Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 100 (Introduction to the intercessory prayer; Prayer for the Father's glory)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
E - Yesu Bɔɔ Odima Mpaebɔ (Yohanne 17:1-26)

1. Ɔkyerɛɛ nasuafoɔ no odima mpaebɔ


Yesu de n'Asɛmpa ne Ne ndwuma som nnipa; na ɔsaa abubuafoɔ nyinaa yareɛ, na ɔmaa won a ɔkɔm de won nyinaa aduane diiɛ, na obuee anifuraeɛfoɔ aniwa, na ɛfei nso oyanee awufoɔ. Na Ne dɔ no yɛ deɛ ɛyi Onyankopɔn annuoyam ɛdie wɔ ɔtan ne owuo ntam.

Wɔ nadwuma mfitiaseɛ mu no, nnipa bebree dii ne ho few. Na Jewfoɔ Bɛdwakuo no (bɔɔ Ne ho tirimpɔ bɔne ne anitan) na wohunuu sɛ won som ne won mmra fapem no ahinhim, na wɔde owuo ne ahunahuna teetee Yesu ne nakyidifoɔ nyinaa. Na nkurɔfokuo no mu bebree san won akyi frii nakyidie mu. Na ɛfei no wɔtaa Kristo ne nakyidifoɔ no mu pii, nanso Ɔno deɛ ɔkɔɔso ara daa ɔdɔ ɛdi kyerɛɛ obiara.

Na ɛno mu no Bɛdwakuo no mu kasa mafoɔ no nyaa asuafoɔ dumiennu no mu baako; na ɔno na wosiesiee no sɛ obɛyi ne wura no ama, na Yesu nso siesiee Ne deɛ wɔ Awurade ɛdidie Apam no mu na ɔhyɛɛ won den sɛ asomafoɔ. Na wɔ Ne nkradie mu no ɔka kyerɛɛ won sɛ Ɔne Agya no yɛ baako, na ɛfei nso ɔwerɛkyekyefoɔ Honhom no nso bɛba won so ama won ase atim wɔ Onyankopɔn dɔ mu, na won ɛdi ɔtaa biara a wobɛhyia so nkunim.

Nanso asuafoɔ no anntumi annya nteaseɛ Awurade nsɛm no mu, ɛfirisɛ na wonnyaa nnhwiee Honhom Kronkron no nnguu won so. Ɛno nti Yesu kɔɔ n'Agya no nkyen, na ɔde Ɔno ankasa ne nakyidifoɔ nyinaa kɔhyɛɛ Agya no nsa wɔ Ɔsɔfo Panin mpaebɔ a ɛte saa yi mu. Na ɔbɔɔ mpaeɛ nso maa won a wɔnam asomafoɔ no anom nsɛm ne won adansedie so bɛgye ɛdie no nso.

Kristo odima mpaebɔ a ɔbɔɔɛ, a woakyerɛ wɔ nkyekyɛmu 17 no, ma yɛn nimdieɛ ne nteaseɛ sɛdeɛ Onyankopɔn Ba no ne n'Agya no nyaa nkutahodie, ne ɔdɔ soronko a ɛda Nyankopɔn Baasa Koro no ntam. Ɛno ma yɛhunu sɛ mpaebɔ Honhom ho hia yiye wɔ ha. Na obiara a otumi dwene saa nkyekyɛmu yi ho yiye no, tumi wura Onyankopɔn Asɔre fie wɔ baabiaa ayɛyie ne odima mpaebɔ ahyɛ hɔ ma.


2. Ɔbɔɔ mpaeɛ srɛɛ Agya no annuoyam (Yohanne 17:1-5)


YOHANNE 17:1
1 Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n'ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: “Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam,”

Kristo ka kyerɛɛ n'suafoɔ no sɛ Ɔne Agya no na ɛwɔ hɔ. Na ɔwɔ Agya No mu, na Agya no nso wɔ Ne mu. Ɛno nti obiara a obɛhunu No no ahunu Agya no nso. Nanso asuafoɔ no anntumi annya saa asɛm titirie yi mu nteaseɛ. Na won adwene mu mmbueɛ nti won anntumi annhunu sɛ Nyankopɔn aba nipadua mu. Nanso Yesu de nasuafoɔ a wɔyɛ mmerɛ no hyɛɛ Agya no nsa, sɛ won aniwa bɛbue na woakora won wɔ Nyankopɔn ayɔnkofa mu ne ɔdɔ kronkron mu.

