Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":

Home -- Twi -- John - 058 (Sin is bondage)

This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

e) Bɔne yɛ nkondua (John 8:30-36)


YOHANNE 8:30-32
30 ɔrekasa saa no, nnipa pii gyee no dii. 31 ɛnna Yesu see Yudafoɔ a wɔagye no adie no sɛ, "Sɛ motena m'asɛm mu a, moyɛ m'asuafoɔ ampa, 32 na mobɛhunu nokorɛ no, na nokorɛ noayɛ mo adehyeɛ."

Kristo ahobrɛaaseɛ ne N'adansedie wawasoɔ no maa atiefoɔ no mu pii nyaa nkenyan. Na ɛmaa wɔgyee no diiɛ sɛ odiyifoɔ a ofiri Onyankopɔn nkyen aba. Na Yesu hunuu sɛ wɔde won werɛ ahyɛ Ne mu na won ayɛ krado nso sɛ wobɛtie no no. Na ɔsee won sɛ mmma wontie Asɛmpa no kɛkɛ, na mmom wondwendwen N'anom nsɛm no ho, na wondi nakyi, na ama won atena Ne mu, te sɛ abaa a ɛte dua no mu; na ama Ne Honhom Kronkron tumi no ɛtumi atena yɛn akoma mu; na aboa yɛn ama yɛatumi ayɛ napɛdeɛ nyinaa. Obiara a ɔde Kristo anom nsɛm bɛyɛ adwuma no, obɛtumi ahunu nokorɛ nyinaa. Ɛfirisɛ nokorɛdie nnyɛ nsusuhunu biara kɛkɛ, na mmom ɛyɛ adekan a ɛwɔ yɛn daadaa abrabɔ mu ne yɛn nneyɛɛ mu.

Onyankopɔn nokorɛdie nsɛm ne ɛdikan deɛ ɛyɛ nokorɛ ne nyansa; deɛ ɛtɔsoɔ miennu ne sɛ wobɛhunu Onyankopɔn sɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron wɔ ɔdɔ kɛseɛ nkabom mu ne ahoɔden. Sɛ yɛtintim wɔ Kristo mu a, yɛbɛtumi ahunu sɛdeɛ Onyankopɔn Baasa Koro no ahoɔfe ne wawa ne soronko a ɛyɛ teɛ.

Yɛnim sɛ Onyankopɔn na ɔma yɛn abrabɔ yɛ foforo. Yɛnim Onyankopɔn wɔ ɔdɔ a yɛn nso yɛde dɔ afoforo mu. ɛno nti obiara a onni dɔ no onnim Onyankopɔn nso. Sɛ yɛnam Kristo anom nsɛm so hunu Onyankopɔn a yɛde yɛn ho fri pɛsɛmenkomenya mu. Nanso adwene sakyera ne mmra nsɛm ho asɛnka nko remmfa fahodie mbrɛ yɛn mmfiri yɛn bɔne nkondua no mu; na mmom deɛ ɛbɛma yɛade yɛn ho paa no ne sɛ yɛbɛhunu Onyankopɔn dɔ no, na ɛfei nso yɛbɛgye Ɔba no bɔne fakyɛ tumi no atom, na ama Honhom Kronkron no abɛtena yɛn mu. Ɛyɛ Onyankopɔn dɔ no nko na ɛbɛtumi abubu pɛsɛmenkomenya honhom a ɛte yɛn mu no koraa.

YOHANNE 8:33-36
33 Wɔbuaa no sɛ, "Abraham asefoɔ ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ, 'Mobɛyɛ adehyeɛ?' " 34 Yesu buaa wɔn sɛ, "Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa. 35 Na akoa nka fie daa; na ɔba deɛ, ɔtena hɔ daa. 36 Enti sɛ ɔba no yɛ mo adehyeɛ a, mobɛyɛ adehyeɛ ampa."

Na ɛyɛɛ Jewfoɔ no wawa; ɛfirisɛ won agyanom tenaa Fareo nkoayɛ nkondua ase mfeɛ ahanu wɔ Egypt asaase so, na wohunuu sɛ Onyankopɔn nam ne tumi so abɛgye won afri mu, na woayi won afri saa nkondua no mu (Eksodos 20:2). Ɛno nti Yesu anom nsɛm no hyɛɛ won abufuo sɛ ɔka kyerɛɛ won sɛ wɔdaso yɛ nkoa a wonndee won ho.

