Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 059 (The devil, murderer and liar)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

f) ɔbonsam, yɛ owudini ne ɔtorofoɔ (John 8:37-47)


YOHANNE 8:37-39
37 Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ; nanso mohwehwɛ me aku me, ɛfiri sɛ m'asɛm nsene mo mu. 38 "Deɛ mahunu no Agya no nkyɛn na meka, na mo deɛ moyɛ deɛ moate no mo agya no nkyɛn." 39 Wɔbua see no sɛ, "Yɛn agya ne Abraham." Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma"

Yudafoɔ no hunuu wɔn ho sɛ wɔyɛ Abraham asefoɔ, ne saa nti, wɔ dwenee sɛ, ɛnam sɛ wɔn Agya ne gyidie nyinaa wura nti, wɔnam so anya Onyankopɔn bɔhyɛ a ɔde hyɛɛ n'akoa a ɔyɛɛ ɔsotie no.

Yesu ampo saa akwannya yi a ɛfa saa nkutahodie yi ho, na mmom ne werɛ hoeɛ sɛ Abraham mma no apo wɔn agyanom Nyankopɔn Honhom no. Ɛyi nti ɛmaa no nyaa nnyinasoɔ a ɛɛ sɛ ɔde tie Onyankopɔn nne na ɔde ne nsɛm nso sie. Ne saa nti woammue wɔn akoma mu ama Yesu anom nsɛm no. Saa nsɛm yi annwura wɔn akoma mu na anntumi annkenyan won nso. Ɛnti wɔbuu wɔn ani guu so na w'anngye anni.

Nsɛm a Kristo kaeɛ wɔ saa nnipkuo no mu nyinaa anso aba wɔ won mu, mmom ɛde ɔtan na ɛbrɛɛ no. Ɛrekame ayɛ sɛ dodoɔ a na wɔrepɛ Yesu aku no no nni hɔ saa bere no. Yesu yii wɔn akoma mu ne wɔn tirim pɔ a won afa sɛ wɔbɛkum no ɛdi kyerɛɛ wɔn. Ntɛm ara, wɔfiri aseɛ teɛteɛm "Mommɔ no asɛnnuam, mommɔ no asɛnnuam" (Mateo asɛmpa 27:21-23, Yohane 19:15).

Abraham tee Oyankopɔn nne na ntɛm pa ara otie No. anwanwasɛm kɛseɛ ne sɛ, Yesu antie N'agya nne nkoa ara, mmom ɔhunuu Onyankopɔn ndwuma ne N'ahennie mu tumi. N'anisoadehunu no wiee pɛ yɛ, a ɛkyerɛ ne ayɔnkofa sonoko a ɛwɔ ɔne Onyankopɔn ntam. Yesu yɛ Honhom a ɛfiri ne Honhom mu, ne ɔdɔ a ɛfiri Ne dɔ mu.

Mmom Yudafoɔ no tanee Ɔba Baako pɛ no a Agya no yii no maeɛ no. Ɛyi kyerɛ sɛ na wommfiri nokorɛ Onyankopɔn no. Na wɔnni adwene a ɛfiri soro. Wɔ saa nkutahodie yi mu no, Yesu bɔɔ mmɔden twee wɔn adwene gyinaa sɛdeɛ na wɔn agyanom teɛ so na mmom ɛnyɛ Abraham.

YOHANNE 8:40-41
40 "Na afei morehwehwɛ me aku me, me a maka mo nokorɛ a mate no Nyankopɔn nkyɛn no. Yei deɛ, Abraham anyɛ. 41 Moyɛ mo agya nnwuma. ɛnna wɔsee no sɛ: Wɔanwo yɛn adwamammɔ mu; Agya baako na yɛwɔ, ɔno ne Onyankopɔn."

Jewfoɔ no poo Kristo anom asɛm no, ɛfiri sɛ ɔde somboɔ bɔɔ wɔn sɛ w'afiri Abraham gyidie ne ne Honhom mu. Wɔn aho keka a ɛwɔ Abraham mu no ne wɔn gyidie mfiatiaseɛ no ne wɔn anidasoɔ a ɛhyɛ wɔn den. Ɛnti hwan ne Yesu sɛ ɔbɛhunu mfomsoɔ wɔ wɔ ne Abraham nneyɛɛ mu.

