Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 028 (Jesus leads the adulteress to repentance)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
C - Kristo Nsrahwɛ A Ɛdikan Wɔ Yerusalem (Yohanne 2:13 - 4:54) -- Nokorɛ Som No Ne Deɛ Ɛwɔ Hene?
4. Yesu kɔɔ Samaria (Yohanne 4:1–42)

a) Yesu dii Odwaman no anim kɔɔ adwene sakyera mu (Yohanne 4:1-26)


YOHANNE 4:1-6
1 ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. 2 (Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm deeno): 3 Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ, Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo. 4 Na ɔbuaa sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu ba no so. 5 ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kuro kronkron no mu, na ɔde no kɔgyinaa asɔrefie no atifi, 6 na ɔsee no sɛ, Sɛ wone Nyankopɔn ba no a, to wo ho twene fam; na wɔatwerɛ sɛ: Wo nti, ɔbɛhyɛ n'abɔfoɔ na wɔabɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem boɔ.

Na Ɔsɛmpakani no frɛɛ Yesu sɛ "Awurade", Ɔno na odi Hene wɔ adeɛ nyinaa so kosi daa a ɛnni ɛwieɛ. Ɔno na ɔtwe aso na ohunu mmɔborɔ nso. Ɔno na ɔkyerɛ kwan na obu atɛn nso. Na ohunuu Na'nnuoyam no nti ɔde Ne tumideyɛ abodin hyɛɛ No annuoyam.

Fariseefoɔ no boaboaa won ho ano, na wɔyɛɛ krado sɛ wɔbɛko. Na Kristo nso kaa asɛmpa wɔ Judea wɔ nkunimdie kɛseɛ mu. Na ɔfrɛɛ nnipa kɔɔ adwene sakyera mu, na wɔpaemu kaa won bɔne, te sɛ Osuboni no dwumadie no mu no. Na ɛfei osii Osuboni no anan mu yɛɛ adwuma (nanso na ɛnnyɛ ɔno ankasa na ɔbɔ asu, na mmom na'suafoɔ no, ɛfirisɛ wɔne Yohane nanteeɛ). Yesu kyerɛkyerɛ won sɛ nsuo mu asubɔ yɛ ahyɛnsodeɛ ma Honhom mu asubɔ. Nanso na Ne dɔn nnya nduruuiɛ, na Ɔno ankasa deɛ woambɔ asu biara.

Na Fariseefoɔ no boaboaa won ho ano pii tiaa No no, Yesu firii hɔ kɔɔ atifi famu. Na ɔbɔɔ Ne'bra wɔ Agya no apɛdeɛ nyinaa mu. Ɛfirisɛ na mberɛ a ɔne saa mmrakyerɛfoɔ yi bɛhyia no nnya nnduruuiɛ. Na Yesu tuu kwan kɔɔ Samaria kuro a ɛda bepɔ soɔ no mu, na ɔfaa hɔ Galilee nso.

Na saa Samariafoɔ kuo yi nnyɛ nkurɔfoɔ a woatwerɛ won ho aaɛm wɔ Apam Dada no mu, ɛfirisɛ na wɔyɛ nnipa a wɔyɛ amanfra amanfra wɔ Isrealfoɔ mu. wɔ berɛ a Assiriafoɔ ko dii Samariafoo so nkunim wɔ afeɛ 722BC mu, na saa mberɛ no wɔne Abraham asefoɔ no dii afra wɔ Mesopotam, na wɔboaa won ho ano sɛ kuo wɔ Samaria. na ɛno maa wodii afra, a won gyidie nso bɛyɛɛ ahorroɔ.

Yesu kɔɔ Syka a ɛbɛn Sekɛm, a na ɛhɔ na won Agyanom no ankasa firie. Na ɛhɔ nso na Yoshua maa nkurɔfoɔkuo no ne Onyankopɔn nyaa Apam (Genesis 12:6 ne Yoshua 8: 30-35). Na wosiee Yosef nnompe nso wɔ baabi a ɛbɛn Nablus (Yoshua 24:32). Na saa mbea yi bɛgyee din wɔ abakɔsɛm mu wɔ Apam Dada no mu.

Na ɛhɔ no Yesu tenaa nsubura no ho, ɛfirisɛ na woabrɛ wɔ na'kwantuo no mu wɔ awia kɛtee mu. Ɔyɛ onipa te sɛ yɛn ara, na woabrɛ na ɛfei nso nsukɔm dee no, ɔnyɛ biribi soronko bi- na mmom Onipa a ɔwɔ yɛn nipasu nyinaa mu nneyɛɛ pɛ.

