Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":

Home -- Twi -- John - 099 (Christ's peace in us defeats the world's afflictions)

This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
D - Ɔne Won Dii Nkra Wɔ Mberɛ A Wɔrekɔ Gesɛmani No (Yohanne 15:1 - 16:33)

6. Kristo asomdwoe a ɛwɔ yɛn mu no di wiase amanehunu nyinaa so nkunim (Yohanne 16:25-33)


YOHANNE 16:25-26a
25 "Yeinom na maka mo mmebuo mu; na berɛ no reba a merenkasa menkyerɛ mo mmebuo mu bio, na mɛka Agya no ho asɛm makyerɛ mo pefee. 26a Da no na mobɛsrɛ wɔ me din mu…"

Yesu nam kasakoa ne abɛbusɛm daa ɔsoro nnoɔma ne akwan ɛdi kyerɛɛeɛ, a ɛno yɛ ahintasɛm wɔ wiase mu, nanso ɔdaa no ɛdi kyerɛɛ won trenee ho nsukɔm de won. Na Yesu pɛɛsɛ nasuafoɔ no bɛte Ne nsɛm ase pɛfee, na ama won nya anidasoɔ keseɛ wɔ da ɔbɛsɔre afri awufoɔ mu no, na ɛfei nso ɔbɛforo akɔ soro akɔtena Agya no nsa nifa so, na ama woasoma Onyankopɔn Honhom aba won so. Na obuu saa ndwuma yi nyinaa tesɛ dakoro. Na sɛ Honhom no ba agyidifoɔ no akoma mu a, ɔremmfa abɛbusɛm nkasa nkyerɛ won bio. ɛfirisɛ Kristo Honhom no bɛbue won akoma nteaseɛ aniwa, na ɛrennyɛ abɛbusɛm biara bio. Onyankopɔn ne Agya no na Kristo ne Ne Ba no. Na sɛ Honhom Kronkron no nnim a, obiara nntumi nnhunu Nyankopɔn, na Ɔba no Honhom no na ɛtwe yɛn kɔ Onyankopɔn abusua mu. So wo wɔ agya wɔ asaase yi so? So wone no nya nkutahodie? Na ɛfei nso ɔdwene wo ho anaa? Ɛyinom yɛ asɛmbisa a ɛmudɔ yie. Na ɛfei no, Yesu anom nsɛm ne Honhom ɔwerɛkyekyefoɔ no ma yɛn hunu sɛ Onyankopɔn wɔ baabiaa, Ɔno na ɔyɛ Ɔkronkronni ne yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn. Na yɛyɛ Ne mma adɔfoɔ, ɛwom sɛ mpo yɛn nyinaa yɛ adebɔneyɛfoɔ, nanso ɔnam Kristo mogya no so ama yɛyɛ kronkron wɔ nanim. Na Honhom Kronkron no nso boa yɛn wɔ yɛn mpaebɔ mu, Ɛfirisɛ saa Honhom no ne Kristo no ankasa. Mpaebɔ a ɛwɔ Honhom mu no Kristo no na ɛkasa fa yɛn mu. Bɔ mpaeɛ sɛdeɛ Honhom kyerɛ wo no, wɔ akoko duro a ɛwɔ Agya no mu ne ayɔnkofa a ɛwɔ Ɔba no mu. Wo mpaebɔ no bɛyɛ Honhom mu nkutahodie ɛda wo ne ɔsoro Agya no ntam, a Ɔne Ɔba no nso yɛ baako.

YOHANNE 16:26b-28
26 … na menka menkyerɛ mo sɛmɛbisa Agya no mama mo, 27 na Agya no ara dɔ mo, ɛfiri sɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mefiri Agya no nkyɛn na mebaeɛ. 28 Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefiri wiase na makɔ Agya no nkyɛn."

Agya biara a onni dɔ ma ne mma no ɔnnyɛ agya. Na oyii Onyankopɔn din kyerɛeɛ no, Yesu maa yɛn akwanya soronko a yɛde bɛhunu Onyankopɔn dɔ kɛseɛ no. Na Kristo botaeɛ kɛseɛ paa ne sɛ ɔde nidie bɛma Agya no din na woahyɛ no annuoyam. na deɛ onim Agya no nim Onyankopɔn nso, na ɛfei ɔbɛyɛ Onyankopɔn ba, a ɔte Ne dɔ mu. Na saa din no mu na yɛhunu Asɛmpa no nyinaa wɔ tumi mu na yɛnya anidasoɔ wɔ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ mu. Kristo ka kyerɛɛ yɛn sɛ fri mprenmpren rekɔ no yɛwɔ yɛn fahodie, ɛfirisɛ Agya no anksa dɔ wo. na ɔdɔ ne mmɔborohunu ahyɛ no ma. Ɛsanesɛ Kristo wuuiɛ wɔ asɛndua no so nti, ɔfasuo biara nni yɛn ne Agya no ntam bio. Gyidie a yɛwɔ wɔ Ɔba no mu no, a Ɔno ne Onyankopɔn Adwammaa no, ma Onyankopɔn akwanya ma no hwiee Ne dɔ kɛseɛ no gu won a wɔdɔ Kristo nyinaa so. Obiara a onim sɛ Kristo yɛ Onyame no, fri Agya no mu na ɔte Ne mu nso, na ɛfei nso woahunu Onyankopɔn Baasa Koro no Kronkronyɛ. Na ɛfei saa nnipa no te Onyankopɔn nkwa mu, na Agya no adom ahyɛ no ma a Honhom mu anigyie nso ayɛ ne kyɛfa daa.

