Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 018 (The first six disciples)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
B - Kristo Yii Na'suafoɔ No Firii Adwene Sakyera Nsusuiɛ Nko Mu De Won Kɔɔ Ayeforohyia Anigyie Tebea Mu (Yohanne 1:19 - 2:12)

3. Asuafoɔ nsia a ɛdikan no (Yohanne 1:35-51)


YOHANNE 1:43-46
43 Adeɛ kyeeɛ no, Yesu pɛɛ sɛ ɔfiri hɔ kɔ Galilea; na ɔhunuu Filipo. Na Yesu see no sɛ, "Di m'akyi!" 44 Nso Filipo firi Betsaida, Andrea ne Petro kuro mu. 45 Filipo hunuu Natanael, na ɔsee no sɛ, "Deɛ Mose, wɔ mmara no mu ne adiyifoɔ no twerɛɛ ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ɔfiri Nasaret no." 46 Na Natanael see no sɛ, "Biribi pa bi bɛtumi afiri Nasaret da?" Filipo see no sɛ, Bra bɛhwɛ!

Wɔ nsɛmfua a yɛn akenkan atwamu no yɛhunuu dwumadie bi a ɛkɔɔso nnafua anan mu. Da a ɛdikan no ananmusifoɔ bi firii Yerusalem baeɛ; na da a ɛtɔsoɔ miennu mu no Yohanne paemu kaeɛ sɛ Yesu ne Onyankopɔn Adwammaa no; na da a ɛtɔsoɔ miensa mu no Yesu frɛɛ asuafoɔ anan; na da ɛtɔsoɔ anan mu no, Yesu frɛɛ Filipo ne Nataniel bakaa asuafoɔ no ho.

Ɛyɛ Yesu na ɔhwehwɛɛ Filipo. Na Filipo ate afiri Yohanne asɛnka mu sɛ Yesu wɔ dɔm no mu dada. Na ɛyɛɛ no wawa bere a Osuboni no yii Yesu kyerɛeɛ sɛ Onyankopɔn Adwamma no. Filipo anntumi ankɔ Yesu nkyen. Nanso na ɔpɛsɛ ohunu Awurade no, nanso obuu ne ho sɛ ɔnsɛ mfata sɛ ɔbɛbanne Onyankopɔn koraa. Ɛno nti Yesu ankasa kɔɔ ne nkyen, na ɔkakyerɛɛ no sɛ sɔre na di makyi.

Yesu wɔ ho kwan sɛ Ɔno ankasa bɛyi nnipa a ɔpɛ ama ne ho, ɛfirisɛ Ɔno na ɔbɔɔ nnipa, na ɔdɔɔ yɛn na ɔgyee yɛn nso. Na ɛnnyɛ yɛn ankasa na yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛgye no atomu, na Ɔno na ohunuu yɛn kane; na ɔhwehwɛɛ yɛn, na ohunuu yɛn na ɔfrɛɛ yɛn baaeɛ sɛ yɛn mbɛsom no.

Obiara rentumi ndi na'kyi wɔ berɛ a ɔmfrɛɛ woɔ, na oiara rentumi nnyɛ adwuma bi mma no wɔ berɛ a ɛnnyɛ Kristo no na ahyɛ woɔ. Obiara a ɔyɛ adwuma wɔ Onyankopɔn Ahennie mu, a ɛnnyɛ Ɔno na ɔfrɛɛ woɔ no de ɔhaw ba ɔno ankasa so ne afoforo nso so. Na obiara a obɛtie Kristo no na ɔbɛyɛ krado no, obɛnya Kristo nkyen banbɔ ne nhyira. Na Yesu bɛhwɛ no wɔ akwan nyinaa mu wɔ na'brabɔ nna nyinaa mu.

Na Filipo kɔkaa asɛmpa wɔ mmɔtenso; na ohunuu na'damfo Nataniel no ɔkaa saa asɛmpa yi kyerɛɛ no; na ɔka kyerɛɛ no sɛ, "Yehunu Mesaia no!", "Mɛhunu No", na ɔno nso paemu kaaeɛ sɛdeɛ asɔre no nso yɛeɛ wɔ ahobrɛaaseɛ mu no.

Na Yesu kyerɛkyerɛɛ Na'suafoɔ no, Ne botaeɛ nti a ɔbaeɛ ne Ne'dwumadie nyinaa mu kyerɛɛ won. Yosef ne Ne honam fam agya a ɔtetee no. Na Yesu annka biribiara ammfa na'woɔ ho wɔ Bethlehem annkyerɛ won. Na saa berɛ no na'suafoɔ nnim biribiara fa na'woɔ mu.

Nataniel wɔ nimdeɛ wɔ Twerɛ Nsɛm mu, Ɛno nti ɔhwehwɛɛ Moses nwoma ahorrow no mu ne Adiyifoɔ no nwoma mu, na osuaa bɔhyɛ a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Kristo no ho, na onim sɛ deɛ ɔbɛba no wɔbɛwo no bɛfiri David asefoɔ mu wɔ Bethlehem, na ɔbɛyɛ Ɔhene na obɛdi ne manfoɔ so. Na ɛyɛɛ dɛn maa Nataniel sɛ ɔbɛgye ɛdi sɛ wɔbɛwo Mesaia no wɔ kuro ketewaa bi a ɛwɔ Bethlehem mu a mpo wontwerɛɛ kuro no din wɔ Apam Dada mu koraa, na ɛfei nkɔmhyɛ biara nso mbaeɛ mmfaa saa kuro no ho. Natanien kaeɛ sɛ ɛyɛ ɛtuateɛfoɔ ne ɔsom mu apintanapintan bi a ɛtiaa Romanfoɔ no. Na saa basabasayɛ no de mogya hweigu bebree baeɛ.

Na saa nhwehwɛmu yi nyinaa ho annhia Filipo. Na na'nigyie kɛseɛ paa ne sɛ woahyia Kristo no na woahunu no. Na'nigyie mborosoɔ no dii Nataniel agyingyɛgyeɛ no so. Na ɔkaeɛ sɛ, ano booboodie biara nni mu bio, "Mommra mmɛhwɛ." Saa titriasɛm yi ne asɛmpa no nokorɛsɛm fapem, a ɛde kɔ mu, "Mommra mmɛhwɛ". ɛnsɛ sɛ wogye agyingyɛ wɔ Yesu ho, na mmom nya ne tumi ne na'yɔnkofa no mu suahunu ma wo ho. Yɛn adansedie no nnyɛ bɔsrɛmuka nsɛm ne nsusueɛ hunu, na mmom ɛyɛ Onipa bi ankasa ho asɛm, a ɔyɛ Awurade wɔ nokorɛ nyinaa mu.

MPAEBƆ: Yɛn Awurade Yesu, yeda wo ase wɔ woanigyie a ahyɛ yɛn akoma mu ma, boa yɛn ma yɛntena woayɔnkofa fɛfɛ no mu na ama yɛn atumi ɛdi afoforo nso anim aba wo nkyen. Ma yɛn ɔpɛpɛ na yɛntumi nka woasɛm wɔ boasetɔ a ɛfiri ɔdɔ mu, na fa deɛ yɛsuro nyinaa kyɛ yɛn, yɛn animguaseɛ ne yɛn nkuguo nyinaa, na yɛde akokoduro aka woasɛm.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na asuafoɔ a ɛdikan no kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ afoforo?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:05 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)