Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":

Home -- Twi -- John - 098 (Christ predicts the joy of the disciples)

This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
D - Ɔne Won Dii Nkra Wɔ Mberɛ A Wɔrekɔ Gesɛmani No (Yohanne 15:1 - 16:33)

5. Kristo ka kyerɛɛ Nasuafoɔ no sɛ won anigyie bɛwie wɔ Ne wusɔreɛ Afahyɛ mu (Yohanne 16:16-24)


YOHANNE 16:16-19
16 "Aka kakraa bi na monhu me; na bio aka kakraa bi mobɛhu me." 17 ɛnna n'asuafoɔ no mu binom kekaa no wɔn mu sɛ: ɛdeɛn na ɔse yɛn yi sɛ, "Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me, ne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi?" 18 ɛnna wɔse: ɛdeɛn ne deɛ ɔka yi sɛ: Aka kakraa bi? Yɛnte deɛ ɔreka yi ase. 19 ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔrepɛ abisa no, na ɔsee wɔn sɛ: Yei ho na mobisabisa wɔ mo mu sɛ mekaa sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me."

Wɔ ɛnummerɛ bi mu no Yesu kaa Ne soro kɔ ho asɛm kyerɛɛ won mprensa. Na saa nsɛm yinom maa nasuafoɔ no botooeɛ bebree; ɛfirisɛ won anntumi anya ɛmu nteaseɛ yie paa. Nanso ɔka kyerɛɛ won sɛ ɛbɛsan aba won nkyen bio, a na ɛkyerɛ sɛ ɔbɛsan asɔre afri owuo mu bio, a na saa adeɛ no bɛba mu wɔ Twam Afahyɛ no akyi. Na ɛno mu na ɔdaa Ne ho ɛdie kyerɛɛ nasuafoɔ no wɔ mberɛ a na won ahyiamu wɔ dan mu, a na ɛyɛ nkradie a ɔde rebɛma won, a na ɔrebɛkɔ n'Agya no nkyen.

Na Yesu kaa saa nsɛm yinom wɔ mberɛ a wɔreforo ngo bepɔ no no, won anntumi anya nteaseɛ wɔ ne nsɛm no mu. Nanso, na woadikan aka Ne sorokɔ no ho asɛm akyerɛ won dada. Na ɛfei deɛ ɔka kyerɛɛ won sɛ wobɛyi No afri won nkyen. Na wɔkaa sɛ saa botaeɛ yinom nyinaa asɛm wawa ma won. Na won akoma tuuiɛ na wɔbotooeɛ, na wodii awerɛhoɔ pii sɛ ɔregya won hɔ akɔ soro.

YOHANNE 16:20-23
20 'Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mobɛsu na moatwa adwo, na wiasefoɔ ani bɛgye; na mo deɛ, mo werɛ bɛho, nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ. 21 ɔbaa, sɛ ɔrewo a, ɔhunu awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ ne dɔn adu; na sɛ ɔnya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigyeɛ a wanya sɛ wɔawo onipa aba wiase no nti. 22 Na mo nso, seesei deɛ, mowɔ awerɛhoɔ; na mɛhu mo bio, na mo akoma bɛtɔ mo yam, na mo anigyeɛ no, obi rennye mo nsam; 23 na da no moremmisa me biribiara.
'

Yesu hunuu asuafoɔ no tirimu adwene nyinaa, na ɔkaa deɛ wɔresusuu ho no kyerɛɛ won tesɛdeɛ ɔntee deɛ wɔresusu ho no. Na deɛ ɔkaa de faa won nsusuiɛ no ho ne sɛ, woannkyekye won werɛ ne deɛ wosuro nso ho, na mmom Ne nsɛm no maa awerɛhoɔ ne yaw hyɛɛ won ma mboroso mmom, na osu ne abooboodie hyɛɛ won so. Na Ne wuo yɛɛ won tesɛdeɛ Ɔhene kɛseɛ papa bi ɛwuo; na nnipa no nyinaa dii awerɛhoxɔ na won anidasoɔ saaeɛ. Wɔ asuafoɔ no awerɛhoɔdie mu no, won atanfoɔ no nso dii ahurusie. Yesu kyerɛɛ sɛ wiase nyinaa gyina hɔ sɛ ne tanfoɔ, a ɛnnyɛ Jewfoɔ mpaninfoɔ no nko. Na won a wonni Kristo Asɔre mu nyinaa yɛ nkurɔfoɔ a won ayera wɔ wiase afri Onyankopɔn ho wɔ akyirikyiri koraa, na wɔte atua tia Honhom Kronkron no.

