Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 112 (Christ's word to his mother; The consummation)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
A - Nsɛm A Ɛsiiɛ Wɔ Mberɛ A Wɔkyeree No Mu Kosi Ne Ne Sie Mu (Yohanne 18:1 - 19:42)
4. Asɛndua no ne Yesu wuo (Yohanne 19:16b-42)

c) Kristo kasa kyerɛɛ Ne maame (Yohanne 19:25-27)


YOHANNE 19:24b-27
24b Enti asraafoɔ no na ɛyɛɛ yeinom. 25 Nso na Yesu ne na ne ne na nuabaa, Maria, Klopa yere ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛnnua no ho. 26 Na Yesu hunuu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔgyina hɔ no, ɔsee ne na sɛ, “ɔbaa, hwɛ, wo ba ni!” 27 Afei ɔsee osuani no sɛ, “Hwɛ, wo na nie!” Na ɛfiri dɔn no ara mu no, osuani no de no kɔɔ ɔno ara ne fie.

Yohane anntwerɛ Yesu anom nsɛm a ɛdikan a ɔkaeɛ wɔ asɛndua no so no, a ɔde wiade nyinaa bɔne kyɛɛ won no. ne fewdie a Jewfoɔ no kɔɔso de dii Yesu no, ne bɔne fakyɛ a Yesu de kyɛɛ ɔkorɔnfoɔ a ɔsɛn dua no so no wɔ Ne nsa nifa soɔ no, ɛfirisɛ na nsɔreɛ ahorroɔ no nim saa asɛm yinom nyinaa dada mberɛ a Yohane twerɛɛ ne nwoma no kɔmaa won no.

Na asɔfoɔ no frii bea a wɔbɔɔ no asɛndua mu na won anntie Ne dima mpaebɔ ne bɔne fakyɛ a ɔsraa firii Agya no nkyen maa won no, nnipakuo no nyinaa nso firii hɔ kɔɔeɛ, na won nyinaa kɔɔ Yerusalem kɔbɔɔ asɔreɛ wɔ Twam Afahyɛ no mu. Na ɛfei nso na ahosiesie da redu. Na asɔfoɔ mpaninfoɔ no nso kosisiee won ho maa ɔman no nyinaa afahyɛda no. Na wɔbɔɔ trobento wɔ kuro no afasuo so, na wokum ndwan ahorroɔ wɔ asɔredan no mu, na mogya bebree guuiɛ. Na wɔmaa won nne so pii wɔ ayɛyie mu. Nanso na won asɛn Onyankopɔn Adwammaa kronkron no wɔ Yerusalem kuro no akyi wɔ nnome dua no so, a obiara apo No. Na Romanfoɔ a wɔyɛ amanamanmfoɔ no na ɛrewɛne asɛndua miensa no.

Wɔ saa mberɛ no mu no, mbaa binom kɔɔ asɛndua no ase, kogyinaa hɔ koom. Na deɛ ɛkɔɔ so no nyinaa yɛɛ won ahodwiri yie. Ɛfirisɛ sɛ otumfoɔ no na wɔde no asɛn duaso wɔ soro yi wɔ ɔyaw kɛseɛ mu. Nsɛmpa ne awerɛkyekye biara nni hɔ bio, na mpaebɔ nso ho ayɛ won den. Na mpo ɛyɛ bi a na won mu binom rekenkan Nnowm nwoma no mu nsɛm binom wɔ won akoma mu.

Na Yesu tee Ne nna awerɛhoɔ abooboodie a ɔredi wɔ nakoma mu nka, na ɛfei nso ohunuu Ne suani a ɔdɔ no no sɛ ɔresu a ɔne Yohane. Na woadwene tebea a ɔno ankasa akɔ mu no ho bebree, mberɛ a wɔkɔɔ ne nkyen no. Na won a wogyinaa asɛn no ase no tee sɛ ɔrekasa kyerɛ won sɛ, “Ɔbaa, hwɛ wo Ba.”

Kristo dɔ no mu dɔ yie a ɛmu nni hwehwɛbea koraa, na mpo wɔ namaneɛhunu mu nyinaa no nani kuu won a ɔdɔ won no ho yie wɔ mberɛ mpo a ɔrehunu amane de agye wiase no. Na nkɔm Simeon hyɛɛ Ɔbabunu no baa mu, sɛ wo nso nkranteɛ bɛhwere wo kramu (Luka 2:35).

