Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 097 (The Holy Spirit reveals history's developments)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
D - Ɔne Won Dii Nkra Wɔ Mberɛ A Wɔrekɔ Gesɛmani No (Yohanne 15:1 - 16:33)

4. Honhom Kronkron no daa abakɔsɛm kɛseɛ a ɛde mpuntuo aba no ɛdi (Yohanne 16:4-15)


YOHANNE 16:12-13
12 Mewɔ nsɛm pii meka mekyerɛ mo, nanso montumi nsoa seesei. 13 Na sɛ ɔno, nokorɛ Honhom no, nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu. Na ɛmfiri ɔno ara ne mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛteɛ no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nnoɔma a ɛreba.

Kristo nso nim biribiara, na ɔpɛɛsɛ ɔbɛda ahintasɛm a ɛwɔ soro ne daakye ho asɛm akyerɛ nasuafoɔ no, nanso won adwene mu nteaseɛ ne won nyansa anntumi annya nteaseɛ wɔ saa nokorɛsɛm yi mu yie. Ɛno nti yɛnntumi nnhunu yie sɛ sɛ Yesu te Onyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro, na ɛfei nso mberɛ korɔ no ara mu no ɔte yɛn akoma mu, agyesɛ Honhom Kronkron no ankasa bue yɛn aniwa ma yɛhunu. Saa ara nso, na yɛnntumi nnhunu sɛ Onyankopɔn yɛ Baasa Koro. Na nnipa adwene nntumi nnhunu Nyankopɔn nnoɔma mu, nanso Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu na ɔboa yɛn wɔ yɛn adwene mu nteaseɛ mu. Na ɔno na ɔka ahintasɛm a ɛwɔ daakye mu kyerɛ yɛn, ne akoma mu ahintasɛm nyinaa, ɛfirisɛ onim Onyankopɔn Baasa Koro no ahintasɛm nyinaa.

Kristo ka kyerɛɛ nasuafoɔ no ɔbɛsoma nokorɛ Honhom no aba won so na abɛkyerɛ won kwan akɔ nokorɛ nyinaa mu. Na dɛn ne nokorɛ no? Yesu annka sɛ "nokorɛ ahorroɔ" a ɛyɛ wiase yi nteaseɛ mu, na mmom nokorɛ baakopɛ, na ɔkaa sɛ, "Me ne Nokorɛ no". Na Honhom a ɛbɛba no adiyisɛm ne sɛ obɛdi yɛn anim akɔ Kristo mu nokorɛ ne Ne dwumadie nyinaa mu wɔ nteaseɛ mu. Na Yesu nnyɛ onipa bi kɛkɛ, na mmom Agya no wɔ ne mu, na ɔno nso wɔ Agya no mu. Ɛno nti Honhom akwankyerɛ no kyerɛ sɛ ɛbɛma yɛn Agya no ho nimdieɛ na ama yɛatena Ne dɔ no mu akɔ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Saa asɛm yi "Nokorɛ" a ɛwɔ asɛmpa no mu no nnkyerɛ abrabɔ mu nokorɛsɛm nko, na mmom ne nkyerɛaaseɛ no mu korɔn yie, na ɛgyina hɔ ma nokorɛ nyinaa, ɛtwa fa baabiaa ne nnoɔma nyinaa mu. Na Honhom no kyerɛ yɛn kwan kɔ ɔsoro nokorɛ nyinaa mu sɛ yɛbɛhunu Onyankopɔn wɔ Baasa Koro mu na ama yɛahunu Ne nsɛnkyerɛnne tumi no.

Na ne nyinaa mu no, Honhom Kronkron no de ne ho, na ɔkasa, otie, wɔ ɔno ankasa ne pɛ mu, nanso ɔyɛ adeɛ nyinaa wɔ Agya no apɛdeɛ mu. na ommfiri nadwene mu nnyɛ biribi, na mmom deɛ Agya no aka no na ɔka kyerɛ yɛn. Wɔ Onyankopɔn Baasa Koro no mu no biribiara nni hɔ agyesɛ nkabom ne biakoyɛ soronko a ɛwɔ ɔdɔ mu. Na ɔyɛ ɔnokwafoɔ wɔ adansedie a odi wɔ Onyankopɔn Ba no ho. Na ɛno mu na osi Asɔre no nyinaa sɛ Kristo nipadua baako, na ama woayɛ pɛ wɔ Kristo mbaeɛ a ɛtɔso miennu no mu, a ɛyɛ ne kunu no.

