Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 111 (Crucifixion and the grave clothes; Dividing the garments and casting the lots)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
A - Nsɛm A Ɛsiiɛ Wɔ Mberɛ A Wɔkyeree No Mu Kosi Ne Ne Sie Mu (Yohanne 18:1 - 19:42)
4. Asɛndua no ne Yesu wuo (Yohanne 19:16b-42)

a) Nasɛndua mu bɔ ne atareɛ a wɔde hyɛɛ no kosiee no (Yohanne 19:16b-22)


YOHANNE 19:16b-18
16b Na wɔfaa Yesu de no kɔeɛ. 17 Na ɔso n'asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Nitireso a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota. 18 ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, a nnipa baanu ka ne ho n'afanu, na Yesu wɔn wɔ ntam.

Na nipakuo bebree firii ɛdi sɛ wɔrekɔbɔ akorɔnfoɔ miennu asɛndua mu, ɛna Pilato nso de Yesu hyɛɛ won nsa sɛ “ɔdebɔneyɛni” a ɔtɔsoɔ miensa. Na asraafoɔ no de obiara asɛndua maa no, sɛ won miensa no mu biara nsoa ɔno ankasa asɛndua no nkɔ owuo mu. Na Kristo nso ammpo asɛndua no, na woamfa annto hɔ wɔ kwan no so nso. Na ɔsoaa de faa kuro no mu, kosii sɛ woduu kuro nagya hɔ, na ɛfei woduu atoeɛ pono ano. Na woduruu bea a wofrɛ hɔ sɛ Golgota, ɛfirisɛ ɛwɔ sɛ abotan bebree, a ɛkorɔn sene kuro no afasuo no. Na ɛhɔ na nnipa nyinaa tumi gyina akyirie na wɔhwɛ won a woasɛn won wɔ asɛndua no so wɔ kuro no nkyen.

Na Yohane annkyerɛkyerɛ sɛdeɛ asɛndua no teɛ yie paa annkyerɛ yɛn, ɛsane ɔyaw a ɛwɔ mu nti woanntumi anka ho asɛm bebree. Nnipa poo Onyankopɔn dɔ no, na ɛfei asamando mu ɔtan baa won so. Na wɔde ayakayakadeɛ hyɛɛ deɛ wɔnom Honhom Kronkron soɔ woo no maa yɛn no, nanso wɔ won bɔne mu no Kristo no bɔɔ afɔreɛ wɔ Ne mogya mu maa yɛn bɔne nyinaa. Na woanhwɛ animguaseɛ a ɔfaa mu, na mmom wɔ nanimguaseɛ ne ɔyaw nyinaa mu no oyii nannuoyam ɛdi wɔ boasetɔ mu, ne Nahopaakyi kronkron no kyerɛɛ yɛn.

Ɔyaw bɛn paa na ɛte sɛ ɛyi sɛ Yesu sɛn asɛndua no so wɔ akorɔnfoɔ miennu ntam. Na wɔrekaka nsɛm, dome no wɔ asɛndua no so.

Nanso mmɔborohunufoɔ ne ɔkronkronni no daa Ne ɛdi wɔ mpo Ne nna a ɛtwa toɔ mu no sɛ ɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ adamfo. Na ɛyi nti na wɔwoo Onyankopɔn Ba no sɛ onipa Ba, na ama nnipa mma a won ayera nyinaa abɛyɛ Onyankopɔn mma. Na osane frii soro tɔnn baa fam ha, na ama obiara anntumi annka sɛ woannhunu Yesu no. Nanso sɛdeɛ wo teɛ biara ne sɛdeɛ woahweaseɛ akoduru biara no, Kristo no bɛtumi de wo bɔne nyinaa akyɛ wo koraa na woahohoro wo ho na woatew wo ho koraa ayɛ wo pɛ.

YOHANNE 19:19-20
19 Na Pilato twerɛɛ ɛho asɛm nso, na ɔde famm asɛnnua no atifi, na ɛka sɛ, “Yesu, Nasareni, Yudafoɔ hene.” 20 Saa atwerɛ yi na Yudafoɔ no mu pii kenkaneeɛ, ɛfiri sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kuro no; na wɔatwerɛ no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu.

Asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛndua mu wɔ akorɔnfoɔ miennu ntam de yɛɛ fewdie ho nsɛnkyerɛne sɛ ɔkaa sɛ ɔyɛ Ɔhene nti. Na ɛfei Pilato nso, toaaso dii Jewfoɔ Bɛdwakuo no ho few ɛfirisɛ won na wɔde ɔhyɛ too no so sɛ ɔmbɔ Yesu asɛndua mu a na ɛnnyɛ nadwene sɛ ɔbɛyɛ saa. Ɛno nti wɔ asɛndua no atifi no, Pilato de ntwerɛeɛ bi a ɛyɛ deɛ Jewfoɔ no de totoo Yesu ano no bɔɔ hɔ.

Na Onyankopɔn maa saa abodin ntwerɛeɛ a wɔde bɔɔ asɛndua no atifi no buu Jewfoɔ no atɛn, ɛfirisɛ Yesu yɛ won Hene ampa. Yesu yɛ Ɔhene wɔ nokorɛ mu ampa, a ɔbaaeɛ wɔ trenee mu, ne ɔdɔ mu, ne ahobrɛaseɛ ne ɔdwoɔ mu. Na ɔde ɔsoro nnepa baa asase yi so. Nanso Jewfoɔ pɛ atɛnbuo-gya mu mmom, na wɔpoo won Hene Nyankopɔn no na wɔtwee no firii won kuro no mu frii ɛdi. Na ɛyi nti woabɛyɛ amanaman nyinaa Hene, nanso so amanaman no gye Ɔhene a wɔbɔɔ no asɛndua mu no tomu nnɛ anaasɛ wɔdaso po Awurade a ɔdɔ ahyɛ no ma no bio?

YOHANNE 19:21-22
21 Na Yudafoɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no see Pilato sɛ, “Ntwerɛ sɛ, 'Yudafoɔ hene,' na twerɛ sɛ, 'ɔno na ɔkaa sɛ, “Mene Yudafoɔ hene.” 22 Pilato buaa sɛ, “Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.””

Asɔfoɔ Mpaninfoɔ no nyaa nteaseɛ wɔ Pilato fewdie ne nahunahuna no ho, sɛdeɛ ɛteɛ no. Ɛfirisɛ won apo won Hene no na won ahunu mmerɛyɛ a ɛwɔ deɛ Pilato reka no mu. Na wonnyaa ɔtan kɛseɛ maa asɛndua no bebree.

Pilato hunuuɛ yie sɛ abidin a ɔde maa Yesu no yɛ deɛ ɛsɔɔ Kaesar nso ani, ɛno ɔtwerɛɛ wɔ kasa horroɔ miensa mu na ama nnipa bebree ate aseɛ yie, na won a wɔyɛ temanmufoɔ ne ahɔhoɔ nso nyinaa ɛtumi akenkan ahunu sɛ obiara a ɔbɛsɔre atia Rome no nso bɛnya saa asotwe korɔ no ara bi. Na wɔ mfeɛ 70 AD mu no Jewfoɔ no tee atua tiaa Romanfoɔ amanbuo no, wɔbɔɔ Jewfoɔ mpem mpem asɛndua mu twaa Yerusalem ho hyiaeɛ.


b) wɔkyɛɛ natareɛ no mu twee so tonto (Yohanne 19:23-24)


YOHANNE 19:23-24a
23 Na asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu no, wɔfaa ne ntoma, na wɔkyɛɛ mu nnan maa ɔsraani baako nyaa baako, ne n'atadeɛ. Nso atadeɛ nhyɛaseɛ no nni mpameeɛ, wɔnwono firi soro bɛsii fam. 24 ɛnna wɔsesee wɔn ho sɛ, “Mommma yɛnnsusuane mu, na momma yɛntwe so ntonto nhunu deɛ ɛbɛyɛ ne dea.” Na twerɛsɛm a ɛse, “Wɔkyɛɛ me ntoma mu faeɛ, na m'atadeɛ so na wɔtwee ntonto, no baa mu. Enti asraafoɔ no na ɛyɛɛ yeinom.”

