Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 122 (Jesus appears to the disciples)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)

2. Yesu yii Ne ho ɛdi kyerɛɛ asuafoɔ no wɔ abansoro no so (Yohanne 20:19-23)


YOHANNE 20:22-23
22 Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na ɔsee wɔn sɛ, “Monnye Honhom Kronkron! 23 Wɔn a mode wɔn bɔne kyɛ wɔn no, wɔde akyɛ wɔn; na wɔn a momma wɔn bɔne tena hɔ no, wɔama no atena hɔ.”

Asuafoɔ no nyaa ahodasoɔ, sɛdeɛ Yesu ka kyerɛɛ won sɛ, Sɛdeɛ Agya no asoma Me no, saa ara nso na Me soma mo. Nanso won nyinaa too won ho mu hyɛɛ dan mu wɔ Jewfoɔ no ho suro nti. Na won ahoɔden nyinaa saeɛ, na wohunuu sɛ won ɛdi nguguo. Ɛno nti Yesu homee guu nasuafoɔ no so, sɛdeɛ Onyankopɔn home guu Adam soɔ no na ɔbɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ no. Wɔ saa homeɛ yi mu no, Yesu kyerɛɛ won sɛ ɔyɛ ɔboadeɛ; na ɔmaa asuafoɔ no bɛyɛɛ abɔdeɛ foforo, na ɔka kyerɛɛ won sɛ Ne Honhom ne ɛmu tumi bɛba won so, na ama won anya Agya no suban wɔ won mu.

Na asuafoɔ nyaa Honhom Kronkron no, na Kristo maa won tumi a sɛ wɔde obi bɔne kyɛ no a na wɔde ne bɔne akyɛ ampa. Na obiara a obɛnya saa nhyɛhyeɛ no mu gyidie wɔde ne bɔne bɛkyɛ no, na obiara nso a ɔbɛpo won no ne bɔne bɛtena hɔ daa.

Na ɛsɛ sɛ wɔpaemu ka bɔne fakyɛ ho asɛmpa kyerɛ obiara sɛ Kristo ananmusifoɔ. Na sɛ wɔpaemu ka won bɔne a Kristo bɛgye won akɔ n'Asɔre mu.

Yesu maa nasuafoɔ no tumi sɛ wonpaemu nka bɔne fakyɛ ho asɛmpa nkyerɛ obiara, ɛfirisɛ; Onyankopɔn nko na ɔde bɔne kyɛ (Yesaia 43;25).

Yesu apɛdeɛ ne sɛ anka wopɛyɛ nananmusi wiase bɔne yi mu, na ɔpɛsɛ ɔfa woso yi Ne nkwagyeɛ tumi no ɛdie kyerɛ nnipa pii. Mmfa woahoɔden so nkasa, na mmom fa wo ho to Awurade so, tesɛdeɛ ananmusini biara yɛ wɔ nnipa dodoɔ nkutahodie mu a ɔhyɛ ne kandifoɔ na otie nanom nsɛm na ɔkyerɛ no kwan daa no, na fa yɛ adwuma daa. Ɛfirisɛ wo nnde wo ho, na mmom woyɛ Awurade akoa. Na ɔpɛsɛ ɔfa woso gye nnipa. Ɛnti sɛ nnɛ wote Ne nne a, mmpirim woakoma, na mmom bue woakoma ne woadwene mu ma no, na ama Honhom Kronkron no de wo ayɛ Kristo ɔdansedifoɔ wɔ akokoduro mu, wɔ ahobrɛaseɛ ne nyansa mu.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, mensɛ mfata mpo sɛ wobɛba me fie; ɛyɛ wo, na woakasa na woama me wo Honhom Kronkron no, a ɛbue maniwa na ɛhyɛ me den nso. Na wɔde woa-dansedie ahyɛ mano ama nnipa nyinaa. Meda wo ase ɛfirisɛ wo tumi no ayɛ me pɛ wɔ me mmerɛyɛ mu. Ma me ahobrɛaseɛ daa, hohoro me ho fri adwene fi nyinaa ho, na matumi ayɛ woapɛdeɛ daa. Na wo tumi no ayi ɛdie akyerɛ nnipa pii.

NSƐMBISA:

  1. Hwan ne Honhom Kronkron no? na nadwuma ne sɛn wɔ Kristo ho adansedie mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 09:40 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)