Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 117 (Jesus appears to Mary Magdalene)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)
1. Nnoɔma a ɛsisiiɛ wɔ (Twam Afahyɛ) no mu (Yohanne 20:1-10)

c) Yesu yii Ne ho ɛdi kyerɛɛ Mary Magdalene (Yohanne 20:11-18)


YOHANNE 20:11-13
11 Na Maria deɛ, na ɔgyina ɔboda no ho resu. ɛnna ɔresu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɛda no mu, 12 na ɔhunuu abɔfoɔ a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa sɛ wɔtete hɔ, ɔbaako te atifi, na ɔbaako te anafoɔ, faako a Yesu amu daeɛ hɔ. 13 Na wɔbisaa no sɛ, “ɔbaa, adɛn na woresu?” ɔsee wɔn sɛ, “ɛfiri sɛ wɔafa me wura kɔ, na mennim faako a wɔde no akɔtoɔ.”

Asuafoɔ miennu no sane won akyi kɔɔ fie wɔ mberɛ a wohunuu sɛ aboda no mu da mpan a obiara nni mu no. Na won anngyina hɔ koraa.

Nanso, Maria Magdalene sane nakyi kɔɔ aboda no so bio mberɛ a ɔkɔka kyerɛɛ asuafoɔ no wieɛ no. Na ɔno deɛ ogyinaa hɔ, nanso na ɛwom sɛ asuafoɔ miennu no kɔ fie deɛ, na ɔno deɛ na ɔnte ne ho ase sɛ Yesu nipadua no nni hɔ. Na ɔkɔɔso gyinaa hɔ, ɛfirisɛ na Yesu ne nanidasoɔ. Na onhunu nipadua no, nanidasoɔ saeɛ. Ɛno nti osuuiɛ dendenso.

Wɔ nawerɛhoɔ die mu no, Yesu maa abɔfoɔ miennu daa won ho ɛdi kyerɛɛ no. Na ohunuu won sɛ wɔte aboda no mu a wɔhyɛ ntareɛ hinahina fitaa. Nanso abɔfoɔ no annkyekye ne werɛ, ɛfirisɛ sɛ ohunu Yesu a na obɛtumi anya awerɛkyekyerɛ. Na ɔkaaeɛ wɔ nakoma mu sɛ, “Wowɔ hene, m'Awurade?”

Na yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛfrɛ no wɔ yɛn akoma saa ara. Deɛbɛn na wopɛ? Na adeɛn nti nso na yɛpɛ deɛ yɛakoma rehwehwɛ no? Yɛn botaeɛ paa ne sɛn? So yɛne Maria Magdalene bɛyɛ baako sɛ yɛrembisa hwee mmom sɛ yɛbɛpre sɛ yɛbɛhunu Yesu? So woakoma repre hwehwɛ No sɛ ɔbɛba bio anaa?

YOHANNE 20:14-16
14 Na ɔkaa saa no, ɔdanee ne ho hwɛɛ n'akyi, na ɔhunuu Yesu sɛ ɔgyina hɔ, na ɔnnim sɛ ɛyɛ Yesu. 15 Yesu see no sɛ, “ɔbaa, adɛn na woresu? Worehwehwɛ hwan?” Na ɔno deɛ, ɔsusuu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ nti, ɔsee no sɛ, “Owura, sɛ woafa no afiri ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔtoɔ, namenkɔfa no” 16 Yesu see no sɛ, “Maria” Na ɔdanee ne ho see no Hebri kasa mu sɛ, “Raboni” (aseɛ ne sɛ: ɔkyerɛkyerɛfoɔ).

