Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 065 (Jesus reveals himself to the healed one)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
2. Ɔbarima bi a wɔwoo no anifuraeɛ mu ayaresa (Yohanne 9:1-41)

c) Yesu yii Ne ho ɛdi sɛ Onyankopɔn Ba kyerɛɛ deɛ woasa no yareɛ no (Yohanne 9:35–41)


YOHANNE 9:35-38
35 Yesu tee sɛ wɔapam no afiri adie; na ɔhunuu no no, ɔbisaa sɛ, "Wogye Onipa Ba no di anaa?" 36 ɔbuaa sɛ, "Hwan ne no, Owura, na mennye no menni?" 37 Na Yesu see no sɛ, "Woahu no, na deɛ ɔne wo rekasa yi, ɔne no." 38 Na ɔse, "Megye medi, Awurade" Na ɔkoto sɔree no.

Na yɛakenkan saa awerɛkyekye nsɛm yinom. Na Yesu tee sɛ woapamo deɛ ɔsaa no yareɛ no afri won mu no, ɔhwehwɛɛ no na ohunuu no wɔ nahohiahia no mu. Na ɛyi yɛ awerɛkyekyerɛ asɛm ma ogyidini biara, a abusuafoɔ no nnamfonom ayi no ama wɔ Kristo nti. Na sɛ wo wɔ saa tebea yi mu a yɛhyɛ wo nkuran sɛ Yesu bɛtie wo sufrɛ nyinaa, na ɔbɛba wo nkyen na ɔrenngyae wo ara da. Bɔ mmɔden sɛ woremmfa wo ho nnto nipa so ɛfirisɛ nnipa bɛdi wo hwuabɔ. Na mmom hwɛ Yesu no ara nko. Ɛfirisɛ wonni anidasoɔ biara wɔ asaase yi so anaa ɔsoro agyesɛ ɔno nko ara pɛ. Ɔno na ɔdɔ wo.

Na Yesu bisaa abranteɛ no sɛ, "So wɔgye Onyankopɔn Ba no di anaa, a ɔyɛ onipa Ba nso?" Na ɛyi kyerɛ sɛ na Yesu nim sɛ abranteɛ no nim Apam Dada no mu nsɛm, na onim deɛ Daniel 7:13-14 kaaeɛ, Sɛ Onipa Ba no yɛ wiase nyinaa atɛnbufoɔ ne Onyankopɔn Ba nso. Yesu bisaa no nsɛm yinom de hwɛɛ sɛ so abranteɛ no gye Onyankopɔn Ba no tumi a ɛwɔ hɔ daa no di anaa, na ɛfei nso sɛ ɔrennpo no anaa. Nanso na abranteɛ no agye adi sɛ Yesu yɛ onipa soronko dada, na ɔfrɛɛ no sɛ "Awurade." Nanso na abranteɛ pɛsɛ ohunu onipa ko a Onyankopɔn Ba no yɛ, na woatumi asom no yiye - na ammma ne som annyɛ ɔkwa sɛ abosomsom.

Na ɛyi mu no, Yesu maa no mbuaeɛ a annuoyam wɔ mu sɛ, "Woahunu No wɔ wo gyidie mu, ansana wode woaniwa rehunu no, Me ne No; Onyankopɔn Ba a ɔne wo rekasa.' Na abranteɛ no anntwentwen ne nan ase koraa sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama Yesu. Na obuu nkototwe wɔ Yesu anim som no, kaeɛ sɛ, "Awurade meyɛ wo dea na woyɛ me Hene, me wura ne m'Awurade. Wone ɔdɔ a wobaaeɛ wɔ nipadua mu, na mede meho nyinaa ma wo koraa, na meyɛ woa-koa fri mberɛ yi rekɔ nyinaa." Onua barima, so woahunu Yesu anaa, Onyankopɔn Ba no, wɔ onipasu mu anaa? So wode woho nyinaa abata ne ho sɛ ogyidini? So wosom No sɛ akoa nokwafoɔ - anaa?

