Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 027 (The Baptist testifies to Jesus)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
C - Kristo Nsrahwɛ A Ɛdikan Wɔ Yerusalem (Yohanne 2:13 - 4:54) -- Nokorɛ Som No Ne Deɛ Ɛwɔ Hene?

3. Osubɔni no dii Yesu ho aadnseɛ sɛ ɔno ne ayeforokunu (Yohanne 3:22–36)


Na odii adanseɛ wɔ ahobrɛaaseɛ mu na nanigyie wie pɛyɛ wɔ sɛdeɛ ohnuu mpuntuo wɔ asɔre no mu akyiri no, Osubɔni no toaaso dii adanseɛ wɔ Kristo kɛseyɛ ho ne nasɛmpa ndwuma ho, na ɔkaa sɛ,

YOHANNE 3:31
31 "Deɛ ɔfiri soro ba no sene nnipa nyinaa. Deɛ ɔfiri fam no firi fam, na ɔfiri fam kasa; deɛ ɔfiri soro ba no sene nnipa nyinaa,"

Nnipa nyinaa firi wiase yi mu, na yɛn nyina hia awoɔfoforo. Na Yesu nko na ofiri ɔsoro, na ɔbɛyɛɛ Onipa sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔbɛgye yɛn nkwa nti. Yesu a, ofiri Nazaret no yɛ kɛseɛ sene adiyifoɔ aba wiase nyinaa, ne wiase anyansafoɔ nyinaa, ne akandifoɔ ahorroɔ nyinaa, te sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asaase no. Deɛ onipa ayɛ nyinaa hinhim na ɛfiri nnoɔma a Onyankopɔn ayɛ ato hɔ mu. Ɔba no yɛ nkwa ne kanea ne yɛn nipasu ne yɛn abrabɔ nyinaa farebae. Na obiara nntumi mfa ne ho ntoto Ne ho koraa. Na Agya no woo Ɔba no firi adebɔ mfitiaseɛ mu. Na ɔboro abɔdeɛ nyinaa so wɔ pɛyɛ mu.

YOHANNE 3:32–35
32 "Na deɛ wahunu na wateɛ no, ɛno ho adanseɛ na ɔdie; nanso obi nnye n'adanseɛ no. 33 Deɛ ɔgye n'adanseɛ no asi agyinae sɛOnyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. 34 Na deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Nyankopɔn nsɛm; na Onyankopɔn nsusu Honhom ansa na ɔde ama. 35 Agya no dɔ ɔba no, na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa."

Ɔbarima Yesu na odii ɔsoro ho adanseɛ wɔ nokorɛ mu. Ɔno na ohunu Agya no na ɔte Ne nsɛm nyinaa. Na onim N'adwene ne Ne nhyehyɛeɛ nyinaa. Na Ɔno ne Onyankopɔn asɛm no, a ofiri Agya no kokomu tɔnn. Na N'adiyisɛm nyinaa yɛ nokorɛ wɔ pɛyɛmu. Adiyisɛm a ɛbaa adiyifoɔ no nkyen nyina yɛ afa ne afa. Na ɛyɛ Yesu nkoaa na otumi yi Onyankopɔn apɛdeɛ a ɛyɛ pɛ na ɛdimu' koraa. Ɔno Ne ɔdanseni nokwafoɔ, a ɔyɛ adansedifoɔ nyina fapem. Na Ɔno na ɔhyɛ Agya no annuoyam, nanso awerehosɛm ne sɛ nnipa pii po nadansedie no. Na wɔmpɛ Onyankopɔn a ɔbɛn won, ɛfirisɛ ɛno bɛsesa won abrabɔ hunu no. Na wɔpo abayɛ na wɔpo Onyankopɔn nso sɛ won Agya.

Yɛda Onyankopɔn ase sɛ ɛnnyɛ obiara na ɔtan Onyankopɔn ne Ne Honhom no. Na nnipa kuo bi wɔ hɔ a wohunu Agya no wɔ Ne Ba no mu, na wɔgye nafɔrebɔ a ɛyɛ pɛ no nso di. Na obiara a ɔgye N'adiyisɛm ne ɔgyeɛ a ɛwɔ no mu no die no hyɛ Onyankopɔn annuoyam. Onyankopɔn nntwa atorɔ; Ɔba no yɛ ɔnokwafoɔ. Agya no annyi natirimsɛm ɛdi wɔ nwoma biara mu anaa amammra nwoma biara mu, na mmom oyii no ɛdi wɔ Yesu mu. Ɛno nti obiara a ɔbɛbue nakoma mu ama Honhom no nsɛm no bɛyɛ foforo. Kristo amfrɛ wo sɛ bɛka nokorɛ no kɛkɛ, na mmom ɔfrɛɛ wo sɛ bɛtena nokorɛ no mu na fa bɔ wo bra. Na ɔde Asɛmpa no ɛwura woakoma mu.

Yesu anka nsɛm a ɛnni hɔ anaa deɛ ɛyɛ bɔsrɛmu nsɛmka apɛdeɛ a ɛnni ngyinasoɔ biara; na mmom Ne nsɛm yɛ ahoɔden, ne tumi a ɛyɛ adwuma. Onyankopɔn ankasa kasaeɛ wɔ Ne Ba no mu. Honhom a ɛwɔ Ne mu no nni ɛwieɛ. Agya no de tumi ne Ne nyansa nyinaa maa no a ɛnni ɛwieɛ.