YOHANNE 4:7-15
7 Na ɔbaa bi a ɔfiri Samaria baa hɔ bɛtoo nsuo. Yesu see no sɛ, "Ma me bi mennom." 8 Na n'asuafoɔ no kɔ kuro no mu rekɔtɔ aduane. 9 ɛnna Samariani baa no see no sɛ, "ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani, bisa me a meyɛ Samariani baa hɔ nsuo anom?" ɔkaa saa ɛfiri sɛ na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nka. 10 Yesu bua see no sɛ, "Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ, Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo." 11 ɔka kyerɛɛ no sɛ, "Owura, wonni adeɛ a wɔde toɔ, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wonyankwa nsuo no fire? 12 Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi, na ɔno ara ne ne mma ne ne mmoa nomm bie no?" 13 Yesu see no sɛ, "Obiara a ɔnom nsuo yi bie no, osukɔm bɛde no bio. 14 Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu." 15 ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ, "Owura, ma me saa nsuo yi bi, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛto nsuo."

Na mberɛ a Yesu gyina nsubura no ho no, Samariani ɔbaa bi baa nsubura no ho sɛ ɔrebɛsa nsuo. Nnyɛ anopa anaasɛ ɛwiberɛ mu na ɔbaaeɛ te sɛdeɛ mmaa afoforo no yɛ no, na mmom awia kɛtee mu na ɔbaeɛ. Na ɔmpɛsɛ obiara bɛhunu no; ɛnam ne suban bɔne nti ɔgye ahohorabɔ bebree wɔ babiara a ɔbɛkorɔ. Na Yesu hunuu na'koma mu nsɛm wɔ akyirikyiri, na ohunuu sɛ ohia ɔgyeɛ. Ɛno nti ɔpɛɛsɛ ɔboa saa ɔbaa yi; Yesu anngyina Mmra Nsɛm du no so na ɛboaa no, na ɛfei nso woanka na'nim, na obisaa no kɛkɛ sɛ ɔmma no nsuo nnom; na obuu no sɛ obi a obɛtumi ama no nsuo anom. Nanso berɛ a ɔbaa no hunuu sɛ ɔyɛ Jewni no woampɛ sɛ ɔbɛma no nsuo no anom. Ɛfirisɛ na Jewfoɔ ne Samariafoɔ nka. Na won tan no mu yɛ den kosi sɛ obi mpo mfa ne nsa nka obi a omfri won afa adeɛ wɔ osuro mu. Nanso, Yesu deɛ, ɔyɛɛ Ne ho te sɛ obi a asɛm bɔne biara nni won ntam, na obisaa ɔbaa no hɔ adeɛ.

Na Yesu botaeɛ ne sɛ ɔbɛma Onyankopɔn ho nsukɔm ade saa ɔdebɔneyɛni yi. wɔ nsubura no ho; ɛno nti ɔde nsuo na ɛyɛɛ Ne kasakyerɛ no susudua. Na ɛmaa nkenyan baa ɔbaa no mu sɛ ɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ no. Na ɔde Onyankopɔn ho dɔ sii ɔbaa no anim yɛ ne botaeɛ. Na ɛnnyɛ atɛnmuo na ɛda na'nim retwen no, na mmom na ɛyɛ Onyan adom akyɛdeɛ a woasiesie ama no. Ɛyi yɛ nsɛnkyerɛnne soronko koraa.

Adom mmfiri ɛwiemu na ɛba anaa mframa mu na mmom ɛnam Yesu nkoaa so na ɛba. Ɔno na ɔma adom akyɛdeɛ ne Onyankopɔn adom. Nanso ɔbaa no hunuu no sɛ ɔyɛ onipa biara kɛkɛ. Ɛfirisɛ na na'ni mbueɛ sɛ ɔde bɛhunu Kristo no annuoyam no, na Yesu yii Ne dɔ kann ɛdi kyerɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔno na ɔwɔ daa nkwa nsuo no. Na ɔsoro nsuo a ɔde bɛma no no mma nsukɔm nnde no bio. Nnipa nyinaa rehwehwɛ ɔdɔ ne nokorɛ, na obiara pɛsɛ ɔkɔ Onyankopɔn nkyen bio. Ɛno nti obiara a ɔbɛba Onyankopɔn nkyen no nsukɔn renne no da.

Yesu de Onyankopɔn akyɛdeɛ ma obiara a obɛbisa No. Ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛpaemu ka nnoɔma a ɛhia yɛn nyinaa kyerɛ no, sɛdeɛ Yesu ankasa nso paemu bisaa nsuo no. Na obiara ɔrembrɛ ne ho ase na ombisa no, ɔrenntumi nnya ɔsoro nsuo a wɔde ma kwa no nso bi.