Na woantumi amma Ne nna sika anaasɛ ɛfei mpo, na mmom ɔmaa no ɔdɔ a ɔde agu nasuafoɔ no so bi. Na Yohane ne Kristo ne nna na ɛbaa hɔ (Mateo 27:56), nanso woambɔ ne din anaasɛ Ɔba bunu no din nso, na ammma woabu Kristo annuoyam a ɛda ɛdie saa dɔn no mu no animtiaa. Na ɔne Yohane kasaeɛ de Ne nna hyɛɛ ne nsa no, na ɛmaa osuani no nso de ne ho hyɛɛ asɛndua no annuoyam hyeren ase. Na ɔfaa Maria de no kɔɔ ɔno ankasa fie.

Na mbaa no nyinaa dii ɛyi ho adanseɛ. Won mu baako na Awurade tutuu ahonhom mmɔne nson frii ne mu no. Na ɔno ne Maria Magdalene. Na ohunuu Yesu nkunimdie tumi wɔ ne kra mu. Na ɔdɔɔ Nagyenkwa no daa na ɔdii Nakyi nso daa.


d) The consummation (Yohanne 19:28-30)


YOHANNE 19:28-29
28 Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, (sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti), “ɔkaa sɛ, Osukɔm de me.” 29 Nso na nsa kekakeka adeɛ bi ma si hɔ, na wɔde nsa no bi yɛɛ sapɔ ma, na wɔde tuaa sommɛ ano de kaa n'ano.

Yohane, a ɔyɛ asɛmpakani no wɔ adom agyedeɛ a ɔde ka nsɛm akɛseɛ wɔ kasa fuaa bi mu. Na woannka biribiara ammfa ɛsum a ɛkataa asase soɔ no ho, anaasɛ yɛtee sɛ Kristo suuiɛ wɔ Onyankopɔn abufuohyeɛ a ɛda yɛn bɔne so no ho. Na mmom ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, wɔ asɛndua no so yaw mu no, ohunuu sɛ ɔrebɛn owuo. Yohane ɛmbu owuo sɛ woamene Yesu, na mmom Yesu ankasa na ɔde Ne kra too hɔ. Na Ne kra ho teetee no wɔ wiase nyinaa ɔgyeɛ ho adwuma a ɔyɛɛeɛ no ho. Na Yesu hunuu sɛ nkwagyeɛ a ɛdimu' aba ama nnipa nyinaa, na Ne wuo no de fahodie bɛba ama nnipa mpem mpem a bɔne ho afɔdie da won so na ama won abɛyɛ Onyankopɔn mma. Na ohunuu abasoɔ a Ne wuo no de bɛba koraa ansana owuiɛ.

Wɔ saa berɛ yi mu no, ɔkaeɛ sɛ, "nsukɔm de Me," Ɔno, a ɔbɔɔ wiase nyinaa na ɔnante nsuo so no osukɔm dee no. Ɔdɔ a ɔbaeɛ wɔ honam nipasu mu no pre hwehwɛɛ Agya no dɔ, a na woayi Nani ahinta Ne Ba no. Na ɛyi yɛ ɔyaw kɛseɛ, a nsukɔm de onipa wɔ nipadua mu ne ɔkra mu na onntumi nnya ɔhome biara. Wɔ Ne dwumadie mu no, Kristo kaa osikani bi ne ohiani bi ho asɛm a na osikani no da atɛnbuogya mu a nsukɔm kɛseɛ de no wɔ daa ogya a ɛdum da mu, a ɔsrɛɛ Agya abraham sɛ ɔmma Lazaros mfa ne nsa teaa mbɔ nsuo mu mbɛka nano ɛfirisɛ ne menemu awe. Na Yesu yɛ onipa, na nsukɔm tumi de no, nanso owiee nkwagyeɛ ho adwuma no nyinaa ansana ɔreka sɛ nsukɔm de me. Na ɛfei, Honhom Kronkron no yi kyerɛɛ no sɛ, Ne nkwagyeɛ adwuma no yɛ deɛ Nnwom nwoma 22:13-18, no aka ato hɔ dada, na ɔkaeɛ nso sɛ wɔbɛma no ɔnom bi a ɛyɛ wene wɔ Nnwom 69:21. Yɛnim sɛ asraafoɔ no maa Yesu adeɛ ɛyɛ wene nko anaasɛ wɔde fraa nsuo. Na yɛnim sɛ ɛnnyɛ nsuo pa. Ɔbarima Yesu, a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no, duruu bea bi a na ohia mmoa.

