Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 019 (The first six disciples)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
B - Kristo Yii Na'suafoɔ No Firii Adwene Sakyera Nsusuiɛ Nko Mu De Won Kɔɔ Ayeforohyia Anigyie Tebea Mu (Yohanne 1:19 - 2:12)

3. Asuafoɔ nsia a ɛdikan no (Yohanne 1:35-51)


YOHANNE 1:47–51
47 Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkaa wɔ ne ho sɛ, "Hwɛ, nokorɛ Israelni a nnaadaa nni ne mu nie!" 48 Natanael see no sɛ, "ɛdeɛn na wode hunuu me?" Yesu bua see no sɛ, "Filipo nnya mfrɛɛ woɔ, a na wowɔ borɔdɔma no aseɛ no na mehunuu woɔ." 49 Natanael bua see no sɛ, "Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no!" 50 Yesu bua see no sɛ, "ɛsiane sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo borɔdɔma no aseɛ no nti na ɛma wogye die yi? Wobɛhunu nnoɔma akɛseɛ a ɛsene yeinom." 51 Na ɔsee no sɛ, "Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, mobɛhunu ɔsoro sɛ abue, na Nyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa ba no soɔ."

Na ɛfei Nataniel ani baa ne ho so no onyaa nteaseɛ sɛ Yesu ahunu na'brabɔ mu ahintasɛm nyinaa. Nataniel gyidie nyinaa wɔ Apam Dada no ngyinasoɔ mu, nanso na woapaemu aka ne bɔne nyinaa akyerɛ Osuboni no, na ɔde na'koma nyinaa repre hwehwɛɛ Onyankopɔn Ahennie no. Na ɛyi nnyɛ ɔno ankasa ne trenee, na ɛfiri akoma a ɛbubuo mu afiri ne bɔne nyinaa ho - na ɔfrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔbɛsoma Mesaia a ɔyɛ Agyenkwa no aba.

Na Yesu tee ne mpaebɔ no, na ohunuu mpaeɛbɔfoɔ no wɔ akyirikyiri sɛ woabu nkototwe wɔ dua bi ɛwiniase. Na saa tumi a ɛkyerɛ sɛ otumi hunu onipa abrabɔ mu ahintasɛm nyinaa no yɛ Onyankopɔn mu ahoɔden.

Yesu ampo no na mmom no obuu no bem na ohunuu wɔ ne mu sɛ ɔyɛ ogyidini a osi pi, a woatintim yiye wɔ Apam Dada no mu, na ɔrehwɛ Kristo no kwan sɛ ɔbɛba.

Nsɛm a Kristo ka kyerɛɛ Nataniel no maa agyingyɛgyeɛ a na ɛwɔ no mu no nyinaa tu yeraeɛ. Na ɔbrɛɛ ne ho ase maa Yesu na ɔde abodin ahorrow a woatwerɛ ama Mesaia no wɔ Twerɛ Kronkron no mu no hyɛɛ No annuoyam: kaeɛ sɛ, Onyankopɔn Ba, Isreal Hene. Saa ntontom yi, sɛ ɔka wɔ bɛdwamu a ɛbɛtumi ama won abu Nataniel kumfɔ, ɛfiri sɛ atwerɛfoɔ no ne Jewfoɔ asɛmdifoɔ bɛdwakuo no nyinaa nngye ntom sɛ Onyankopɔn wɔ Ba. Ɛno nti saa abodin a Nataniel kaeɛ no yɛ abusudeɛ ma won. Na ɛfei nso sɛdeɛ ɔkaeɛ sɛ Yesu yɛ Isreal Hene no nso bɛtumi ama Herod de ɔtaa kɛseɛ aba no so, na ama Romanfoɔ no nso de no akɔto afiase. Nanso saa ogyidini a odimu' yi daa ne nnyɛɛpa ɛdi faa bɔhyɛ ahorrow a woyi kyerɛɛ Adiyifoɔ no a won aka atohɔ ho. Na osuro Onyankopɔn sene onipa, ɛno nti ɔhyɛɛ No annuoyam wɔ Na'Agya no abodin mu, a ɛmfa ne ho deɛ ɛbɛto no biara mu.

