Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 108 (The charge against Christ's royal claims)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
A - Nsɛm A Ɛsiiɛ Wɔ Mberɛ A Wɔkyeree No Mu Kosi Ne Ne Sie Mu (Yohanne 18:1 - 19:42)
3. Ɔman no totoo nano wɔ Roman aban mu (Yohanne 18:28 – 19:16)

a) Wɔ totoo nano wɔ nsɛm a Kristo kaaeɛ sɛ ɔyɛ Ɔhene no ho (Yohanne 18:28-38)


YOHANNE 18:28-32
28 ɛnna wɔde Yesu firi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ara deɛ, wɔanhyɛne amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam no. 29 ɛnna Pilato firii adi baa wɔn nkyɛn, na ɔbisaa sɛ: Kwaadu bɛn na mobɔ tia saa onipa yi? 30 Wɔbua see no sɛ: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛni a, anka yɛamfa no ammrɛ wo. 31 ɛnna Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no, na monkɔbu no atɛn sɛdeɛ mo mmara teɛ. ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Yɛn deɛ, yɛnni ho kwan sɛ yɛkum obiara. 32 ɛbaa saa na Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owu korɔ a ɔrebɛwuo no aba mu.

Jewfoɔ binom yɛ won adwene sɛ wobɛkum Yesu ntɛmso wɔ mberɛ a ɔsaa obubuani no yareɛ wɔ Basada nsubura ho no (5:18), na ɛfei nso Jewfoɔ mpaninfoɔ no mu dodoɔ no ara pɛɛsɛ anka wobɛkum no wɔ mberɛ a oyanee Lazaros firii awufoɔ mu no (11:46).

Wɔ Yawoɔda anadwo mu no wɔde Bɛdwakuo ahorroɔ miennu bi sii hɔ, a ɛno deɛ Yohane annka ho asɛm (Mateo 26:57-67) ne 27:1). Na saa nsɛm yinom a ɛfa Jewfoɔ no ho no yɛ deɛ ɛmmfa Greekfoɔ mpaninfoɔ ho yie, nanso Johane kaa atɛnkyea a wɔde buu Yesu ho asɛm, a ɛyɛ Romanfoɔ atɛnbuafoɔ ananmusifoɔ, ne Pilato, wɔ asraafoɔ tenabea hɔ. Na ɛyɛ ɔno nko na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔbɛbu atɛn wɔ bemdie mu anaasɛ kumfɔ mu.

Na Jewfoɔ a wohunuu Awurade no, twee won ho frii nkaeɛ no ho ɛfirisɛ wosuro sɛ won ho bɛgu fi, sɛ wɔkɔ amanamanmufoɔ no tenabea a. Wɔpɛɛsɛ wɔbetena won ankasa kronkronyɛ no mu, na won ɛtumi adi won Twam afa dwan no, nanso wokum deɛ ɔyɛ Onyankopɔn nokorɛ Dwan no ankasa.

Wɔ saa mberɛ no mu, a wɔkyeree Yesu no, nsesaeɛ soronko bi siiɛ wɔ Pilato abrabɔ mu. Ne nkurɔfoɔ no mu baako, a ɔyɛ Romanfoɔ panin bi, ɔno na Kaeza yii no ɛdie ɛfirisɛ na ɔde sakasakayɛ bi reba. Na saa Panin yi fa bi yɛ Jewni, na Jewfoɔ no na ɛhunuu sɛ woahyehyɛ saa sakasakayɛ no a ɔpɛsɛ ɔde ba. Na saa adeɛ no maa Pilato tumi bi brɛɛ ase sɛdeɛ ɛte kane no a na ohunahuna na ɔhyɛ won soɔ no.

Na Jewfoɔ no de Yesu brɛɛ Pilato akyirie no, ɔkɔɔ won nkyen kobisaa won deɛ worehwehwɛ. Na ɔne won anya anobooboo biara annkɔ akyirie na ɔtee deɛ wɔrepɛ akyerɛ nyinaa ase. Na Pilato de animteɛ na ɛne Yesu kasaeɛ - Ɔhene a onni akodeɛ ne akofoɔ no, a ɔtenaa afuram so kɔɔ Yerusalem no ne ho annyɛ Romanfoɔ hu. Nanso Pilato yɛɛ deɛ Jewfoɔ no rehwehwɛ no maa won. Na ɔde ɔsraani Panin bi nkurɔfokuo no ano, sɛ ɔbɛboa akyere Yesu. Na won nhyehyɛeɛ nyinaa yɛɛ adwuma: Na ohunuu deduani bi mmom mmɔbɔ. Na ɛfei Pilato bisaeɛ sɛ, "Bɔne bɛn na woayɛ?".