Na ɔmaa nani so kyerɛɛ soro, na Yesu yɛɛ deɛ ɛyɛɛ nasuafoɔ no wawa. Kwan bɛnso na ɔbɔ mpaeɛ kyerɛ Agya a ɔwɔ soro, na berɛ koro no ara mu ɔka sɛ ɔwɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ Ne mu? Saa nsɛm yinom yɛɛ won adwene mu kesenee. Nanso yɛnim sɛ saa nsɛm yinom yɛ nokorɛ; sɛ nkobom soronko a ɛdimu' wɔ Agya no ne Ɔba no ntam, ne won nipasu tumi. Onyankopɔn yɛ kɛseɛ sene yɛn adwene, na Honhom Kronkron nso kyerɛkyerɛ yɛn sɛ saa nsɛm yinom nyinaa yɛ nokorɛ. Ɛno nti srɛ Onyankopɔn sɛ ombue woadwene mu, sɛ saa nsɛm yinom yɛ adeɛ a ɛyɛ den ma wo a. Ɛfirisɛ obiara nni hɔ a ofri ɔno ankasa nteaseɛ mu bɛtumi ate Agya no ne Ɔba no ase yiye, agyesɛ Honhom Kronkron no akyerɛkyerɛ no.

Wɔ saa mpaebɔ yi mu no Yesu frɛɛ Onyankopɔn sɛ, Agya. Ɛfirisɛ Onyankopɔn nnyɛ Awurade kronkronni kɛkɛ, ne ɔtɛnmufoɔ nko, na mmom Ne mmɔborohunu dɔ no kata Ne nnoɔma nyinaa so. Na Onyankopɔn ankasa ne ɔdɔ kronkron no ne mmɔborohunufoɔ nokorɛfoɔ no. Saa Onyankopɔn ho nimdieɛ foforo yi a ɔyɛ Agya a ɔdɔ ahyɛ No ma no baeɛ wɔ mberɛ a Honhom Kronkron no woo Yesu sɛ Onyankopɔn Ba no. Na Ɔno na ɔne Onyankopɔn teɛ daa a ɛnni ɛwieɛ mu, nanso ɔbaa nipa tebea mu bɛyɛɛ onipa na ɔgyee yɛn bɛyɛɛ Onyankopɔn mma maa ɔkronkronni no. Saa adiyisɛm soronko yi a ɛyɛ ɛdin Agya no a ɛne Onyankopɔn no ne botaeɛ ne asɛm titirie a Yesu bɛdaa no ɛdie kyerɛɛ wiase. Wɔ saa nokorɛ yi mu no, Yesu gyee yɛn maa yɛn fahodie frii atɛnbuo ho suro mu, ɛfirisɛ ɔtɛnbuafoɔ no yɛ yɛn Agya, na ntam gyinafoɔ no nso yɛ yɛn nua barima, na ɔno na otuaa yɛn tiriso ka. Na sɛ wotumi de Agya no din a Yesu bɔɔɛ no hyɛ wo kra den na wɔde bɔ wo bra wɔ nimdieɛ mu a, na woanya Asɛmpa no mu nteaseɛ yiye paa.

Kristo gye too mu wɔ Agya no anim sɛ wiase mberɛ titirie no anya ɛdu, na mberɛ a Onipa ne Onyankopɔn bɛnya nkabom no aba. Na nnipa nyinaa, ne Abɔfoɔ, ɔsom ahorroɔ nyinaa, wiase anyansafoɔ nyinaa twenee saa da yi. Na anya aba mu. Kristo ayi wiase afɔbuo afri hɔ sɛ Onyankopɔn Adwammaa. Na Ɔyɛɛ kradɔ sɛ obɛhunu amaneɛ wɔ Onyankopɔn abufuhyeɛ gya no mu ama yɛn. Na deɛ obɛyi No ama no dii hyiadan no mu asraafoɔ no anim kɔɔeɛ sɛ wɔrekɔkyere Onyankopɔn Ba no, Ɔno na ɔwɔ ahoɔden nanso ɔdwo na ɔyɛɛ krado sɛ obɛwu ama yɛn koraa.

YOHANNE 17:2
2 “… sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.”