Yesu nso kyerɛɛ wɔn sɛ, Abraham nam ɔsetie ne gyidie so na ɛyɛɛ no ndwuma nyinaa wɔ berɛ a ɔfirii hɔ sɛ ɔhɔhoɔ no. Ne gyidie ne ne nokorɛdie a wɔ Onyankopɔn mu no daa adi wɔ berɛ a ɔde ne ba Isaac kɔbɔɔ afɔreɛ no, ɛnam ahobrɛseɛ a ɔyii no adi kyerɛɛ n'awɔfaseɛ Lot nti. Nanso Yudafoɔ no yii atoateɛ adi a ɛkyerɛ asoɔden. Na wɔn honhom ne Kristo deɛ nnhyia koraa. Ɛsane sɛ wɔsɔre tiaa Nyame su nokorɛdie a na ɛwɔ wɔn tam no; na W'antie Onyankopɔn nne a na ɛnam no so rekasa no. Yesu amma te sɛ Onyankopɔn ba a na Abɔfoɔ atwa no ho ahyia wɔ annuoyam mu. Na mmom sɛ onipa, a ɔnam n'anom asɛm so gye afoforɔ. Woannhyɛ obiara sɛ wɔntie n'asɛmpa no. Na oyii Onyankopɔn dɔ adi, adom ne ne din. Woanngye saa asɛmpa yi anni. Na wɔdwenee ho sɛ wɔbɛku no. Ɛyi ne Abraham nipa su ne nneyɛɛ bɔ abira. Ɔteeɛ, na Ɔyɛeɛ, na ɔteenaa ase bɔɔ ne bra nyinaa sɛdeɛ Onyankopɔn asɛm teɛ.

YOHANNE 8:42-43
42 ɛnna Yesu see wɔn sɛ, "Sɛ mo Agya ne Onyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me deɛ, mefiri Nyankopɔn mu na mebaeɛ. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebaeɛ, na ɔno na ɔsomaa me. 43 Adɛn nti na monte me kasa aseɛ? ɛfiri sɛ montumi ntie m'asɛm."

Yesu kyerɛɛ Jewfoɔ no sɛ na Abraham nnyɛ wɔn Agya, ɛnti Yesu kyerɛkyerɛ wɔn ma wɔhunuu Agya korɔ a na wɔdi nakyi no. Sɛdeɛ ɔteɛ no, saa ara nso na wɔn nyinaa teɛ.

Jewfoɔ no nyaa atinka sɛ Yesu yɛ sonoko kyɛn wɔn. Na wɔbuaeɛ sɛ wɔnnyɛ adwamanmmɔfoɔ asefoɔ, na wɔnnte sɛ Moabfoɔ ne Ammonitefoɔ a wɔwoo wɔn bɔne mu no (Genesis 19:36-38). Anaasɛ Samariafoɔ, a wɔka sɛ Onyankopɔn ne wɔn Agya, a wɔde wɔnho too twam no so no Exodus 4:22 ne Deuteronomy 32:6 ne Yesia 63:16. Berɛ a Yesu kae sɛ, N'Agya ne Onyankopɔn no, Wɔn nso kae sɛ, Onyankopɔn yɛ wɔn Agya sɛdeɛ Twerɛsɛm no teɛ no. Na ɛyinom ne wɔn gyidie nngyinasoɔ, na wɔbrɛ na wohunu amaneɛ wɔ mu. Nanso na won adansedie no nnyɛ nokorɛ.

Yesu daa no ɛdi kyerɛɛ wɔn sɛ wɔredaadaa wɔn ho. Ɔkaa sɛ,"Sɛ Onyankoɔpɔn yɛ mo Agya a, anka mo bɛdɔ me, ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na ɔtan biara nni ne mu. Ɔdɔ ne ba korɔ a w'afiri ne nkyɛn no, na ne ba no kura ne suban." Na Yesu nnne ne ho koraa, mmom ɔtie N'Agya sɛdeɛ Ɔsomafoɔ tie ne wura no.

Afei Yesu bisaa nkurɔfokuo bebree no sɛ, aden nti na monte me nsɛm aseɛ? Ɛnyɛ kasa foforɔ na meka, na mmom nnsɛm a meka nyinaa wɔ nteaseɛ, a mmɔfra nkummaa nyinaa bɛtumi ate aseɛ." Yesu buaa ɔno ara nsɛm no ano, ka kyerɛɛ n'atanfoɔ no sɛ, "Morentumi ntie; mo nkoa, ɛfiri sɛ mo honhom mu abrabɔ ayera. na mo te sɛ mum a ɔnnte kasa na onntumi mmfrɛ nso."

Me nua barima, sɛn na wote wo nsɛm wɔ honhom fa, wo te Onyankopɔn asɛm wɔ w'akma mu anaa? Wo te ne nne sɛ ɔpɛ sɛ ɔdware wo kra na ɔsissie wo anaa? anaa woyɛ ahantan ne sotifoɔ anaa, anaasɛ honhom foforɔ bi afa wo nnomum? so wonam Onyankopɔn asɛm mu tumi so yɛ adwuma ma no, anaa honhom fi bi afa wo nnomum, a wo di n'anamon akyiri?

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Yesu yii no adi kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ wɔnnyɛ Abraham asefoɔ?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 08:00 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)