Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":

Home -- Twi -- John - 105 (Jesus intercedes for the church's unity)

This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
E - Yesu Bɔɔ Odima Mpaebɔ (Yohanne 17:1-26)

4. Yosu bɔɔ odima mpaebɔ maa Asɔre no nkabom (Yohanne 17:20-26)


YOHANNE 17:24
24 Agya, wɔn a wɔde wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wɔnhunu m'animuonyam a womaa me no, ɛfiri sɛwodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.

“Agya” ɛna baako nso Ɔfrɛɛ no sɛ, “Nokorɛ Nyankopɔn.” Ɔyii saa din sonoko yi adi de kyerɛɛ gyidie a ɔwɔ ma Onyankopɔn daa. Ɛfiri sɛ na ɔne Agya no na ɛwɔ hɔ firi mfiaseɛn no nanso ɔbɛbrɛɛ no ho ase maa yɛnbembuo. Ɛfiri sɛ woanhwehwɛ ɛdin hunu anaa wiase nnoɔma. Na ɔkaa saa nsɛm yi sɛ, “wode ama me” mpren du mmiesa so. Na Ɔba yii ahobreaseɛ adi kyerɛɛ N'akyidifoɔ ne tumi a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn te sɛdeɛ na wɔnnyɛ ne dea. Nnso ɔpoo yei nyinaa brɛɛ ne ho ase hyɛɛ Agya no tumi ase. Na saa ahobreaseɛ yi kyerɛ daa asomdweoɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Ɔba no bɛtumi awie Agya no botaeɛ nyinaa

Ɛwɔ saa ahofama kɛesɛ yi nyinaa mu no, na Yesu mmfa ne mpaeɛbɔ nso nni agorɔ koraa, na ɔka sɛ, “Me pɛ.” Ɛnti na ɔpɛ bɛn na Onyankopɔn ba yi reka aho asɛm? Ne pɛ ne sɛ dodoɔ a wɔbɛdi N'akyi nyinaa bɛba ne nkyɛn faako a Ɔno nso wɔ. Yei mu a Paul dii ho adanseɛ sɛ, w'abɔ ɔne Kristo asɛnnua mu asie wɔn na ɔne no bɛbom asɔre, na ɔne no atena wɔ soro, na woahunu Onyankopɔn adom a ɛkyɛn soɔ wɔ Yesu Kristo nkunimdie mu (Romanfoɔ 6:1-11, Efesofoɔ nwoma 2:4-7).

Yɛ ne Kristo baakoyɛ no som mbo sɛ yɛne no bɛkyɛ ne brɛ, ne dɔ ne N'animunyam. Na ɔpɛ sɛ yɛhunu nanimunyam na yɛtena N'ayɔnkofa mu daa. Na asomafoɔ no nim saa anidasoɔ yi. Ɛne sɛ, yɛne no bɛtena N'anigyeɛ mu sɛ yɛhu a. Na ɔnam N'animunyam mu bɛyɛ yɛn foforɔ sɛdeɛ ɔpɛ, ɛfiri sɛ saa nhyehyeɛɛ yi nam Onyankopɔn dɔ a woahwee agu yɛn akoma mu no so (Romanfoɔ nwoma 5:5 ne 8:29). Na ɔde N'animuonyam ama yɛn, ɛfiri sɛ berɛ a na ɔwɔ nipa tebea mu mpo no, na ɔyɛ ɔnimuonyamfoɔ. Ɛno nti Asomafoɔ no hunuu sɛ N'animuonyam sonoko no firi ɔdɔ a ɛda ɔne N'agya ntam firi abɔdeɛ mfiaseɛ. Saa Honhom baako yi ne yɛn nnipa su mfiaseɛ.

YOHANNE 17:25
25 Agya tenenee, wiase anhu wo, na me deɛ, mahu wo, na yeinom ahunu sɛ wo na wosomaa me.

Mpo sɛ wiase nnim a, Onyankopɔn da so ɔnokwafoɔ ne ɔtreneeni. Ne nyinaa mu no, ɔtene, na ɛsum biara nni ne mu. Obiara ara a ɔnam Kristo so hunu ne dɔ no hunu sɛ, ɛnnyɛ ne mfomsoɔ sɛ nnipa anngye ne ba no adi anaa annya nkwagyeɛ.

Mmom na Kristo nim N'agya firi mfiaseɛ no ɛfiri sɛ ɔhuu no. Na ɔnim N'agya abɔdin ne ne mmrane ahodoɔ nyinaa. Na ɔnim ne Nyame su a ɔyɛ.

Na dodoɔ a wɔgyee Ɔba no diieɛ no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmmɛyɛ ne mma. Na Yesu yii sɛdeɛ N'agya teɛ kyerɛɛ wɔn. Na dodoɔ a wɔgyee no no hunuu sɛ Kristo firi Onyankopɔn ampa; na ɔnnyɛ odiyifoɔ anaa ɔsomafoɔ kɛkɛ, mmom ɔyɛ sonoko a ɔfiri Onyankopɔn. Na okura Nyame su sonoko. Ɛnti Honhom no ɛrehyɛ yɛn sɛ yɛbɛhunu Yesu Nyame yɛ na yɛatumi ne no ne N'agya a ɔsomaa no no ayɛ abɔ mu ayɛ baako. Ɛne sɛ, ɔno ne yɛn ntamgyinafoɔ Onyankopɔn anim.

YOHANNE 17:26
26 Na mayi wo din makyerɛ wɔn, na mɛyi makyerɛ. Na ɔdɔ a wode dɔ me no atena wɔn mu, na matena wɔn mu.

Awieɛ no, Kristo kyerɛɛ yɛn N'agya din. Saa din yi yii ne ho adi wɔ berɛ a Agya no de ne dɔba no bɔɔ afɔdeɛ a ɛho teɛ maa yɛn wɔ asɛnua no soɔ no, na yɛatumi abɛyɛ ne mma nso. Ɛno nti na Honhom Krokron no ba yɛn so a yɛteam mu sɛ, “Abba, Agya,” firi yɛn akoma mu. Ɛno nti Awurade mpaeɛbɔ no ne mpaeɛbɔ no nyinaa tiri, na ɛhyɛ Agya no animuonyam, yi ne N'ahendie ne ne pɛ adi.

Yɛ twɛn Awurade Yesu Kristo sɛ, ɔbɛhwie ɔdɔ a ɛda ɔno ne Agya no ntam no agu yɛɛn so. Na ɔbɛbisa Agya no woama ɔdɔ sonoko atena yɛne no ntam. Na ɛnnyɛ Agya no nko ara na ɔba yɛn kyɛn na mom Yesu a ɔno ara pɛ sɛ ɔtena yɛn mu no nso ba yɛn nkyɛn bi. Ɛnti ɔbɔɔ mpaeɛ maeɛ sɛ, Agya no nyi ne Nyame su adi nkyerɛ yɛn sɛdeɛ Yohane dii ho adanseɛ no. Onyankopɔn yɛ ɔdɔ, na obiara ara ɔtena ɔdɔ mu no tena Onyankopɔn mu, na Onyankopɔn nso tena ne mu.

NSƐMBISA:

  1. Ɔsɔfo Panin Yesu mpaebɔ a ɔbɔɔeɛ maa yɛn nyinaa tɔfabɔ ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 04, 2022, at 05:08 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)