Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 081 (Jesus washes his disciples' feet)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
B - Deɛ Ɛsiiɛ Ansana Awurade Ɛdidie No (Yohanne 13:1-38)

1. Yesu hohoroo nasuafoɔ no nan ho (Yohanne 13:1–17)


YOHANNE 13:1-5
1 Na Twam afahyɛ no rebɛduru no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wiase akɔ Agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsiiaseɛ. 2 Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma. 3 Na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfirii Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti, 4 ɔsɔre firii adidiiɛ, na ɔyii n'atadeɛ guu hɔ, na ɔfaa mpepaho de kyekyeree ne ho. 5 Na afei ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho, na ɔde mpepaho a ɔde kyekyeree ne ho no pepaa ho.

Wɔ saa nkyekyɛmu yi mu no Yohane toaaso maa nkyerɛkyerɛmu foforo wɔ nasɛmpa no mu. Na ɛyi mu no, ɔkaa sɛ Yesu reto nsa frɛ nnipa nyinaa; na asɛmfua a ɛka sɛ, Hyan no hyeren wɔ ɛsum mu, na ɛsum no annni no so no ɛno mmom na ohunuu wɔ nnipa mu. Na ɛyi ma Yesu di nguguo anaa? Daabida! ɛfirisɛ na nnipa nyinaa nngye no ntom, nanso Awurade paw nnipa binom a wɔsakyeraa won adwene na ɔboaboaa won ano yɛɛ won asomafoɔ. Wɔ saa nkyekyɛmu yi mu no yɛbɛhunu sɛdeɛ Yesu ne won a waopaw won no kasaeɛ, tesɛdeɛ ayeforo kunu ne ayeforo yere rekasa. Ɔyɛ won dea na won nso yɛ ne dea. Na ɛfei Onyankopɔn dɔ na ɛbɛyɛɛ won asɛmtirie. Na ne dɔ no nnyɛ pɛsɛmenkomenya na mmom ɛyɛ ɔsom. Wɔ Twerɛ Kronkron no mu no ɔdɔ yɛ ahobrɛaaseɛ ne ahofama a yɛyi no ɛdie kyerɛ won a wonsɛ mmfata saa adeɛ no. Wɔ saa nsɛm yi mu no Yesu yii ne suban ɛdi kyerɛɛ nasuafoɔ no, na ɔmaa won nkyerɛkyerɛmu sɛ ne dɔ no yɛ ɔsom ne ahofama adwumayɛ. a ɛno na ɛgyina hɔ ma ne nkwa ne Ne wuo ne Ne wusɔreɛ no.

Yesu dwenee sɛ obɛwu ansana Twa Afahyɛ no aduru. Na ɔrekɔ Agya no nkyen. So saa botaeɛ yi yɛ wo nso woadwene anaa? Ɔbaa wiase yi mu, nanso ɔde nani too n'Agya no so daa. Ɛfirisɛ Ne mu na tumi nyinaa fri ba, ne akwankyerɛ ne anigyie, a obɛtumi de agyina nnipa amumuyɛfoɔ anim. Wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu no, ohunuu sɛ ɔbonsam nso akasa agu nasuafoɔ no mu baako akoma mu a ɛyɛ bɔne adwene. Na ɛmaa saa ɔbarima yi bɛyɛɛ oniberefoɔ, ne ahantan, na ɔtan nso hyɛɛ no ma. Nanso Yesu anntan no koraa, na mmom ɔde Onyankopɔn dɔ dɔɔ no kosii ɛwieɛ.

Na ɛnnyɛ sɛ Yesu regyae ne ho mu ama deɛ ɔreyi no ama no apɛdeɛ. Na mpo nnyɛ Yudas, anaasɛ Kaifas, anaasɛ Herodi, ne Pilato anaasɛ Jewfoɔ mpaninfoɔ ne won nnipa dɔm no na ɛbɛtumi akyerɛ deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie, na mmom ɛsane nahobrɛaaseɛ ne nahofama a ɔwɔ ma Agya no nti ɔde ahonhom ne nnipa nyinaa ahyɛ ne nsa. Na ɔbɔɔ ne tirim sɛ obɛwu sɛ Onyankopɔn Adwammaa, na woahyɛ mberɛ ne dɔn ne deɛ abɛba nyinaa. Na nameneɛhunu nyinaa mu no woammpa abaw ammfri ne botaeɛ ho koraa. Yesu ne Awurade a ɔsesa mberɛ ne dɔn nyinaa.