Na asraafoɔ anan a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no nyaa akwanya sɛ wɔbɛkyɛ ne ntareɛ mu afa. Na ɔpanin, no deɛ ɛsane ne dibea nti ɔne won ammbom ayɛ saa adeɛ no. Ɛno asraafoɔ anan no faa Yesu atareɛ no frii ne ho wɔ adagya mu. Na mberɛ biara no sɛ wɔrebɔ adebɔneyɛfoɔ asɛndua mu a wɔbɔ won adagya.

Na saa animguaseɛ yi kyerɛ Yesu kɛseyɛ. Na natareɛ yuu no kyerɛ sɛ ɔyɛ Ɔsɔfo Panin. Na Yesu ankasa ne Onyankopɔn Sɔfo Panin a odima nnipa nyinaa. Wɔ saa dibea yi nti na ohunuu amaneɛ na wɔyɛɛ No ayakayakadeɛ bebree no.

Wɔ mfeɛ apem akyirie no, na Honhom Kronkron ɛdikan ahyɛ nkɔm afa sɛdeɛ asɛndua no bɛyɛ nyinaa atohɔ dada, na wɔ Nnwom 22 no ka sɛ, Na wɔkyɛɛ matareɛ mu faaeɛ, ɛyi yɛ nkɔm a wɔhyɛɛeɛ faa asraafoɔ no ho. Na Honhom no kɔɔso kaa sɛ, na wɔbɛtwe tonto wɔ me atareɛ so. Na Honhom daa asɛndua no ho asɛm kyerɛɛeɛ pɛpɛɛpɛ, na ɔkaa sɛ Yesu asɛndua no yɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ne Ne nhyehyɛeɛ. Na sɛdeɛ Yesu kaa sɛ; Mo tiriso nhwi baako mpo rentɔ fam a mo Agya a ɔwɔ soro no nnim. Na obiara a ɔbɛka sɛ asɛndua no nnyɛ nokorɛ no mmpo abakɔsɛm nko, na mmom ɔpo Onyankopɔn Honhom nso a ɔhyɛɛ saa nkɔm yi too hɔ mfeɛ bebree akyi no. Na asraafoɔ no dii won dwuma a nimdeɛ biara nni mu na won annya atinka biara nso wɔ asɛndua no ase. Na wodii apreaperɛ wɔ deɛ wɔyɛɛ no ayayadeɛ no adeɛ a aka ho. Na mmɔborohunu biara amba won mu; na won anntumi ahunu sɛ wiase nyinaa gyefoɔ na ɔrehwie Ne mogya ɛgu wɔ asɛndua no soɔ no.

Onua Barima, so woabɔ wone Kristo asɛndua mu anaa, wɔ ne wuo no mu anaa? Anaasɛ wiase ahoyadeɛ ne wiase ɛdin-ya akyi na wodie? So wodɔ n'sɛndua no anaa. Na ɛfei nso woanya Onyankopɔn trenee ne Ne kronkronyɛ a ɛwɔ Ne wuo no mu bi anaa? Anaasɛ wokekare woanim kyerɛ no kɛkɛ, a wommfa wo ho nto asɛndua no so yie sɛdeɛ Ɔno nso hwɛɛ asɛndua no? Honhom Kronkron no, ne Ɔba no, ne Onyankopɔn boom yɛ baako wɔ gyidie ne ɔdɔ mu, sɛ yɛn nso yɛbɛnya Ne wuo no, Ne sie, ne nafɔrebɔ no ho mfasoɔ bi,

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu Kristo, Yɛda wo ase sɛ wosoaa asɛndua no. Yɛtontom wo wɔ wo boasetɔ, wo dɔ, ne wo nhyira a wode maa yɛn. Na yɛyi wo ayɛ wɔ yɛn bɔne a wode kyɛɛ yɛn ne wia se nyinaa bɔne nso. Wofaa me bɔne nyinaa kɔɔeɛ wɔ mberɛ a wo sɛn dua no so wɔ animguaseɛ mu no, na wotwee nnipa nyinaa bataa Onyankopɔn ho. Wone yɛn gyefoɔ ne yɛn dimafoɔ daa. Amen.

NSƐMBISA:

  1. Abodin ntwerɛeɛ a wɔde bɔɔ asɛndua no so no nkyerɛaseɛ ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 08:21 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)