Na Yesu gyee ne sufrɛ no so. Nanso na afoforo no deɛ won bo ato won yem mberɛ a wohunuu sɛ aboda no da mpan no na wɔtee abɔfoɔ nne no, na Maria Magdalene deɛ ɔpre hwehwɛɛ sɛ obɛnya anisoadeɛhunu; ɛkaa ɔno nko wɔ hɔ. Na Yesu yii Ne ho ɛdi kyerɛɛ no, na obɛgyinaa ne nkyen, na ɔyɛɛ Ne ho sɛ onipa biara kɛkɛ kyerɛɛ no.

Na ho teetee no bebree, ɛfirisɛ na onim sɛ ɛyɛ Yesu na ɔne no rekasa no, na onnim nso sɛ won a ohunuu won kane no yɛ abɔfoɔ nso. Ɛno nti woannhunu sɛ ɛyɛ Yesu na ogyina nanim saa berɛ no, ɛfirisɛ na ne werɛ ahow bebree nti woanntumi annhunu sɛ Kristo na aba ne nkyen no, na woannte Ne nne nso. Saa ara nso na nnipa bebree a wɔrehwehwɛ ɔbɔadeɛ Onyankopɔn no nntumi nnhunu no, ɛfirisɛ won kɔn dɔ sɛ wɔbɛhwehwɛ na won abisa sene sɛ wɔbɛhwehwɛ Odwanhwefoɔ no mmom.

Nanso na Yesu nim sɛ Maria dɔ no, ɛno nti ɔde ayemhyehyeɛ yii ne ho ɛdi kyerɛɛ no wɔ nawerɛhoɔdie mu; na ɔbɔɔ ne din frɛɛ no, na ɔmaa no hunuu sɛ ɛyɛ Ɔno Yesu ankasa na mmom ɛnnyɛ ɔbarima a ɔhwɛ turo no mu no. Ɔno na onim adeɛ nyinaa, na ɔyɛ onyansafoɔ no, a ɔyɛ Awurade ankasa. Na ɔfrɛɛ Maria tesɛdeɛ Odwanhwɛfoɔpa frɛ ne ndwan no, sɛdeɛ onim obiara din baako baako no, na ɔma won daa nkwa no. Obiara a ɔdɔ Yesu no nya Ne dɔ no bi nso na ɛfei onya bɔne fakyɛ na Awurade bɔ ne din frɛ no, na ɔwerɛkyekyefoɔ Honhom no nso kyekye ne werɛ daa.

Yesu rebɔ wodin frɛ wo. So wote Ne nne anaa, sɛ wobɛgyae wo bɔne ne wo anngye anni nyinaa na woaba Ne nkyen?

Na Maria buaa sɛ, “Mewura!” Saa asɛm a Maria kaeɛ sɛ (Rabuni) no kyerɛ sɛ onipa a onim adeɛ nyinaa na ɔyɛ otumfoɔ. Na onyaa akwanya ne no nanteeɛ na osuaa adeɛ frii Ne nkyen, na ɔno nso maa no saa akwanya no, ne ahoɔden, ne banbɔ, ne daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Ɛno nti ne mbuaeɛ a ɔde maaeɛ no tesɛdeɛ ba a ɔbɛba deɛ ɛtɔso miennu a Asɔre no retwɛn Awurade sɛ yɛbɛɛhunu No sɛ ɔreba munukum mu no, na yɛbɛsom No na yɛabrɛ yɛn ho ase ama No wɔ ayɛyiye mu aka sɛ Halleluyah.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, yɛkoto sɔre wo sɛ wotiee Maria na woyii wo ho ɛdie kyerɛɛ no. Na wode woadom kyekyee ne werɛ. Wo nsɛm yɛ daa nkwa. Ɛno nti bue yɛn akoma mu na yɛntumi nte woasɛm ase. Na ma yɛn osetie Honhom na ama yɛatumi de yɛn werɛ ahyɛ wo mu wɔ anigyie mu. Amen.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Maria kɔɔ so hwehwɛɛ Yesu nipadua kosii sɛ oyii Ne ho ɛdi kyerɛɛ no na ɔbɔɔ ne din Maria?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 09:22 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)