Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 029 (Jesus leads the adulteress to repentance)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
C - Kristo Nsrahwɛ A Ɛdikan Wɔ Yerusalem (Yohanne 2:13 - 4:54) -- Nokorɛ Som No Ne Deɛ Ɛwɔ Hene?
4. Yesu kɔɔ Samaria (Yohanne 4:1–42)

a) Yesu dii Odwaman no anim kɔɔ adwene sakyera mu (Yohanne 4:1-26)


YOHANNE 4:16-24
16 ɔsee no sɛ, "Kɔfrɛ wo kunu bra ha" 17 ɔbaa no bua kaa sɛ, "Menni kunu." Yesu see no sɛ, "Woaka no yie sɛ wose: 'Menni kunu' 18 na woaware kununom baanum, na deɛ woware no nnɛ yi deɛ, ɔnyɛ wo kunu. Yei deɛ woaka no nokorɛ mu." 19 ɔbaa no see no sɛ, "Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ. 20 Yɛn agyanom sɔree bepɔ yi so; na mo deɛ, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre." 21 Yesu see no sɛ, "ɔbaa, gye me di sɛ, da no reba a ɛnyɛ bepɔ yi so, anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no. 22 Mosɔre deɛ monnim; yɛn deɛ, yɛsɔre deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ ɔgyeɛ no firi Yudafoɔ mu. 23 Na berɛ no reba, na adu, sɛ nokorɛ asɔrefoɔ bɛsɔre Agya no honhom ne nokorɛ mu, na wɔn a wɔsɔre no saa no na Agya no rehwehwɛ. 24 Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokorɛ mu."

Na Yesu kenyan ɔbaa no ma ne kon dɔɔ nkwa nsuo no akyiri no, na onyaa ɔpɛpa wɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ no mu no, ɔkyerɛɛ no akwansideɛ a ɛsii no kwan firii saa akyɛdeɛ yi ho- ɛno ne ne bɔne no. Na woanka na'nim atɛnmuoso annka sɛ, "Woyɛ odwamanbɔni," na mmom ɔsee no sɛ kɔfrɛ wo kunu bra ha. Na ɛyi maa ɔbaa kae no ne yaw a woafa mu nyinaa. Te sɛ mbaa nyinaa ani gyina won kununom banbɔ ne nhwɛsopa a okunupa biara de ma ne yere no. Nanso ɔno deɛ na ɔyɛ ankonam a woapo no, na ɔmpɛsɛ ɔbɛka na'hintasɛm ne na'nimguaseɛ akyerɛ Yesu. Ɛno nti ɔhyɛɛ ne ho so kaa sɛ, "Meni kunu."

Yesu sii so dua sɛ ɛyɛ nokorɛsɛm, ɛfirisɛ onim adeɛ nyinaa. Na onim sɛ ɔyɛ obi a woapo no na aka no nko, nanso na'konnɔ nti ɔrehwehwɛ ɔdɔ, na ɔtɔ bɔne ahorroɔ mu.

Adwamanbɔ biara yɛ musubɔ adeɛ, na ɛsɛe adwene nso, na ɛde yareɛ brɛ yɛn nipadua nso, a ɛtumi daa ɛdi wɔ mbaa nso mu. Ɔbaa biara ani daso gyina ne kunu sɛ mpo won mu tete a, na ɔpre sɛ wɔbɛsan nso aka abom na won ate won ho ase bio.

Ɛfei ɔbaa no hunuu sɛ Yesu nnyɛ nipa bi kɛkɛ; na mmom ɔyɛ odiyifoɔ. Nanso na ne mu tɔnn no na onim sɛ Onyankopɔn nko na obɛtumi aboa no. Nanso henefa na obɛtumi ahunu No? Wɔ kwan bɛn so? Ɛfirisɛ mpaebɔ ne akwankyerɛ ahorroɔ nyinaa yɛ adeɛ a onnim koraa. Na mfeɛ pii mu no ɔnkɔɔ ɔsom biara mu da, nanso na ohia ɔgyeɛ ne asomdwee wɔ Onyankopɔn mu.

