Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 060 (The devil, murderer and liar)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

f) ɔbonsam, yɛ owudini ne ɔtorofoɔ (John 8:37-47)


YOHANNE 8:44
44 "Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya."

Yesu kakyerɛɛ obiara a ɔndɔ no no sɛ, n'agya ne ɔbonsam. ɛyi nti, Yesu kyerɛɛ sɛdeɛ Jewfoɔ no teɛ ankasa, ɛwom sɛ wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn. Na akyerɛkyerɛfoɔ no ne Onyankopɔn ntam yare. Na ɔbonsam no ne wɔn Agya.

Basabasayɛ si wɔ baabiara a ɔbonsam wɔ. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛbrɛ Onyankopɔn abɔdeɛ biara ase. Ɔhwehwɛ baabiara onipa biara mmerɛwyɛ wɔ, na w'atumi awura hɔ de atwe no akɔ bɔne mu. Afei ɔno ara tutu mirika kɔgyina Onyankopɔn anim toto nea wahwease no ano de akyerɛ asotwe a ɛsɛ sɛ onya firi ne bɔne mu.

Yesu sii ne pi sɛ, Ɔbonsam ne bɔne nyieaa nhini, na ɛno na atwe no afiri trenee nyinaa ho. Ɔbɛyɛɛ akoa maa ɔno ara ho, a ɔyaa ɔtan maa obiara. Saa honhom yi te wɔn a wɔtan Kristo nyinaa mu, a wɔde sɛe afoforɔ de wɔn akɔ akɔnnɔ bɔne mu. Dodoɔ a wɔnyɛ Awurade Yesu dea no, ɔbonsam suban ne ne honhom te wɔn mu.

Deɛn ne Ɔbonsam akɔnnɔ? Yesu kae sɛ ɔyɛ owudifoɔ firi nfiteaseɛ no; ɛfiri sɛ ɔsɛe Onyankopɔn suban wɔ nnipa mu. Ɔtee ne ho firii Onyankopɔn ho, deɛ ɔma nkwa no. Na ɔno na ɔde owuo baeɛ. Na ɛfei nso odi owuo tumi so. Na ne botaeɛ ne sɛ ɔbesɛe ade biara a nkwa wɔ mu.

Na ne ndwuma nyinaa ngyinasoɔ yɛ ndaadaa. Ɔbonsam nam ndaadaa kwan so maa Adam ne Eve buu Onyankopɔn mmra so. Ɔno nso sɛɛe ne ho wɔ berɛ a ɔdii abɔfo kuo no anim no, ɔhunuu ne ho sɛ ɔyɛ kɛseɛ, okuta ahoɔfɛ na ɔdwenee sɛ ne ho yɛ den kyɛne Onyankopɔn.

Ɔbonsam daadaa ne ho, a woanntumi annhunu ne tirimpɔ no ho bɛɛbi a ɛbɛpem, ɛnam ahomasoɔ nti. Na Kristo ne saa suban yi bɔ abira. Ɔno deɛ ɔdwo na ɔyɛ bɔkɔɔ. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa ammfa Kristo ahobraseɛ na mmom ahomasoɔ ne ahantan na ahyɛ won ma. Ɛno nti ɔdaadaafoɔ no boaboa atorefoɔ nyinaa ano, te sɛdeɛ ɔwɔ borɔ teɛ no. Na ahokeka biara nni wɔn mu.

Ɔbaa bi ka kyerɛɛ ne maame sɛ, "won nyinaa yɛ ntorɔ; wotwa nkontompo na wɔsere kyerɛ won ho kɛkɛ. Afei nso obiara bu ne ho, na adesuafoɔ nso wia wɔ wɔn sɔhwɛ berɛ mu, na adwadifoɔ nso daadaa adetɔfoɔ. Awarefoɔ mpo di atorɔ kyerɛ wɔn ho. Na wɔnngye wɔn ho mpo nni, nanso obiara hunu ne ho sɛ ɔyɛ ɔtreneeni."

Ɔbonsam ndwuma nyinaa yɛ ntorɔ, nanso n'atorɔdie no bi kɔsɛ nokorɛ nanso ɛde ɔhaw na ɛba, ɛfirisɛ ɔtumi dane atorɔnsɛm no bi ma no yɛ nokorɛ wɔ nnipa asom. Ɔbonsam yɛ ɔdaadaafoɔ, na ɔyɛ atorofoɔ nyinaa agya.