Na Jewfoɔ Mpaninfoɔ no kaa sɛ: Wonim deɛ yɛka kyerɛɛ wo kane no. Saa nipa yi de basabasayɛ aba yɛn man mu. Ɛho nnhia sɛ yɛbɛkasa bebree akyerɛ woɔ. Na yɛamba sɛ yɛrebɛgyina Jewfoɔ ananmu ne wo ɛbɛdi nkɔmmɔ. Na mmom yɛbaeɛ sɛ bu saa nipa yi kumfɔ, na ammma basabasayɛ amba nnipa no nyinaa mu.

Na Pilato nim Jewfoɔ no adwenpɔ ne won nsusuiɛ, na ɛfei onim nso sɛ wɔrebɔ Yesu somboɔ afa won mmra no ho, ne hwɛ a wɔrehwɛ Mesaia a ɔyɛ otumfoɔ no kwan. Nansu Yesu deɛ ɔnyɛɛ biribiara ntiaa Romanfoɔ no mmra. Ɛnno ɔde nti, ɔde Yesu brɛɛ won bio, na ɔka kyerɛɛ won sɛ won ankasa mbu no atɛn sɛdeɛ won mmra no teɛ.

Wɔ saa mberɛ no mu no, na Jewfoɔ no nni ho kwan sɛ wobɛsiw obiara a woayɛ bɔne atia won mmra no aboɔ. Na won botaeɛ ne sɛ wɔbɛgu Yesu anim ase wɔ bɛdwa mu wɔ Romanfoɔ no nsam, a wohunu won sɛ won ho nte no mu. Na ama asotwe a wɔde ma nkoa ne abɔnefoɔ no wɔde saa asotwe korɔ no ara ato no so bi - na ama de asɛn "asɛndua a ɛyɛ nnome" no so. Na won adwene ne sɛ wɔreyɛ ɛyi ama obiara ahunu sɛ Yesu nnyɛ Onyankopɔn Ba, a ne ho yɛ den wɔ tumi mu na ɔyɛ ɔtreneeni nso, na mmom no ɔyɛ obusuyɛfoɔ. Kaifas hyehyɛeɛ sɛ ɔnam Romanfoɔ no so bɛwu wɔ asɛndua no so na ada ɛdi sɛ ɛnnyɛ ɔno ne Mesaia no, na mmom deɛ ɔyɛ basabasa ne ɔdaadaafoɔ.

YOHANNE 18:33-36
33 ɛnna Pilato hyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? 34 Yesu buaa no sɛ: ɛfiri wo ara wo tirim na woka yei, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ woɔ? 35 Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo manfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no na wɔde wo brɛɛ me; ɛdeɛn na woyɛeɛ? 36 Yesu buaa sɛ: M'ahennie mfiri wiase. Sɛ m'ahennie firi wiase a, anka m'asomfoɔ bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafoɔ no nsa; nanso m'ahennie mfiri ha.

Na asraafoɔ no de Yesu kɔɔ won tenabea hɔ. Mberɛ a Pilato tiee Jewfoɔ no ano totoɔ a ɛfa ne ho wieɛ no, na ɔno nso pɛɛsɛ ɔbɛtie Yesu ankasa anom asɛm nso. Pilato annya gyidie wɔ Jewfoɔ no nsɛm a wɔkaeɛ no mu, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔde mmra bɛyɛ adwuma nti no obisaa Kristo sɛ, "Wo ne Jewfoɔ no Hene no anaa? ɛfirisɛ mahunu Mesaia ahorroɔ a wɔde akodeɛ hyehyɛ won ho, a wɔwɔ abodwesɛ atenten na won ani abere. Na wo deɛ wonyɛ ɔkofoɔ ne otutrani nso. Woyɛ wo ho sɛ obi a ɔyɛ mmɔbɔ, a ɔdwo na ɔbrɛ ne ho ase nso, ɛbɛyɛdɛn na wobɛyɛ Ɔhene? Na ɛsɛ sɛ yɛ obi a ɔwɔ tumi, ne ahoɔden ne akokorokosɛmdie."

Yesu hunuu sɛ Pilato nni gyidie wɔ ne sɛ ɔyɛ Ɔhene ampa ɛno nti obisaa no sɛ, "So woakofoɔ asraafoɔ no ka kyerɛɛ wo sɛ masuafoɔ no ne won kooeɛ anadwo no anaa, anaasɛ won a wɔtootoo mano kyerɛɛ wo no ka kyerɛɛ wo sɛ mereka asɛm bi wɔ amanyɔsɛm ho anaa, naaasɛ worebisa me nsɛm ɛsane Jewfoɔ ntorɔsɛm a woate no ho anaa? ɛnsɛ sɛ ɔmanbufoɔ tie somboɔ a ɛyɛ ntorɔ koraa."

