Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 106 (Jesus arrested in the garden)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
A - Nsɛm A Ɛsiiɛ Wɔ Mberɛ A Wɔkyeree No Mu Kosi Ne Ne Sie Mu (Yohanne 18:1 - 19:42)

1. Wɔkyeree Yesu wɔ turom hɔ (Yohanne 18:1-14)


YOHANNE 18:1-3
1 Yesu kaa yeinom no, ɔne n'asuafoɔ no firii adi kɔtwaa Asuo Kidron faako a turo bi wɔ, na ɔne n'asuafoɔ no kɔɔ mu. 2 Na Yuda nso a ɔyii no maeɛ no nim hɔ, ɛfiri sɛ na Yesu ne n'asuafoɔ no taa kɔhyia hɔ. 3 ɛnna Yuda de asraafokuo ne asomfoɔ a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn baa hɔ; wɔkurakura ntɛnee, nkanea ne akodeɛ.

Yesu bɔɔ mpaeɛ de ne ho, asomafoɔ ne N'akyidifoɔ nyinaa hyɛɛ N'agya nsa. Yei ne mpaeɛ a ɔbɔ de wiee N'adwuma ne ne nsɛm. Yei akyi no, ɔwuraa ahoyera ne ateeteeɛ mu de wiee ne botaeɛ sɛ Onyankopɔn Adwamaa a woasoa wiase nyinaa bɔne.

Eyi nti ɔkɔɔ bepɔ a na ɛda asuo Kidron ho, ɛhɔ na ahoɔden wɔ. Afei nso na ɛyɛ beaeɛ a ɔne N'asuafoɔ no taa da.

Na Yuda a ɔyii no maeɛ no nim saa beaɛ yi nti, ɔkɔbɔɔ Yudafoɔ mpaninfoɔ no amanneɛ faako a Yesu wɔ. Na ɛsɔɔ Falaseefoɔ mpaninfoɔ a na woahyia wɔ asɔrefie hɔ ani. Na wɔkaa sɛ, ɛnnsɛ sɛ wɔtwere obi anadwo anaa wɔkura akodeɛ gye sɛ Romanfoɔ akannifoɔ no te aseɛ ansa. Ɛno nti, wɔkakyerɛɛ manpanin no. Nanso Yudafoɔ mpaninfoɔ ampɛ asɛm a Yuda bɛkaeɛ no, mmom wɔhyɛɛ no sɛ, ɔnni nkurofokuo no anim nkɔkyere Kristo. Yei kyerɛ sɛ, Yuda annyi no ama kɛkɛ, na mmom ɔde Yesu hyɛɛ N'atanfoɔ asa. Onyankopɔn kyiri sɛ anka ɔbɛgyae ne ba no ama obi ayi no ama N'atanfoɔ naa biribiara ɛte saa. Ɛfiri sɛ, ɔkyɛne biribi a ɛte saa so.

YOHANNE 18:4-6
4 ɛnna Yesu a ɔnim deɛ ɛreba ne so nyinaa no firii adie, na ɔsee wɔn sɛ, “Morehwehwɛ hwan?” 5 Wɔbuaa no sɛ, “Yesu, Nasareni no.” Yesu see wɔn sɛ, “Meni” Nso Yuda a ɔyiino maeɛ no nso ne wɔn na ɛgyina hɔ. 6 ɛnna ɔsee wɔn sɛ, “Meni! no,” wɔpimpinii akyire, na wɔhwehwee ase.

Yɛnnim kwan a atanfoɔ no faa so kɔɔ beaeɛ hɔ. Na wɔwɔ kwan ahodoɔ bebree a ɔbɛfa so akyere no, ɛfiri sɛ na wɔdwene sɛ ɔbɛdwane. Saa berɛ no, na Yesu rebɔ mpaeɛ, nanso na asuafoɔ no adeda. Wɔ mpaeɛbɔ mu no, ɔhunuu nnipakuo no sɛ wɔdi Yuda a ɔyii no maaeɛ no akyi rebɛn no. Woantu ne nan sɛ ɔrebɛwane mpo, nso na ɔnim deɛ yaw a ɔbɛfa mu dada. Na ɔnim biribiara na ɔyɛɛ setie maa Agya no. Ɔsɔreɛ, na ɔgyɛeɛ ne ho mu maa nnipakuo no. Nokorɛ asɛm ne sɛ, ɛnnyɛ Yuda na ɛgyɛeɛ Yesu mu maeɛ, na mmom Yesu no ara na ɔde ne ho maa yɛn.