YOHANNE 9:39-41
39 Na Yesu kaa sɛ, "Atemmuo nti na mebaa ewie yi aseɛ, na wɔn a wɔnhunu adeɛ no ahunu, na wɔn a wɔhunu adeɛ no adane anifirafoɔ." 40 Na Farisifoɔ no mu bi a wɔne no wɔ hɔ no tee nsɛm yi, na wɔsee no sɛ, "Na yɛn nso yɛyɛ anifirafoɔ?" 41 Yesu bua see wɔn sɛ, "Sɛ moyɛ anifirafoɔ a, anka monni bɔne; na sɛ mose: Yɛhunu adeɛ enti, na mo bɔne aka."

Na abranteɛ no buu nkototwe wɔ Yesu anim no, woansiw no ɛho kwan sɛ mma no nnyɛ saa, ɛfirisɛ Yesu sɛ fata sɛ ɔgye annuoyam nyinaa. Ɛno nti Yesu kaa sɛ ɔbɛba abɛbu ahantanfoɔ nyinaa atɛn, ne won a wɔyɛ atreneefoɔ wɔ won ankasa anisoɔ nyinaa, nanso wonnim biribiara fa nokorɛ no ho. Na anifuraeɛfoɔ ne adebɔneyɛfoɔ ahunu saa nokorɛ yi ama won asakyera won adwene, na adwamanbɔfoɔ nso ho ɛfi. Nanso Yesu ammbu won a woannsakyera won adwene no atɛn; na mmom won ankasa abu won ho atɛn sɛ won anngye Yesu nkwagyeɛ adom no anntum. Ɛwom sɛ won anya kanea bi wɔ tete adiyifoɔ nsɛm no mu ne twerɛ kronkron no adansedie mu. Nanso woboapa kotia Yesu nkyerɛkyerɛ a, wɔbɛpo kanea a ɛhyɛren no ankasa a ɛwɔ hɔ ma won no. Na ɛfei wɔbɛyɛ anifuraeɛfoɔ, na won akoma apirim nso, na ɛfei won bɛyɛ asoɔden mma ne awudifoɔ ne atanfoɔ. Kristo mbaeɛ no ne Ne nkyerɛkyerɛ no gyina hɔ ma nnoɔma miennu: Nkwagyeɛ ne atɛnbuo, nhyira ne nnome. Ɛmu deɛ ɛwɔ hene na woafa wɔ woakoma mu?

Won a wotiee Yesu nkyerɛkyerɛ no mu binom yɛ Fariseefoɔ, na wɔdwenee sɛ Yesu nam Ne nsɛm so rekasa tia won. Na wobisaa no sɛ, "So yɛn nso yɛyɛ anifuraeɛfoɔ anaa?" Na Yesu bua won sɛ, "Sɛ mobɛtumi ahunu sɛ moyɛ anifuraeɛfoɔ a anka mo werɛ bɛhow ama mo honhom mu gyinabea sɛdeɛ ɛteɛ, na moa- asakyera mo adwene ɛfiri mo bɔne nyinaa ho wɔ Osubɔni Yohani asɛnka mu, na moadane ɛfri mo bɔne ho; na ama moanya bɔne fakyɛ ne nhyira. Nanso momma mo ho kwan, na mmom moyɛ moho sɛ monim nnoɔma nyinaa, na modwene sɛ moyɛ atreneefoɔ. Nanso wɔ saa ahohoahoa yi mu na ɛdi adanseɛ sɛ moyɛ anifuraeɛfoɔ a won akoma-pirim nso. Na ɛno remmma munya deɛ ɔyɛ wiase kanea no mu kanea a ɛhyeren no bi ara da."

MPAEBƆ: Awurade Yesu, wone Onyankopɔn Ba wɔ nipasu mu. Yɛbɛsom wo na yɛde yɛn ho nyinaa ama wo akosi daa a ɛnni ɛwieɛ. Yɛn ahoɔden ne deɛ yɛwɔ nyinaa yɛ wo dea. Yɛsrɛ wo sɛ wode yɛn bɔne nyinaa bɛkyɛ yɛn na woate yɛn akoma mu koraa, na ammma bɔne tumi biara anntete yɛne wo ntam.

NSƐMBISA:

  1. Sɛ yɛkoto sɔre Yesu a ɛkyerɛ sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 02:52 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)