Kristo ammpɛ sɛ ɔbɛkɔ n'Agya a ɔwɔ soro no nkyen kɛkɛ, na mmom ɔtwee nasuafoɔ no bataa Onyankopɔn ho wɔ nkutahodie ne ayɔnkofa papa mu. Na ɔde ahobrɛaaseɛ kyerɛkyerɛɛ won, na ɔnam nneyɛɛpa so yii Onyankopɔn dɔ ɛdi kyerɛɛ won. Na ɔno ankasa nso yɛɛ ne ho akoa somfoɔ; Na ɔsaw nsuo sii hɔ na ɔbuu nkotodwe wɔ nasuafoɔ no anim hohoroo won nan ho na ɔpopaa won ho. Na ɔbrɛɛ ne ho ase maa won, de yɛɛ mfahotoho ama obiara sɛ Onyankopɔn som nnipa mma. Awurade nnhyɛ obiara so, na mmom obu nkotodwe som won na ɔpopa won ho de tee won ho na ɔmaa wɔsɛɛ ne suban no bi.

Yesu ne yɛn abrabɔ mu mfantoho a ɔkorɔn yiye. Da bɛn na yɛbɛkotow no asɔre no na yɛayi no ayɛ? Da bɛn na yɛbɛnya adwene sakyera na yɛasesa afri yɛn akoma pirim ho?.

Onua barima sɛ woambubu woakoma, na wuntumi nsom wo nua na wondɔ wo tanfoɔ a, wonnyɛ Kristoni nokorɛfoɔ. So woyɛ akoa anaasɛ Owura? Kae sɛ Yesu bɛyɛɛ akoa maa nnipa nyinaa, na obuu nkotodwe de som wo. Ɛsɛ sɛ wogye saa ɔsom no tom mu anaasɛ wobɛbu wo ho sɛ ɛyɛ kwa, a wonnhia Onyankopɔn mu ɔsom biara wɔ woabrabɔ mu?

YOHANNE 13:6-11
6 ɛnna ɔbɛduruu Simon Petro soɔ; na ɔno deɛ, ɔsee no sɛ, Awurade, wo na worehohoro me nan ho yi? 7 Yesu bua see no sɛ, Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, na akyire yi na wobɛte aseɛ. 8 Petro see no sɛ, Meremma wo nhohoro me nan ho da Yesu buaa no sɛ, Sɛ manhohoro wo ho a, wonni m'afa. 9 Simon Petro see no sɛ, Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ne me tirim nso bi. 10 Yesu see no sɛ, Deɛ wadwareɛ no, ɛnhia no adwareɛ, gye ne nan ho hohorɔ, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa. 11 Na ɔnim deɛ ɔbɛyi no ama; yei nti na ɔkaa sɛ, ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afire no.

Ɛyɛɛ asuafoɔ no ahometeɛ sɛ won kandifoɔ ne won Wura no ankasa rehohoro won nan ho. Sɛ na anka wonim deɛ ɔbɛyɛ wɔ Awurade Ɛdidi no akyiri a anka dabiara no wɔbɛhohoro won nan ho. Na Awurade amma won Apam Foforo wɔ wɔne Onyankopɔn ntam kɛkɛ, na mmom ɔmaa won Apam no mu nkyerɛkyerɛmu ne ne nkyeraaseɛ nso; na ne nyinaa ne ɔdɔ ne ɔsompa adwuma.

Petro ne deɛ ɔhoahoa ne ho kɛseɛ na ɔwɔ nkenyan nso wɔ asuafoɔ no nyinaa mu. Na woampɛ sɛ Yesu bɛsom no; ɛno nti ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔremma ɔnhohoro ne nan ho koraa, na woanntie n'Awurade nne wɔ saa kwan no so. Na Yesu maa asuafoɔ no nyinaa nkyerɛkyerɛmu fa ahintasɛm a ɛwɔ nan ho hohoro no ho, na ɔde saa nkyerɛkyerɛmu yi maa yɛn nyinaa, na ɔkaa sɛ, Sɛ manhohoro mo nan ho a munni mafa wɔ ma Hennie mu, na woamfa mo bɔne nyinaa annkyɛ mo a munntumi nntena me mu. Na ɛsɛ sɛ yɛde ne mogya no hohoro yɛn ho daa, na yɛtena saa ahohohoro no mu daa. na Ɔno na ɔhwɛ yɛn so wɔ adom mu, na ɔma yɛne Onyankopɔn nya ayɔnkofa wɔ Ne Ba no mu.

