Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 109 (The choice; The flogging of Jesus; Pilate awed by Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
A - Nsɛm A Ɛsiiɛ Wɔ Mberɛ A Wɔkyeree No Mu Kosi Ne Ne Sie Mu (Yohanne 18:1 - 19:42)
3. Ɔman no totoo nano wɔ Roman aban mu (Yohanne 18:28 – 19:16)

b) Na ɛsɛ sɛ woyi Yesu anaasɛ Banabas mu baako (Yohanne 18:39-40)


YOHANNE 18:39-40
39 "Nso mowɔ amanneɛ sɛ megyaa ɔbaako mema mo Twam da mu; enti mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no mema mo anaa?" 40 ɛnna wɔn nyinaa teaa mu bio sɛ, "ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba!" Nso Baraba yɛ odwotwafoɔ.

Pilato hunuu sɛ Yesu yɛ ɔnokwafoɔ na mfomsoɔ biara nni Ne ho. Ɛno nti ɔasne kɔɔ Jewfoɔ no a na wɔretwen no wɔ nabangua no soɔ no nkyen, na ɔkyerɛɛ won nnipa no nyinaa anim sɛ ohunu mfomsoɔ biara wɔ deɛ wɔretoto nano no ho. Na Asɛmpa anan no nyinaa paemu ka siso dua sɛ Yesu annyɛ bɔne biara da sɛdeɛ ɔsom mu mmra no kyerɛkyerɛ no ne ɔman mu mmra mu nso. Na ɛsanesɛ Pilato nso yɛ ɔman no panin nti woanntumi ammfa mfomsoɔ biara a ɛnnyɛ nokorɛ annto Yesu so. Nti ɔman no mpaninfoɔ ɛtumfoɔ a wɔyɛ ananmusifoɔ no nyinaa gye toomu sɛ mfomsoɔ biara nni Yesu ho

Na Pilato pɛɛsɛ anka ɔbɛtwe ne ho afiri saa nipa soronko yi ho, nanso na ɔpɛsɛ ɔsɔ Jewfoɔ no nso ani. Ɛno nti ɔkaa sɛ ɔpɛsɛ ogyaa deduane no mmom ma won a afa won amammerɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ wogyaa deduani baako na ɔde ne ho fri afiase wɔ won Afahyɛ da no mu. Na ɛfei nso ɔfrɛɛ Yesu sɛ Jewfoɔ no Hene wɔ Ɔsɔfoɔ Penin no ne ɔman no nyinaa anim. Na sɛ Pilato gyaa no a, anka ɛnam Yesu so ma basabasayɛ bɛba (ɛno nti Pilato ne won tweeɛ) ɛfirisɛ ɔno ankasa mpo nntumi nngye ne nkurɔfoɔ no mfri Romanfoɔ no nkondua mu.

Nanso asɔfoɔ no ne nnipa no nyinaa bo fuuiɛ sɛ ɔmaa no abodin sɛ "Jewfoɔ no hene" Na won na deɛ wɔrehwɛ kwan ne ɔkofoɔ panin bi, a ɔyɛ ɔbarima a otumi hyɛ nipa soɔ na ɔyɛ otutrani. Ɛno nti wɔfaa Banaba a ɔyɛ deduani owudini no mmom; na wɔpɛɛ ɔbarima a bɔne ahyɛ no ma no mmom sene Onyankopɔn kronkronni no.

Ɛnnyɛ Bɛdwakuo no nko na ɛsɔre tiaa Yesu, na mmom nnipakuo no nyinaa sɔre tiaa no. So wo nso wo gyina nokorɛ afa anaa, wobrɛ wo ho ase anaa, anaasɛ wo nso wote sɛ mmara-kyerɛfoɔ no a wɔde atutrasɛm ne ndaadaa bɔɔ won bra no, na wogyaa mmɔborohunu ne nokorɛ too baabi no?


c) Wɔkaa Yesu mperie wɔ nano totofoɔ no anim (Yohanne 19:1-5)


YOHANNE 19:1-3
1 ɛnna Pilato faa Yesu, na ɔkaa no mpire. 2 Na asraafoɔ no nwonoo nkasɛɛ abotire, na wɔde hyɛɛ ne ti, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bi guguu ne so, 3 na wɔbaa ne nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yudafoɔ hene, mo oo! Na wɔbobɔɔ no asotorɔ.

Na ɛsɛ sɛ Pilato gyaa Yesu ma no nya ne fahodie, na ɔde nanototofoɔ no mmom kɔto afiase. Na woannyɛ ɛyi, na mmom ɔdanee nokorɛ no na ɔyɛɛ nhwehwɛnimu. Na ɔhyɛɛ sɛ Wonkɔ nka Yesu mperie na wonyɛ no ayayadeɛ. Na saa asotwe no yɛ deɛ ɛyɛ hu yie na ɛyɛ ya nso paa. Na wɔbɔɔ no mbaa bebree ma ne honam mpo teteeɛ. Na asraafoɔ no yɛɛ Yesu basabasa na wɔde bɔɔ dua mu hwee no mbaa bebree wɔ Ne nipadua mu. Ne honam ne Ne nipadua nyinaa teteeɛ, wɔ ɔyaw kɛseɛ mu. Nnipa dodoɔ no ara a wɔfa saa asotwe no mu wu mpofirim wɔ mu. Nanso yɛn Awurade no a mfomsoɔ biara nni Ne ho hunuu amaneɛ kɛseɛ wɔ Ne nipadua mu ne Ne kra mu nso yie.