Na ɛfei nso, Yesu hyɛɛ nasuafoɔ no bɔ sɛ won awerɛhoɔ nyinaa bɛdanne won anigyie kɛseɛ. Na won awerɛhoɔdie no bɛyɛ kakaraabi, sɛdeɛ awoɔ aka ɔbaa benfoɔ no. Na ɛnnanom bu saa ɔyaw no mberɛ tiaa bi ɛfirisɛ wobɛnya anigyie kɛseɛ sɛ won anya ɔba ato won nsa so.

Na ɔsɔree firii owuo mu akyirie no, asuafoɔ no anntumi ammbisa no nsɛm biara bio. ɛfirisɛ won afɔbuo nyinaa twaamu, na owuo ho suro nso wodii so nkunim, na ɔbonsam nhyɛsoɔ nyinaa mu pamsameeɛ, na ɛfei nso Onyankopɔn abufuohyeɛ nso frii won so. Na won ahopaakyi, ne deɛ wosuro, ne anngye anndie no nyinaa ansiw Kristo kwan sɛ ɔbɛba won nkyen na ɔde won bɔne nso akyɛ won. Nanso Jewfoɔ anntumi ammfa won nsa annka won, ɛfirisɛ na Awurade ka won ho. Na ɛfei nso won nsɛmbisa ne deɛ ɛhaw won nyinaa nyaa mbuaeɛ ne ayaresa wɔ owusɔreɛ da no mu wɔ deɛ woasɔre afri awufoɔ mu no mu.

YOHANNE 16:24
24 "Ɛde bɛduru sɛsɛɛ deɛ, monsrɛɛ biribi me din mu; monsrɛ, na mobɛnya, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ."

Wɔ Ne nkradie nsɛm mfitiaseɛ mu no, Yesu ka kyerɛɛ nasuafoɔ no sɛ wombisa biribiara a wɔpɛ, na won nsa bɛka, na ama Agya no anya annuoyam (Yohane 14:13). Na saa adesrɛdeɛ yi maa Asɔre no sie ne asɛmpakatrɛ adwuma kɔɔ so, ɛfirisɛ Yesu apɛdeɛ ne sɛ nnipa bebree bɛba Nyankopɔn Baasa Koro no dɔ ayɔnkofa mu. Ɛno nti ɔhyɛɛ yɛn nkuran kaa sɛ, "Monhwɛhwe Onyankopɔn Ahennie ne Ne trenee kane, na deɛ aka no nyinaa ɔde bɛka mo ho." Yesu hyɛɛ yɛn bɔ sɛ Onyankopɔn yɛ mpaebɔ tiefoɔ wɔ ɔsoro ne asaase nyinaa so ma nnepa ba, na ɔsoro wɔ adwenepa ma asaase so nsɛm ne nnoɔma nyinaa mu.

Dɛn ne wo nsɛmbisa ne woa-komaso adeɛ? Wo hia sika anaa, anaa apoomu den, ne ahoyadeɛ anaa? Anaasɛ wohwehwɛ sɛ wobɛnya nkutahodie pa wɔ wone afoforo ntam? So wo nngye nndi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na Ne mmɔborohunu so wo so anaa? Anaasɛ wo te nka sɛ Honhom Kronkron no afri woabrabɔ mu kɔ anaa? Anaasɛ wohunu sɛ afɔbuo da wo so anaasɛ worehunu amaneɛ bi anaa, anaasɛ wonam ɔyaw bi mu? So ahonhom mmɔne bi rehaw wo anaa? Na ɛfei nso woretwen Kristo mbaeɛ a ɛtɔso miennu no a obɛdi Hene wɔ asomdwee mu no? Asɛmbisa bɛn na ɛwɔ woakoma mu, ne wo honhom mu ne woadwene mu? So wogye nnoɔma di anaasɛ wonngye nni? woyɛ okyingyɛgyefoɔ anaasɛ wɔte nnoɔma ase? So wobo fu ntɛm? Na ɛfei nso wobisa Awurade sɛ ɔmfa Honhom Kronkron nhyɛ wo ma?