Na ɛno mu no Petro hunuu kanea no, na ohunuu bɔne a woayɛ nso, na ohunuu sɛ ɔtɔ sini wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu nteaseɛ mu. Na obisaa sɛ Yesu bɛhohoro ne nipa dua nyinaa nso ho. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ , Deɛ ɔba me nkyen biara ho bɛtew koraa, na ɔbɛyɛ pɛ wɔ ne gyidie mu. Na ɛyi mu na yɛhunu sɛ yɛnnhia ahohohoro soronko biara bio anaasɛ yɛn ankasa kronkronyɛ, ɛfirisɛ Yesu mogya no hohoro yɛn ho fri bɔne nyinaa mu. Kronkronyɛ biara nni hɔ a ɛso sene bɔne fakyɛ a ɛwɔ Yesu mogya mu no. sɛdeɛ dabiara ɛfi ba yɛn ho wɔ yɛn akɔ ne aba mu no, na yɛbɔ mpaeɛ daa sɛ, Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn no. Ne saa nti Onyankopɔn mma hia nan ho hohoro nko, na mmom wiase yi mma deɛ wohia won nipadua nyinaa adwareɛ.

Na Yesu hwɛɛ nasuafoɔ no kaa sɛ, Mo ho ɛfi. Na ɔmaa wɔne Onyankopɔn nyaa Apam. Odwammaa no wuiɛ maa nasuafoɔ no na ɔmaa wɔne Onyankopɔn nyaa ayɔnkofa soronko. Onipa biara ho nntumi mmfo wɔ ɔno ankasa ahoɔden mu, na mmom Kristo mogya no na ɛte yɛn ho fri bɔne nyinaa mu.

Nanso, awerehoɔsɛm ne sɛ ɛnnyɛ nakyidifoɔ nyinaa na wɔyɛɛ kronkron, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ nnɛ yi ara mu no. Ɛbinom de won ano fafa na ɛsom no wɔ honamso ahohohoro mu na wɔyɛɛ won ho tesɛdeɛ wɔgye Kristo mogya no die, nanso Honhom Kronkron no annhyɛ won ma. na mmom ɔbonsam honhom na ɛhyɛɛ won ma wɔ ɔtan mu, ne aniberɛ mu, ne ahantan ne adwammanbɔ mu. Ɛno nti wɔ won a wɔse wodimu' mpo mu no yɛhunu saa honhom yi sɛ ahyɛ won ma ne sika aniberɛ nso. Yesu pɛsɛ ɔhohoro wo nan ho dabiara na ɔgye wɔ firi bɔne ahorroɔ nyinaa mu, na ɔma wo ho teɛ koraa na wɔne Onyankopɔn bɛnya ayɔnkofa soronko. Ɛno nti hwehwɛ wo mu yiye, so woyɛ akoa anaasɛ Owura?

MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase sɛ wopaa wo ho akyi na wogyaa woannuoyam hɔ baa asaase yi so wɔ yɛn a yɛyɛ fi yi nkyen. Na wobrɛɛ wo ho ase hohoroo woasuafoɔ no nan ase, na woahohoro yɛn akoma mu afri bɔne nso mu. Yɛyi wo ayɛ na yɛsrɛ wo sɛ wobɛgye yɛn afiri ahomasoɔ adwene mu, na ama yɛatumi abɛyɛ wo nkoa. Boame na menyɛ ɔsom ma obiara, wɔ me asɔre ne mabusua mu.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Yesu hohoroo nasuafoɔ no nan ho?

YOHANNE 13:12-17
12 ɛnna ɔwiee wɔn nan ho hohorɔ na ɔfaa n'atadeɛ na ɔtenaa ase bio no, ɔsee wɔn sɛ, Moahunu deɛ mayɛ mo yi? 13 Mo deɛ, mofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na moka nokorɛ, na meyɛ. 14 Afei sɛ me, Awurade ne Kyerɛkyerɛfoɔ no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro mo ho mo ho nan ho. 15 Na mama mo nhwɛsoɔ sɛ, sɛdeɛ mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara. 16 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Akoa nsene ne wura, na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no. 17 Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.

Nnyɛ nsɛm biara kɛkɛ na Yesu ka kyerɛɛ yɛn. na mpen bebree no saa nsɛm no nnyɛ adwuma, agyesɛ wɔde yɛɛ adwuma. Na obisaa nakyidifoɔ no sɛ, so moate deɛ meka kyerɛɛ mo nyinaa ase anaa, Mombue mo aniwa na monhwɛ, mene mo wɔ hɔ sɛ mo mu baako. Na mennyɛ me ho kɛseɛ kokoroo sɛ obi a ɔte Nahengua so a mobɛkoto kototo no ansa na moaba nanim tesɛ nkoa. Dabida! na mmom megyaa mannuoyam too hɔ bɛyɛɛ sɛ mo ara. Na ɛfei nso megyaa me dibea too hɔ bɛyɛɛ akoa. Ɛfei moanya nteaseɛ sɛdeɛ Onyankopɔn dɔ no teɛ na ɛyɛ adwuma fa? Onipa ahantanni moma ne ho so, na mmom deɛ ɔwɔ ɔdɔ no brɛ ne ho ase daa na ɔtɔ ne bo ase wɔ adeɛ nyinaa mu, ɛfei nso ɔpa ne ho akyi som obiara.