Agya no dɔ Ɔba no, Na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa. Ɛfirisɛ Onyankopɔn dɔ no yɛ akyɛdeɛ, na Ɔba no hyɛ Agya no annuoyam. Na asɛmbisa no nnyɛ sɛ won mu hwan na ɔyɛ kɛseɛ, Agya no anaasɛ Ɔba no? Saa asɛmbisa no fri ɔbonsam. Onyankopɔn Baasa Koro no nyinaa wɔ nkutahodie ma won ho na wɔhyɛ won ho annuoyam nso. Ɛno nti obiara ɔpo saa nhyehyɛeɛ yi no po Awurade. Agya no nni osuro biara ma Ɔba no wɔ ahomasoɔ a ɛtia Ne tumideyɛ mu, Ɛfirisɛ Onyankopɔn nim Ɔba no ahobrɛaaseɛ, ne setie ne ɔdwoɔ a ɔdwo mu. Yesu na ɛdi N'anom asɛm nyiaa soɔ wɔ deɛ ɔbɛka nyinaa mu., na ɔkaeɛ sɛ, "Tumi a ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asaase so nyinaa wɔde ahyɛ me nsa."

YOHANNE 3:36
36 "Deɛ ɔgye ɔba no die no wɔ daa nkwa; na deɛ ɔntie ɔba no no renhunu nkwa, na Nyankopɔn abufuo da ne so."

Yohane ɔsɛmpakani no kyerɛ yɛn nkwagyeɛ kwan no: na Obiara a ɔgye Ɔba no die no wɔ daa nkwa. Na saa asɛm tiaa yi ma asɛmpa no korɔn. Na obiara a ɔbɛbɛn saa nkabom yi no abrabɔ kɔsɛ Agya no ne Ɔba no, na ɔbɛn Onyankopɔn dɔ, a ɛdaa ɛdi wɔ asɛndua no soɔ no. Na saa nipa no nya ahodasoɔ wɔ Onyankopɔn Adwammaa no mu a onim sɛ Adwammaa no ahohoro ne ho fi nyinaa. Wɔ yɛne Kristo ayɔnkofa yi mu no yɛnya Ne dɔ ne Ne mmɔborohunu no bi. Na saa gyidie no a ɛwɔ Ɔba a wɔbɔɔ no asɛndua mu no, ma yɛn ne nkwa no bi wɔ nokorɛ mu. Daa nkwa nnhyɛaseɛ wɔ owuo akyiri, na mmom wɔ abrabɔ yi mu. Honhom Kronkron no nam Ɔba no so abɛtena ogyidini akoma mu. Ɛno nti obiara a ɔpo Kristo anom nsɛm no, na ɔpo abayɛ tumi no ne asɛndua no, saa nipa no how Honhom Kronkron no werɛ. Na ɔrenntumi nnya asomdwee wɔ nadwene mu ara da. Na saa nipa no mbrɛ ne ho ase mma Yesu na ɔkotia Onyankopɔn ankasa na ɛfei na brabɔ nyina tena owuo mu. Ne saa nti Ɔsom biara a ɛkyerɛkyerɛ tia Ɔba no asɛndua ho no, ko tia Onyankopɔn nokorɛdie. Na obiara ɔpo Ne dɔ no nso, fa Ne bufuohyeɛ no.

Poulo nso foaa Yohane asɛnka no so sɛ: Onyankopɔn ayi abufuo ɛdi ɛfiri soro agu nnipa a wɔde deɛ ɛntene ne amumuyɛ bɔ won bra so. Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne na wɔde amumuyɛ si nokorɛ no kwan. Ɛno nti Onyankopɔn abufuo a ɛsɛe adeɛ no, woahwie agu nnipa nyinaa so.

Sɛdeɛ wɔmaa ɔwɔ no so wɔ serɛ no so no, saa ara nso na asɛndua no abɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama yɛn nkwagyeɛ ɛfri Onyankopɔn abufuohyeɛ mu. Na Ɔba no abue adom pono kwan ama obiara. Ɛno nti biara a ɔbɛtwe ne ho ɛfri adom a ɛwɔ asɛndua no so no, ɔbɛtena atɛnmuo mu. Na ɔbonsam bɛtintim saa nnipa no so. Won a Kristo nni won abrabɔ mu no amumuyɛ ahyɛ won ma. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ ma afoforo nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛgye Ɔba no adi na won anya nkwagyeɛ? Da bɛn na wone wo nnamfonom bɛkasa wɔ boasetɔ mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛgye Onyankopɔn nkwa no atom wɔ yɛn adansedie mu?

MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase wɔ wo dɔ ne wo nokorɛdie mu. Yɛyi wo ayɛ, yɛsrɛ wo nkyen osetie akoma, a ɛwɔ gyidie a ɛhyɛ Agya no annuoyam mu. Yɛde gyidie ne akokoduro nyinaa kasɛ wo ne Agya no nyinaa yɛ baako. Hunu won a wɔpo wo nyinaa mmɔbɔ. Ma won woasɛm no ho adansedie. Na boa yɛn ma yɛntumi nhwehwɛ won a woasoma yɛn won nkyen no, na yɛatumi ɛdi wo ho adanseɛ akyerɛ won wɔdeɛ woyɛɛ maa yɛn nyinaa.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na yɛfa so de nya daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:03 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)