Na Yesu yii won a abɛgye no adie no ahanta ne ahomasoɔ nyinaa frii hɔ. Na ɔkyerɛɛ won sɛ na wɔyɛ bɔne akoa, na ɔbonsam nso afa won domum. Ɛno nti sɛ yɛnntumi annhunu sɛdeɛ na yɛn bɔne nkondua mu duru fa a, yɛrenntumi nnhwehwɛ nkwagyeɛ akyiri kwan. Na obiara onim sɛ ɔrenntumi nni ne bɔne so nkunim wɔ nahoɔden mu no, saa onipa no na obɛbisa Onyankopɔn hɔ mmɔborohunu sɛ ɔngye no nkwa. Na ɛyi mu na yɛtumi hunu deɛn nti a nnipa bebree nnhwehwɛ Yesu akyiri kwan no; ɛfirisɛ wosusu sɛ wonnhia ne nkwagyeɛ no.

Yesu ka kyerɛɛ won wɔ ɔhyɛ mu sɛ, "Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔbɛyɛ bɔne no akoa. Mbabunu bebree de ntorɔ na ɛhyɛ won abrabɔ ase, ahunubra ne amumuyɛ nso. Na wɔdɔ asoko wɔ bɔne mu na wɔde bɔne nso di agorɔ wɔ won nsusuiɛ mu; na ɛfei wɔbɔ won tirimu pɔ sɛ wɔbɛtu anamon wɔ saa ɔbra no mu na wɔnante wɔ ndaadaa kwan so. Na wɔtoaso ara yɛ saa bɔne no dabiara, kosi sɛ saa nneyɛɛ no bɛyɛ won suban wɔ won abrabɔ mu. ƐnKosi sɛ wobɛhunu ɛfi a ɛgu won no ne won ntwɛtwɛdɛ ahorroɔ ne won adwene mu ntɛnyi no, na mberɛ bebree kɔ dada; na won abɛyɛ nkoa ama bɔne dada wɔ won abrabɔ mu. Ɛno nti ɛhyɛ won so ma wɔkɔyɛ amumuyɛ daa. Na ɛdu saa mberɛ no a wotumi dome da a wɔhyɛaaseɛ yɛɛ saa nnoɔma bɔne no. Onipa tirimu yɛ den yiye, ɛwom sɛ wonim papa ne bɔne nyinaa deɛ nanso wɔde bɔne kata won anim di won dwuma. Onipa biara a Kristo nni nabrabɔ mu no yɛ akoa ma nakondɔ. Na ɔbonsam de won atinka di agorɔ, te sɛdeɛ mframa de ahaban di agorɔ no.

Na Onyankopɔn Ba no kaa Ne nokorɛ asɛm kyerɛɛ won sɛ, "Mprenpren yi deɛ, Me ne mo na ɛwɔ hɔ na Menim mo mmerɛyɛ nyinaa. Na Me tumi adeɛ nyinaa yɛ, na Mayɛ krado sɛ mɛma mo ade mo ho koraa na mɛpopa mo bɔne nyinaa nso akɔ. ɛnnyɛ wiase yiyedie ne wiase ahoyadeɛ nti na me baaeɛ, na ɛfei nso ɛnnyɛ sɛ mede mmra a ɛyɛ duru rebɛto mo so atwe mo aso. Daabida, Na mmom me botaeɛ ne sɛ mɛma mo ade mo ho koraa afri bɔne tumi ase ne owuo nwowɔeɛ tumi mu ne ɔbonsam ntwɛtwɛdɛ mu. Mɛyɛ mo foforo, na mɛkenyan mo, na ama Onyankopɔn tumi a aba mo mu no aboa mo ama moadi bɔne so nkunim. Munhunu sɛ, ɔbonsam no bɛsɔ mo ahwɛ akwan ahorroɔ apem so. Na mobɛsinti, nanso morennyɛ nkoa ara da, na mmom mobɛyɛ sɛ mma a wokura won mu'die mu daa."