Na asuafoɔ a ɛdikan no mu biara amfa saa abodin no amfrɛ Kristo te sɛdeɛ Nataniel de frɛɛ No no. Na deɛ ɛyɛ wawa, ne sɛ Kristo nso ampo saa abodin yi mu biara koraa, na mmom osii no so dua kaa sɛ wobɛhunu sɛ Ɔsoro abue. Na Abɔfoɔ atwa Kristo no ho ahyia, a wɔredi ɔsoro akɔneaba, wɔ Agya no anim, wɔ nhyira kɛseɛ mu. Na saa nsɛm yi maa Yakob anisoadeɛhunu no hyɛɛ ma, ɛfirisɛ Yesu mu na nhyira nyinaa ayɛ ma. Sɛdeɛ Poulo twerɛeɛ sɛ, "Nhyira nka Onyankopɔ a ɛyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Na'Agya, a ɔde honhom mu nyira nyinaa ahyira yɛn wɔ ɔsoro hɔ no." Ɛfiri Kristo kurom kosi na'subɔ mu nyinaa ɔsoro abue atohɔ bere biaa. Ɛnam Onyankopɔn abufuohyeɛ nti, ɔsoro mu tooeɛ a na abɔfoɔ gyinagyina ɔsoro pono ano kita nsekan sɛ awenfoɔ. Nanso sesie deɛ pono a ɛkɔ Onyankopɔn nkyen no abue wɔ Kristo mu.

Na ɛfei berɛ a ɛdikan koraa a Yohanne de Kristo no nsɛmkaeɛ kasaeɛ na ɔkaa sɛ, "Nokorɛ, nokorɛ, Me se mo sɛ...." Na saa mberɛ yi mu adom no yɛ adeɛ a ɛyɛ wawa na ɛmu dɔ yiye a ɛboro onipa adwene ne nteaseɛ so, a onipa hia no yiye, sɛ Onyankopɔn mu ngyinasoɔ foforo wɔ yɛn gyidie mu. Na ɛberɛ biara a Yesu bɛkasa asiso mprɛnu no, na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ saa asɛm no mu yiye paa na yɛdwendwen ho nya ɛmu nteaseɛ yiye, ɛfirisɛ na deɛ ɛdisoɔ no yɛ honhom mu adiyisɛm a onipa nntumi nte aseɛ ho asɛm na ɔreka.

Na saa nsɛm yi akyiri no, Yesu maa nsiesie wɔ Nataniel adansedie no ho, sɛdeɛ ɔde bɛsiw ɔtaa ano kwan afiri na'sɔre foforo no ho. Ɛno nti Yesu annka sɛ, Ɔno ne Ɔhene a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, anaa Onyankopɔn Ba no, na mmom ɔfrɛɛ Ne ho sɛ onipa Ba'. Saa abodin yi na Yesu de maa Ne ho berɛ nyinaa. Na Ne nipasu yɛ deɛ ɛyɛ wawa yiye; nanso ɔbɛyɛɛ te sɛ yɛn ara - na ɛyi yɛ nsɛnkyerɛnne kɛseɛ, sɛ Onyankopɔn Ba no abɛyɛ onipa, na owuiɛ sɛ Onyankopɔn Adwammaa maa yɛn.

Na ɛfei nso saa abodin yi a ɛne 'Onipa Ba' no nso kyerɛ ahintasɛm a Daniel twerɛeɛ fa ho wɔ ne nwoma no mu. Onyankopɔn de atɛnbuo nyinaa ahyɛ 'Onipa Ba' no nsa. Nataniel hunuuiɛ sɛ Yesu nnyɛ Ɔhene ne Ɔba kɛkɛ, na mmom ɔyɛ wiase nyinaa ɔtɛnbufoɔ nso - a ɔyɛ Onyankopɔn wɔ nipasu mu. Ɛno nti Yesu maa Nataniel gyidie so kɔɔ soro. na saa gyidie no sombo yiye, na Yesu ankasa nso firi ne kurom hɔ. Wɔ gyidie no mu no ɛmaa osuani no hunuu Na'nnuoyam kɛseɛ a ahinta no - sɛ Ɔsoro abue wɔ Ne so.

MPAEBƆ: Yɛyi wo ayɛ, Onyankopɔn Ba ne wiase nyinaa ɔtɛnbuafoɔ. Anka deɛ ɛfata yɛn ne woabufuohyeɛ no, nanso yɛnam woadom no so koto srɛ wo mmɔborounu no, ma yɛn ho ne yɛn nnamfonom nyinaa. Yɛsrɛ wo hwie wo nhyira no gu won a wɔhwehwɛ Onyankopɔn akyiri akwan nyinaa so, na ama won atumi ahunu wo yiye wɔ ɔdɔ kɛseɛ mu, na ama won anya wo mu awerehyem ayini wɔ nyansa ne anidasoɔ mu.

NSƐMBISA:

  1. Nkyerɛkyerɛmu ne nteaseɛ bɛn na ɛda saa abodin yi - 'Onyankopɔn Ba' ne 'Onipa Ba' no ntam?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:04 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)