Nnipa bebree dwen sɛ saa “annuoyam” no asekyerɛ ne sɛ kanea han. Nanso Yesu kaa sɛ Ne dɔ afɔrebɔ no ne annuoyam no anksa ne Ne Nyamesu fapem. Ɛno nti ɔsrɛɛ n'Agya no sɛ ɔbɛma saa ɔdɔ no atena Ne mu daa, wɔ mberɛ a ɔsan asɛndua no soɔ no, wɔ ɔyaw ne amanehunu mu no, na ama Nyankopɔn dɔ kanea no ahyeren yiye wɔ asɛndua no mu. Na Ɔba no nyaa ɔpɛpa sɛ ɔde Ne kra bɛtohɔ abɔ afɔreɛ ama amumuyɛfoɔ ne awudifoɔ atuateɛfoɔ, na ama woabu won bem wɔ Ne wuo no mu. Na ɛyi ne fapen a ɛyɛ Ɔba no annuoyam.

Na ɛfei nso woannka sɛ obɛwu ahyɛ Ne ho annuoyam, na mmom ɔde hyɛɛ Agya no annuoyam, na ɔyɛɛ deɛ obiara anntumi annyɛ koraa. Na ɔhyɛɛ Agya no annuoyam wɔ asɛndua no so na ɛfei owiee nnipa ne Onyankopɔn nkabom ho adwuma no koraa. Sɛ wɔde bɔne kyɛ a Onyankopɔn dɔ da ɛdi, na ɛma nnipa bɛyɛ Nyankopɔn mma. Na wohwiee Honhom Kronkron no guu agyidifoɔ a ɛwɔ Kristo mu nyinaa so, na ama Nyankopɔn mma ayi won Agya no ayɛ wɔ kronkronyɛ ne ahoteɛ mu. Nsɛnkyerɛnne kɛseɛ biara nni Agya no din mu annuoyam nnsene sɛ Ɔno na ɔyɛ Agya ma mma bebree. Ɛno nti Yesu srɛɛ sɛ ɔnam ɔdɔ so bɛgye nnipa bebree a wɔnam Honhom Kronkron ne nokorɛ so awo won ama Agya no din annuoyamhyɛ ne ayɛyiye.

Na Ɔba no kɔɔ Ne Nyameyɛ tumi no mu bio, na ɔkaa sɛ Agya no de tumi nyinaa ahyɛ Ne nsa. Kristo ne Nyankopɔn ankasa, a ɔbɔɔ adeɛ na ɔgyee yɛn. Na Ɔno ne yɛn Awurade, ne yɛn Hene ne ɔtɛnbuafoɔ no. Yɛyɛ Ne dea na Ɔno nso ne yɛn anidasoɔ. Na onyaa saa tumi a wɔde ama no yi, a ɛnnyɛ sɛ ɔde bɛbu atɛn anaasɛ ɔde bɛsɛe adeɛ, na mmom no sɛ ɔde bɛgye nkwa na woayɛ ɔkwankyerɛfoɔ. Na Kristo botaeɛ nti a ɔbaaeɛ ne sɛ agyidifoɔ a ɛwɔ ne mu nyinaa bɛnya daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Na owuo nso nni tumi biara wɔ won so. Wɔ asɛndua no so no, Yesu de nnipa nyinaa bɔne kyɛɛ won. Nanso ɛwom sɛ nnipa kakraabi na ɛgyee Ne nkwagyeɛ adom no toomu, na agyidifoɔ ne ɔman a woapaw won, a wɔwɔ gyidie wɔ Agya no, Ɔba no, ne Honhom Kronkron no mu, na wɔkɔso ara wɔ Kristo nkwagyeɛ annuoyam no mu. Na won mu na Onyankopɔn Honhom no teɛ. Na ɛfei abrabɔ nyinaa yɛ nsɛnkyerɛnne wɔ yɛn mberɛ yi mu, na woyi Agya no din ayɛ daa.

YOHANNE 17:3
3 “Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.”

Honhom Kronkron no da deɛ Yesu kaa faa Onyankopɔn ho ɛdi kyerɛ. Ɔno ne Kristo n'Agya ne yɛn nso Agya. Na obiara a onim saa ahintasɛm yi na ɔwɔ Ne mu gyedie no wɔ daa nkwa. Kwan foforo biara nni hɔ a obi nam soɔ bɛhunu Onyankopɔn agyesɛ Yesu Kristo nko. Na obiara a ohunu Ɔba no hunu Onyankopɔn Agyayɛ tumi sɛdeɛ ɛteɛ, na sɛ onya Ne mu awerɛhyem a, ɔsesa bɛyɛ ɔba ɔdɔfoɔ. Na nimdeɛ a ɛwɔ Kristo nsɛmka mu no nnyɛ kɛkɛ, na mmom ɛyɛ honhom mu. Na Onyankopɔn de Ne nipasu bɛtenaa ogyidini biara mu. Na saa Nyankopɔn nipasu no ne deɛ ɛwɔhene? Ɛno ne ɔdɔ, nokorɛ ne nidie, a Honhom Kronkron no de brɛ Onyankopɔn mma nyinaa. Na ɛno ara nso na ɛhyɛ Agya no annuoyam, na ɛno mu na Ne ndwumapa no da ɛdie.