Kae yɛn nso wɔ wo mpaebɔ mu wɔ yɛn haw nyinaa mu. Na bue woakoma mu ma wo soro Agya no. Na mmom no nnkasakasa kwa wɔ wo mpaebɔ mu, na mmom no dwene wo nsɛm ho yie ansa woakasa. Na dwene akyɛdeɛ a Yesu de ama woɔ no ho kane, na da no ase wɔ saa akyɛdeɛ no ho. Aseda yɛ adeɛ a ɛde mfasoɔ bebree brɛ yɛn. na ka wo bɔne nyinaa kyerɛ no, ɛfirisɛ gyedie nnim a, wo dɔ ano bɛdwo na woanidasoɔ nso asa wɔ Onyankopɔn anim. Bɔ mmɔden na srɛ bɔne fakyɛ na ka wo bɔne nso, na bisa no na ɔnkyerɛ wo deɛ ɔhwehwɛ afri wo nkyen, na woammbisa deɛ ɛrennboa woɔ. Bisa nadom no na gyedi sɛ obɛtie wo. Mma wo werɛ mmfiri sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ, na ɔpɛsɛ ohyira afoforo nso bi. Bɔ mpaeɛ nso ma wo nnamfonom ne mpo woatanfoɔ nso sɛ Onyankopɔn nhyira won nso bi. Ɛfirisɛ ɛnnyɛ wo nko ara na ahia woɔ. Na mmom nnipa pii no ara nso wɔ saa amaneɛ koro no ara bi. Fa wo nsɛmbisa nyinaa to Kristo anim, na fa aseda ne bɔne ka nso bɔ mpaeɛ fa wo haw no ho ne woabisadeɛ nso ne afoforo nso deɛ bi. Na ɛno mu na wobɛhunu nokorɛ ahintasɛm a ɛwɔ mpaebɔ mu wɔ Yesu din mu.

Mpaebɔ a ɛhotwa ne sɛ wone Onyankopɔn bɛdi nkutaho wɔ nkotosrɛ mu, ne aseda, ne ayɛyie mu. Bɔ mmɔden sɛ wɔrennyɛ wo nsɛm no ntiatiemu wɔ nsɛmka mpaebɔ no mu. Na mmom fa ahobrɛaaseɛ kasa tesɛdeɛ wone woawofoɔ rekasa no. Deɛ na ɔyɛ ɔdebɔneyɛni no wobuu no bem wɔ ne mpaebɔ mu wɔ asɔredan no mu, mberɛ a ɔyii ayɛ no, kaa sɛ, "Awurade, hu me mmɔbɔ, me ɔdebɔneyɛni". Ɛfei nso Ɔsoro Agya no yanee Lazaro frii awufoɔ mu. ɛyɛ gyidie na ɛde nkwagyeɛ ba, ne mboa ne ahoyadeɛ. Nya akokoduro na bɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔ wɔ adom mu, akokoduro ne aseda. Ɛfirisɛ woyɛ Ne ba, ɛno nti fa anigyie kasa sɛ ɔba, na mmfa biribiara nnhinta No koraa.

Kristo pɛ sɛ ɔde Ne mu anigyie gu wo so, a ɛnnyɛ wo mpaebɔ mu mmuaeɛ nko mu, na mmom ɔyɛ saa woatiefoɔ a ɛwɔ Onyankopɔn ne Ne Ba no mu ntia. Deɛ ɛwɔhene na ɛho hia paa ma woɔ, akyɛdeɛ no anaasɛ deɛ ɔmaa akyɛdeɛ no? Awurade na ɔma woɔ boroso, na kae sɛ Ɔno na nnoɔma nyinaa yɛ Ne dea. Ɛno nti Yesu pɛsɛ woanigyie yɛma boroso. Na yɛn nso yɛn anigyie wie pɛyɛ sɛ Yesu nso de yɛn mpaebɔ mu mmuaeɛ brɛ yɛn a, ɛma yɛsipi. Na ɔnam yɛn mpaebɔ so agye afoforo bebree nkwa ahyira won nso. Na ɛba no saa a yɛn anigyie kɔ soro yie, ne da yɛbɛhunu Yesu sɛ ofri soro reba bio wɔ omunukum mu no. Na ɛno mu na yɛn anigyie bɛwie mudie. So Kristo mbaeɛ a ɛtɔsoɔ miennu no bɛyɛ adehiadeɛ titiriw wɔ yɛn mpaebɔ mu?

MPAEƐBƆ: Ɔsoro Agya, yɛfri yɛn akoma mu nyinaa da wo ase bebree, afirisɛ wosomaa wo Ba no baa yɛn bɛgyee yɛn nkwa. Fa yɛn wiase akonnɔ nyinaa kyɛ yɛn, na boa ma yɛnhunu sɛdeɛ asɛndua no sombo fa, ma yɛn fahodie ma yɛnyumi mbɔ mpaeɛ nokorɛ mu, na ama yɛatumi ne wo akasa sɛdeɛ mma ne won awofoɔ nya nkutahodie no. Yɛsrɛ wo wobɛgye yɛn atanfoɔ nso, a won abrɛ wɔ bɔne nkondua mu, won a bɔne amumuyɛ ahyɛ won akoma ma. Gye won fri won nkondua nyinaa mu, na ama won ne yɛn nyinaa ani abom agye wɔ wo mu.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Onyankopɔn Agya no gye yɛn mpaebɔ so wɔ Yesu din mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 02:15 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)