Na ɔbisaa wɔn sɛ, “Morehwehwɛ hwan?” na wɔyii no ano no, ɔde tumi kaa sɛ, “Me ne No.” Na obiara ara a ɔwɔ honhom mu nhunu mu no bɛhunu no prɛkopɛ sɛ Yesu mu no, Onyankpɔn gyina wɔn ntam, a ɔreka akyerɛ wn nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Me ne nea Me ne.” Na mo pɛ sɛ mokum Moagyenkwa no ampa? Ɛyɛ Me ah, Mo nhwɛ yie deɛ mo yɛ ho. Na me ɔbɔadeɛ ne ɔgyefoɔ no na megyina moanim yi.

Na eyi nyinaa mu no, na Yuda gyina hɔ, na nsɛm no wuraa N'akoma mu. Yei ne asɛm a ɛtwa toɔ a Yohane Asɛmpa no kaeɛ. Yohane nwoma no annka sɛdeɛ Yuda fee Yesu ano, anaa sɛdeɛ ɔhyɛɛ ne akɔfo no. Yohane kasa faa sɛdeɛ Yesu daa ne adi wɔ N'atanfoɔ anim no. Sɛdeɛ Yesu gyaa ne pɛ mu maeɛ kaa Yuda akoma sɛ na Yesu ayɛ krado sɛ ɔbɛwu. Ɛno nti, Yuda ne nkurɔfokuo no nyinaa bɔɔ hu wɔ saa tumi sonoko yi ho. Ɛfiri sɛ, wɔhyehyɛɛ wɔn ho yie sɛ wɔbɛwtere no. Nanso ɔno ara hyia wɔn wɔ ɔtumfoɔ mu kaa sɛ, “Me ne nea morehwehwɛ no no.” Wɔhwease wɔ N'anim a anka Yesu bɛtumi adi wɔn so nanso, ɔkɔɔ so gyinaa wɔn anim ara.

YOHANNE 18:7-9
7 “ɛnna ɔbisaa wɔn bio sɛ, “Morehwehwɛ hwan?” Na wɔse: “Yesu, Nasareni no.” 8 Yesu buaa sɛ, “Maka makyerɛ mo sɛ meni; enti sɛ me na morehwehwɛ me a, momma yeinom nkɔ” 9 Sɛ asɛm a ɔkaa sɛ: Wɔn a wode wɔn ama me no, mamma wɔn mu biara anyera, no mmra mu.”

Kristo yii N'adwene firii atanfoɔ no so de baa ɔno ara ne ho so. Na ɛbinom pɛ sɛ anka wɔkyere N'suafoɔ no nanso Yesu kataa wɔn so, na ɔgyinaa N'atanfoɔ no anim maa ne koko so. Ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔdwanhwɛfoɔ pa a ɔde kra de hɔ ma ne ndwan, na ɔdii asraafoɔ no akyi ma wɔgyeɛ N'asuafoɔ no. Ne nipa su bɔɔ wɔn hu, na wɔtie no. Na ɔkaa bio sɛ, Ɛyɛ me ah" na me ne nkwa aboodoo no, na me ne wiase hann, me ne kwan no, ɔdwanhwɛpa no, nokorɛ ne nkwa no. Me ne agyenkwa no. Wɔ nnipa mu no, Onyankopɔn gyina woanim. " Ɛdin" Yesu" no kyerɛ sɛ, Onyankopɔn na ɔgyeɛ na ɔno nso na ɔyie. Yudafoɔ no poo saa din nwanwasoɔ yi. Na Woammpɛ Nasereni ahobreaseɛni yi, sɛ wɔn agyenkwa.

YOHANNE 18:10-11
10 “ɛnna Simon Petro a ɔkura nkrantɛ no tweeɛ, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panin no akoa, na ɔtwaa n'aso nifa; na akoa no din de Malko. 11 ɛnna Yesu see Petro sɛ: Fa nkrantɛ no hyɛ bɔha mu! Kuruwa a m'Agya de ama me no, mennnom anaa?”

Na Petro annte ne n. Awurade ase yiye. Na ɔsɔre firii nna mu a na nna da so wɔ N'ani soɔ. Na ɔhunuu asrafoɔ no, ne bo fuiɛ, na ɔyii nkrantɛ a Yesu maa no kwan sɛ ɔnkura no. Na ɔde nkranteɛ no twaa ɔsofopanin akoa no aso wɔ berɛ a woanntie ne wura nne. Yohane nko ara na ɔkaa saa asɛm yi wɔ Petro wuo akyi no.

Na Yohane kaa sɛ Yesu hyɛɛ Petro sɛ, ɔmmfa nkrateɛ no nhyɛ nekorabea mu, na ɔbɔɔ asuafoɔ no ho ban.

