Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 113 (Piercing Jesus' side)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
A - Nsɛm A Ɛsiiɛ Wɔ Mberɛ A Wɔkyeree No Mu Kosi Ne Ne Sie Mu (Yohanne 18:1 - 19:42)
4. Asɛndua no ne Yesu wuo (Yohanne 19:16b-42)

e) Ayakayakadeɛ no (Yohanne 19:31-37)


YOHANNE 19:31-37
31 Nso na da no yɛ Ahosiesie da, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na amu no renka asɛnnua no so homeda, ɛfiri sɛ, na saa homeda no yɛ da kɛseɛ nti, Yudafoɔ no bɛsrɛɛ Pilato sɛ wɔnkɔbubu wɔn nnyawa na wɔnyi wɔn. 32 ɛnna asraafoɔ no ba bɛbubuu deɛ ɔdi kan no nnyawa ne deɛ ɔka ho a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no deɛ. 33 Na wɔduruu Yesu soɔ na wɔhunuu sɛ wawu dada no, wɔammubu ne nnyawa. 34 Na asraafoɔ no mu baako de pea wɔɔ ne mfe mu, na ntɛm ara na mogya ne nsuo firii mu baeɛ. 35 Na deɛ ɔhunuiɛ no adi adanseɛ, - na n'adanseɛ no yɛ nokorɛ, na ɔno deɛ, ɔnim sɛ ɔka nokorɛ, - na mo nso moagye adi. 36 Na wɔyɛɛ yeinom na twerɛsɛm a ɛse, “Wɔmmmu ne dompe bi, no aba mu.” 37 Na bio twerɛsɛm foforɔ se, “Wɔbɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ no no.”

Deɛ ɛyɛ wawa wɔ won Mmra no ho ne sɛ, Jewfoɔ no nni atinka ma nnipa. Na deɛ Moses nhyehyɛeɛ no kyerɛ ne sɛ saa nnipa a wokum won wɔ saa kwan no so no wonyi won funu no mfri dua no so anadwofa. Ɛno nti Jewfoɔ yɛɛ saa ara wɔ nnipa miensa a wɔbɔɔ won asɛndua mu no. Na deɛ wɔpɛ ne sɛ wɔbɛhunu adeɛ bi a ɛyɛ tan na ɛyɛ amumuyɛ wɔ won Afahyɛ nna no mu. Na wɔhyɛɛ Pilato sɛ obɛbubu won a woabɔ won asɛndua mu no nyinaa nan akum won prekopɛ. Won a wɔbɔ won asɛndua mu no tumi di nna mieasa ansana won awu. Ɛfirisɛ sɛ wɔbobɔ won nsam ne won nan mu dadewa a mogya bebree nntumi ngu ntɛmso. Nti asraafoɔ no kɔɔso de peaw no bobɔɔ won kum won.

Na asraafoɔ no duruu Yesu ho no, wohunuu sɛ woawu dada. Ɛfirisɛ wɔboroo no mbaa pii nti na Ne nipadua ayɛ mmerɛ, na yɛn bɔne nyinaa ne Onyankopɔn abufuohyeɛ a ɛda wiase nyinaa soɔ no nso kɔdaa Ne kra so. Na Yesu ankasa na ogyaa Ne kra mu wuiɛ na ɔtwee yɛn bataa Onyankopɔn ho. Na ɛnnyɛ ɔsom mu nhyehyɛeɛ ne ɛmu nsɛm na ɔhwehwɛɛeɛ, na Jewfoɔ no deɛ wosii gyinaeɛ sɛ wɔbɛhwɛ sɛ won akum Yesu. Na asraafoɔ no mu baako faa peaw de wɔɔ Yesu mfemu kɔɔ nakoma ho. Na nsuo ne mogya pueɛ frii Ne nipadua mu guu fam, na ɛkyerɛɛ sɛ na woawu dada wɔ dɔn a ɛtɔsoɔ nsia mu wɔ saa Fiada -pa no mu.

Na saa nnoɔma yi kyerɛ Kristofoɔ sɛ Onyankopɔn dii nkunim wɔ kwan ahorroɔ miensa so. Deɛ ɛdikan ne sɛ, ɔbonsam hyɛɛ Jewfoɔ no mu sɛ anka wɔbɛbubu Yesu nan mu, na ama obiara aka sɛ asɛndua mu a wɔbɔɔ No no nnyɛ afɔrebɔ a ɔbɔ maa Onyankopɔn. Ɛfirisɛ ɛyɛ ahyɛdeɛ sɛ Twam Afahyɛ Dwan no ɛnsɛ sɛ wobubu ne dompe biara mu (Eksodos 12:46). Ɛno nti Onyankopɔn hwɛɛ Ne Ba no so kosii owuo mu, na obiara anntumi asɛe ne gyinabea sɛ Onyankopɔn Adwammaa no.

Deɛ ɛtɔsoɔ miennu ne sɛ, peaw a ɔraani no de wɔɔ Yesu mfemu no yɛ deɛ woahyɛ ho nkɔm atohɔ dada wɔ Sakeria 12:10. Na ɛfei nso wɔ Sakeria 11:13 no, Odiyifoɔ no hunuu sɛ Apam Dada mufoɔ tɔnee won Dwanhwɛfoɔ no de gyee sika dwetɛbona aduasa. Nanso wɔ ɛyinom nyinaa mu no, Onyankopɔn hwiee Adom Honhom ne mpaebɔ guu Dawid fie so ne Yerusalemfoɔ nyinaa so, na ama won aniwa ɛbue atumi ahunu deɛ wɔbɔɔ no asɛndua mu no ne deɛ ɛdi adanseɛ wɔ n'Agya no ho. Na sɛ won anntumi annhunu saa nnoɔma yi a wɔrenntumi nnhunu Onyankopɔn ne Ne nkwagyeɛ tumi no. Na deɛ wɔbɔɔ no asɛndua mu no ne Onyankopɔn Honhom no farebae a ɛnam No so ba onipa so, sɛdeɛ yɛkenkan sɛ, "Na wɔbɛma won aniso ahwɛ deɛ wɔbɔɔ no piraa No no".

Deɛ ɛtɔso miensa ne sɛ, osuani a odii nokorɛ na ɔtenaa nasɛndua no ase kosii ne wuo mu no ne deɛ odii ɛyinom nyinaa ho adanseɛ na ɔpaemu kaaeɛ. Na woanndwane ammfri asraafoɔ no anim na woanngya n'Awurade nko kosii sɛ owuiɛ. Na ɔde nani hunuu sɛ wɔde peaw no awɔ Yesu mfemu, na ɔka Onyankopɔn dɔ ho asɛm kyerɛ yɛn, Agya no, ne Ɔba no, ne Honhom Kronkron, na ama yɛnya gyidie Nyankopɔn Baasa Koro no mu, ne daa nkwa.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu Kristo, woadi bɔne so nkunim, ne ɔbonsam ne atɛnbuo so. Wone ɔteasefoɔ no, Ɔhene a wone Agya no wɔ hɔ wɔ Honhom no ayɔnkofa mu.

NSƐMBISA:

  1. A1desuadeɛ bɛn na yɛnyaaeɛ frii mu sɛ Yesu nnompe mu baako mpo ammbu no?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 08:31 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)