Na ɛfei asraafoɔ no, kɔɔ so dii ne ho few, na wɔfaa Yesu nipadua nomum. Saa asraafoɔ yi wɔ osuro bi ma Jewfoɔ atutrafoɔ kuo no, ɛno nti wompɛ wɔbɛnante anadwo koraa. Ɛno nti ɛyi bɛyɛɛ akwanya bi maa won sɛ wɔde asotwe kɛseɛ bɛma obi a wɔfrɛ no Jewfoɔ no Hene. Na wɔde kuromanfoɔ no ho abufuo ne yawdie ne ɔtan nyinaa guu Yesu so yɛɛ no ayayadeɛ. Na asraafoɔ no mu baako kɔfaa nsɔeɛ, de yɛɛ kyɛ de hyɛɛ Kristo tiri. Na saa nsɔeɛ kyɛ yi a wɔde hyɛɛ No no maa mogya winii No yie. Na ɛbinom nso de atareɛ bi a ɛyɛ ɔsraani baako dea brɛɛ no, na wɔde kyekyeree Ne ho. Na mogya yɛ ne ho nyinaa, Na ɛfei nso wodwoodwoo no. Na won mu binom kotoo nanim dii Ne ho few bebree. Na sɛdeɛ ɛteɛ sɛ saa asraafoɔ yinom a na wofiri aman ahorroɔ mu no kyerɛ sɛ wiase mbusua ahorroɔ bebree nso ka won a wodii Ne ho few na wɔbɔɔ mmusuo tiaa Onyankopɔn Adwammaa no.

YOHANNE 19:4-5
4 ɛnna Pilato firii adi baa bio, na ɔsee wɔn sɛ, "Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahunu sɛ menhunu ne mu afobusɛm biara. 5 ɛnna Yesu firii adi baeɛ, na ɔbɔ nkasɛɛ abotire, hyɛ atadeɛ kɔkɔɔ no. Na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, onipa no nie!"

Na Pilato hwehwɛ Yesu nsɛm mu hunuu sɛ mfomsoɔ biara nni ne ho. Na mprensa soɔ na ɔkɔɔ Jewfoɔ no nkyen ka kyerɛɛ won sɛ mfomsoɔ biara nni Ne ho, na ɔkaa sɛ, "Menhunu mfomsoɔ biara wɔ ne ho." Na ɛfei, ɔboaa won nyinaa ano na ohyiaa won anim ne anim, na ɔpaa won ndaadaa no ho ntɔma na ɔkaa nokorɛ kyerɛɛ won.

Na ɔde Yesu bɛgyinaa won anim a na mogya bebree rewini no, na wɔde nsɔeɛ kyɛ nso ahyɛ ne tiri. na wɔde atareɛ yuu hyɛɛ no, a mogya ayɛ mu ma.

So wobɛtumi ahunu wɔ woaniso sɛdeɛ wɔyɛɛ Onyankopɔn Adwammaa a ɔsoaa wiase nyinaa bɔne no anaa? Woguu nanim ase mborosoɔ, nanso ɔmaa Ne dɔ mborosoɔ no daa ɛdi wɔ boasetɔ mu. Na ogyinaa won wɔyɛ anamusifoɔ ma abueɛ ne atɔeɛ, a wodii ne ho few no anim, na wɔbɔɔ no yareɛ hyɛɛ no nsɔeɛ kyɛ. Na wiase ahenkyɛ biara nni hɔ ɛbɛtumi attoto nsɔeɛ kyɛ a wɔde hyɛɛ no no ho a ɛyɛ mogya a ɛtɔɔ wiase nyinaa bɔne no ho koraa.

Ɛwɔmu sɛ Pilato di saa nnoɔma yi nyinaa mu akotene deɛ, nanso saa mfoni yi bɔɔ no pusa. Nanso Yesu annyi ɔtan biara ɛdi wɔ nanim annkyerɛ won koraa, na ɛfei nso woandome obiara nso. Na mmom ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ n'Agya no, na ohyiraa natanfoɔ no na ɔsoaa won a wopiraa no bɔne nyinaa. Na ɔman panin kaa asɛm titirie bi sɛ, "Monhwɛ, Ɔbarima no ni!" Na ohunuu saa ɔbarima yi tumi ne nahoɔden. Tesɛdeɛ ɔreka sɛ Kristo no ni, ''Oyi ne Ɔbarima soronko a ɔyɛ Onyankopɔn suban ne Ne sɛso." Na Ne mmɔborohunu dɔɔso bebree wɔ ɔhaw mu mpo; na oyi Ne kronkronyɛ ɛdi wɔ mmerɛyɛ mu. Na ɛnnyɛ ɔno ankasa mfomsoɔ nti na ohunuu amaneɛ, na mmom no me bɔne ne wo nso wo bɔne ntia, ne nnipa nyinaa afɔbuo ntia.