Wɔ kasapɔ baakopɛ mu no, Kristo nsɛnkyerɛnne no nyinaa kyerɛɛ asuafoɔ no ɔgyeɛ. Na ofirii soro tɔɔn na ɛsaneeɛ, na ɔbaa asaase yi so, ɛno nti onyaa ɔtan ne nnipa poo No, nanso owiee trenee ho adwuma wɔ asɛndua no soɔ maa nnipa nyinaa no, ofrii wiase yi mu kɔɔ n'Agya no nkyen, a ɔyɛ nkwa nyinaa wura no.

YOHANNE 16:29-30
29 "N'asuafoɔ no see no sɛ: Hwɛ, afei deɛ, wokasa pefee, na wommu bɛ biara. 30 Afei yɛahunu sɛ wonim nnoɔma nyinaa, na ɛnhia wo sɛobi bisa woɔ; yei mu na yɛgye di sɛ wofirii Nyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ."

Na asuafoɔ no hunuu Onyankopɔn dɔ kɛseɛ no ne Yesu mu nkwa no. Yesu yɛ Onyankopɔn ankasa, na ɔwɔ baabiaa na ɔyɛ Kronkron na ɔwɔ hɔ daa a ɛnni ɛwieɛ. Nanso won anntumi annhunu sɛ Ɔno ne ɔdɔ a ɔbaeɛ wɔ honam mu no, na won ammfrɛ Onyankopɔn, sɛ Agya; nanso Yesu daa saa nokorɛ yi ɛdi kyerɛɛ won. Na wɔgyee saa nsɛm yi nyinaa toomu, nanso won anntumi Ne Nyamesu tebea no anksa.

YOHANNE 16:31-32
31 "Yesu bisaa wɔn sɛ: Afei deɛ, mogye di anaa? 32 Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkuro mu, na moagya me nko; nanso ɛnkaa me nko, ɛfiri sɛ Agya no ka me ho."

Na ɔde sereɛ ka kyerɛɛ won sɛ, Mosusu sɛ mobɛtumi afri wiase nyansa mu ahunu sɛdeɛ meteɛ anksa paa anaa? So saa nimdieɛ no yɛ gyidie mu nimdieɛ anaa? Wɔrebɛsɔ mo ahwɛ ahunu sɛ modɔ yɛ deɛ ɛsipi anaa. Nanso moanntumi annya nteaseɛ wɔ Onyankopɔn mu, ɛfirisɛ woanngye annni sɛ ɔyɛ Agya. Ɛno nti mo nyinaa mo bɛgya me ma no aka me nko. Na mo gyidie bɛda ɛdi sɛ ɛhinhim.

“Na owuo mu mpo no ɛnnkaa me nko, ɛfirisɛ Agya no ne me na ɛwɔ hɔ,” Nanso so ɛyi ne Yesu nteamu a ɔteaamu wɔ asɛndua no so no bɔ abira anaa, kaa sɛ, “Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?” Daabida, ɛfirisɛ Onyankopɔn, a ɔyɛ Kronkronni no, de nanim hintaa Ne Ba no, nanso Kristo kɔɔso gyediiɛ sɛ Agya no ne No na ɛwɔ hɔ. Na Ne nteamu no kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn te sɛdeɛ ɔteɛ na ɔnsesa ara da, “Meregyaw wo sɛ mpo menhu wo a. wo nsam na mede honhom hyɛ.” Na Kristo gyidie a ɔwɔ wɔ Agya no mu dii atɛnbuo a yɛn nti ɛbaa no so no mu nkunim. Na Ɔba no dɔ a ɔwɔ ma n'Agya no maa Onyankopɔn ɛbufuohyeɛ gya a ɛsɔreeɛ wɔ yɛn bɔne soɔ no nyinaa brɛɛ ase koraa. Na Ne mu anidasoɔ no buee kwan maa yɛhunuu Agya no. Na Ne wuo a ɛwɔ Agya no nhyɛhyɛeɛ mu nti yɛbɛtumi aka sɛ, “Ɛnnkaa me nko koraa, ɛfirisɛ Agya no ne me na ɛwɔ hɔ.”