Na Yesu maa ɔbaa no hunuu hia a ohia ahohohorɔ no akyiri no, ɔsan nso maa no hunuu sɛ ɛnnyɛ mmepɔ so nko na ɛsɛ sɛ wɔsom, na mmom ɛyɛ Honhom mu na ɛsɛ sɛ wɔsom. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn ne ɔsoro Agya no. Na ɛfei nso ɔmaa no nyaa nkwagyeɛ a ɛwɔ ne mu no sɛ obɛhunu Onyankopɔn. Na ɔmaa no nteaseɛ wɔ kasa yi mu sɛ, "Agya no" mprensa. Ɛnnyɛ anim kekare ne mmɔdenbɔ na ɛma obi anya Onyankopɔn mu nimdieɛ, na mmom gyidie a ɛwɔ Kristo mu nko.

Yesu daa no ɛdi pɛfee sɛ wiase anyame biara nni hɔ a obɛtumi ama ne ho abodin sɛ Agya. Samariafoɔ no som anyame ahorroɔ pii. Na Jewfoɔ no deɛ wonim sɛdeɛ Awurade teɛ, ɔno na woayi Ne ho akyerɛ won mpren pii wɔ abakɔsɛm mu, na woahyɛ won bɔ sɛ wɔbɛwo Agyenkwa bi ama wiase a obɛfiri Dawid asefoɔ mu na ɔbɛba.

Ɔsompa a ne ngyinasoɔ yɛ Twerɛ Kronkron no ɛsɛ sɛ ɛkɔ wiase afanan nyinaa. Na ɛfiri saa mberɛ no mu no, na ɛmaa Nyankopɔn som dee ne ho frii asɔredan ahorroɔ binom mu. Na ɛfei Agyidifoɔ ankasa ne Onyankopɔn asɔredan no, a Honhom Kronkron no te won mu; na won abrabɔ nyinaa abɛyɛ Onyankopɔn som annuoyam hyɛ. Kristo ɔgyeɛ no na abɛyɛ won fahodie, a ɛde won kɔ Ne dɔ kɛseɛ no mu. Ɛfirisɛ nkwagyeɛ a ɛdimu' abɛyɛ won kyɛfa, nokorɛdie, ahoteɛ ne Ne tumi. Won soro Agya no na ama won nkenyan. Na ɛfei nso ayɛyiye ahyɛ won akoma mu ma. Ɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ Ne mma bɛyi no ayɛ daa nyinaa mu, wɔ aseda ne ahofama mu, "Yɛn soro Agya."

Onyankopɔn yɛ Honhom, na ɔnnyɛ ɔbosom anaa ɔsaman. Na mmom Ɔno ne yɛn Agya, na yɛnim ne Honhom no. Na onim yɛn mmerɛyɛ ne sɛdeɛ yɛn nntumi nnuru na'nim yiye. Nanso ɔbaa yɛn nkyen wɔ Ne Ba no mu, na ɔnam na'fɔrebɔ no so ahohoro yɛn ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛnya ne Honhom no. Onyankopɔn pɛsɛ onya mma bebree; ɛfirisɛ Ne mma nkoaa na ɛbɛtumi asom no wɔ Honhom ne nokorɛ mu yiye. Yɛbɔ mpae sɛ Agya no de Ne Honhom no bɛhyɛ yɛn ma wɔ nokorɛ ne adom mu, na ama yɛn abrabɔ nso ɛtumi atena Ne dɔ no mu daa.

Obiara nntumi nsom Onyankopɔn wɔ mu'die mu yiye a ɛsɔ ani, ɛno nti na Yesu maa yɛn Honhom no akyɛdeɛ no. Na ɔno mu na yɛsow aba bebree, na yɛbɛyɛɛ nkoa a anigyie ahyɛ yɛn ma, na yɛnya akokoduro wɔ adansedie mu. Na ama yɛn abrabɔ ɛtumi asom yɛn dɔfoɔ Nynakopɔn no wɔ Honhom no tumi mu a ɛfiri Kristo asɛndua no mu ba no.