"Mopɛ sɛ mobɛyɛ masuafoɔ, sɛdeɛ meyɛ nhwɛsodeɛ ma mo no, Medeɛ menkasa kɛkɛ, na mmom mede masɛm biara a meka no yɛ adwuma. Monhwɛ me: na munhunu sɛ meyɛ me ho sɛ akoa. Na sɛ mopɛ sɛ modi makyi a, momfa ahobrɛaaseɛ nsom. Deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ wɔ mo mu no, ma no nyɛ akumaa wɔ mo mu. ɛfirisɛ deɛ ɔde ahobrɛaaseɛ som afoforo no ne deɛ ɔyɛ kɛseɛ wɔ nokorɛ mu."

"Munsusu sɛ asɔre no yɛ nkurɔfoɔ bi a woaboa won ano sɛ ahotefoɔ a woawie pɛyɛ wɔ mu'die mu. Nanso won nyinaa wɔ nkyerɛkyerɛ mu sɛ wɔbɛyɛ ahoteefoɔ. Na mate won nyinaa ho ama won abɛyɛ ahoteefoɔ wɔ nhyehyɛɛeɛ mu. Na won nyinaa nam boasetɔ ne mberɛ mu sɛ wɔde bɛyini wɔ honhom mu. Na mfomsoɔ wɔ won nyinaa ho na wo sinti. Na ɛyi ne mahyɛdeɛ ma won: Sɛ momfa bɔne nkyekyɛ mo ho mo ho. Na mummbu mo ho atɛn, na mmom momboa mo ho mo ho. Monnnhohoro afoforo tiri mu, na mmom monhohoro won nan ho. Na monhyɛ obiara so; ɛfirisɛ moyɛ anuanom. Na sɛ moyɛ saa a, mobɛhunu deɛ mayɛ nyinaa pɛfee: Mamba wiase yi mu sɛ nnipa nsom me na mmom mebɛsomee. Na mabrabɔ nyinaa yɛ ɔsom, ne afɔrebɔ ne ahofama ma nnipa nyinaa."

"Mesoma mo akɔ wiase yi mu asomafoɔ adɔfoɔ. Deɛ ɔsomaa mo no yɛ kɛseɛ tesɛdeɛ ɔsamaa no no. Na mo asɛdeɛ ne sɛ mobɛyɛ sɛ nkoa asomfoɔ te sɛ me ara. Na moahunu ɛyi sɛ, mobɛtumi ahunu asɛmtirie a ɛda soɔ sɛ anidahɔ wɔ Kristosom mu."

"Mahyɛdeɛ a ɛtɔ soɔ miennu ne sɛ: na sɛ mohunu ɛyi a, nhyira ne mo, sɛ mode bɛyɛ adwuma. Mannka ɔdɔ ho asɛm kɛkɛ; na mmom mede yɛɛ adwuma." Nkenyan a ɛwɔ agyidifoɔ mu a wɔde som no yɛ deɛ ɛwɔ won nipasu mu. Na ɛyi mu na ɔdɔ adwumadie ahorroɔ nyinaa da ɛdie. Deɛ ɔnnyɛ ogyidini no ɛbɛyɛ dɛn ama no sɛ ɔbɛsom afoforo. Mpaebɔ gyegyeegye a ndwuma nnim no nyinaa yɛ nyaatwom. Na ɛfei nso ɛnyɛ ndwuma na ɛgye yɛn nkwa; na mmom me mogya no na ɛgye nkwa. Na sɛ mohwɛ mmɔborofoɔ ne won a woapo won a na mosom won yiye a, Onyankopɔn anigyie bɛhyɛ mo ma. Na Onyankopɔn ndwumadie pa no kataa Kristo som so.

Onua barima, so wɔpɛsɛ wɔbɛyɛ owura ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ anaa? Ɛndeɛ hwɛ Yesu nko ara. Ɛfirisɛ ɔno ne ɔkyerɛkyerɛni pa no. Na ɔno na ogyina woanim sɛ ɔsomfoɔ. So wɔpɛsɛ wɔde Ne nkyerɛkyerɛ no yɛ adwuma anaa? Ɛndeɛ hyɛaaseɛ sɛ wɔbɛyɛ ɔsomfoɔ firi ɛnnɛ rekɔrɔ. Na bisa no wɔ wo mpaebɔ mu nso, sɛ ɛhenefa, anaasɛ ɔkwan bɛn so na ɔpɛsɛ wosom. Na sɛ wotumi hunu ɛyi a nhyira ne woɔ, sɛ wode bɛyɛ adwuma.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 07:30 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)