Na Pilato de abufuo buaa no sɛ, "So meyɛ Jewni anaa?" a ɛtesɛ ɔka sɛ, "Meremba fam koraa nnyɛ me ho te sɛdeɛ ɛyinom ayɛ yi, a wɔredi akyingyeɛ wɔ ɔsom ho anadwo no awia daa yi.

Ɛno nti Pilato kaa sɛ ɛnnyɛ ɔno na ɔkyeree Yesu, na mmom ɛyɛ Jewfoɔ no, won mpaninfoɔ no ne kuromanfoɔ no. Na ɛfei, obisaa no sɛ, "Ɛdɛn na wo yɛɛeɛ? Me hia mbuaeɛ afri wo nkyen na metumi abua woano totofoɔ a wode wo brɛɛ me no. Ɛno nti kasa kyerɛ me, ɛnyɛ saa a wɔbɛbo wo; nti ka nokorɛ no nyinaa kyerɛ me."

Wɔ ɛyi mu no, Yesu ka nokorɛ nyinaa kyerɛ no sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ nasuafoɔ no. Na ɔkaa sɛ, "Onyankopɔn Ahennie yɛ Ne dea, na ɛnnyɛ akodeɛ ne bosrɛmuka anaasɛ adwuma a woabue de reprɛ ahwehwɛ nipa." Na Kristo Ahɛnnie no renntwa mu da tesɛdeɛ ahennie ahorroɔ no twa mu no. Yesu kyerɛkyerɛ nakyidifoɔ nyinaa sɛ wɔmmmfa akodeɛ, anaasɛ ogya akoraboɔ, anaa topaeɛ nndi ako. Ɛfirisɛ n'Ahennie yɛ soronko sene asase so ahennie ahorroɔ nyinaa.

YOHANNE 18:37-38
37 ɛnna Pilato see no sɛ, Na woyɛ ɔhene ne no? Yesu buaa sɛ, Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne. 38 Pilato see no sɛ: ɛdeɛn ne nokorɛ? Na ɔkaa yei no, ɔfirii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn bio na ɔsee wɔn sɛ: Me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.
''

Nanso Pilato annya nteaseɛ wɔ Yesu anom nsɛm no mu, na ohunuu sɛ ɔyɛ Ɔhene nanso woannya n'Ahennie no mu nkyerɛkyerɛmu yie. Yesu buaa no sɛ, "Wode woadwene ɛsusuu mahintasɛm ho ate me nsɛm ase. Ɔhene biara de ne ho na odi n'ahennie so tumi; m'ahennie mmfri wiase yi mu a atorɔ ahyɛ mu ma yi mu, ɛfirisɛ Me yɛ nokorɛ nyinaa Hene."

Na Yesu dii adanseɛ sɛ nwoɔ a ɛnam ɔbabunu Maria so no nnyɛ ne mfitiaseɛ koraa, na mmom no ofiri soro na ɔbaa wiase yi mu. Na Ɔno ne Agya no Ba koro fri mbere santen nyinaa mu. Na Ɔno na onim Nyankopɔn mu nokorɛ nyinaa. Yesu, dii Onyankopɔn ho nokorɛ adanseɛ nyinaa. Sɛdeɛ ɔyɛ Nyankopɔn Ba koro daa a ɛnni ɛwieɛ no ɔno ara ne ɔdansefoɔ nokwafoɔ nso. Nanso Pilato sereeɛ na obisaa no sɛ, "Dɛn ne nokorɛ no?" Ɛfirisɛ ɔyɛ ɔman Panin nti woahunu suban ahorroɔ pii a ɛyɛ ndaadaa ne ɔbra hunu nti onni gyidie biara wɔ nokorɛ mu. Nanso Yesu ne nokorɛ ɔdanseni a odi ɔsoro nokorɛdie ho adanseɛ a ɛgyina hɔ pintinn na oyi n'Agya no din kɛseɛ no ɛdi kyerɛ yɛn.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, Wone me Hene; na meyɛ wo dea. ma menyɛ akoa ma woahobrɛaaseɛ; na so me mu pintinn wɔ wo nokorɛ mu.

NSƐMBISA:

  1. Ɔkwan bɛn so ne deɛn nti na Yesu yɛ Ɔhene?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 03:26 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)