Ɔbaa no anntumi annte Yesu aseɛ. Na ɔde wiase ne abrabɔ mu nsɛm na ɛbuaa Yesu sɛ, "Wonni adeɛ a wode bɛsa nsuo no na ɛmu dɔ nso, na adɛn nti na wose me sɛ wobɛma me nsuo anom?" Nanso ɛyɛɛ no wawa sɛ Yesu ne no kasaeɛ wɔ ayemyiye ne ɔdɔ kwan so saa. Na ɔmaa ɔbaa no hunuu Ne tumideɛ, na ɛfei nso ɔdɔɔ no wɔ Ne kronkronyɛ mu. Na ɔbaa no nnhyiaa ɔbarima bi a ɔyɛ ɔhoteeni tesɛ Ɔno da wɔ na'brabɔ mu. Ɛno nti obisaa no sɛ, "So woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Yakob anaa? So wobɛtumi ayɛ nsɛnkyerɛnne ama yɛn nsubura foforo?"

Yesu buaa no maa no nkyerɛkyerɛmu sɛ onni asaase yi so nsuo biara a ɔde ma, ɛfirisɛ obiara a osukɔm de no na ɔnom nsuo no osukɔn bɛde no bio. Ɛfirisɛ ɛyɛ na'dwuma wɔ nipa no mu wie a nsukɔm bɛde no bio.

Nanso, Yesu na ɔma yɛn nkwa nsuo no, na ɔma yɛde yɛn ho fri honhom mu nsukɔm mu. Kristofoɔ hwehwɛ Onyankopɔn a wohunu no. Na wonnte sɛ abɔdeɛ mu nhwehwɛmufoɔ a wɔdwendwen nokorɛ ho na won nsa nntumi nka no. Na mmom Kristofoɔ deɛ Onyankopɔn ankasa na ahwehwɛ won; Na wonim No sɛdeɛ ɔteɛ ankasa. Na Ne dɔ no hwɛ yɛn so daa. Na ɛfei nso Na'diyisɛm no nnyɛ adeɛ a ɛtwam da-biarada, na mmom ɛyɛ foforo daa, na ɛma nkenyan daa ne Onyankopɔn ho nimdieɛ frɔmfrɔmyɛ na ɛnnyɛ adwenkyerɛ biara kɛkɛ, na mmom ɛyɛ tumi, nkwa, kanea ne asomdwee. Honhom Kronkron no yɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ ɔsoro nsuo.

Mprensa na Yesu sii so dua sɛ ɔno nko na ɔma nkwa nsuo. Na ɔsom foforo biara anaa obiara nni hɔ bio, ɔhene biara nntumi, anaa sɛ adamfoɔ biara rentum mma ɔkra nsuo nnom wɔ ne nsukɔm mu, agyesɛ Yesu a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no nko.

Ɛno nti obiara a ɔbɛgye Onyankopɔn akyɛdeɛ no dane yɛ foforo. Na deɛ nsukɔm de no no dane bɛyɛ asubonten a ɛsene na ɛma afoforo nya nhyira pii, a ɛma won adom, anigyie ne ɔdɔ ne Honhom Kronkron no akyɛdeɛ ahorroɔ. Sɛ yɛtena Kristo mu a yɛnya adom bɔ adom so, na yɛyɛ te sɛ ɔno ara a ɔyɛ Onyankopɔn akydeɛ ma nnipa bebree no.

Na ɔbaa no hunuu sɛ Yesu yɛ odiyifoɔ wɔ berɛ a ɔne no rekasa no mu na mmom ɔnnyɛ nkonyaayini. Ɛno nti obisaa no sɛ ɔma no nkwa nsuo no bi nnom. obisaa deɛ ɛhia no, na mmom ɔkɔɔso dwenee sɛ na Yesu rekasa fa wiase nsuo ho. Ɛno nti ɔdwenee sɛ, sɛ onya saa nsuo no a, ɔremma nsubura ne ho dabiara sɛ ɔrebɛsa nsuo bio.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, wona woma nkwa nsuo. Ma yɛn nimdieɛ ne ɔdɔ ho nsukɔm a ɛde yɛn no ho nsuo nnom. Na fa prɔ a yɛaprɔ no nyinaa kyɛ yɛn; na hohoro yɛn ho firi nkekaeɛ nyinaa ho, na ama Honhom Kronkron ɛtumi aba yɛn so, na ɛne yɛn abɛtena daa nyinaa. Boa yɛn ma yɛnyɛ asubonten a ɛsene, na ama nnipa pii anom afri wo Honhom no mu, a woahwie agu yɛn akoma mu no mu. Kyerɛkyerɛ yɛn ahobrɛaaseɛ, mpaebɔ, ɔdɔ ne gyidie.

NSƐMBISA:

  1. Akyɛdeɛ bɛn na Yesu de maa yɛn? na ɛmu dwumadie ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:03 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)