerɛhyem prekopɛ, ɛfirisɛ Ɔno na wɔsɛn No wɔ asɛndua no so, na ɔsɔreeɛ, na ɔforoo kɔɔ Onyankopɔn nkyen na ɔbɛsan aba bio, ne nyinaa yɛ yɛn mfasoɔ ntia. Na obiara a ɔbɛpo saa nokorɛ yi no ma No yɛ ɔtorofoɔ.

Ɔdɔ a Awurade yii no ɛdie kyerɛɛ Thomas no maa nakoma bubuiɛ, na ɔkaa asɛm a (Ɛbɔ ne mpaebɔ nyinaa tɔfa) a ɛyɛ mpaemu ka kɛseɛ onipa de kɔ Yesu anim, sɛ “MA AWURADE NE ME NYANKOPƆN!” N ohunu sɛ, ohia nokorɛ no sɛ, Yesu nnyɛ Onyankopɔn Ba kɛkɛ na mmom ɔyɛ Awurade ankasa, a ɔwɔ Onyakopɔn ankasa a woaba wɔ nipadua mu. Onyankopɔn yɛ baakopɛ, a ɛyɛ nokorɛ. Na Thomas frɛɛ Yesu sɛ Nyankopɔn, na onim sɛ saa Ɔkronkronni yi rembu no atɛn sɛ woanngye anni, na mmom no ɔbɛma no adom a ɔde bɛso Awurade mu yie. Na Thomas frɛɛ No sɛ Awurade, na ɔde nabrabɔ a ɛtwam ne ne daakye nyinaa ahyɛ n'Agyenkwa no nsam, na woagye nsɛm a Yesu kaaeɛ nyinaa ɛdi. Onua barima, dɛn na wɔka? So wone Thomas adansedie no yɛ adwene anaa? So deɛ ɔsɔre frii awufoɔ mu no aba wo nkyen, na Ne tumiyɛ no ayɛ wo dea ama woadi wo anngye anndie nyinaa so? Fa wo ho to Ne mmɔborohunu so na paemu ka wo bɔne kyerɛ No, “Ma Awurade ne me Nyankopɔn.”

MPAEƐBƆ: Yɛda wo ase, Awurade Yesu Kristo, woannpo Thomas a na ɔyɛ okyingyɛgyefoɔ no, na woyii wo ho ɛdi kyerɛɛ no. Ma yɛn abrabɔ nyɛ wo dea, na tew yɛn ho fri atoro tɛkyerɛma ho.

NSƐMBISA:

  1. Thomas mpaemuka no nkyerɛaseɛ ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 09:45 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)