YOHANNE 19:30
30 ɛnna Yesu gyee nsa kekakeka no no, ɔkaa sɛ, “Wɔawie!” Na ɔbɔɔ ne tiri ase de ne honhom mae.

Na Yesu gyee nsa kekakeka a wɔde bɔnwono afra mu wieɛ no, obue nano kaa nkunimdie nsɛm sɛ, "Mewie!" Na da a ɛdi kan ansana ɔreka saa asɛm yi no, na Ɔba no abisa Agya no sɛ ɔbɛhyɛ no annuoyam wɔ asɛndua no so ama yɛn nkwagyeɛ, sɛ Agya no, ne Ɔno ankasa nso, bɛnya annuoyam. Na Ɔba no nyaa gyedie sɛ obɛnya Ne mpaebɔ mu mbueɛ, ɛfirisɛ woawie adwuma a Agya no de maa No ho adwuma koraa (Yohane 17:1,4).

Mpo asɛndua no so no Yesu dii mu' wɔ Ne kronkronyɛ mu! na asɛm bɔne biara ammfiri nano ampue, anaasɛ nsɛnkyerɛnne bi a ɛkyerɛ ɔtan ne abooboodie, na mmom ɔde natanfoɔ nyinaa bɔne kyɛɛ won na oyii Onyankopɔn dɔ ɛdi kyerɛɛ won, na yɛn nti wohunuu No sɛ ɔtanfoɔ. Na Yesu deɛ ohunuu sɛ woawie yɛn nkwagyeɛ ho adwuma no nyinaa, Ɛfirisɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔnam namanehunu no so bɛma yɛn nkwagyeɛ awie pɛyɛ wɔ ne mu. Na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi ahwehwɛ Onyankopɔn Baasa Koro no dɔ no mu, na Ɔba no nam daa Honhom no so de Ne ho bɔɔ afɔreɛ maa Onyankopɔn, a ɛfi ne nkekaeɛ biara nni mu, na ɛyɛ afɔrebɔ a ɛtease (Hebrifoɔ 9:14).

Ɛfiri mberɛ a Kristo teamu wɔ asɛndua no so, Woawie yɛn nkwagyeɛ ho adwuma no. Na ɛnnyɛ yɛn ahoɔden ne biribi a yɛtumi yɛ ntia, anaasɛ yɛn papayɛ bi, anaasɛ yɛn ndwuma, ne yɛn mpaebɔ bi, anaasɛ yɛn ahoteɛ bi a ɛma yɛyɛ atreneefoɔ, anaasɛ yɛn kronkronyɛ. Onyankopɔn Ba no ayɛ ne nyinaa ama yɛn prekopɛ. Na ɔnam Ne wuo no so abue kwan foforo ama yɛn wɔ asomdwoee mu, ɛfirisɛ Onyankopɔn Adwammaa a wokum No no atwe yɛn abata Agya a ɔwɔ soro no ho koraa. Na obiara a ɔgye no die no woabu no bem. Na Twerɛ Nsɛm no kyerɛkyerɛ yɛn fa Yesu anom nsɛm ho, a ɛfiri Onyankopɔn na ɛtwa toɔ koraa, "Mewie!".

Na Yesu bɔɔ Ne tiri ase, ɛfei, wɔ nidie mu ne mbaninyɛ mu. Na ɔde Ne kra hyɛɛ Agya nɔdɔ No nsa, Na saa ɔdɔ yi na ɛde No kɔɔ adom Ahengua no anim, a ɛhɔ na ɔteɛ ɛnnɛ da yi wɔ Agya no nsa nifa soɔ, na Ɔne No yɛ baako.

MPAEƐBƆ: Oh Adwammaa Kronkron, a woyii wiase bɔne nyinaa korɔ; wosɛ fata sɛ wogye ahoɔden, ahoya, nyansa, ne tumi, ne annuoyam, ne nidie, ne nhyira ne me kra nso. Mema mani so mehwɛ wo, o wo a wɔbɔɔ wo asɛndua mu, na mesrɛ bɔne fakyɛ fri wo nkyen wɔ me bɔne nyinaa mu, na megye di sɛ, woadom nti, wobɛyɛ me kronkron wɔ wo mogya no mu.

NSƐMBISA:

  1. Yesu anom nsɛm miensa a ɔkaeɛ no asekyerɛ ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 08:28 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)