Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 116 (Peter and John race to the tomb)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)
1. Nnoɔma a ɛsisiiɛ wɔ (Twam Afahyɛ) no mu (Yohanne 20:1-10)

b) Petro ne Yohane kɔɔ aboda no mu (Yohanne 20:3-10)


YOHANNE 20:6-8
6 ɛnna Simon Petro dii n'akyiri baeɛ, na ɔkɔɔ ɛda no mu, na ɔhwɛɛ nwera a ɛgu hɔ no 7 ne duku a wɔde bɔɔ ne tire nanso sɛ ɛngu nwera no ho, na mmom wɔabobɔ ɛno nkutoo da baabi no. 8 ɛno na afei osuani baako a ɔduruu ɛda no ho kane no nso hyɛnee mu, na ɔhunui, na ɔgye dii.

Yohane gyinaa aboda no ano sɛ ɔretwen Petro sɛ obɛduru hɔ, a ɛkyerɛ nidie a ɔde rema ɔsomafoɔ panin no; a na ɔno ne deɛ ɔbɛsɛ ohunu aboda no mu ne sɛdeɛ ne tebea ayɛ. Yohane a ɔyɛ abranteɛ no bɔɔ hu wɔ mberɛ a ohunuu sɛ aboɔ a wɔde tweree aboda no ano no amuni afri ano, na aboda no abue na Ne nipadua no nso nni hɔ. Na ɛfei nso ntɔma a wɔde kyekyeree Ne ho no abobɔ da hɔ. na won adwene mu yɛɛ won kesenee; na ɔbɔɔ mpae bisaa Awurade kanea sɛ ɔde bɛhunu deɛ ɛrekɔsoɔ no mu yie.

Na Petro nso duruu hɔ, na ɔno deɛ ɔkɔɔ aboda no mu prekopɛ; na ohunuu ntɔma a wɔde kyekyeree Yesu anim no abobɔ da baabi foforoɔ. Na ɛyi kyerɛ sɛ obiara nnwiaa nipadua no, ɛfirisɛ deɛ ɛdi adanseɛ no kyerɛ saa.

Na Petro de akokoduru kɔɔ mu tesɛ obi a ɔhwɛ biribi so, nanso woanntumi annya deɛ ɛrekɔsoɔ no mu nteaseɛ. Yohane, dwenee deɛ ɛrekɔsoɔ no ho yie, na ɔbɔɔ mpaeɛ na onyaa anidasoɔ. Na ɔkɔɔ Petro nkyen wɔ aboda no mu no, ne kra nyaa awerɛhyɛm na onyaa Kristo wusɔreɛ mu anidasoɔ. Na ɛnnyɛ sɛ ohyiaa deɛ woasɔre afri awufoɔ mu no ansana onyaa gyidie wɔ ne mu, na mmom ohunuu sɛ onni aboda no mu na ɛfei nso ntɔma a wɔde kyekyeree ne ho no da hɔ na ɛmaa no hunuu sɛ ɛyɛ nokorɛ na onyaa gyidie.

YOHANNE 20:9-10
9 Na na wɔnnya nhunuu twerɛsɛm no, sɛ ɛtwa sɛ ɔsɔre firi awufoɔ mu no. 10 ɛnna asuafoɔ no sane baa wɔn fie bio.

Owuo anntumi anntintim Yesu so te sɛ nnipa nyinaa, wiase anyansafoɔ, adiyifoɔ, ne adebɔneyɛfoɔ nyinaa, na mmom ɔsɔree frii awufoɔ mu na ɔworɔɔ owuo ntɔma guu hɔ. Na Ɔkronkronni no annyɛ bɔne biara da. Ɛno nti owuo nni No so tumi biara. Na Onyankopɔn dɔ nso nndi hwuambɔ ara da.

Kristo atanfoɔ no nntumi nka dabiarada sɛ Yesu nipadua no porɔɔɛ wɔ aboda no mu, ɛfirisɛ ɔsɔree frii mu a ɛmu daa hɔ mpan. Kristo anndwane anaasɛ otu yeraaeɛ, ɛfirisɛ Ne wuo no yɛɛ adansedie pɛfee maa obiara wɔ ne kwanso pɛpɛɛpɛ. Na ɛyɛɛ adansedie nso maa Yohane sɛ Yesu apo wiase nnoɔma a ɛkyekyeree no nyinaa, na ɛho annhia no bio. Ntɔma a wɔde kyekyeree Ne ho wɔ mberɛ a wɔwoo No wɔ mboa adidi adaka no mu no yɛ nabrabɔ mfitiaseɛ, na owuo ntɔma no nso ogyaa ne nyinaa guu hɔ. Ɛno nti wɔ owusɔreɛ no mu no onyaa abrabɔ foforo koraa a ɛyɛ ɔsoro kwanso abrabɔ. Nanso ɔdaso wɔ nipadua tebea no ara mu.

Saa adansedie yi hyɛɛ Yohane adwene mu ma, wɔ mberɛ a ofrii aboda no mu bueɛ no. Nanso woammfa ɔno ankasa adesuadeɛ ne suahunu no anhoahoa ne ho, sɛ ɔno ne deɛ odikan a ohunuu sɛ Onyankopɔn Ba no ɛdi owuo so nkunim na woasɔre afri awufoɔ mu, na mmom ɔpaemu kaa sɛ onyaa gyidie wɔ saa nsɛnkyerɛnne kɛseɛ yi mu, ɛwom sɛ woakyerɛ ho asɛm wɔ Twerɛ Kronkron no mu deɛ. Na ɔde nani hunuu deɛ na ɔno ankasa akenkan ɛwɔ Twerɛ no mu sɛ Onyankopɔn akoa no bɛdi nkunim wɔ owuo so wɔ Yesaia 53, ne Dawid nkɔmhyɛ a ɔhyɛɛeɛ wɔ saa asɛm korɔ yi ara ho (Luka 24;44-48; Asomafo 2;25-32; Nnwom 16;8-11).

Wɔ anopa a ɛyɛ Afahyɛ kɛseɛ no mu no asuafoɔ miennu no dii adanseɛ wɔ mberɛ a ɔrekɔ fie no, na won adwene mu yɛ won kesenee nanso na wɔwɔ anidasoɔ, na wɔwɔ awerɛhyɛm nanso wbisabisaa ho won ho nsɛm pii ne mpaebɔ kyerɛɛ Yesu, a na woafri aboda no mu na wonnim baabiaa ɔwɔ.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, yɛde aseda nyinaa ma wo, ɛfirisɛ wone nkunimdifoɔ wɔ woasuafoɔ no akoma mu, na womaa wonyaa womu awerɛhyɛmu wɔ wo wusɔreɛ no mu. Na woama yɛn anidasoɔ kɛseɛ wɔ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ mu. Yɛtontom wo, ɛfirisɛ wone daa Nyankopɔn, na woadom mu na yɛn nyinaa bɛyɛɛ akra ateasefoɔ. Yɛsrɛ wo sɛ wobɛfa woafɔrebɔ a wɔbɔɔeɛ no so bɛgye yɛn nnamfonom afri won bɔne mu na woama won daa nkwa.

NSƐMBISA:

  1. Yohane kɔɔ abodan no mu a na obiara nnim no nawerɛhyem yɛɛ dɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 09:15 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)