d) Kristo Nyamesu yɛɛ Pilato wawa (John 19:6-11)


YOHANNE 19:6-7
6 ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no hunuu no no, wɔteateaa mu sɛ, "Bɔ no asɛnnua mu, bɔ no asɛnnua mu!" Pilato see wɔn sɛ, "Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛnnua mu! Na me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara." 7 Yudafoɔ no buaa no sɛ, "Yɛn deɛ, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti ɛtwa sɛ ɔwuo, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba."

Na wɔyɛɛ no ayayadeɛ dɔhwere pii, na ɛmaa nnipa dɔm bebree kogyinaa ɔman panin no pono akyi. Na Jewfoɔ mpaninfoɔ no nso annsakyera won adwene wɔ won nneyɛɛ bɔne no ho, na mmom won nyinaa yɛ adwene kaa sɛ ɛsɛ sɛ wokum Yesu, wɔ nteamu kɛseɛ ne basabasayɛ mu. Na won mu bebree no nso kaa sɛ Onyankopɔn agyaw Yesu. Na woamma no nsɛnkyerɛnne ne ɔgyeɛ, ɛno nti wɔmaa won nne so tiaa no sɛ wonkum no, na wɔpɛɛsɛ Pilato nso de ne kumfɔ atɛnbuo bɛma no. Na ɛfei woyii no maeɛ koraa na woguu nanim ase kɛseɛ.

Wɔ saa berɛ no mu no, Pilato ho teetee no yie, na woampɛ sɛ ɔbɛkum obi a ɛnnam mmra kwan soɔ. Ɛno nti ɔka kyerɛɛ Jewfoɔ no sɛ, "Mo ankasa momfa no nkɔbɔ no asɛndua mu, ɛfirisɛ mennhunuu mfomsoɔ biara wɔ Ne ho"- mprensa soɔ na ɔka kyerɛɛ won sɛ menhunu mfomsoɔ biara wɔ Yesu ho. Na ɛyi nti Pilato buu ɔno ankasa ne ho fɔ, ɛfirisɛ na ɔni ho kwan sɛ ɔbɛtwe obi a onni fɔ aso.

Na Jewfoɔ no ankasa nim sɛ Romanfoɔ mmra no mmma won ho kwan sɛ wɔbɛkum obiara, na Pilato nso bɛko atia sɛ wɔyɛ saa a, ɛmmfa ho sɛ ɔne won rekasa wɔ saa kwan no so. Na Jewfoɔ no mmra no mmma won kwan biara sɛ wɔbɛbɔ obi asɛndua mu, na mmom wobɛtumi asiw obi aboɔ. Wɔkaa sɛ, "Yesu abɔ musuo" na ɛsɛ wosiw no aboɔ.

Jewfoɔ mpaninfoɔ no nim ɛyinom nyinaa, sɛ Kristo no ka sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba a na ɔwɔ ho kwan, a na ɛsɛ wɔkoto sɔre no. Na wosusuiɛ sɛ wɔbɔ no asɛndua mu a, "ɛbɛdi adanseɛ" sɛ omfri Nyankopɔn ɛno nti na ɔrefa saa ayayadeɛ ne amanehunu no nyinaa mu. Na sɛ owu a ɛno mu na wobɛbu won bem, a ɛnnyɛ ne mogya no mu, na mmom sɛ wɔbɛbɔ no asɛndua mu kɛkɛ na asɔ Onyankopɔn ani.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, Yɛda woase wɔ amaneɛhunu a wohunuu nyinaa mu. Yɛda wo ase wɔ ayayadeɛ a wofaa mu maa yɛn. Yɛyi wo ayɛ wɔ wo boasetɔ mu, ne wodɔ ne wo mmaninyɛ mu. Wone yɛn Hene. Boa yɛn ma yɛnyɛ osetie ma wo; kyerɛkyerɛ yɛn ma yɛntumi mbɔ mpaeɛ ma yɛn atanfoɔ nyinaa. Yɛda wo ase sɛ wo mogya no popa yɛn bɔne nyinaa. O Onyankopɔn Ba, yɛyɛ wo dea daa. Fa wo kronkronyɛ ma yɛn, ma yɛn nante wo mmɔborohunu mu daa.

NSƐMBISA:

  1. Adesuadeɛ bɛn na yɛnyaa wɔ hwe a wɔhwee Yesu no mu, na wɔde atareɛ yuu hyɛɛ no ne nsɔeɛ kyɛ hyɛɛ Ne tiri nso?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 03:44 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)