YOHANNE 16:33
33 "Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim."

Yesu bɔɔ Ne nkradie nsɛm nyinaa tɔfa wɔ awerɛkyekye mu maa agyidifoɔ nyinaa, “Mene mo atena mberɛtiaa mu, na makyerɛkyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn asomdwee bɛtena mo akoma mu. Wiase yi nni asomdwee biara. Me, a meyɛ Ɔba no, mede mo bɔne nyinaa akyɛ mo, na matew mo kra ho koraa. Na mede masomdwee Honhom no agu mo so. Montena me nsɛm mu. Na Me ankasa ne mohwɛfoɔ ne ɔbanbɔfoɔ nso. Na munni banbɔ biara wɔ baabi agyesɛ me nko. Na mo asomdwee ngyinasoɔ fapem ne sɛ woatwe mo abata Onyankopɔn koraa. Na afɔbuo biara nni mo adwene mu ɛfirisɛ wɔde mo bɔne nyinaa akyɛ mo koraa wɔ Me mogya mu. Magye mo nkwa na mede Me Honhom nso ɛgu mo so. Masomdwee no nnyɛ sunsuma kɛkɛ na mmom ɛyɛ nokorɛ. Mebaeɛ sɛ merebɛma mo asomdwee; ɛno mongye mtom na munya Me mu gyidie.”

“Munnsusu sɛ asomdwee bi wɔ wiase yi mu. Daabida! na mmom nnoɔma a ɛyɛ hu nko, ne ɔtaa, nyarewa, ndaadaa, osuro ne owuo na ɛwɔ wiase mu. Mmrakyerɛfoɔ nso bɛpo mo, na nnipa bebree nso ɛdi mo ho few. Na nnipa mpem mpem bɛtwa ntorɔ ato mo so de asɔ mo gyidie ahwɛ. Na ahomasoɔ nso bɛba. Monnnɔ sika; ɛfirisɛ ahoyadeɛ renntumi mmma mo banbɔ.”

“Munhunu Me dɔ na munsua mahobrɛaaseɛ nso, na montena mahofama mu ne mahopaakyi mu. ɛfirisɛ madi wiase so nkunim. Na menbisa biribi mmma mankasa Me ho. Na Me ne Onyankopɔn kronkronni no. Na Me mu na Onyankopɔn Mmra Nsɛm no nyinaa wie mahyɛ, 'Monyɛ kronkron, ɛfirisɛ Meyɛ kronkron'. Mene ɔdɔ a ɛwie mu'die, na Me mu na mobɛhunu Agya no.”

So woanya Yesu nkradie nsɛm no mu nteaseɛ anaa? Na ɔde yɛn ɛsi Agya no ayɔnkofa nkutahodie mu, na ama yɛn akoma atena Kristo nasomdwee mu. Na saa asomdwee no ne adeɛ a ɛsombo yiye paa wɔ ogyidini biara abrabɔ mu. Na wiase yi mu yɛ ɔhaw ne ateetee. Nanso wo gyidie a ɛwɔ deɛ woadi nkunim wɔ owuo ne ɔbonsam soɔ no bɛgye wo afri Onyankopɔn abufuohyeɛ gya ne daa asotwe a ɛnni ɛwieɛ no mu. Na obiara a ɔgye Kristo die no nya Onyankopɔn mmɔborohunu. So saa nsɛm yi a ɛfiri Yesu anom aba wo nkyen no ahyɛ wo ma anaa? So Honhom Kronkron no wɔ mu a wobɛtumi aka sɛ, “Agya no yɛ me dea, na Ɔba no nso yɛ me nkwagyeɛ wura, na Honhom Kronkron nso te me mu. Onyankopɔn baako no wɔ yɛn mu. Na yɛte nadom no mu.”

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu Kristo, woafa makoma nyinaa nomum, na woatɔ me ama wo ho. na woabɔ me ho ban afri ɔbonsam afririe nyinaa mu, na woama made me ho afri ne dontorie nso mu. Na woama me daa nkwa. Na ama mensuro owuo tumi bio, Na ɛfei deɛ wo na metwen woɔ. Ma me ntena woapɛdeɛ mu daa. na fa wo tumi no hyɛ me ma, na mene atreneefoɔ nyinaa abom ayi wo ayɛ, na masom Agya no daa. Ma me ndɔ afoforo nyinaa nso, na mede obiara a ɔbɛfom nso bɔne akyɛ no na ama me won atena wɔ asomdwee mu. Mede mo ho nyinaa to woso; wo ne nkunimdifoɔ no.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na kwan bɛn so nso na ɛma Agya no dɔ yɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 02:34 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)