"Woagye mo nkwa daa ɛnni ɛwieɛ, na mede me mogya na atɔ mo, wɔ bɔne dwaso. Na moyɛ soronko ma Onyankopɔn. Ɛfirisɛ Ɔno na ɔmaa mo fahodie, na moayɛ mma a won ade won ho koraa. Moanya fahodie afiri bɔne mu, Na Mede mo akɔ mo ne Onyankopɔn ntam ayɔnkofa mu, wɔ ɔsom ne aseda a ɛfiri ɔpɛpa mu. Me na Me ma ɔgyeɛ, na Meyi mo fri afɔbuo mu de mo kɔ Onyankopɔn home mu. Me ne Onyankopɔn Ba no, a Me kura tumi sɛ mɛma obiara a otie Me nne ade ne ho koraa."

MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛyi wo ayɛ na yɛtontom wo, ɛfirisɛ Wo ne Agyenkwa a wowɔ baabiara, wona wogyee yɛn wɔ asɛndua no so frii ɔbonsam nkondua nyinaa mu. Na wode yɛn bɔne nyinaa akye yɛn. Woa hohoroo yɛn ho na woama yɛn ade yɛn ho afri nkoayɛ nyinaa mu ne ɔtan nso mu, sɛ yɛnsom Onyankopɔn sɛ mma a won ade won ho wɔ anigyie mu.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na yɛbɛfa anya ɔgyeɛ paa?

AGORODIE HO NSƐMBISA - 3

Ɔdɔfoɔ kenkanfoɔ,
fa wo mbuaeɛ papa no mu 17 brɛ yɛn wɔ saa nsɛmbisa ahrorroɔ 19 yi a yɛrebiase wo yi mu. Na yɛn nso yɛde saa adesua ahorroɔ yi mu nsɛm bɛbrɛ wo.

  1. Adeɛn ne ahintasɛm a ɛwɔ nnipa mpem num no aduane ma no mu?
  2. Botaeɛ bɛn nti na Yesu amma ho kwan sɛ nkurɔfokuo no de No bɛsi Hene no?
  3. Kwan bɛn so na Yesu de yii nhurɔfokuo no adwene firii aboodoo ho akonnɔ ne ɔpɛ mu de baa Ɔno ankasa Ne mu gyidie so?
  4. "Nkwa Aboodoo" asekyerɛ ne sɛn?
  5. Kwan bɛn so na Yesu buaa N'atiefoɔ no awiiwii no ano?
  6. Adɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ N'atifoɔ no sɛ ɛsɛ sɛ wodi Ne nipadua na wɔnom Ne mgya nso?
  7. Kwan bɛn so na ɛmaa nkwa-Honhom no baa Kristo nipadua mu?
  8. Petrol adansedie no nsunsuansoɔ ne sɛn?
  9. Adɛn nti na wiase tan Yesu?
  10. Ɛdeɛbɛn na ɛdi adanseɛ sɛ asɛmpa no firi Onyankopɔn nkyen ba ɛbaeɛ?
  11. Adɛn nti Yesu nkoaa na onim Onyankopɔn?
  12. Deɛbɛn na Yesu ka faa nnoɔma a ɛbɛsi anaa ɛbɛbamu wɔ N'anim?
  13. Adɛn nti na Yesu tumi kaa sɛ, "deɛ osukɔm de no no ɔmbra me nkyen mmɛnom nsuo?"
  14. Adɛn nti asɔfoɔ no ne Fariseefoɔ no kasatiaa nnipa no nyinaa?
  15. Adɛn nti na won wɔtotoo ɔbaa adwamanbɔfoɔ no ano no nyinaa dwanee frii Yesu anim?
  16. Kwan bɛn so na Yesu adansedie a ɛfa Ɔno ankasa ho sɛ ɔyɛ wiase hyann no ne ɔsoro Agya no wɔ ayɔnkofa?
  17. Gyidie a ɛwɔ deɛ ɔfrɛ Ne ho sɛ "Mene No" asekyerɛ ne sɛn?
  18. Kwan bɛn so na Yesu daa Ɔne Nyankopɔn Baasa Koro no nkabom no ɛdi?
  19. Kwan bɛn so na yɛbɛfa anya ɔgyeɛ paa?

Kae se wobetwerɛ wo din ne wo adres nso ka woasɛmbisa no ho brɛ yɛn wɔ saa address a ɛdidisoɔ yi so:

Waters of Life
P.O.Box 600 513
70305 Stuttgart
Germany

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 07:54 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)