YOHANNE 16:14-15
14 ɔno na ɔbɛhyɛ me animuonyam; ɛfiri sɛ ɔbɛfa me deɛ bi na ɔde abɛkyerɛ mo. 15 Nnoɔma a m'Agya wɔ nyinaa yɛ me dea; yei nti na mekaa sɛ: ɔbɛfa me deɛ bi na ɔde abɛkyerɛ mo.

Honhom Kronkron adwumayɛ botaeɛ ne sɛ ɔbɛhyɛ Kristo annuoyam. Sɛdeɛ Yesu nso paa Ne ho akyi na ɔde annuoyam nyinaa maa n'Agya no nko no, saa ara nso na Honhom Kronkron no nnhyɛ ɔno ankasa ho annuoyam, na mmom ɔhyɛ Yesu annuoyam wɔ ne dwumadie nyinaa mu. Na ɛyi kyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ koom wɔ yɛn suahunu nyinaa mu, ne yɛn nkunimdie ne yɛn dwumadie nyinaa mu, na yɛhyɛ Yesu a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no nko annuoyam daa. Na ɛnnyɛ yɛn kasa na ɛho hia yie, na mmom yɛn bɔne a Kristo adehye mogya no ahohoro no na ɛhia. Honhom no dwumadie, ne Ne tumi, ne Ne botaeɛ nyinaa yɛ baako, sɛ ɔbɛhyɛ Yesu annuoyam, Ɔno na ɔtɔɔ yɛn maa Ne ho. Na Honhom Kronkron no yɛɛ adwuma wɔ Asomafoɔ no adansedie a ɛfa Kristo ho no yie, wɔ mberɛ a wɔkaa Kristo asɛndua so wuo ne Ne wusɔreɛ ho asɛm kyerɛɛ atiefoɔ no.

Honhom Kronkron no nnyɛ adwuma biara wɔ ɔno ankasa ne pɛ mu, na mmom ɔyɛ Yesu anom nsɛm ne Ne ndwuma no ho adwuma wie no koraa. Na ɔkaekae asuafoɔ no Yesu anom nsɛm no nyinaa, na ɔde nkwa a ɛwɔ Yesu mu no brɛ won wɔ won mu. Na ɛfeo nso ɔhyɛ won den ma wotumi yɛ nahyɛdeɛ nyinaa, na ɔma wotintim wɔ won Agyenkwa no mu. Na yɛtumi hunu nkabom ayɔnkofa soronko a ɛwɔ Onyankopɔn Baasa Koro no mu. Na won mu baako mmfa annuoyam mmma ɔno ankasa ho, na mmom wɔde annuoyam, ntontom ne ayɛyi ma won ho wɔ akwan ahorroɔ so.

Wɔ Ne dwumadie wɔ asaase yi soɔ no, Yesu de ahobrɛaaseɛ kaa sɛ, "Agya no yɛ kɛseɛ sene me", nanso mberɛ a ɔne won redi nkra no ɔkaa sɛ, "Wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama Me", ɛfirisɛ Yesu na ɔbɔɔ ne nyinaa wɔ Agya no mu. Na Agya no yɛ ne dea, sɛdeɛ agya biara nso yɛ ne mma dea no, na ɔno nso yɛ won dea no.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, wogyee yɛn wɔ asɛndua no so, na woyii yɛn bɔne adesoa no frii yɛn so. Yɛda wo ase wɔ wo dɔ kɛseɛ no mu. Yɛsrɛ wo sɛ fa wo Honhom Kronkron no hyɛ yɛn ma, na ama yɛn abrabɔ nyinaa ahyɛ woa-fɔrebɔ ne wo wusɔreɛ no annuoyam. gye yɛn fri nkondua nyinaa mu, ne ahomasoɔ, na ama yɛatumi atena wo dɔ no mu.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Honhom Kronkron no yɛ adwuma wɔ wiase mpuntuo mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 02:01 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)