Kristo ahohoro asɔredan no mu, na ɔde ɔsompa asi hɔ. Woyii Agya no wɔ Kristo mu kyerɛɛ ɔdebɔneyɛni ɔbaa no. Na ɔkaa ne bɔne kyerɛɛeɛ ne nsukɔm a ɛde no sɛ obɛnya nkwa nsuo anom, na Yesu maa no adom.

MPAEBƆ: Ɔsoro Agya, yɛda wo ase sɛ wopɛsɛ yɛsom wo firi yɛn akoma nyinaa mu, na ama yɛnya ahoteɛ wɔ yɛn abrabɔ mu, na yɛayi woadom no ayɛ. Yɛsrɛ wo te yɛn som ho. Na yɛnyɛ nkoa a yɛdi wo Ba no akyiri, na yɛyi wo ayɛ daa. Na fa mpaebɔ Honhom hyɛ yɛn ma, na ama yɛatumi atie woasɛm no daa nyinaa.

NSƐMBISA:

  1. Dɛn na ɛtumi siw ɔsompa ho kwan?, na ɛho nsunsuansoɔ paa ne sɛn?

YOHANNE 4:25-26
25 ɔbaa no see no sɛ, "Menim sɛ Mesaia" (a wɔfrɛ no Kristo no reba) "Na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn ne nyinaa." 26 Yesu see no sɛ, "Me a me ne wo rekasa yi, mene no."

Na ɔbaa no hunuu tumi ne nokorɛ a ɛwɔ Yesu nsɛm mu. Ɔbaa no nyaa ɔpɛpa sɛ obɛhunu sɛ bɔhyɛ a ɔde rema no no aba mu. Na ɔkae sɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Kristo ho no abɛn. Na ɔde ne werɛ ne na'nidasoɔ nyinaa kɔhyɛɛ Ne din no mu, na ɔgye diiɛ sɛ ɛyɛ Ɔno nko na obɛtumi akyerɛ nokorɛ som wɔ Onyankopɔn mu.

Deɛ ɛyɛ wawa ne sɛ Yesu annyi ne ho ɛdi pɛfee ntɛmso ankyerɛ ɔbaa no. Na mmom ɔkaa sɛ ɔno na wɔrehwɛ no kwan no, a Onyankopɔn asoma no, na Honhom Kronkron no ahyɛ no ma. "Me ne akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ama nnipa; Onyankopɔn asɛm a ɛbaa wɔ nipasu mu ne nkwagyeɛ a woasiesie ama nnipa nyinaa no."

Ɔbaa no anntumi annya nteaseɛ sɛ Mesaia no kyerɛ sɛ Ahene mu ahene, ne adiyifoɔ nyinaa panin ne Ɔsɔfo Panin. Na ɛyɛ bi a na ɔtee sɛ ne mbaeɛ no bɛma awufoɔ asɔre na woaka asomdwee nsɛm wɔ wiase nyinaa. Na ɛfei nso ɛyɛ bi a na ɔtee amanyɔsɛm a ɛwɔ Jewfoɔ no mu wɔ saa din yi mu. Nanso na deɛ ɔrepɛ nyinaa ne sɛ obɛnya ɔgyefoɔ a ɔbɛgye no ɛfiri ne bɔne nyinaa mu. Na onyaa gyidie bi sɛ Kristo no nko na obɛtumi ayɛ saa.

Na ɛyi mu no Yesu kaa sɛ, "Mene deɛ ɔne wo rekasa no." Ɔsoro botaeɛ ne bɔhyɛ ahorroɔ a adiyifoɔ no hyiaeɛ no daa ɛdi wɔ saa kasa yi mu sɛ, "MENE NO." Onipa biara nni hɔ a obɛtumi asi ne bo aka sɛ ɔno ne Mesaia no. Ɛfei nso anti-kristo no nso bɛba, na ɔno na ɔde ntorɔ bɛkasa saa. Nanso Kristo ne ɔdɔ no wɔ nipasu mu a ɔmpo obiara, nnebɔneyɛfoɔ, a ohuu Samariani ɔbaa no mmɔbɔ no. Ɔyɛ mmɔborohunufoɔ na mmom ɛnnyɛ atɛnmuo.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:03 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)