Yesu kaa abufuhyeɛ kuruwa a ɔgyee tuu mu ne mpaeɛbɔ mu kyerɛɛ N'asuafoɔ no. Ɛno sɛ yɛkan yei de yɛ nhwɛsodeɛ ma sɛdeɛ Yesu kra faa ahoyera mu honhom fam ansaana wɔrebɛkye no. Na yɛhunuu sɛ, woayɛ krado sɛ ɔbɛfa saa kuruwa, asoa nnipa nyinaa atɛnmmuo ama yɛn. Na saa kuruwa no firi N'agya nsam na ɛbaeɛ. Na ɔgyee deɛ ɛyɛ nwono firi deɛ na ɔnnsɛ nsam. Saa yaw yei, ɔnam ɔdɔ so na ɛgyeɛ, ɛfiri sɛ, Agya no ne Ɔba nyinaa yɛɛ baako maa nnipa faahodie. Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase na ɔde ne ba baako no maeɛ.

MPAEƐBƆ: Yesɔre wo, Agya, ɛnam wodɔ ɛboro adwene soɔnti. Wode woba no maa yɛn. Yɛsɔre wo, o Ɔba wɔ woahunumɔmɔrɔ ne wo pɛ sɛ wobɛwu ama yɛn nti. Woadwane na mmom wobɔɔ woasuafoɔ no ho ban, na wogya wo ho maa woatanfoɔ no. Yɛda woase sɛ woagyaeɛ wo ho mu, ɛnam woahumommɔrɔ ne wo nokorɛdie nti.

NSƐMBISA:

  1. Yesu adiyisɛm a ɛfa ne ho a ɔdaa no ɛdi kyerɛɛ natanfoɔ no mberɛ a wɔrewura turo no mu no nkyerɛaseɛ ne sɛn?

AGORODIE HO NSƐMBISA - 6

Ɔdɔfoɔ kenkanfoɔ,
fa wo mbuaeɛ papa no mu 17 brɛ yɛn wɔ saa nsɛmbisa ahrorroɔ 19 yi a yɛrebiase wo yi mu. Na yɛn nso yɛde saa adesua ahorroɔ yi mu nsɛm bɛbrɛ wo.

  1. Kwan bɛn so na Yesu bɛyɛɛ nokorɛ dua no?
  2. Adɛn nti na yɛte Yesu mu na Ɔno nso te yɛn mu?
  3. Kwan bɛn na Yesu maa won a woayɛ bɔne nkoa no danee bɛyɛɛ nadɔfoɔ?
  4. Adɛn nti na wiase yi tan Yesu ne Nadɔfoɔ?
  5. Wiase yi a ɛbɔɔ Yesu asɛndua mu no ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn faa so ne won diiɛ?
  6. Kwan bɛn so na wiase yi tan won a wɔgye Yesu die no?
  7. Adwuma bɛn na Honhom Kronkron no yɛ wɔ wiase yi mu?
  8. Kwan bɛn so na Honhom Kronkron no yɛ adwuma wɔ wiase mpuntuo mu?
  9. Kwan bɛn so na Onyankopɔn Agya no gye yɛn mpaebɔ so wɔ Yesu din mu?
  10. Adɛn nti na kwan bɛn so nso na ɛma Agya no dɔ yɛn?
  11. Adwenkyerɛ ne nteaseɛ bɛn na ɛwɔ Yesu mpaebɔ fa bi a ɛdikan no mu?
  12. Mfasoɔ bɛn ne hia a ɛhia bɛn ne sɛ woyii Agya no din no wɔ Yesu mu?
  13. Yɛn banbɔ a ɛwɔ Agya no din mu no kyerɛ sɛn?
  14. Adɛn nti na Yesu bisaa N'Agya no sɛ onyi yɛn mfiri bɔne mu?
  15. Ɛdeɛbɛn ne abisadeɛ soronko a Yesu srɛɛ firii N'Agya no nkyen maa yɛn mfasoɔ?
  16. Ɔsɔfo Panin Yesu mpaebɔ a ɔbɔɔeɛ maa yɛn nyinaa tɔfabɔ ne sɛn?
  17. Yesu adiyisɛm a ɛfa ne ho a ɔdaa no ɛdi kyerɛɛ natanfoɔ no mberɛ a wɔrewura turo no mu no nkyerɛaseɛ ne sɛn?

Kae se wobetwerɛ wo din ne wo adres nso ka woasɛmbisa no ho brɛ yɛn wɔ saa address a ɛdidisoɔ yi so:

Waters of Life
P.O.Box 600 513
70305 Stuttgart
Germany

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 04, 2022, at 05:20 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)