Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 124 (Jesus appears to the disciples with Thomas)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)

3. Yesu yii Ne ho ɛdi kyerɛɛ asuafoɔ no a na Thomas ka ho (Yohanne 20:24-29)


YOHANNE 20:29
29 Yesu see no sɛ, “Toma, sɛ woahu me nti na woagye adie. Nhyira ne wɔn a wɔnhunuiɛ, na wɔgye die.”

Yennnim sɛ bi a, Thomas de ne nsa kaa Yesu apira kuro no mu anaa, anaasɛ ne bo tɔɔ ne yɛm wɔ mberɛ a ohunuu baabiaa wɔbobɔɔ No ndadewa no mu no. Na ɛyɛ bi nso a na nani wuuiɛ sɛ woanntumi annya gyidie ne awerɛhyem akokoduro. Yesu frɛɛ Thomas gyidie no sɛ anngyeɛ-anndie ne deɛ ɔpɛsɛ ɔde naniwa - hunu ansana woagye ɛdi, nanso na Awurade pɛsɛ ɔma no gyidie a ɛmuyɛ duru, ne awerɛhyem wɔ Ne mu a ɛnnyɛ sɛ yɛbɛhunu No ansana yɛagye No ɛdi. Na obiara a ɔpɛsɛ ohunu No wɔ daeɛso mu ne anisoadeɛhunu mu ansana woagye No ɛdie no yɛ abɛɛfo, na onyiniɛ wɔ honhom mu na ɛfei nso nase nntimiiɛ. Ɛyi nti, Yesu yii Ne ho ɛdi kyerɛɛ nasuafoɔ mpren pii na ɔhyɛɛ won gyidie den wɔ mberɛ a ɛmu yɛɛ den maa won nyinaa mu.

Na Yesu hyiraa won a wɔgye diiɛ ansana wohuu No no nyinaa na wonyaa anigyie. Nokorɛ mu gyidie de tumi kɛseɛ brɛ yɛn sene anisoadeɛhunu a wobɛyi akyerɛ yɛn. Sɛ Onipa nya awerɛhyem wɔ Onyankopɔn asɛm mu a ɛhyɛ otumfoɔ a ofiri soro kasa no annuoyam.

Na ɛfiri mberɛ a Kristo yii Ne ho ɛdie kyerɛɛ no, asɛmpakafoɔ ne asomafoɔ no nyinaa paemu kasa kyerɛɛ yɛn wɔ nsɛmpa no mu. Yesu wusɔreɛ ho nsɛmpa ne deɛ wodi ho adanseɛ kyerɛ yɛn wɔ saa mberɛ yi mu, na ɛno mu na Onyankopɔn nkwa no hia ma akoma biara a ɔgye die. Yɛn gyidie no nnyɛ bɔsrɛmuka biara kɛkɛ; na mmom ɛyɛ nkwa a ɛtwe yɛn bata Kristo a ɔsɔree frii awufoɔ mu No ho. Na ɛyi ne nsɛnkyerɛnne kɛseɛ wɔ yɛn mberɛ yi mu; na nnipa mpem mpem agye Yesu ɛdi wɔ mberɛ a wonnhunuu No, ɛfirisɛ wɔnam gyidie so anya daa nkwa mu tumi.

Na Kristofoɔ bebree hweree won agyapadeɛ, ne won abusuafoɔ ne won ankasa nkwa mpo. Na wonyaa nokorɛ no wɔ gyidie a wonyaa wɔ Kristo anom nsɛm no mu, gyidie a ɛboro adwene ne nteaseɛ so. Na Yesu nso maa won akatua wɔ Ne nsɛm mu na ɔbɛtenaa agyidifoɔ no abrabɔ mu. Yɛn gyidie no fa yɛn nipadua no nyinaa domum, na ɛtwe yɛn bata Yesu yɛn agyenkwa no ho daa.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, wone yɛn dikanfoɔ ne yɛn gyidie mu mu'die. Na wodɔ yɛn yie, na wode wo nokorɛ no ama yɛn wɔ woa-asɛm mu. Na magye madi sɛ wobɛgye me ne me nnamfonom mu bebree, na wɔnam wodin no mu bɛma won nkenyan na woama won ase atim nso, na ama won anya daa nkwa ne anigyie.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ won sɛ "nhyira" ne won a won nnhunuu no na won agye ɛdi?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 10:16 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)