YOHANNE 8:45-47
45 "Na me deɛ, ɛsiane sɛ meka nokorɛ nti, monnye me nni. 46 Mo mu hwan na ɔbu me bɔne bi ho atɛn? Na sɛ meka nokorɛ a, adɛn nti na monnye me nnie? 47 Deɛ ɔfiri Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm; deɛ enti montie wɔn ne sɛ, momfiri Nyankopɔn mu. Wɔbuu Yesu sɛ ɔwɔ honhommɔne"

Yesu nkoaa na ɔyɛ nokorɛfoɔ. a oyi Onyankopɔn nokorɛdie ɛdi lyerɛ. Nhyira ne dodoɔ a wɔgye n'anom asɛm die. Ɛfiri sɛ ɔno na ɔnim wiase nyinaa mu nokorɛdie, nanso ɔbrɛ ne ho ase na nanom nsɛm nyinaa nso yɛ nokorɛ.

Nnipa bebree anngye saa nokorɛ nsɛm yi a Yesu ka no anni, ɛfirisɛ Yesu na aka nti. Nanso sɛ amanyɔfoɔ mu mpanimfoɔ anaa ɔsom ahodoɔ mu mpaninfoɔ na ɛkaa saa nsɛm yi a Yesu kaeɛɛ yi a, anka nnipa bɛgye no adi. Nanso berɛ a Yesu kaa saa nsɛm yi wɔ bɛdwa mu no, nnipa poo ne nsɛm no, ɛfiri sɛ, nnipa pɛ akɛsesɛm ne tumudie kyɛn ne sɛ wɔbɛpa wɔn ho akyi.

Yesu bisaa Jewfoɔ no sɛ, "Adɛn nti na monngye me nnie? so moahunu nnaadaa anaa atorɔ anaa ahomasoɔ anaa awudie bi wɔ me nneyɛɛ mu anaa? Daabi, me de nokorɛ nsɛm na ɛnam berɛ biara mu. Me yɛ nokorɛ Nyame su, me dwo, me ho te, na atorɔ ne ndaadaa biara nni me mu."

No krakramu no, Yesu kakyerɛɛ dodoɔ a wɔyɛ atuatewfoɔ no sɛ, "Deɛ ɔfiri Onyankopɔn no te ne nne na ɔnim ne nne nso. Sɛdeɛ abɔdomaa tumi hunu nawofoɔ nne firi afoforɔ deɛ ho no, saa nso na maame biara te ne ba su a, ɔtu mirika kɔ ne nkyɛn. Saa nso na dodoɔ a Oyankopɔn afrɛ wɔn no te ɔsoro Agya no nne, mmom dodoɔ a wɔnnte asɛmpa no ase no mmfiri Onyankopɔn. Onipa bɛtumi ayɛ ɔgyedini, abɔ mpaeɛ, adi mmuada nanso na n'agya ne ɔbonsam. Yɛn ankasa mmɔdenbɔ ne yɛn trenee ntumi ngye yɛn nkwa, gye sɛ y'anya Kristo mu awo foforɔ a ɛfiri ne mogya mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron no bɛhyɛ yɛn ma na atena yɛn mu. Hwan ne w'agya? Onyankopɔn anaa Ɔbonsam? mmpɛ ntam nnyi ano, na mmom fa wobotaeɛ toto won a wɔdi Ɔbonsam akyi ne Kristo nneyɛɛ ho na sakyera w'adwene."

MPAEBƆ: O ɔsoro Agya, yɛda w'ase sɛ worekyerɛkyerɛ yɛn nokorɛ a ɛfa yɛn bɔnee ne wo dɔ ho. Fa me bɔne kyɛ me fa atorɔ ne ahomasoɔ a aba m'afa nyinaa mu. Gye me firi ɔbonsam nsam, na m'atumi atwe me ho afiri ndaadaa nyinaa mu. Ma me menyɛ nokorɛdie ne ahobraseɛni na bue m'aso ne m'akoma mu ma woasɛm.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na ɔbonsam fa so yɛ nadwuma a Yesu paa ho ntɔma de kyerɛɛ yɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 08:04 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)