Onyankopɔn somaa Kristo baa wiase yi mu, na ama nnipa ahunu kwan a wɔfa soɔ Ne no nanteɛ na won ahunu sɛ sɛ onnimu a, deɛ wɔnam Honhom so woo No no, na wɔbɔɔ no asɛndua mu, na ɔsɔree frii awufoɔ mu no, sɛ obi annhunu No a onntumi nnhunu Onyankopɔn da. Na Ɔba no ne Onyankopɔn somafoɔ a tumi ne kronkronyɛ nyinaa ahyɛ no ma. Na sɛ wopɛsɛ wohunu Onyankopɔn nokorɛfoɔ paa a, ɛndeɛ sua Yesu abrabɔ mu nsɛm ɔno a ɔyɛ Nyankopɔn na Honhom Kronkron ahyɛ no ma. Ɔno ne Mesaia no na ɔyɛ Ahene mu Hene, ne Ɔsɔfo Panin nso, Ɔno ara ne Odiyifoɔ a odimu' ne Onyankopɔn Asɛm wɔ nipadua mu.

YOHANNE 17:4-5
4 “Me deɛ, mahyɛ wo animuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no. 5 Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ no wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ara wo nkyɛn.”

Wɔ nabrabɔ a ɔbɔɔɛ wɔ asase yi so no, Yesu de n'Agya no sii naniso daa nyinaa, na odii Ne ho adanseɛ wɔ Ne dwumadie nyinaa mu. Na ɔpaa nankasa Ne ho akyi de annuoyam nyinaa maa Agya no. Na deɛ ɔteeɛ firii Agya no nkyen no ɔde ne nyinaa maa yɛn. Na nabrabɔ nyinaa hyɛɛ Agya no annuoyam, na ɔgye diiɛ nso Ne mpaebɔ ho mbuaeɛ nyinaa nso aba mu. Na owiee nkwagyeɛ ho adwuma no wɔ asɛndua no so. Nanso woammfa ɛyi ahoahoa ne ho, ɛfirisɛ Agya no na ɔde saa adwuma no maa no sɛ onwie. Na ɔgye toomu sɛ Agya no ayɛ adeɛ nyinaa ɛwie. Ɛfirisɛ Yesu paa Ne ho akyi, na ɔde Ne ho bɔɔ afɔreɛ koraa, na ɔsɛ fata sɛ yɛde daa daa annuoyam ma no. Na odii Ne ho adanseɛ sɛ nannuoyam no yɛ daa annuoyam a ɛnni ɛwieɛ, a ɔyɛ Onyankopɔn, ne kanea, na ɔyɛ ɔbɔadeɛ. Na owiee Ne dwumadie nyinaa no ɔforoo kɔɔ Agya no nkyen bio. Na oduruu soro no, abɔfoɔ ne osoro dɔm nyinaa hyɛɛ no annuoyam kaa sɛ, “Odwammaa a wokum No no fata, sɛ ɔgye tumi, ahoya, nyansa, nidie, annuoyam ne nhyira da.”

MPAEƐBƆ: Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. Wo Ba no de Ne ndwuma ne Ne mpaebɔ ne nafɔrebɔ ahyɛ wo annuoyam. Na yɛnsɛ mfata mpo sɛ yɛma yɛn ani so hwɛ wo mpo. Yɛda wo ase sɛ Kristo wuo no nti wode yɛn bɔne nyinaa akyɛ yɛn; na woayɛ yɛn wo mma. Meda wo ase sɛ wonam Honhom Kronkron no so ama me daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Boa yɛn ma yɛnhyɛ wo annuoyam, na yɛammfa annuoyam ammma yɛn ho, na mmom no yɛbɛyɛ osetie ama wo Ba no ahyɛdeɛ no na yɛadɔdɔ yɛn ho yɛn ho nso, na ama afoforo nso ahunu wo ndwumapa wɔ yɛn mu na won ahyɛ wo annuoyam.

NSƐMBISA:

  1. Adwenkyerɛ ne nteaseɛ bɛn na ɛwɔ Yesu mpaebɔ fa bi a ɛdikan no mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 02:34 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)